عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Joseph [Yusuf] - Ashanti Translation

Surah Joseph [Yusuf] Ayah 111 Location Maccah Number 12

Alif - Laam - Raa. Wei yε nsεm a ɛfiri Nwoma (a ԑkyerԑkyerԑ nokorԑ mu) pefee no mu.

Kae εberε a Yosef ka kyerεε ne papa sε: “Agya, nokorε sε, mahunu nsoromma du baako, ne awia ne bosome (wͻ daeε mu); mehunuu wͻn sε wͻrebrε wͻn ho ase ama me.

(Ne papa) kaa sε: “Me ba, hwε na wanka wo yikyerε yi ankyerε wo nuanom, efirisԑ anhwε a na wͻn apam woho apam bͻne. Nokorε sε, ͻbonsam yε ͻtamfo pefee dema ͻdasani.

Nokorε sε nsεnkyerεnee (ne adesua ne afutusεm) wͻ Yosef ne ne nuanom (abakᴐsεm) no mu dema wͻn a wͻbisa (ho asεm no).

Ɛberε a (Yosef nuanom) kaa sε: “Ampa sε yεn papa pε Yosef ne ne nua (Benyamin) asεm kyεn yεn, aberε nso a yεne fekuo a yεn ho yε den. Nokorε sε yε papa wͻ mfomsoͻ pefee paa mu “.

(Yosef nuanom kaa sε): “Monkum Yosef anaasε monkͻto no ntwene asaase bi so sεdeε mo papa ani ne n’adwen bεba monko ara soͻ, na εno akyiri no (sε monya adwen sakra a) mobεyε apapafoͻ.

(Ɛberε a Yosef nuanom pam ne tiri so wieeε, na wͻbaa fie no), wͻkaa sε: Yε papa, adεn na womfa Yosef nhyε yε nsa, aberε nso a yεpε no yie die?”

“Ɔkyena ma no ne yεn nkͻ na ͻnkͻ gye n’ani na ɔnni agorͻ, na nokorε sε, yεbεhwε no so yie “.

(Ya’aquub) kaa sε: “Nokorε sε, sε mode no kͻ a mewerε bεho papaapa, na mesuro nso sε anhwε a na pataku bi akͻkye no awe wͻ εberε a moani nni nesoͻ.

Wͻkaa sε: “Aberε a yεyε nnipa kuo a yεho yεden yi (na yɛantumi ammͻ neho ban) na pataku kye no we a εneε na εyε nokorε a ɛsi pi sε yεyε berεguofoͻ.

Enti εberε a wͻde no kͻeε na wͻn nyinaa gye too mu sε wͻde no bεto abura amena (donkodonko) no mu no, Yɛyi kyerεε no (Yosef) sε: “(Nyame pε a daakye bi) nokorε sε, wobεbͻ wͻn, wͻn saa asεm yi ho amaneε wͻ aberε a (saa berε no) wͻnhu (sε wone Yosef).

Wͻde n’ataade-soroͻ a nkontompo mogyaa wͻ mu bae. (Ya’aquub) kaa sε: “Daabi, moara moadwen na mode anwene (sε pataku akye no); nanso aboterε na εyε. Onyankopͻn mmoa na εsεsε yεhwehwε fa nkontomposεm a morekyerε no ho.”

Akwantufoͻ bi bae (bɛduruu faako a Yosef wͻ no a wͻrepε nsuo), enti wͻsomaa nea ͻma wͻn nsuo, na (ͻbaa deε abura no wͻ no), ͻberεε ne dwaasεn no ase (detoo abura no mu). Ɔkaa sε: “Anigyesεm, Abͻfra bi nie!” Na wͻde Yuusuf sieɛ tesε nneεma bi. Na Onyankopͻn ne deε wͻn yͻeε no nyinaa ho Nimdefoͻ.

Ɔbaa no a Yuusuf wͻ ne fie no pεε sε ͻdaadaa no ma ͻde neho ka no; ͻtotoo apono mu kaa sε: “Yε ntεm bra bεtͻ me mu (anaasε meda hͻ ma wo)”. Yosef kaa sε: “Onyankopͻn mpa ngu. Nokorε sε, (wokunu) ne mefie wura. Wayε m’asetena mu yie ama me (enti menni no hwammͻ da). Nokorε sε, abͻneεfoͻ no deε wͻnni nkonim “.

