عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Jonah [Yunus] - Ashanti Translation

Surah Jonah [Yunus] Ayah 109 Location Maccah Number 10

Enti εyε nnipa nwanwa sε, Yɛayi Adiyisεm ama onipa a ɔfiri wͻn mu sε: “Bͻ adasamma kͻkͻ, na bͻ wͻn a wͻagye adie no anohoba sε, wͻwͻ nkͻso pa bi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ?” Deε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no ka ne sε: ”Nokorε sε, wei deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee “.

Nokorε sε abirabͻ a εwͻ adesaeε ne adekyeε mu, ne nneεma a Nyankopͻn abͻ a εwͻ soro ne asaase soͻ no (nyinaa) yε nsεnkyerεnee dema amanfoͻ a wͻsuro Nyame yε ahwεyie.

Nokorε sε, wͻn a wͻnni Yεn nhyiamu (da) no ho anidaasoͻ, na wͻagye wiase asetena no ato mu, na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ ho no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no soͻ no,-

Saa nkorͻfoͻ no na wͻn fie ne Amane hunu gyem no, εnam dwuma a wͻn nsa kaeε no ho nti.

Wͻn frε a wͻde bεfrε (Nyankopͻn) wͻ (Aheman) no mu ne sε: “Kronkron Hene Tweduampͻn Nyankopͻn!” Na wͻn nkyea wͻ mu hͻ ne sε:” Asomdwoeε.“ Na wͻn frε no nso awieeε ne sε. “Aseda wͻ Nyankopͻn, abͻdeε nyinaa Wura.

Sε Yεrekenkan Yεn Nsεnkyerεnee pefee no kyerε wͻn a, deε wͻn a wͻnni anidaasoͻ de ma Yεn nhyiamu (Da) no ka ne sε: “Fa Qur’aan foforͻ a εnyε wei bra, anaasε sesa no’’. (Nkͻmhyεni), ka sε :” Menni ho kwan sε mede me ara mepε bεsesa no. Medeε deε yɛayi ama me no na medi akyire. Medeε mesuro sε mεyε me Wura Nyankopͻn (asεm ho) asoͻden εnam Da kεseε no asotwee no ho nti”.

Ka sε: “Sε Onyankopͻn pε a, anka mankenkan (Qur’aan yi) ankyerε mo, anaasε anka Wamma mo anhu. Ampa sε madikan atena mo mu mfeɛ (pii a monim me yie) ansa (na Nyankopͻn de saa dwumadi kεseε yi rema me). Adεn na monte aseε ?”

Enti (nipa) bͻneni bεn paa na ͻkyεn obi a ͻbͻ ne tiri mu twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε ɔtwa Ne nsεm ho nkontompo? Nokorε sε abͻneεfoͻ no nni nkonim da.

Wͻfiri Nyankopͻn akyi som deε ɛntumi mma wͻn ͻhaw anaasε εmma wͻn mfasoͻ (biara), na wͻkasε: “(Y’abosom) weinom ne yεn gyefoͻ wͻ Nyankopͻn anim”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Moreka deε Onyankopͻn nnim wͻ ͻsoro anaasε asaase so akyerε no? “ Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Neho no.

Na anka nnipa (nyinaa) yε ͻman baako, εna (akyire yi) wͻn ntam teteeε. Na εnyε sε asεm no adikan wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (sε Atemmuda na Ɔbɛbu nnipa ntam atεn) a, nokorε sε anka Wabu wͻn ntam atεn (dadaada) wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho.

Wͻka sε: “Adεn nti na nsεnkyerε-nee bi mfiri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma ne hͻ? Ka sε: “Ahuntasεm no deε, εwͻ Nyankopͻn“. Enti montwεn, na nokorε sε me nso meka mo ho ka wͻn a wͻretwεn no ho “

Sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε wͻ ͻhaw bi a εtoo wͻn no akyi a, wobɛhunu sε, wͻrebͻ Yεn Nsεm no ho pͻ. Kasε: ”Onyankopͻn ho yε hare wͻ pͻbͻ ho paa. Nokorε sε Y’abͻfoͻ no retwerε εpͻ (biara a) morebͻ no “.

Ɛda a Yεbεboa wͻn nyinaa ano no, Yεbεka akyerε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no sε: “Mo ne wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no, monnyina faako a mogyina no ara. Na Yεbεpaepae wͻn ntam. Wͻn a wͻde wͻn bataa Nyankopͻn ho no bεka akyerε (abosomsomfoͻ no) sε: “Yεn deε εnyε yεn na na mosom yεn no”.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ? Anaasε hwan na ͻwͻ aso a εte asεm ne ani a ehunu adeε no ho tumi? Na hwan na ͻma ateasefoͻ pue firi awufoͻ mu, na ͻma awufoͻ nso pue firi ateasefoͻ mu? Na hwan na ͻtoto ntotoeε (nyinaa)?” Deε wͻbεka nesε, “Onyankopͻn.“ Ɛneε ka sε: “Enti monsuro Nyankopͻn?”

