عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Bee [An-Nahl] - Ashanti Translation

Surah The Bee [An-Nahl] Ayah 128 Location Maccah Number 16

Ɔnam N’ahyԑdeԑ so ma Soro abͻfoͻ no de Honhom (Adiyisεm) no sane ba Ne nkoa no mu nea Ɔpε so sε: “Mommͻ (adasamma) kͻkͻ sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Me ho, enti monsuro Me”.

Ɔde nokorε no na abͻ soro ne asaase, Ɔyε Okokuroko korͻn paa kyεn deε wͻde bata Ne ho no.

Ɛna Wabͻ nyεmmoa nso ama mo; wͻn ho no monya (ntaadeε a) εma mo ͻhyew, san (nya) mfasoͻ pii firi wͻn ho; na wͻn mu bi nso mowe (wͻn nnam).

Monya wͻn ho anigyeε nso wͻ berε a mode wͻn reba fie anwummerε ne εberε a mode wͻn rekͻ adidie anͻpa.

(Wabͻ) apͻnkͻ ne mfunumu-pͻnkͻ ne mfunumu, sεdeε mobεtena wͻn so, na asan ayε afεfεdeε (ama mo); na Ɔbͻ adeε nso a monnim.

Onyankopͻn na εyε N’asεdeε sε Ɔkyerε kwan tenee no; na akwan no bi nso wͻ hͻ a amane. Sε εyε Nepε a, anka Ɔbεkyerε mo nyinaa kwan (tenenee no).

Ɛna Ɔde mmepͻ asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma no nnwoso mo, εna (Wayε) nsubͻnten ne akwan sεdeε mobɛnya kwan kyerε.

Ɛna (Wayε) nsohyεdeε, (wͻ asaase so), εna (Wayε) nsoromma a wͻde hunu kwan.

Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no, obia ͻmmͻͻ (hwee) ne no na εsε? Adεn monkaekae?

Sε mokan Nyankopͻn adom a monhunu ano. Nokorε sε, Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

(Wͻyε) awufoͻ, wͻnte ase, na wͻnnim εberε korͻ a yɛbɛnyane wͻn (afiri awufuͻ mu).

Akyinnyeε biara nni ho sε Onyankopͻn Nim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa). Nokorε sε, Ɔmpε wͻn a wͻyε ahomasoͻ no asεm.

Sε yεka kyerε wͻn sε: ”Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asane (ama Nkͻmhyεni)?” Deε wͻka ne sε: “Tetefoͻ no anansesεm “.

Wͻbεsoa wͻn adesoa no pεpεεpε wͻ Wusͻreε Da no, na εno akyiri no wͻn asan asoa wͻn a wͻyeraa wͻn no a nimdeε biara nni mu no nso adesoa. Nokorε sε, adesoa bͻne paa na wͻbεsoa no.

Ampa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no pam (apam bͻne tiaa wͻn asomafoͻ no), nanso Onyankopͻn firi wͻn dan no fapem no ase dwiri guiɛ maa εdan no mmͻsoͻ no firi soro beguu wͻn so; asotwee no firi faako a wͻnnim baa wͻn so.

Afei Wusͻreε da no, Ɔbɛgu wͻn anim ase na Waka akyerε wͻn sε: ”M’ahokafoͻ no a wͻn ho nti motan (nkͻmhyεfoͻ no ne agyidiefoͻ no, san) ko tiaa wͻn no wͻ hen? “Wͻn a yɛama wͻn nimdeε no bεka sε: ”Nokorε, animguaseε ne ͻhaw bͻne bεka boniayεfoͻ no nnε da yi,-

“Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa aberε a wͻayε bͻne atia wͻn kraa no, (wͻbԑpatu) abrԑ wͻn ho ase (aka sε): “Na yɛnni dwuma bͻne biara“. (Soro abͻfoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Daabi, nokorε sε, Onyankopͻn Nim dwuma a modiiε nyinaa.“

(Sε) yԑka kyerε wͻn a wͻsuro Nyankopͻn no sε: “Ɛdeεn na mo Wura Nyankopͻn asane a?“, deε wͻka ne sε: “Papa nko ara“. Wͻn a wͻyεε papa wͻ wiase ha no, papa (ho akatua) na wͻbɛnya. Daakye asetena no na εyε, na εno ne efie pa paa dema Nyamesurofoͻ no, -

Wͻn a Soro abͻfoͻ yi wͻn nkwa wͻ kronkron yε mu no, wͻka kyerε wͻn sε: “Salaamu alaikum (Asomdwoeε nka mo)! Monkͻ Soro aheman no mu, εnam dwumadi (papa) a modiiε no ho nti “.

Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ne sε Soro abͻfoͻ bεba wͻn hͻ, anaasε wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε no bεba wͻn soͻ? Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no yͻeε. Onyankopͻn deε Wanni wͻn amim, na mmom wͻn ara na wͻdii wͻn ho amim.

Deε wͻn a wͻde biribi abata Nyankopͻn ho no keka nesε: “Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka yεn, anaasε yɛn agyanom ansom biribi anka Ne ho, na anka yɛammra biribi ka Ne deε no ho. Saa ara na wͻn a wͻdii wͻn anim kan no yͻeε. Enti εnyε Ɔsomafoͻ adwuma ara ne sε ͻbͻ asεm no ho dawuro kyerεkyerε mu anaa?

Ampa sε, Yεsomaa Ɔsomafoͻ maa no kͻͻ ͻman biara so (de nkra hyεε n’ano sε): “Monsom Nyankopͻn, na montwe mo ho mfiri abosomsom anaasε ͻbonsam ho. Wͻn mu bi wͻ hͻ a Nyankopͻn kyerεε wͻn kwan, wͻn mu bi nso wͻ hͻ a ͻno deε yera no yεε nokorε tiaa no. Enti montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻannye annie no awieeε si wieeε.

(Nkͻmhyεni), sε woyere wo ho wͻ wͻn kwankyerε no ho mpo a, εneε nokorε sε Onyankopͻn deε Ɔntene obi a Wayera no, na wͻnnya aboafoͻ nso.

Nokorε sε, sε Yεpε biribi a, Y’asεm a yεka kyerε adekorͻ no ara ne sε: “Yε!’ “ Na ayε.

(Wͻne) wͻn a wͻsii aboterε na wͻde wͻn ho too wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no.

(Nkͻmhyεni), asomafoͻ a Yεsomaa wͻn dii w’anim kan no nyinaa na wͻyε nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Quraishfoͻ), sε monnim a mommisa wͻn a wͻkaekae (amanfoͻ no).

Nsεnkyerεnee pefee ne Nwoma (na Yεde somaa asomafoͻ no), εna Yɛasane Afutusεm no de ama woͻ, sεdeε wobεkyerεkyerε deε yɛasane ama wͻn no mu pefee akyerε wͻn sεdeε wͻbɛnya adwen.

Anaasε (wͻnnim sε Nyankopͻn) bεtumi asͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻredi akͻneaba (wͻ wͻn nnwuma mu) a wͻntumi nsi ho kwan?

Anaasε Ɔbɛtumi ama wͻn so ate anaa wͻn asa nkakrankakra? Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Ayεmyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Abͻdeε a εwͻ nkwa a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa de wͻn anim butu fͻm ma Nyankopͻn anaasε wͻberε wͻn ho ase ma no; Soro abͻfoͻ nso, wͻnnyε ahomasoͻ (wͻ N’ahyԑdeԑ ho).

Wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn a Ɔwͻ wͻn soro anaasε Ɔso bro wͻn soͻ no, na deε yɛahyε wͻn sε wͻnyε no εno ara na wͻyε.

Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa Ɔno na εyε Ne dea. Ɔno na ͻsom ne anidie nyinaa yε Ne dea aberε biara. Enti mofiri Nyankopͻn akyi suro obi foforͻ anaa?

Nam so ma wͻyi deε Yεde ama wͻn no ho boniayε. Enti modeε monnye moani, na εnkyε biara mobɛhunu.

Wͻde deε Yεde abᴐ wᴐn akᴐnhoma no mu kyεfa bi ma wͻn (abosom) a wͻnnim (wᴐn). ”Mede Nyame di nse sε, sε εteε biara yεbɛbisa mo fa atorͻsεm a motwa no ho asεm.

Sε yεde ͻbaa (awoͻ) ho amaneε bεbͻ wͻn mu bi a, na wamuna n’anim, na ͻhaw ne awerεhoͻ ahyε no mma.

