عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The cave [Al-Kahf] - Ashanti Translation

Surah The cave [Al-Kahf] Ayah 110 Location Maccah Number 18

(Na mmom Ɔmaa no yεε Nwoma a emu nsεm no) tene pεpεεpε, sεdeε ͻde asotwe denden a efri Ne hͻ no bεbͻ (nnipa) kͻkͻ, na ͻbεhyԑ agyidiefoͻ no a wͻredi dwumapa no nso bᴐ sε, wͻn wͻ akatuapa a,

(Saa nkorͻfoͻ no) nni (nsεm a wͻka no) ho nimdeε; wͻn agya nom nso (a wͻresuasua wͻn no nso) saa ara. Asεm kεseε paa na epue firi wͻn ano no. Nkontomposεm ne deԑ wᴐkeka no.

Nokorε sε, Yɛayε deε εwͻ asaase soͻ no afεɛfεdeε ama (asaase) no, sεdeε Yεde bεyε nnipa nsͻhwε, (agyina so ahwε) wͻn mu obi a odi dwuma pa.

Nokorε sε, Yεbεyε deε εwͻ (asaase no) soͻ no (nyinaa) mfuturo, a wira anaa dua (biara) nnka wᴐ soͻ.

Anaa w’adwen yε wo sε Ɔbodan no mu foͻ no, ne Adwini a yɛadi (anaasε ntwerε a yɛatwerε fa wͻn ho) no ka Yԑn nsԑnkyerԑnee a ԑyԑ nwanwa no ho anaa?

Ɛberε a mmranteε no kͻbͻͻ wͻn ho adwaa wͻ ͻbodan no mu no, (wͻbͻͻ mpaeε) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, ma yεn ahummͻborͻ a efri Wo nkyεn, na kyerε yεn kwan wͻ yεn dwumadie yi ho”.

Afei Yɛnyanee wͻn sεdeε Yɛbɛhunu akuo mmienu no mu deε onim akontabuo a (ͻbetumi) asese mmerε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu).

(Nkͻmhyεni), Yεde wͻn asεm no mu nokorε na εrebͻ wo amaneε. Nokorε sε, wͻyε mmranteε a wͻgyee wͻn Wura Nyankopͻn diiε, na Yεde tenenee kaa wͻn ho.

Yεhyεε wͻn akoma den (maa wͻgyinaa pintinn), εberε a wͻsͻre gyina kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn no ne ͻsoro ne asaase Wura no, yεmfri N’akyi mfrε nyame foforͻ biara; (sε yɛfri N'akyi frε nyame foforͻ bi a), εneε nokorε sε na yɛaka abususεm.“

(Mmranteε no ka kyerεε wͻn ho wͻn ho sε): “Sε motwe mo ho fri wͻn ho, ne deε wͻsom a εnyε Nyankopͻn no ho a, momͻ mo ho adwaa wͻ ͻbodan no mu. Mo Wura Nyankopͻn de N’ahummͻborͻ bεkata mo so, na Wama modwumadie no ayε bͻkͻͻ ama mo“.

“Efrisε, sε wͻbɛpue mo so (anaasε sε wͻnsa ka mo) a, wͻbɛsi mo aboͻ (aku mo), anaasε wͻbεma mo asan akͻ wͻn som no mu, (na sε εba saa a), εneε monni nkonim“.

(Ebi nom) se wͻyε mmiεnsa, wͻn kraman na εka wͻn ho nnan; εna (ebi nom nso) se: wͻyε nnum, na wͻn kraman na εka ho nsia; wͻtwa nkontompo kyerε wͻn adwen wͻ ahuntasεm ho; (ebi nom nso) se, (wͻyε) nson, wͻn kraman na εka wͻn ho nwͻtwe. Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn na Onim wͻn dodoͻ, na obiara nnim gyesε (nnipa) kakraabi. Enti εnnye wͻn ho akyinnye, na mmom gyina nsεm a εda adie (a Yɛayi ama woͻ no so). Na hwε na woammisa wͻn ho asεm wͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu biara hͻ.