Mo Wura Nyankopͻn paa no ne no. Na εdeεn na εwͻ nokorε akyi bio, gyesε ͻyera (anaasε nkontompo)? Na adεn na modane mo ho (firi nokorε no ho)?

Ka sε: “Enti obi wͻ mo mmatahofoͻ no mu a ͻkyerε kwan kͻ Nokorε no mu?” Ka sε: “Onyankopͻn na Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu. Ɛneε na Obi a Ɔkyerε kwan kͻ nokorε no mu no Ɔno na εsεsε yɛdi n’akyi, anaasε obi a ɔntumi nkyerε (ne ho mpo) kwan gyesε yεkyerε no kwan ansa no?” Na deεn na εha mo wͻ sεdeε mosi bu atεn yi?

Deε wͻn mu dodoᴐ no adwen kyerε wͻn no na wͻdi akyire. Nokorε sε, deε wͻn adwen kyerε wͻn no ho mma mfasoͻ biara wͻ Nokorε no ho. Nokorε sε, Onyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Nimdefoͻ.

Saa Qur’aan yi nyε (Nwoma) a Onyankopͻn akyi (obi bɛtumi) abͻ (ne) tirimu ayε bie, na mmom (εyε Nyankopͻn Nwoma a) εfoa (Tora ne Injeel) a edi n’anim kan (baeε) no so, ne Nwoma no nkyerεkyerεmu; akyinnyeε biara nni mu, ɛfiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.

Anaasε wͻka sε: “(Muhammad) abͻ ne tirim (na atwerε)? “Ka sε: “Ɛneε monfa Suura a, εte saa mmra, na momfiri Nyankopͻn akyi mfrε obi a mobɛtumi, sε moyε nokwafoͻ ampa a.

Ɛda a Ɔbεboa wͻn ano no εbεyε wͻn sε wͻntenaa (wiase anaa adakamena mu) da, na mmom (sε watena mu mpo a εyε) adekyeε mu dͻnhwere (tiaa) bi; na wͻbɛhu wͻn ho wͻn ho. Nokorε wͻn a wͻbuu Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no sε atorͻsεm no aberε agu, na wͻnyε atenenefoͻ.

Sε Yεbɛyi deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no mu bi akyerε wo (wͻ wo nkwa nna mu), anaasε Yεbεma wo awuo (ansa), Yεn hͻ ne wͻn nyinaa nkyi, na Onyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Danseni.

Deԑ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no (bɛsie), sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

Ka sε: “Menni deε εma me ͻhaw anaasε mfasoͻ ho tumi, gyesε deε Onyankopͻn pε. Ɔman biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama no), sε wͻn berε no so a, εnka akyi dͻnhwere baako, εna εnkͻ n’anim nso (dͻnhwere baako)

Ka sε: “Moahunu, sε N’asotwee no ba mo so adekyeε (berɛ mu) anaasε anadwo (berɛ mu) a, emu deε εwͻ hen na abͻneεfoͻ no repre ho no?”

(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo sε: “Ɛno yε nokorε?“ Ka sε: Aane; Mede me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε paa; na montumi nsi ho kwan”.

Nokorԑ sε ͻkra bi a wayε bͻne wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa mpo sε ͻde bεyε mpata (anya afa neho adi a, yεnnye saa mpata no). Wͻbɛnu wͻn ho wͻ wɔn akoma mu wɔ berε a wͻbɛhunu asotwee no; na yɛbɛbu wͻn ntam atεn tenenee, na yɛnsisi wͻn.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ, εno na εsεsε wͻn ani gye ho; εno mmom na εyε kyεn deε wͻreboaboa ano no.

Ka sε: “Moahunu akͻnhoma a Onyankopͻn asane ama mo no a moayε emu bi akyiwadeε εna moama emu bi nso ho kwan no”. Ka sε: “Onyankopͻn na ama mo ho kwan, anaasε mobͻ mo tirim twa nkontompo to Onyankopͻn so?”

Nokorε sε wͻn a Nyankopͻn taa wͻn akyi no ehu biara mmͻ wͻn, na wͻn werε nso nho (wͻ Atemmuda).

(Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεm (a wͻkeka) no nyε wo awerεho; efirisε tumi ne animuonyam nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.

Hwε, nokorε sε obiara a ᴐwͻ soro ne obiara a ᴐwͻ asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Wͻn a wͻfiri Nyankopͻn akyi sufrε (anyame ahodoͻ no) nni (Onyankopͻn) mmataho bi a wͻdi akyire, na mmom deε wͻn adwen kyerε wͻn na wͻdi akyire, na atorͻsεm na wͻdie.

