عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The night journey [Al-Isra] - Ashanti Translation

Surah The night journey [Al-Isra] Ayah 111 Location Maccah Number 17

Kronkron Hene no ne Nea Ɔde Na’koa (Muhammad) tuu kwan anadwo firi (Maka) Nyamedan kronkron no ho kͻͻ (Yerusalam) Aqsoa Nyamedan a nhyira atwa ho ahyia no ho no, sεdeε Yεbεkyerε no Yεn nsεnkyerεnee no mu bi. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara.

(Agyidiefoͻ) a Yεsoaa wͻn (wͻ nhyεmma no mu) kaa Noa ho no asefoͻ!” Nokorε sε na Noa yε (Nyankopͻn) akoa a oyi ayε (anaasε ͻwͻ nkaeε).

Sε moyε papa a, moyε papa ma mo kraa, sε moyε bͻne nso a etia no. Enti εberε a kͻkͻbͻ a etwa toͻ no baeε no (Yεmaa atamfoͻ no kwan) sεdeε wͻbεsεe moanim (anaa wͻbegu moanim aseε), na wͻbewuraa Nyame-dan no mu sεdeε wͻwuraa mu kane no, sεdeε wͻbεsεe deε wͻn nsa bεka biara korakorakora.

Ebia mo Wura Nyankopͻn behu mo mmͻbͻ. Na sε mosan (kͻ bͻne mu bio) a, Yεbεsan (atwe moaso). Na Yayε Amane-hunu gya no afiase ama boniayεfoͻ no.

(Yεbεka akyerε no sε): “Kenkan wo nwoma. Wo ara wo som bo (sε) wobu woho akonta nnԑ da yi“.

Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na Yasεe wͻn wͻ Noa akyi? Wo Wura Nyankopͻn som bo sε Ɔbͻ N’akoa bͻne a ͻyε ho amaneε, na N’ani tua biribiara.

Obi nso a ͻpε Daakye no na ͻbͻͻ ho mmͻden biara a εsεsε ͻbͻ, na (saa nipa no) yε gyidieni no, saa nkorͻfoͻ no mmͻdemmͻ no ho wͻ aseda (anaasε akatua a εsom bo).

Wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no mu, Yεde ma obiara, woi anaasε woi. (Biribiara) nnsi wo Wura Nyankopͻn akyεdeε no kwan sε yεde bεma obi.

Hwε sεdeε Yasi ama nnipa no bi so akyεn ebinom. Nokorε sε Daakye gyinaberε no na εsoo paa (na εhͻ) na abaso bͻ kεseε paa no (wͻ).

Hwε na wanfa awurade foforͻ bi anka Nyankopͻn ho, anhwε a watena ase (wͻ Amanehunu gyem wͻ) animguaseε ne ahokyere mu.

Wo Wura Nyankopͻn ahyehyε sε: “Monhwε na moansom (ade foforͻ biara) gyesε Ɔno nko ara, na monyε ayεmyε anaa papa ma (mo) awofoͻ. Sε wͻn mu baako anaasε wͻn mmienu nyini duru akͻkora ne aberewa bͻ berε mu bεto wo a, hwε na wanka kasa bi a εnyε obuo ankyerε wͻn, na εndwoodwoo wͻn, na ka kasa dε anaa kasa a obuo wͻ mu kyerε wͻn.

Na brε ahobraseε ataban a ahummͻborͻ wͻ mu ase ma wͻn; na ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, hu wͻn mmͻbͻ sεdeε (wͻhuu me mmͻbͻ) tetee me wͻ me nkͻdaa berε mu no”

Mo Wura Nyankopͻn Nim deε εwͻ moakoma mu. Sε moyε apapafoͻ a, nokorε sε Ɔno ne Bͻnefakyε Hene dema wͻn a wͻdane wͻn ho ba (Ne hͻ).

Sε wodane woho fri (obusuani anaa ohiani anaa ͻkwantuni no) ho de hwehwε wo Wura hͻ ahummͻbrͻ a wanida soͻ no a, ka asεm a emu dwoͻ kyerε wͻn.

Ԑmma wonsa nkyekyere mmͻ wo kͻn ho (anaasε hwε na woanyε pεpεε anaa εmmͻ ayεmuͻnyono), na εntene mu nso nyinaa (anaasε ma wadekyεε nyε hͻ-ne-hͻ), anhwε a watena ase anunu (wo ho) ama woho akyere wo.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn bae akͻnhoma no mu dema obi a Ɔpε, εna Osusu (nso ma obi a Ɔpε). Nokorε sε N’ani tua Nenkoa (dwumadie) na Ohu nso..