Na mmom (dikan ka sε): “Sε Onyankopͻn pε a”. Sε wowerε fi a, kae wo Wura Nyankopͻn, na kasε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ kwan tenenee a εbεn kyεn woi so “.

(Ɔkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn Nim berε tenten a wͻde tenaa (ͻbodan no mu). Ɔno na ͻsoro ne asaase so ahuntasεm wͻ no. Sεdeε Osi hunu adeε (pefee) ne sεdeε Osi te asεm (biara); wͻnni okyitaafoͻ biara ka Ne ho, na Onni ͻhokafoͻ biara nso wͻ N’atemmuo mu“.

Ka sε: “Nokorε no fri mo Wura Nyankopͻn hͻ; enti obi a ͻpε no ͻnye ni, na obi a ͻpε no nso ͻmpo. Nokorε sε Yɛasiesie Amanehunu gya a ne wisie betwa wͻn ho ahyia (tesε fasuo) ato hͻ ama abͻneεfoͻ no. Sε wͻsu pε nsuo a, yεbεma wͻn nsuo a εtesε yaawa a yɛanane, ama aworͻ wͻn anim. Nsu bͻne paa ne no; na ahomegye bea bͻne paa nso ne hͻ.

Ne yͻnko no ka kyerεε no wͻ εberε a ͻne no rekasa sε: “Enti Wapo Nea Ɔbͻͻ wo fri mfuturo mu, na afei (Ɔbͻͻ wo) fri ahobaeε mu, na afei Ɔnyonoo wo pεpεεpε maa woyεε nipa?”

“Mmom medeε, Onyankopͻn ne me Wura; na memfa biribiara mmata me Wura Nyankopͻn ho .“

“Na εyε ma wo sε wo wuraa wo turo no mu no anka wokaa sε: “Deε Onyankopͻn pε (na εnyε hͻ); Tumi biara nnihͻ gyesε Nyankopͻn hͻ. Sε wohwε me sε sika ne mma a mewͻ sua sene deε wowͻ a-,

Na (ͻsεeε) betwaa ne nnuaba no ho hyiae; enti ofitii aseε (de awerεhoͻ) kyinkyim nensa wͻ deε wasεe no wͻ (afuo) no ho no ho, aberε a εda hͻ a hwee nni mu a adane abutuo; ͻkaa sε: “Adi ayε me, mehunui a anka mamfa biribi ammata me Wura (Nyankopͻn) ho.“

Saa berε no, ntwitwagyeε anaasε tumi no nyinaa wͻ Nyankopͻn Nokwafoͻ no. Ɔno na otua akatua pa, na Ne hͻ ne awieε pa no.

Sika anaa ahonyadeε ne mma yε wiase yi mu afεεfεdeε; na deε εwͻ hͻ daa ne dwumadi pa; εno na εyε wͻ wo Wura (Nyankopͻn) hͻ, na εno nso na εwͻ akatua pa ne anidaasoͻ pa.

Ɛda a Yεbεma mmepͻ atutu afri hͻ no, wobɛhunu sε asaase bεda so frεtεtεtεtε, na Yεbεboa wͻn nyinaa ano na Yɛnnya wͻn mu biara wͻ akyire.

Yεde wͻn bεba wͻ wo Wura Nyankopͻn anim a wͻn ato santen. (Nyankopͻn bεka sε): “Nokorε sε moaba Yεn hͻ sεdeε Yɛdii kan bͻͻ mo no ara. Daabi, na modwen sε, Yεnhyεε εberε biara mmaa mo.

