عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Thunder [Ar-Rad] - Ashanti Translation

Surah The Thunder [Ar-Rad] Ayah 43 Location Maccah Number 13

Onyankopͻn na Wapagya soro a adum biara nnihͻ (a ekuta mu) a mohunu, εna afei Ɔde Neho sii Tumi ahennwa no soͻ, εna W’ama awia ne bosome aberε wͻn ho ase (ama mo). Emu biara nam (ne kwan so) wͻ berε a yahyehyε (ama no mu). Ɔno na Ɔtoto ntotoeε nyinaa, Ɔkyerεkyerε nsεm no mu sεdeε mobεgye mo Wura Nyankopͻn nhyiamu no adie.

Asaase no mu nso wͻ (nsaase) asin-asin a εbͻ ahyeε; εne bobe turo, ne aburoo (fuo), ne akyeresua (afuo). Ebi fifiri mmienu anaasε deε εbro saa, ebi nso (fifiri) baako; yεde nsu korͻ na egugu soͻ, nanso nedie mu no Yεma ebi yεdε kyεn bi. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom (nyinaa) mu dema amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε anaasε wͻdwen .

Sε εyε wo nwanwa a, εneε (boniayεfoͻ no) asεm a wͻse “Enti sε (yewu na) yεyε nεteε a yεbεsan (anyane) wͻ abͻdeε foforͻ mu no”, εno na ma εnyε wo nwanwa. Saa nkorͻfoͻ no na wͻ nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no, na wͻn na (yεde) dadewεnfoͻ begu wͻn kͻn mu no, na wͻ ne Ogya no mu foͻ no, emu na wͻ’bεtena afe bͻͻ.

(Nkͻmhyεni, boniayεfoͻ no) repε ntεm sε ma bͻne no (anaa asotwee no) ni papa no anim kan; aberε nso a asotwee no sεso adi wͻn anim kan asi pεn. Nokorε sε wͻn bͻne (nyinaa akyiri no) wo Wura Nyankopͻn wͻ Bͻnefakyε dema adasamma. Nokorε nso sε wo Wura Nyankopͻn asotwee ano yε den papaapa.

Deε wͻn a wͻ nnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmrε no? (Nkͻmhyεni), wodeε ne sε woyε kͻkͻbͻni; na ͻman biara nso wͻ ͻkwankyerεfoͻ.

Onyankopͻn Nim (yafunudeε a) εso ͻbaa biara, εne deε εpͻn fri awodeε no mu, ne (abosome dodoͻ a) εbεka (nyinsεn no) ho. Deε εwͻ Nehͻ biara wͻ nhyehyεε.

(Ɔne) deε εwͻ Kokoamu ne deε εwͻ Badwamu nyinaa ho Nimdefoͻ no. Ɔno ara ne Ɔkεseε no, na Ɔno ara nso ne Okokroko a Ɔkorͻn no.

Ɔno na Ɔde ayerεmo kyerε mo debͻ (mo) hu, san (dema mo nya) akomatͻyεmu (sε nsuo rebεtͻ). Ɔno na Ɔbͻ mununkum a emu yε duro.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan ne ͻsoro ne asaase Wura?” Kasε: “Onyankopͻn”. Kasε: “Enti mofri N’akyi fa akyitaafoͻ a wͻntumi mfa mfasoͻ anaasε ͻhaw biara mma wͻn ho?” Kasε: “Enti onifirani ne obia ohunu adeε yεpε? Anaasε enti esum ne εhyεn yε pε? Anaasε wͻde mmatahoo a wabͻ (biribi) sεdeε Nyankopͻn abͻ no na abata Nyankopͻn ho a εnam saa nti ama abͻdeε no asε ama wͻn anaa?” Kasε: ”Onyankopͻn na Ɔyԑ biribiara Bᴐfo, na Ɔne Opumpuni Baako no a Ɔkorͻn wͻ biribiara soͻ no “

Wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn (frε no) soͻ no wͻ (akatua) pa. Wͻn nso a wannye no soͻ no deε, sε wͻn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo a anka (saa Da no wͻbεpε sε) wͻde bεyε mpata. Saa nkorͻfoͻ no deε wͻn wͻ akontabuo bͻne paa. Na wͻn asetena mu ne bonsam gyem, εhͻ yε ahomegye bea bͻne paa.