Nokorε sε (ͻbaa) no twi pinii no, na anka ͻno nso de neho bεma no sε εnyε sε ohunuu nsεnkyerεnee bi wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ a. Saa ara na εteε, sεdeε Yεbɛyi no afiri bͻne ne ahohwi bra mu. Nokorε sε ͻka Yεn nkoa a Yɛatu wͻn asihͻ no ho.

Wͻn mmienu tuu mmirika baa pono no ho, na ͻbaa no tee Yosef ataade-soroͻ mu wͻ n’akyi. Na wͻn mmienu hunuu ͻbaa no wura (okunu) wͻ ͻpono no ano. Ɔbaa no kaa sε: “Ɛdeεn akatua na εfata obi a ͻpεsε ͻde wo yere fa kwan bͻne soͻ? Sε afiase anaa asotwee a εyε ya paa (na εfata no)?”

(Yosef) kaa sε: “Ɔno mmom na ͻrehwehwε sε ͻdaadaa me sεdeε mede meho bεma no”. Ͻdanseni a ɔfiri ͻbaa no abusuafoͻ mu dii adanseε sε: “Sε Yosef atadeε no tee wͻ n’anim a, εneε na ͻbaa no asεm no yε nokorε, na Yosef yε ͻtorofo “.

Ԑberε a (Okunu no) hunuu sε Yosef atadeε no tee wͻ akyire no, ͻkaa sε: “Nokorε sε, mo mmaa no fidi sum no mu bi nie, nokorε sε mo mmaa mofidi sum mu yε den papaapa”.

(Okunu no kaa sε): Yosef, yi w’adwen firi (saa asεm) yi so; na wo (meyere), srε bͻne fakyε wͻ wo bͻne no ho, nokorε sε woka abͻneεfoͻ no ho”.

Enti εberε a ͻtee wͻn adwen a wͻn afa no ͻfrεε wͻn, εna osiesiee apontoͻ maa wͻn εna ͻmaa wͻn mu biara asekammaa (a wͻde bɛtwitwa nnuaba no), ԑna ͻka kyerεε (Yosef) sε: “Pue bra mmaa no anim.” Ԑberε a wͻhunuu no no, wͻbͻͻ no kukuruba (εnam n’ahoͻfε nti) na (wͻn ahodwirie mu no) wͻtwitwaa wͻn nsa, na asεm a wͻkaeε ne sε: “Kronkron Hene ne Nyankopͻn. Wei deε ͻnyε onipa. Nokorε sε wei yε Soro abͻfoͻ Nimuonyamfoͻ.

(Ɔbaa no) kaa sε: “Saa (abranteε) wei ho na morenunu me no, na mahwehwε sε mεdԑfԑdԑfԑ no ama no aba me ho, nanso wagyina pintinn sε ͻmpene. Na sε wanyε deε merehyε no no a, εneε sε εteε biara yεde no bεto afiase, na wakͻka wͻn a yɛagu wͻn anim aseε no ho.

Yosef kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, afiase no mepε kyεn deε wͻrefrε me akͻ no. Na gyesε Woyi wͻn adwen bͻne no firi me so (efirisε) anhwε a na makͻdane meho ama wͻn na makͻka abagyimifoͻ no ho.

Enti ne Wura Nyankopͻn tiee ne sufrε, na Ɔyii wͻn adwen bͻne no firii no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no.

Akyire yi afei wͻhunuu nsεnkyerεnee (a εkyerε sε ɔnni fͻ wͻ asεm a ͻbaa no atwa ato no soͻ no ho) no, εyεε wͻn sε, wͻde no bεto afiase akosi εberε bi.

Afiase hͻ, ͻne mmeranteε mmienu bi na εkͻͻ hͻ. (Mmeranteε) no mu baako kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, merekyi nsa”. Ɛna ͻfoforͻ no nso kaa sε: “Nokorε sε, mehunuu meho (wͻ daeε mu) sε, meso paanoo wͻ me tiri so na nnomaa redie“. Enti (Yosef) ma yεn ne nkyerεkyerεmu. Nokorε sε yɛhu wo sε woka apapafoͻ no ho”.