Yεde (mo dwumadie ho) Nwoma no bεto (mo anim) na wobehunu sε, abͻnefoͻ no bεbͻ hu wͻ deε εwͻ mu no ho, na wͻbεka sε: “Adi ayε yεn! Nwoma bεn na ennya (asεm) ketewa anaa kεseε (biara) na mmom gyesε εsese (ne nyinaa yi)? Wͻbɛhunu deε wͻyͻeε nyinaa sε abεda wͻn anim. Wo Wura Nyankopͻn deε Onni obiara amim.

Kae εberε a Yɛka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: ”Momfa mo anim mmutu fͻm mmerε mo ho ase ma Adam“. wͻn (nyinaa) de wͻn anim butuu fͻm (maa no), gyesε Iblis nko ara. Na ͻka Jinnifoͻ no ho; na ͻyεε ne Wura (Nyankopͻn) ahyεdeε ho asoͻden. Enti morebɛfri M’akyi afa ͻno ne n’asefoͻ no ayͻnkoͻ aberε a wͻyε mo atanfoͻ? Ɛyε nsesaeε bͻne paa ma abͻneεfoͻ no (sε wͻasesa Nyankopͻn som resom ͻbonsam).

Ampa sε Yԑnam mfatoho ne abɛbuo ahodoᴐ so akyerεkyerε biribara mu wͻ saa Qur’aan yi mu ama nnipa, nanso onipa yε okyinyefo kyεn biribiara.

Ɛnyε hwee na esi nnipa kwan sε εmma wͻnnye nnie wͻ εberε a kwan kyerε no bεba wͻn hͻ, anaasε wͻbεsrε wͻn Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na mmom (deε wͻretwεn ne sε) tetefoͻ no kwan no bi bεba wͻn soͻ, anaasε asotwee no behyia wͻn mpu-ne-mpu..

Ԑnyε hwee ho nti na Yεsoma asomafoͻ no, na mmom sεdeε (wͻde Aheman no mu) anigyesεm no bεbͻ (amanfoͻ) anohoba, na (wͻde Amanehunu gya no nso ho asεm) bεbͻ kͻkͻ. Nanso wͻn a wͻyi boniayε no de nkontompo gye akyinye sεdeε wͻde bɛtu Nokorε no aguo, na wͻfa Me nsεm no ne deε yεde bͻ wͻn kͻkͻ no agorͻ ne fεw die.

Wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunu ahyε no mma. Sε Ɔretwe wͻn aso wͻ dwuma a wͻn adie ho a, anka Ɔbεma asotwee no aba wͻn so ntεm. Nanso wͻn wͻ εberε a yɛahyε a wͻnnya ho dwanekͻbea.

Kae εberε a Mose ka kyerεε n’abͻfra (Yusha’u anaasε Yosua) sε: “Mennyae (nanteε anaasε mennye m’ahome) kͻpem sε meduru ͻpo mmienu no abͻeε anaasε mεkͻ so ara mfeɛ mu “.

Ɛberε a wɔduruu ne mmienu abͻeε ntεm hɔ no, wͻn werε frii wͻn adwene no, na ͻfaa ne kwan wͻ tokuro bi mu kͻͻ ͻpo no mu maa n’akyi kwan yerae.

Ɛberε a wͻtwaa kwan no kͻͻ kakra no, ͻka kyerεε n’abͻfra no sε: “Fa yεn anͻpa duane no bra, ampa sε yɛabrε wͻ yεn akwantuo yi mu paa“.

Yusha’u kaa sε: “Wahunu, εberε a yεsoεε wͻ ͻboͻ no soͻ no, me werε frii adwene no, na εnyε obiara na ͻmaa me werε friε na mmom ͻbonsam (na ͻmaa me werε firii) sε mεka akyerε (woͻ), na (adwene) no faa ne kwan kͻͻ ͻpo no mu awanwa kwan bi so.

(Hadir) kaa sε: “Nokorε sε wontumi nnya me ho aboterε“.