Enti obia onim yie sε, deε yasiane ama woͻ no yε nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, ͻtesε obi a n’ani afira? Wͻn a wͻ’dwen ho (anaa wͻde tu wͻn ho foͻ, anaa wͻkaeε) ne mmadwemmafoͻ no –

(Soro abͻfoͻ no bεkyea wͻn sε): “Asomdwiε nka mo wͻ mo aboterε a monyaeε no ho.” Awie pa paa fie ni.

Onyankopͻn trε akͻnhoma no mu dema obia Ɔpε, εna Osusu nso (dema obi a Ɔpε). Wͻn anigye wiase asetena yi ho, aberε nso a sε wode wiase asetena yi toto Daakye no ho a, na (wiase asetena no yε) anigyesεm bi a εretwa mu akͻ.

Deε wͻn a wͻnnye nnie no ka nesε: “Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mmerε no?” (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε, Onyankopͻn yera obia a Ɔpε, εna obia ͻdane neho ba Nehͻ no nso, Ɔkyerε no kwan.

Wͻn a wͻagye adie na wͻn akoma atͻ wͻn yεm wͻ Nyankopͻn nkaekaeε ho no, nokorε sε, Onyankopͻn nkaekaeε ho na akoma nya abotͻyεmu.

(Nkͻmhyεni), saa ara na Yasoma wo wͻ ͻman a amanfoͻ bi adi wͻn anim kan atwam kͻ no soᴐ, sεdeε wobεkenkan deε Yayi ama woͻ no akyerε wͻn. Nanso wͻpo Ahummͻborͻ Hene no. Ka sε: “Ɔne me Wura; awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Ɔno na mede meho to no soͻ, na Nehͻ na mesakra m’adwen kͻ.

(Nkͻmhyεni), nokorε sε, wͻdii Asomafoͻ no a wͻdii w’anim (baa) kane no ho fεw, nanso Memaa wͻn a na wͻpo M’asԑm no berε, afei Metwee wͻn aso. Na sεdeε Masotwe (huu) siteε.

Enti Nea Ogyina hͻ hwε ᴐkra biara soͻ, na (Onim} deε (ͻkra biara) nya no, (Ɔtesε anyame a wͻnnim hwee no)? Nanso wͻde biribi bata Nyankopͻn ho. Kasε: “Momobͻ wͻn din”. Anaasε asεm a Nyankopͻn nnim wͻ asaase so na morebͻ no εho amaneε, anaasε εyε asεm (hunu) bi a mode kyerε? Daabi, (ͻbonsam) ama wͻn a wͻnnye nnie no adwen (bͻne no) ayε wͻn aniso fε, εna wasi wͻn kwan (pa) no ho kwan. Obia Nyankopͻn ayera no no deε, onnya ͻkwan kyerεfoͻ.

Wͻn wͻ asotwee wͻ wiase asetena yi mu, na nokorε sε Daakye asotwe no deε emu yε den papaapa. Na wͻ nnya ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Nyankopn (ama wͻn).

Ɔsoro aheman no a yεde ahyε Nyame-surofoͻ no bͻ no mfatoho ne sε: ”Nsubͻnten nenam aseε, na emu nnuaba ne emu nyunu wͻhͻ daa”; woi ne awieε pa dema wͻn a wͻ suro Nyame na wͻyε ahwεyie no, na boniayεfoͻ no awieε ne gyem.

Saa ara na Yasiane (Qur’aan) yi sε atemmuo (Nwoma wͻ) Arab (kasa mu). Sε wodi wͻn apεdeε akyi wͻ akyire yi a nimdeε aba wo hͻ yi a, wonnya okyitaafoͻ anaasε ͻgyefoͻ a ͻbεko atia Onyankopͻn (ama woͻ).

(Nkͻmhyεni), sε Yεde deε Yahyε wͻn ho bͻ no mu bi bεkyerε woͻ, anaasε Yεbεma wo awuo, nokorε w’asεdeε nesε wobεbͻ (asεm no ho) dawuro, na Yεnso Yε hͻ na akontabuo no wͻ.

Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yεde no nkakrankakra afri ahyeε so rete nsaase no soͻ? Onyankopͻn na obu atεn, na obiara nnihͻ a obetumi adane N’atemmuo no ani. Na Ɔno na Neho yε hare wͻ akontabuo mu.