(Yosef) kaa sε: “Mԑkyerԑ mo modaeԑ no ase ansa na yεde aduane a yεde bᴐ mo akͻnhoma no abrԑ mo. Wei ne deε me Wura Nyankopͻn akyerε me. Nokorε sε amanfoͻ no a wͻnnye Nyankopͻn nnie na wͻpo Daakye (wusͻreε da) no, medeε menka nnipa a wᴐnnye Nyankopᴐn nnie na wᴐpo Daakye no som no ho.

M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, anyame a emu apaepae gu sononko-sononko no na εyε anaa, anaasε Onyankopͻn baako, Opumpuni a Ɔkorͻn kata biribiara soͻ no?

M’ayͻnkofoͻ mmienu a mene mo da afiase, momu baako no bεkͻ akͻhwie nsa ama ne wura; na ͻbaako no deε yεbεbͻ no asennua mu, na nnomaa bɛfiri ne tiri so adi (ne nam). Asεm no a morepε ho nkyerεkyerεmu no saa na yɛahyehyε no”.

Yosef ka kyerεε wͻn mmienu mu nea ɔnim sε ͻbɛnya nkwa no sε: ”Ɛyε a kae me kyerε wo wura no”. Nanso ͻbonsam maa no werε firii sε ͻbεkae no akyerε ne wura no. Enti ͻtenaa hͻ mfeɛ kakra.

(Misrim) hene no kaa sε: “Nokorε sε, (mesoo daeε) hunuu anantwie akεseε nson a, anantwie nson a wͻn afonfͻn rewe wͻn, εna (mehunuu) aburoo mmono mmεtem nson, εna (nson) foforͻ bi nso a adwan. Nhemfo, sε motumi kyerε daeε ase a, εneε monkyerε me medaeε yi ase”

(Nhemfo) no kaa sε: “(Wei yε) daeε a εkyere adwen anaasɛ adi afra; na yɛnni daeε nkyeraseε ho nimdeε”.

(Afiasefoͻ) mmienu no mu baako a yԑgyee no nkwa no, na mmerε tenten bi akyi ansa na ͻrekae (Yosef) no kaa sε: “Mεka (daeε no) asekyerε akyerε mo, enti monsoma me.”

(Wͻsomaa no kͻͻ afiase hͻ), Ɔkaa sε: “Yosef Nokwafoͻ, kyerε yεn anantwie akεseε nson a anantwie nson a wͻn afonfͻn rewe wͻn, ne aburoo mono mmεtem nson, ne (nson) foforͻ nso a adwan nkyerεaseε, sεdeε mεsan akͻ amanfoͻ no hͻ (akͻbͻ wͻn amaneε) sεdeε wͻbɛhu (wo gyinaberε ne daeε no ase)”.

Afei saa (berε no) akyi, (mfeɛ) nson bi a emu yεden bεba abɛdi deε mo adikan de asie ama (saa berε) no, gyesε kakraa bi a morebͻ ho ban (de agu aburoo pata soͻ anaasɛ putuo mu).

Afei εno akyiri no, afe a nsuo bεtͻ ama abu nnipa no soͻ nso bεba, na emu na wͻbɛkyi (nsa ne nnwo)”.

Ɔhene no kaa sε: “Momfa no mmerε me”. Nanso εberε a ͻsomafoͻ no baa Yosef hͻ no, ͻka kyerεε (ͻsomafoͻ) no sε: “San kͻ wo wura no hͻ na bisa no sε, εmmaa no a wͻtwitwaa wͻn nsa no ho asεm te sεn? Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn Nim wͻn tiri mu pͻ no (ho asεm)”

(Ɔhene no) ka kyerεε (mmaa no) sε: ”Mo asεm ne sεn wͻ εberε a mopεε sε modaadaa Yuusuf no? “(Ɛmmaa) no kaa sε: “Kronkron hene ne Nyankopͻn, yɛnnim ne ho bͻne biara“. Aziz yere no kaa sε: “Afei deε nokorε no ada adi. Me ara na mepεε sε me daadaa no sεdeε anka ͻde neho bεma me; na nokorε sε, ͻka nokwafoͻ no ho”.

