عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Stoneland, Rock city, Al-Hijr valley [Al-Hijr] - Ashanti Translation

Surah Stoneland, Rock city, Al-Hijr valley [Al-Hijr] Ayah 99 Location Maccah Number 15

Alif – Laam – Raa. Woi yε Nwoma no mu nsεm no bi, ne Qur’aan a ԑda adi pefee no.

(Wodeε) gyae wͻn ma wͻnidi na wͻnye wͻn ani, na wͻma anidaasoͻ hunu nye wͻn adaagyeε na ԑnkyԑ wͻ’behunu.

Kuro biara a Yasεe no no, na εwͻ εberε a yahyε ato hͻ a yenim (sε yεde bεsεe no).

Ɛmma sε ͻman bi betumi ama ne berε (a ͻsεeε bεba ne soͻ no) aba animu anaa akͻ akyire.

Yε mma soro abͻfoͻ nnsiane, gyesε nokorε bi nti, na sε (soro abͻfoͻ ba wͻn hͻ a), εno deε wͻ nnya ahomegye berε.

Nokorε sε, Yεn na Yɛ sianee (Qur’aan) Afutusεm no, na nokorε sε, Yεn na Yεbεbͻ ho ban.

Wͻ nnye (Qur’aan) no nni, abrԑ a ampa sε tetefoͻ no (a wͻ’annye annie no) mfatoho bi abetwam.

Nokorε sε anka wͻ bεka sε: “Woi deε yaniso bri yεn. Daabi, Yε yε nnipa a yεde konya bi na anya yεn“.

Ɛna Yεbͻ ho ban fri ͻbonsam biara a yato no atwene (anaasε yapo no no nsam).

Nokorε sε, Yεn na yεma nkwa εna Yekum, na Yεn na (sε mowu kͻ a, Ye’si mo anan mu) di adeε.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, Ͻno na Ɔbεboa wͻn (nyinaa) ano (wͻ Atemmuda). Nokorε sε, Ɔne Onyansafoͻ, Ɔne Onimdefoͻ.

Nokorε sε, Yεbͻͻ onipa fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu.

Ɛna Jinn no nso Yedii kan bͻͻ no fri ogya kεterεma mu (ansa na yεrebͻ onipa).

Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Merebεbͻ onipa afri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”.

“Enti sε Menwene no pεpεεpε wie na Mehome Mehonhom gu ne mu a, monfa moho nkͻ fͻm na monfa moanim mmutu fͻm ma no.

Enti Soro abͻfoͻ no nyinaa bͻͻ mu de wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho ase) maa (Adam).

Gyesε Ibliis, wampene sε ͻbεka wͻn a wͻde wͻn anim butuu fͻm (brεε wͻn ho aseε) no ho.

Nyankopͻn kaa sε: “Ibliis, εdeεn na εha woͻ a wannka wͻn a wͻ’de wͻn anim butuu fͻm no ho?

(Ibliis) kaa sε: “Menyε obi a mede manim bebutu fͻm ama onipa a Wobͻͻ no fri nεteε a awoͻ a εnee wͻ mu a efri atεkyε a yanwene mu”.

Onyankopͻn kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ, nokorε sε, yato wo atwene (afri Nyankopͻn ahummͻborͻ no mu).

Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε na mame berε (anaasε enku me) kosi Da a yεbenyane awufoͻ no“.

Onyankopͻn kaa sε: “Woka wͻn a yama wͻn εberε no ho,-

(Ibliis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sεdeε Wama me ayera yi deε, nokorε sε, mεma (bͻne) ayε wͻn fε wͻ asaase so, na mayera wͻn nyinaa,-

Gyesε Wonkoa a wͻdi nokorε a wͻn wͻ wͻn mu no “.

Onyankopͻn kaa sε: “Woi ne kwan tenenee a εwͻ Menkyεn no “.

Nokorε sε, Amanehunu gya no ne bea a yεde ahyε wͻn nyinaa bͻ.