Monhwε nso na moannkum onipa a Nyankopͻn abra (ne kum, anaa Wayε no kronkron), gyesε εnam ne kwan so. Obia yεbeku no ͻkwan bͻne soͻ no, nokorε sε Yama ne kyitaafoͻ no tumi (sε ͻhwehwε atεn teneee, anaasε ͻgye mogya ho sika anaasε ͻde kyε); nanso ͻnhwε na wanyε bͻne wͻ okum no ho, efirisε, (aban) bεboa no.

Sε mohyε (adeε wͻ bͻtͻ anaasε konku mu) a monhyε ma εnyε mma, na monfa nsania a εyε nsusu (adeε mma amanfoͻ). Saa na εyε, εna (εma) awieε pa.

Hwε nso na wanni deε wonni ho nimdeε (anaa wonhunuuε anaa wonteeε) akyi, efrisε, deε aso ateε, ne deε ani ahu, ne deε akoma adwen, woi nom nyinaa (Onyankopͻn) bebisa ho asεm.

Na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, wontumi (ntia so) mma asaase no mmu ngu mu, na wontumi nso (ntenten ne) bepͻ tenten nyε pε.

Woi nom ka nyansa, adwen (ne suban pa) a wo Wura Nyankopͻn ayi akyerε woͻ no ho. Na εnyε nyame foforͻ bi nnka Nyankopͻn ho, (sε ԑba saa a,) yԑbԑto wo atwene Amanehunu gyem, abᴐ wo soboᴐ, apo wo (ayi wo afri Nyame ahummᴐborᴐ no mu).

Nokorε nso sε, Yakyerεkyerε (nsεm ahodoͻ) pii mu wͻ saa Qur’aan yi mu sεdeε wͻbεfa adwen, nanso εmma wͻn nkͻsoͻ biara, na mmom (nokorε no ara) na wͻredwane (fri ho).

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε anyame bi ka Ne ho sεdeε wᴐrekeka no a anka (saa anyame no mpo) bεhwehwε kwan a εde kͻ Tumi Ahennie Wura Nyankopͻn no hͻ (asom no).

Deɛ wͻka nesε: “Sε (yewu na) yεyε nnompe, porͻ tete dane nεteε a, yεbεsan anyane sε abͻdeε foforͻ (bio)?

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Modeε (mopε a) monyε boͻ anaa dadeε;

Anaasε abͻdeε bi a, moakoma mu no εyε den (sε εbetumi asan aba nkwa mu bio)“. Wͻrebebisa sε: “Hwan na ͻbεsan (de) yεn (aba nkwa mu) bio no?“ Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ mo (wͻ εberε a) edi kan no (mu no ara). Wͻ’bεwoso wͻn ti agu wo so na wͻn aka sε: “Ɛberε bεn ne no?” Kasε: ”Ebia na abεn mpo“.

Ka sε: “Monfrε wͻn a modwen sε (wͻyε anyame) ka Neho no (tesε Yesu ne wͻn a wͻkeka ho no). Wͻ nni tumi sε wͻtumi yi ͻhaw bi fri mo soͻ anaasε wͻsesa (ͻhaw a ato mo no).

Wͻn a wͻsu frε wͻn, (tesε Yesu ne wͻn a wͻkeka ho) no ara nso hwehwε ͻkwan a εkͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ; wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) paa no mpo hwehwε N’ahummͻborͻ, na wͻ’suro N’asotwee no; efrisε, wo Wura Nyankopͻn asotwee no yε adeε a εsεsε (onipa) yε ho ahwεyie.

Biribiara nnsi Yεn kwan sε anka Yεmfa nsεnkyerεnee (a Quraishfoͻ rebisa no) mma, na mmom tetefoͻ a wᴐdii kan no faa (nsεnkyerεnee a Yεde maa wᴐn no) atorͻsεm. Yεde yoma bedeε no maa Samuudfoͻ, (na woi yε) nsεnkyerεnee pefee, nanso wᴐyεε no bᴐne; na Yεnfa nsεnkyerεnee no mma (kwa) na mmom yεde bεbͻ (nnipa no) hu.

(Nkכmhyεni) kae εberε a Yεka kyerεε wo sε: “Nokorε, wo Wura Nyankopᴐn atwa nnipa ho ahyia”. Yεyεε yikyerε a yeyi kyerεε wo (wͻ Sorokͻ da no mu,) ne Nnomee dua (Zaquum) a εwͻ Qur’aan mu no sεdeε εbεyε nsᴐhwε ama nnipa. Yεrebͻ wͻn kͻkͻ deε, nanso εmma wͻn nkͻsoͻ biara gyesε asoᴐden kεseε paa.