(Yosef kaa sε: “Meyεε wei ho nhwehwε mu) sεdeε (Aziiz) bɛhunu sε mennii no hwammͻ wͻ kokoa mu. Nokorε sε, Onyankopͻn mmoa obi a ɔdi hwammͻ tirimu pͻ (a wabͻ) so.

Menyi me ho (sε me ho nni mfomsoͻ). Nokorε sε, onipa kraa no de ne ho ma bͻne, gyesε obi a me Wura Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene”.

Ɔhene no kaa sε: “Momfa no mmerε me na memfa no mmata me ara meho”. Ԑberε a ͻne no kasaeε no, (ͻhene) no kaa sε: ”Nokorε sε εnnε da yi woka yεn ho wͻ gyinaberε a εsoo paa mu na yɛagye wo atum”

(Yosef) kaa sε: “Fa asaase no so akoradeε hyε me nsa, na mede nimdeε bεhwε so abͻ ho ban.

Ԑberε a ͻhyehyεε wͻn nneεma no wieeε no, ͻka kyerεε wͻn sε: “Ɛyε a momfa monua a ͻwͻ mopapa hͻ no mmrε me. Monhunuu sε mahyε (mo nneεma) no ama ayε mma, na meyε obi a menim ahͻhosom paa?”

Wͻkaa sε: Yεbεbͻ mmͻden sε yεbɛnya ho kwan (ama no) wͻ ne papa hͻ, na yεn deε yεbεyɛ.

Enti εberε a wͻsan kͻͻ wͻn papa hͻ no, wͻka kyerεε no sε: “Papa, (sε yεne yɛnua Benyamin ankͻ Misrim a) yεnhyε aburoo mma yεn. Enti ma yεne yɛnua no nkͻ na yεbεhyε ama yεn na nokorε nso sε yεbεhwε no so yie.

(Ya’aquub) kaa sε: “Memfa no nhyε mo nsa, εneε na mede no rehyε mo nsa (ama moayε no) sεdeε mede nenua dii kan hyεε mo nsa no ara. Onyankopͻn ne Ɔbanbͻfoͻ papa, Ɔne ahummͻborͻ mu Ahumͻborͻ Hene no”.

Ԑberε a wͻbuee wͻn nneεma soͻ no, wͻhunuu sε yasan de wͻn sika no ama wͻn. Wͻkaa sε: “Papa, εdeεn na yεrehwehwε bio? Yɛsika no nie, yasan de ama yεn, na yεbɛnya aduane pii ama y’abusuafoͻ na yɛabͻ yɛnua no nso ho ban, na yɛanya yoma adesoa nsusueε baako bio aka ho. Wei yε adesoa a εyε mmrε (sε ͻhene no de bεma yεn)”.

Ͻkaa sε: “Memma, (sε moduru Misrim a), monhwε na (mo nyinaa) moanwura ͻpono baako mu, na mmom momfa apono sononko-sononko mu na enwura mu. Na meho mma mfasoͻ biara mma mo wͻ (adeε a) Nyankopͻn (ahyehyε ama mo) ho. Nokorε sε, atemmuo no deε Onyankopͻn na εwͻ no, na Neso na mede meho toͻ,na Ne mu na wͻn a wͻwͻ awerεhyemu no mfa wͻn werε nhyε”.

Ɛberε a wͻwuraa mu kͻͻ Yuusuf hͻ no, ͻfaa nenua no baa ne nkyεn ka kyerεε no sε: “Nokorε, mene wo nua (Yuusuf), na εmma wo werε nho wͻ deε (yɛnuanom) yͻeε no ho”.

(Yosef nuanom) danee wͻn ani kyerεε (Misrimfoͻ) no kaa sε: “Mo deεn na ayera?”

Wͻkaa sε: “Yɛayera ͻhene kuruwa, na obi a ͻde bεba no bɛnya (aburoo) yoma adesoa; na mena εyε m’asεde (sε mehyε dema saa nipa no).