(Amanehunu gya no) wͻ apono nson, na εpono no mu biara wͻ (abͻneεfoͻ) sononko a yakyekyε (ama wͻn).

Nokorε sε, Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman a nsuo aniwa wͻ mu no mu.

(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa Asomdweε ne abotͻyεmu nwura mu”

(Nkͻmhyεni), bͻ Menkoa no amaneε sε, nokorε Mene Bͻnefakyε Hene no, na Me ara nso Mene Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Nokorε nso sε, M’asotwee na εyε asotwee a ano yεya paa.

Ɛberε a wͻ baa nehͻ no, wͻ kaa sε: “Salaam (Asomdweε)! (Abraham) kaa sε: ”Nokorε sε yesuro mo”.

(Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ennsuro, Yε de abarimaa nimdefoͻ bi ho bͻhyε rebrε wo“.

(Abraham) kaa sε: “Mode (awoͻ) ho bͻhyε rebrε me wͻ aberε a mabͻ akͻkora? Ɛdeεn bͻhyε na mode rehyε me yi?”

(Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Nokorε bͻhyε na yεde hyε woͻ no, enti hwε na wankͻka wͻn a wᴐn abamu abuo no ho“.

(Abraham) kaa sε: ”Ayerafoͻ no mmom na wͻnya wͻn Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no ho abamubuo”.

Wͻ kaa sε: “Yasoma yεn wͻ nnipa bͻnefoͻ bi hͻ (sε yεnkͻ sεe wͻn).

Ɔkaa sε: ”Nokorε sε moyε nnipa bi a menni mo, (anaasε moyε ahͻhoͻ”).

Abͻfoͻ no kaa sε: ”Daabi, yεde (asotwee) a wͻn adwen nnsi wͻn pi wͻ ho no na yεde aba wo hͻ.

Nokorε na yεde abrε woͻ no, na ampa sε nokorε na yεreka no.

Lut kaa sε: ”Nokorε sε woi nom yε mahͻhoͻ enti monhwε na moangu manim ase (wͻ wͻn anim).

(Nkͻmhyεni), Mede wonkwa di nse sε, nokorε, na wͻn wͻ anifira nsaborͻ mu redi akͻneaba.

Nokorε sε, nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻhunu adeε (anaa wͻdwen, anaa wͻde betu wͻn ho foͻ).

Nokorε sε, (na saa nkuro no) wͻ, (efri Maka rekͻ Siria) ͻkwan tempͻn a εdaso wͻhͻ no so.

Na ‘Ayikat’ anaasε nkorͻfoͻ a na wͻte Nnua mu no nso yε abͻneεfoͻ.

Enti Yetuaa wͻn dwumadi bͻne no so ka. Wͻn mmienu no nyinaa wͻ ͻkwan tempͻn pefee no so.

Na wͻ dwidwa (anaasε wͻ’bͻne) mmepͻ no mu deyε afie anaasε atenaeε wͻ abodweε mu.

Yεde nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii no. Nokorε sε Dͻnhwere no reba, enti (Nkͻmhyεni), bu w’ani gu (ͻhaw ne ateeteε a boniayεfoͻ no de redi mo no) so wͻ ahummͻborͻ ne bͻne fafri mu.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ɔbͻͻ adeε no, Ɔne Onimdefo no.

Ampa sε Yama wo ‘Sab’al Masaani’ Nsεm pͻ nson a yεtaa kenkan de bͻ Nyankopͻn abodin εna Qur’aan Kεseε no.

Na ka sε: “Nokorε sε, medeε meyε kͻkͻbͻni pefee.

Wͻn a wͻakyekyε Akenkan Nwoma no mu, (gye εfa baabi die na wͻ’nnye baabi nnie) no.

Enti (Nkͻmhyεni), Mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε Yεbɛbisa wͻn nyinaa,

Enti wodeε bᴐ wo Wura Nyankopͻn abodin na kamfo no, na ka wͻn a wͻde wͻn anim butu fͻm no ho.

Na som wo Wura Nyankopͻn kͻpem sε (deε εda biribiara adi) pefee no bεba wo soͻ.