Kae εberε a Yεka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Mommrε moho ase mfa moanim mutu fᴐm ma Adam”. Wͻbrεε wᴐn ho ase de wᴐn anim butuu fͻm, gyesε Iblis. Ɔkaa sε: “Memmrε meho ase mma obia Wode nεteε na abͻ no?”

Onyankopɔn kaa sε: “Fri hᴐ kͻ! Wɔn mu obi a obedi w’akyi no, nokorε sε Amane-hunu gya no bεyε moakatua, (εyε) akatua a ԑsombo anaa ԑfata (mo).

Fa wo nne frε wᴐn mu deε wobetumi, na boaboa w’asraafoͻ a wͻte apͻnkͻ soͻ, ne wͻn a wͻ’nam wͻn nan soᴐ ano nko ntia wᴐn, na ka wᴐn ho wͻ wͻn agyapadeε ne wͻn mma ho, na hyε wͻn bͻ. Deε ͻbonsam de bεhyε wͻn bͻ (biara) yε nnaadaa.

Nokorε sε, Menkoa no deε, wonni tumi wͻ wͻn so. Wo Wura Nyankopͻn yε Okyitaafoͻ a Ɔsom bo (ma Nenkoa no).

Sε ͻhaw bi to mo wͻ ͻpo no so a, deε mosu frε wͻn no nyinaa yera, gyesε Ɔno nko ara, nanso sε Ɔgye mo (demo) ba asaase so a, modane mo ho (de aseda kͻma abosom). Nnipa yε boniayε (onni nkaeε).

Enti moho atͻ mo sε Nyankopͻn mma mo mmem wͻ asaase no so fa baabi, anaasε Ɔnnsoma mframa den a aboͻ wͻ mu mma moso a (saa berε no) monnya okyitaafoͻ biara mma mo ho?

Wͻn a na wͻn ani afira wͻ wiase yi mu ha no, (na wͻn anhu Nyankopͻn Nsεnkyerεnee no) wͻn ani befira wͻ Daakye no nso, ayera kwan.

Boniayεfoͻ no adwen ne sε, wͻ bεsͻ wo ahwε, atwe wo afri deε Yayi ama woͻ no ho, sεdeε wobefri εno akyi atwa nkontompo ato Yεn soͻ, (na sε εba saa deε a) εneε anka wͻ bεfa wo adamfoͻ.

(Na sε εkͻbaa saa a) εneε na anka Yεbεma woaka wiase mu (asotwe) mmͻhoo ne owuo akyi nso (asotwe) mmͻhoo ahwε; na anka wonnya ͻboafoͻ a ͻbεboa wo (ako) atia Yεn.

Nokorε nso sε wͻ’hwehwεε sε wͻ hunahuna wo sε wͻ’betu wo afri asaase no so; (na sε εba saa mpo a wͻnso mmerε) tiaa bi na wͻ’de bεtena ase wͻ w’akyi

(Nkͻmhyεni, deε ato woͻ no nyinaa yε) ͻkwan (a εda hͻ a εtoo) Y’asomafoͻ a Yɛdii wo anim kan somaa wͻn no nso, na wonhunu nsakraeε biara wͻ Y'akwan no mu.

Na fa anadwo no mu bi sͻre yε (Tahajud) Naafila ma wo ho. Ebia wo Wura Nyankopͻn bεpagya wo de wo agyina animuoyam gyinaberε bi mu.

Ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, fa me wura (kuro Yasrib anaa Madina mu) wͻ nokorε mu, na yi me pue (fri kuro Maka mu) wͻ nokorε mu, na mame nyinasoͻ anaa tumi nkonimdie a efri Wo hͻ “.

Na ka sε: ”Nokorε no aba, na nkontompo no atu ayera. Nokorε sε, nkontompo deε εyε adeε a ebetu ayera koraa ”.

Deε Yasiane no wͻ Qur’aan mu no yε ayaresa ne ahummͻborͻ dema agyidiefoͻ no, na abͻneεfoͻ no deε εnfa nkͻsoͻ biara mma wͻn, gyesε berεguo.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Obiara reyε sεdeε ne su anaasε n’abrabͻ siteε ho adwuma“. Nanso mo Wura Nyankopͻn na Onim obi a w’atene wͻ ͻkwantenee no soͻ.