(Yosef nuanom) kaa sε: “Yεde Nyame di nse! Monim yie sε, yɛamma ha ammɛdi nsεmmͻnee wͻ asaase yi so, na yεnyε akorͻmfoͻ nso”.

(Yosef asomfoͻ) no kaa sε: “Ɛneε (obi a yεbɛhunu kuruwa no wͻ ne hͻ no) asotwee bεn na εsεsε yεde ma no (sε εda adi) sε moyε nkontompofoͻ a?”

(Yosef nuanom) kaa sε: “Ɛho asotwee no ne obi a yεbɛhunu (kuruwa no) wͻ ne nneεma mu, ͻno ara na εsεsε yεtwe n’aso. Saa ara na yɛtua ͻbͻneεfoͻ no so ka”

Enti ᴐhyεε aseε (hwehwεε) wͻn nneεma no mu ansa na (ͻreba) ne nua no nneεma mu. Afei ɔyii (kuruwa) no firii ne nua no nneεma no mu. Saa pͻ yi na Yεbͻ demaa Yuusuf. Ɛnyε (n’adwen) ne sε ͻde ne nua no bεkͻ akͻto (Misrim) hene no amaneε mu, na mmom sεdeε Nyankopͻn pε (na Yosef yͻeε no). Yεma obi a Yεpε so de no gyina gyinaberε a εkorͻn. Nea Ɔboro nimdifoͻ nyinaa soͻ no ne Biribiara ho Nimdefoͻ (Nyankopͻn) no.

(Yosef nuanom) Kaa sε: “Sε wabͻ korͻno a, ampa sε ne nua bi dii kan bͻͻ korͻno”. Yuusuf desiee n’akoma mu, na wanyi no adi ankyerε wͻn. Ɔkaa sε: “Mowͻ gyinaberε bͻne paa mu, na Onyankopͻn na Ɔnim deε morekyerε no”.

Wͻkaa sε: “Owura nimuonyamfoͻ, nokorε sε, (Benyamin) wͻ papa akͻkora posoposo (a ͻbɛdi neho awerεhoͻ) enti fa yεn mu baako hyε n’anan. Nokorε sε yɛhu wo sε woka (nnipa) papafoͻ no ho

(Yosef) kaa sε: “Onyame mpa ngu sε yεbεfa obi foforͻ a εnyε nea yɛhunuu y’adeε no wͻ ne hͻ. (Sε yεyε saa a) nokorε sε na yɛayε abͻnefoͻ.

Ԑberε a wͻn abamu buu wͻ neho no, wͻkͻtuu agyina wͻ kokoam. Wͻn mu panin no kaa sε: “Monim sε mode Nyankopͻn din mu adi nse akyerε mo papa, εna modii kan buu moani guu deε na εsεsε moyε ma Yosef soͻ? Enti memfiri asaase yi so kͻpem sε m’agya bεma me ho kwan ansa, anaasε Onyankopͻn bɛdi (m’asεm) ama me, na Ɔne atemmufoͻ no nyinaa mu Otemmufoᴐ papa paa no.

(Enti) monsan nkͻ moagya hͻ na monkͻka nkyerε no sε: “Y’agya, nokorε sε woba (Benyamin) abͻ korͻno, na deε yɛnim na yɛdii ho adanseε; na deε asuma no deε yɛantumi ammͻ ho ban “.

(Ya’quub) kaa sε: “Daabi, mo ara moadwen na mode ayε kanana, nanso aboterε na εyε. Ebia Nyankopͻn de wͻn nyinaa (Yuusuf, Benyamin ne Rubel) bεbrε me. Nokorε sε, Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no.

(Ya’aquub) danee neho firii wͻn ho kaa sε: “Ao, mewerεho a aho wͻ Yosef ho, na awerεhoͻ maa (nisuo taataa no) maa n’ani yεε fitaa, εnam awerεhoͻ nhyεsoͻ nti.

(Ne mma no) kaa sε: “Onyankopͻn! enti (agya), wonnyae Yosef ho adwendwen kosi sε εbεbͻ wo yadeε, anaa kͻpem sε wobɛwuo?”.