Ͻno Nyankopͻn na Wayε anadwo ama mo sεdeε mobεgye moahome wͻ mu, εna (Wayε) adekyeε nso (sεdeε mode) bɛhunu (biribiara pefee). Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ wei mu ma nnipa a wͻtie (Nyankopͻn asεm no kͻ adwendwen mu).

Wͻka sε: Nyankopͻn awo ba. Kronkron Hene ne no. Ɔne Otumfoͻ a( W’anya neho a ɔnhia obiara biribiara. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) wͻ no. Monni (saa asεm) wei ho nyinasoͻ biara (a εkyerε sε Nyankopͻn awo ba). Anaasε moka deε monnim deto Nyankopͻn so?

(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkotompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim da.”

Ka Noa ho asεm no kyerε wͻn, εberε a ͻka kyerεԑ ne nkrorͻfoͻ sε: ”Menkorͻfoͻ, sε εha a mewͻ yi, ne m’afutuo a mede Nyankopͻn asεm no retu mo foͻ no ayε mo adesoa a, εneε Nyankopͻn na mede me ho twere no. Enti mone mo anyame no mommͻ pͻ a mobεbͻ. Na monhwε na moamma moadwen anhinhim wͻ mo dwumadie no ho, na monyε deε mobεyε (biara ntia) me, na monhwε na moamma me ahomegye berε.

Nanso wͻbuu Noa torofo, enti Yεgyee no ne wͻn a εka ne ho no nkwa wͻ nhyεmma no mu; na Yεyεε wͻn anaamusifoͻ, na Yεmaa nsuo faa wͻn a wͻbuu Yε nsεm no atorͻsεm no. Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no awieeε si wieeε.

Ɛberε a Nokorε no firi Yεn hͻ baa wͻn hͻ no, wͻkaa sε: “Nokorε sε, wei deε εyε nkonyaa pefee“.

Farao ka kyerεε (ne nhemfo no) sε: “Momfa nkonyaayini biara a w’aben anaa ɔnim de mmrε me”.

(Israel mma no) kaa sε: “Onyankopͻn so na yεde yεn ho atoͻ, Yɛ Wura Nyankopͻn, εmfa yεn nyε nsͻhwε mma nnipa bͻnefoͻ no;

Na fa W’ahummͻborͻ gye yεn firi nnipa a wͻnnye (Wo) nnie no nsam”.

(Onyankopͻn kaa sε): “Seesei (na woregye adie!) Ampa sε wadikan ayε asoͻden, na woka nsεmͻnedifoͻ no ho.

Enti εnnε Yεbεgye wo honam no (anaasε Yεmma wo honam no mporͻ wͻ nsuo no mu) sεdeε εbεyε nsεnkyerεnee ama wͻn a wͻwͻ w’akyire no. Nokorε sε, nnipa no mu pii abu wͻn ani agu Yεn nsεnkyerεnee no so.

Enti sε w’adwen nsi wo pi wͻ deε Yɛasane ama woͻ no ho a, εneε bisa wͻn a wͻdii w’anim kan kenkan Nwoma no. Ampa sε, Nokorε no na ɛfiri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wo hͻ no, enti monhwε na moankͻka wͻn a wͻn adwen nsi wͻn pie no ho.

Sε (yεde) nsεnkyerεnee nyinaa mpo berε wͻn a, kͻpem sε wͻbɛhunu asotwee yaaya no ansa.

Adεn na kuro biara annye annie amma ne gyidie no ho amma mfasoͻ amma no? Gyesε Yona nkorͻfoͻ no (nko ara). Ɛberε a wͻgye diiε no Yɛyii animguaseε asotwee no firii wͻn so wͻ wiase asetena yi mu, na Yεmaa wͻtenaa ase gyee wͻn ani kͻpem εberε bi.

(Nkͻmhyεni), kasε: “Monhwε deε εwͻ soro ne asaase soͻ no”. Nanso nsεnkyerεnee ne kͻkͻbͻfoͻ no ho amma mfasoͻ amma nnipa a wͻnnye nnie no.

Hwε na wamfri Nyankopͻn akyi amfrε adeε a ɛnni mfasoͻ mma woͻ, anaasε ɛntumi mma wo ͻhaw, na sε woyε (saa) a εneε na woka abͻneεfoͻ no ho.

Sε Nyankopͻn de ͻhaw bi to wo so a, enni obi a ɔbɛtumu ayi afiri hͻ, gyesε Ɔno ara; na sε Ɔpε wo papa bi nso a, obiara nni hͻ a ͻbɛtumi adane N’adom no ani. Ɔma Nenkoa mu nea Ɔpε nsa ka (N’adom no), na Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

(Nkͻmhyεni), di deε yɛayi ama woͻ no akyi, na si aboterε kosi sε Nyankopͻn bɛbu atεn, na Ɔne Atemmufoͻ no mu Ɔtemmufo papa no.