“Ɛbεyε dεn na wanya aboterε wͻ adeε a wonte aseε anaasε wonni ho nimdeε ho? “

(Mose) kaa sε: ”Sε Nyankopͻn pε a, wobɛhunu sε me wͻ aboterε na menyε w’ahyεdeε nso ho asoͻden “.

(Hadir) kaa sε: “Sε wobedi m’akyi a εneε hwε na woammisa me biribi ho asεm kͻpem sε, me ara mεka ho asεm akyerε woͻ“.

(Mose) kaa sε: “Ɛntwe m’aso wͻ deε me werε afri no ho, na εnyε dendeenden wͻ me so wͻ deε meyͻeε yi ho“.

(Mose) kaa sε: “Sε mebisa wo biribi ho asεm bio wͻ woi akyi a, εneε εne me nnante bio. Na wanya nyinasoͻ wͻ me ho.”

Enti wͻsii mu kͻe, kosii sε wͻkͻtoo kuro bi so foͻ, wͻbisaa wͻn hͻ aduane, nanso wͻn ampene sε wͻgye wͻn ahͻhoͻ. Na wͻhunuu (εdan bi) fasuo wͻ kuro no mu a εreyε abuo, enti (Hadir) maa (εdan no fasuo no) so desii hͻ. (Mose) kaa sε: “Sε wobεpene so a, anka εsε sε wogye ho akatua “.

Enti yεpεε sε wͻn Wura Nyankopͻn de deε ͻyε kyεn no wͻ kronkron yε mu na ͻbεn ahummͻborͻ bεsesa no ama wͻn.

(Zul-Qar’nain) kaa sε: “Obi a ͻbεyε bͻne no deε yεbεtwe n’aso ansa na (saa nipa no) asan akͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ ama Ͻde asotwee a εyε hu atwe n’aso (bio).

Kosii εberε a oduruu awia pue berε, na ohunuu sε epue wͻ nnipa bi so a Yεmmaa wͻn awia no ho akatasoͻ biara a wͻde kata wͻn ho so (fri awia no hyeԑ no ho).

Saa ara na εteε. Nokorε sε, Yɛnim deε εda (Zul-Qar’nain) anim no ho asεm nyinaa.

(Zul-Qar’nain) kaa sε: “Deε Nyankopͻn de me agyina soͻ no yε; enti modeε monfa ahoͻden mmoa me; mεyε εban ato mo ne wͻn ntεm “.

“Monfa dadeε ntayaa mmrε me“. Afei ͻhyεε bea a εda bepͻ no mmienu no ntεm no mma pεpεεpε no, ᴐka kyerεε wͻn sε: “(Monfa afa) nhu mu, na εberε a (εyεε kͻͻ sε) ogya no, ͻkaa sε: “Momrε me yaawa a yɛanane nhwie ngu so“.

(Zul-Qar’nain) kaa sε: ”Woi yε ahummͻborͻ a efri me Wura Nyankopͻn hͻ; na sε me Wura Nyankopͻn bͻhyε no ba a, Ɔbεyε no gᴐsͻgͻsͻ, na me Wura Nyankopͻn bͻhyε deε εyε nokorε“.

Saa da no Yεbegyae ama ebi atwi afa ebi so (sεdeε asorͻkye bͻ fa ebi soͻ no), na yεbͻ totorobεnto no mu a Yεbεboa wͻn nyinaa ano abom.

Enti wͻn a wͻyi boniayε no dwen sε wͻbetumi afri M’akyi afa me nkoa no (tesε Soro abͻfoͻ, Yesu ne wͻn a ԑkeka ho no sε wͻn) akyitaafoͻ? Nokorε sε Yɛasiesie Amanehunu gya no sε anigyedeε anaa soεbrε ama (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti yԑnkyerε mo wͻn a wᴐn nnwuma ayԑ brԑguo paa?

Amanehunu gya no na εbεyε wͻn akatua, εnam po a wͻpoo Nokorԑ no, na wͻdii Me nsεm ne M’asomafoͻ no ho fεw nti.