(Ɔka kyerεε wͻn sε): ‘’Memma, monkͻ (Misrim) na monkͻbisa Yuusuf ne ne nua no ho asεm, na monhwε na moampa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho, nokorε sε obi mpa aba wͻ Nyankopͻn ahummͻborͻ ho gyesԑ nnipa (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.

(Yosef) ka kyerεε wͻn sε: ‘’Mokae deε mode yεε Yuusuf ne ne nua no wͻ aberε a na monnim (deε moreyε)?”

Wͻkaa sε: ‘’Wone Yosef ampa anaa? Ɔkaa sε: ‘’Mene Yosef na wei nso ne me nua (Benyamin), nokorε sε Onyankopͻn ahu yεn mmͻbͻ. Nokorε sε obi a ɔbɛsuro Nyankopͻn na ͻbɛsi aboterε no, nokorε sε Onyankopͻn mma apapafoͻ no akatua nyε kwa.

Wͻkaa sε: ‘’Awurade Nyankopͻn! Nokorε sε, Nyankopͻn ayi wo, ama woso (wͻ animuoyam mu) akyεn yεn, na nokorε sε yεyε abͻneεfoͻ “.

(Yosef) kaa sε: ‘’Kasa tia biara nni hͻ dema mo nnεda yi, Onyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo. Ɔne ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no.

Ԑberε a wͻn teaseεnam adwadi kuo no sii mu no, wͻn papa (Ya’aquub) kaa sε: “Mate Yosef ho pampan, sε mommu me sε nkͻkoraa-sεm (bi na meredie) a”

(Ne fie hͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε sε wowͻ wo tete mfomsoͻ no ara mu”.

(Ne mma no) kaa sε: “Y’agya, srε yεn bͻne ho bͻnefakyε (wͻ Nyankopͻn hͻ) ma yεn, na nokorε sε yεyε abͻneεfoͻ.

(Ya’quub) kaa sε: ‘’Mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama mo. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.

Ͻpagyaa n’awofoͻ no wͻ akonwa no so, na wͻkͻͻ fͻm brεε wͻn ho ase maa no. (Yosef) kaa sε: ‘’M’agya, wei ne me dabi daeε no nkyerεaseε. Me Wura Nyankopͻn ama no ayε nokorε. Nokorε sε Ɔne me adi no yie wͻ εberε a Ɔyii me firi afiase, na Ɔde mo nyinaa firi εserε so de mo aba ha, wͻ akyire yi a ͻbonsam duaa ͻtan wͻ me ne me nuanom ntam. Nokorε sε, me Wura Nyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema obi a Ɔpε, nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Onyansafoͻ no.

Wͻn mu dodoͻ no ara na wͻnnye Nyankopͻn nnie, na mmom wͻyε (Nyame ho) mmatahoo.

Enti wͻn akoma atᴐ wᴐn yεm wᴐ Nyankopͻn asotwee a εmene (nnipa) a εreba wͻn soͻ no ho, anaa Dͻnhwere a εreba wͻn so mpofire mu nanso wͻnnim no ho?

(Nkͻmhyεni), kasε: “Wei ne me kwan. Mene wͻn a wͻka me ho no de nimdeε pefee refrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ. Kronkron ne Animuonyam hene ne Nyankopͻn. Medeε menka abosomsomfoͻ no ho.

(Wͻkͻͻ so tee atua) kosii sε asomafoͻ no paa aba maa wͻn adwen yεε wͻn sε, wͻn (amanfoͻ no) annye wͻn anni, afei na na Yεmmoa no aba wͻn hͻ, na Yɛagye obi a Yεpε nkwa. Na Y’asotwe no nsan n’akyi wͻ nnipa bͻnefoͻ no so.

Ampa sε, adesua wͻ (Yosef ne ne nuanom) abakͻsεm no mu dema mmadwemmafoᴐ no. (Qur’aan) nyε asεm a yɛabͻ yɛn tirim (na atwerε), na mmom εyε (Nwoma a) εrehyε (Nwoma a) edii n’anim kan no mma, na εkyerεkyerε (biribiara) mu pefee, san yε kwankyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻgye die no.