(Nkͻmhyεni), wͻrebisa wo fa Ruuh: nkwa anaa Honhom anaa Adiyisεm no ho asεm. Ka sε: “Ruuh no yε me Wura Nyankopͻn ahyεdeε, na εho nimdeε a yεde ama mo yε kakraabi “.

Na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ, efrisε N’adom a εwͻ wo soͻ no so papaapa.

Ampa sε Yakyerεkyerε mfatoho biara mu akyerε nnipa wͻ saa Qur’aan yi mu, nanso nnipa pii mpε (nokorε no), na mmom (deε wͻpε ara nesε) wͻ’beyi (Nyankopͻn) boniayε.

Anaasε (gyesε) wonya efie a εyε sika kͻkͻͻ, anaa wotu kͻ soro; na wosorokͻ no (mpo) yεnnye nni, gyesε wosiane Nwoma a yεbεkenkan berε yεn ansa. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Kronkron Hene ne me Wura Nyankopͻn! (Menyε hwee), na mmom meyε onipa a meyε Ɔsomafoͻ. “

Ɛdeεn na esi nnipa kwan sε, sε tenenee no ba wͻn hͻ a εmma wͻnnye nie, (wͻn nyinasoͻ nyinaa) ara ne sε: wͻ’ka sε, “Onyankopͻn asoma onipa sε Ɔsomafoͻ nti?”

(Nkͻmhyεni), kasε: “Nyankopͻn so adansedie wͻ me ne montεm, efrisε, Ɔno na Ɔbεbͻ Nenkoa dwuma a wͻdie ho amaneε, na Ohu wͻn (nso).

Obi a Nyankopͻn atene no no ͻno ne obi a wͻn anya kwan tenenee no, na obi a Wayera no no deε, wonnya okyitaafoͻ biara mma wͻn wͻ Nyankopͻn akyi; na Yεbεboa wͻn (nyinaa) ano wͻ Wusͻreε Da no (ama wͻn anante) wͻ wͻn anim, (na wͻbεsͻre) anifira, emum (ne) asosieε mu. Wͻn fie ne Amanehunu gyem; εberε biara a (ogya no) ano bεdwoͻ no na Yεde ogya no bi aka ho ama wͻn.

Woi ne wͻn akatua, efrisε wͻpoo Yε nsεnkyerεnee no, na wͻkaa sε: “Sε (yewu) na yεdane nnompe na yεmu tete gͻsͻgͻsͻ a, nokorε sε yε’bεsan asͻre ayε abͻdeε foforͻ?”

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mo na mowͻ me Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ akoradeε no ho tumi a, anka ehuu bεbͻ mo sε mobeyi (bi) ama; na (ampa sε) onipa yεm yε nyono.

(Mose) kaa sε ”(Farao) wonim yie sε, obiara ntumi nsiane saa nsεnkyerεnee woinom, gyesε ͻsoro ne asaase Wura Nyankopͻn no, sεdeε εbεyε nyinasoɔ pefee; na Farao, menso medwen sε wasopa “.

Yεde Nokorε na esianee (Qur’aan) no, na εde Nokorε nso na εbaeε. Deε enti Yεsomaa woͻ ne sε, fa (ͻsoro Aheman no mu) anigyesεm bεhyԑ (agyidiefoͻ no) bᴐ, na fa (asotwee no nso ho asεm no) bͻ (amanfoͻ no) kͻkͻ.

Ԑyԑ Qur’aan a Yɛakyekyε mu, sεdeε wobεkenkan akyerε adasamma wͻ ntooboaseε mu, na Yɛsianee no nkakrankakra (wͻ mfeɛ aduonu mmiεnsa ntεm).

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε mogye (Qur’aan) yi di o, sε monnye ni o, wͻn a yɛama wͻn nimdeε ansa na (Qur’aan yi reba no), sε yεkenkan kyerε wͻn a wͻde wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm wͻ ahobraseε mu -:

Na wͻka sε: “Kronkron Hene ne Yɛ Wura Nyankopͻn! Nokorε sε, Yɛ Wura Nyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ”.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monsu mfrε Allah anaasε monsu mfrε Rahmaan (Ahummͻborͻ Hene no), edin biara a mode besu afrε no no (Ɔbεgye moso), efrisε Ɔno na Ɔwͻ abodin pa. Ɛmmͻ wo mpaeε dendeenden, na εnyε ho anomum nso, na ͻkwan mmienu yi ntεm na fa so (bͻ mpaeε).