Ɔde ne ho sie firi nnipa no mu, εnam (ͻbaa a wawoͻ no) ho amaneε a yεde bεbͻͻ no no ho nti. Ɔmfa aniwuo nnye (neba baa no) anaa, anaasε ͻnkɔsie no (animono) wͻ nεteε mu? Ampa sε atemmu bɔne paa na wɔrebuo no.

Wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no wͻ mfatoho bͻne, na Nyankopͻn na ͻwͻ mfatoho anaasε abodin a εkorͻn. Ɔne Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yɛ, Ɔne Onyansafoͻ no.

Deε wͻn ara wͻmpε no na wͻde ma Nyankopͻn, wͻde wͻn kεterεma ka atorͻsεm sε: “Nneεma papa no yε wͻn dea“. Akyinnyeε biara nni ho sε, Ogya no bεyε wͻn dea, na yεbεgya wͻn wͻ mu korakorakora.

“Mede Nyame di nse sε, ampa Yεsomaa asomafoͻ kͻͻ aman aman a wͻdii w’anim kan no so. Nanso ͻbonsam maa wͻn dwumadie yεε wͻn aniso fε. Enti ͻne wͻn kyitaafoͻ nnε (da yi). Wͻwͻ asotwee a εyε ya papaapa (Daakye) “.

(Nkͻmhyεni), Deԑ nti a Yɛsanee Nwoma no maa woᴐ ne sε wode bεkyerεkyerε deε wͻnnya wͻn ho nteaseε wͻ ho no mu akyerε wͻn, na εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ ma amanfoͻ a wͻgye die no.

Onyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbεsan ama mo awuo. Na mo mu bi wͻ hͻ a yεsan ma no (nyini) kͻyε posoposo a nimdeε a onyaeε akyiri no na ͻnsan nnim hwee bio. Nokorε sε Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, na Ɔne biribiara so Tumfoͻ.

Onyankopͻn apagya (nnipa) no bi akyεn bi wͻ adom akyεdeε (ahonya, nimdeε, adwen nyansa ne deε εkeka ho) mu. Wͻn a yɛapagya wͻn no mfa wͻn akyεdeε no mma wͻn (nkoa ne wͻn mfenaa) a wͻyε wͻn dea no mma wͻnyε pε da. Enti wͻbεpo Nyankopͻn adom no?

Enti monhwε na moamfa Nyankopͻn anyε mfatoho, (efirisε biribiara ne no nsε). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔnim, na modeε monnim.

Ɔsoro ne asaase so ahuntasεm nyinaa wͻ Nyankopͻn. Dͻnhwere no ho asεm no deε εtesε deε wabͻ w’ani prε, anaasε εbεn (mpo kyεn saa). Nokorε sε, Onyankopͻn na Ɔwͻ biribiara so tumi.

Onyankopͻn ayε nneεma a Wabͻ no mu bi (tesε nnua ne adan) enwunu (ama mo), εna Wayε mmepͻ no nso bi dwanekɔbea ama mo, εna Wayε ntaadeε a εbͻ moho ban firi ͻhyew ho, εna Wayε akotadeε a εbͻ moho ban wͻ mo koo mu ama mo. Saa ara na Ɔde N’adom no awie mo so sεdeε mobεbrε mo ho ase (ayε Islam)

Sε wͻdane wͻn ho (firi nokorε no ho) a, wodeε w’adwuma ne sε wobεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.

Sε wͻn a wͻde biribi bataa Nyankopͻn ho no hu wͻn a wͻde wͻn bataa (Nyame) ho no a, wͻbεka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, weinom ne yεn mmatahoofoᴐ no a na yɛfiri W’akyi su frε wͻn no. Enti wͻnso bεto asεm no ama wͻn sε: ”Nokorε sε moyε atorofoͻ”

Saa Da no, wͻde ahobraseε no (nyinaa) bεma Onyankopͻn nko ara, na nkontompo a wͻtwaeε no nyinaa bɛtu ayera wͻn.

Wͻn a wͻyi boniayε na wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no soͻ no, Yεde asotwee bεka asotwee ho ama wͻn, εnam wͻn nsεmmͻnee a wͻdie no ho nti.

Ɛda a Yεbɛyi ͻdanseni afiri ͻman biara mu wͻ wͻn ara mu ama wͻn adi adanseε atia wͻn no, (Nkͻmhyεni), Yεde wo nso bεba ama wabɛdi weinom ho adanseε. Yɛasane Nwoma no a εkyerεkyerε biribiara mu pefee, na εkyerε kwan, na εyε ahummͻborͻ ne anigyesεm dema Muslimifoͻ no ama wo.

Monhwε na moamfa mo nsedie annaadaa moho-moho, (sε εba saa a) εbεma (mo) nan a anka agyina pintinn no apatre (ama mo ahwease), na moakͻka bͻne ahwε εnam Nyankopͻn kwan a mosii (amanfoͻ kwan) wͻ ho no nti, εneε na asotwee kεseε bεyε mo dea.

Deε εwͻ mo nkyεn no bɛtwam, na deε εwͻ Nyankopͻn hᴐ no deε εwͻ hͻ daa. Nokorε sε, wͻn a wͻsii aboterε no dwumadi pa a wͻdiiε no, yεbεma wͻn ho akatua pa paa.

Enti sε wokenkan Qur’aan a, hwehwε Nyankopͻn hͻ ntwitwagyeε firi ͻbonsam a yɛabͻ no dua ato no atwene no ho.

Na mmom ne tumi no wͻ wͻn a wͻde wͻn ho ama no, na wͻfa no yͻnkoͻ no so, ne wͻn a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho no.

(Nkͻmhyεni), Ka sε: “Honhom kronkron (Ɔbͻfoͻ Gabriel) de Nokorε no na ɛsane firi wo Wura Nyankopͻn hͻ, sεdeε εbεma wͻn a wͻagye adie no agyina pintinn, na ayε kwankyerε ne anigyesεm ama Muslimifoͻ no.

Ampa sε Yɛnim sε wͻkeka sε: ‘’Onipa na ͻkyerε no’’. Obi a wͻn adwen amane kͻ sε (ͻno na ͻkyerε woͻ no) ͻka potͻ kasa, (anaasε saa nipa no nte Arab kasa), (Qur’aan) wei nso yε Arab kasa pefee.

Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bεyε ama wͻn a yεhyεε wͻn aniεyaa, na akyire yi wͻtuu amantuo na afei wͻbͻͻ mmͻden na wͻnyaa aboterε no, nokorε sε εno akyi no wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Ampa sε Ɔsomafoͻ firi wͻn mu baa wͻn hͻ nanso wannye no anni, enti asotwee no too wͻn wͻ berε a na wͻyε abͻneεfoͻ.

Deε Wabra mo ne aboafunu (anaasε aboa a ͻno ara awuo), ne mogya, ne prako-nam, ne deε yabͻ edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na agu so aku no; na mmom obi a ahokyerε de no bεkͻ mu, na εnyε boapayͻ anaa (adwen) bͻne no, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene

Monhwε na moamfa mo kεterεma ankeka nkontomposεm a mokeka no sε: “Wei deε (Halaal) εkwan wͻ ho, na wei deε (Haraam) yɛabra (aberε a monni nyinasoͻ biara) sεdeε mobεbͻ motirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn soͻ“. Nokorε sε wͻn a wͻbͻ wͻn tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ no nni nkonim.

(Wᴐn) anigyeε no yε kakraabi; na wͻwͻ asotwee a εyε ya paa.

Afei nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn, wͻn a wͻyε bͻne na wͻnnim na akyire yi wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa no nokorε, εno akyi no, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Nokorε sε, na Abraham yε ͻman anaa onipa a yεhwε no sua ne soͻ; ͻbrεε ne ho ase demaa Nyankopͻn, na ͻtene, na na ͻnka abosomsomfoͻ no ho.

(Na ͻyε onipa a) ͻwͻ nkaeε wͻ Nyankopͻn adom no ho. Onyankopͻn yii no, εna Ɔkyerεε no kwan kͻͻ kwan tenenee no soͻ.

Sε moretua wͻn so ka (wͻ aniεyaa a wͻde ahyε mo no) a, εneε montwe wͻn aso pεpεεpε sεdeε wͻhyεε mo aniεyaa no ara. Na mmom sε monya aboterε nso a, anka εno na εyε dema aboterεfoͻ no.

Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, na w’aboterε no bɛfiri Nyankopͻn mmoa mu, na εmma wo werε nho wͻ wͻn ho, na εnha wo ho wͻ wͻn adwen (bͻne) a wͻrefa no ho.