عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Mary [Maryam] - Ashanti Translation

Surah Mary [Maryam] Ayah 98 Location Maccah Number 19

Kaaf-- Haa—Yaa – Ain-- Soaad.

(Woi yε) nkaebͻ fa ahummͻborͻ a wo Wura Nyankopͻn de huu N’akoa Zakariya mmͻbͻ;

Ɛberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ kokoa mu no.

Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, me honam mu nnompe nyinaa ago, na me tri nwii nso ahura dwono fitaa, na su a mesu frε Woͻ no mu biara nnihͻ a, ansi me yie.

a, ɔbɛdi m’adeε na wadi Yakobo asefoͻ adeε. Me Wura Nyankopͻn, yε (saa abͻfra a Wode no bεma me) no obia Wogye no to mu “.

(Soro abɔfoɔ kaa sɛ) “Zakariya, Yεde abarimaa bi rehyε wo bͻ, yεfrε no Yah’ya (Yohane) Yenii kan ntoo obi din te saa “.

(Ɔbɔfoɔ no) kaa sε: “Saa (ara na εbεyε). Wo Wura Nyankopͻn se: “Ɛyε mmrε ma Me, nokorε sε Medii kan bͻͻ wo a, (saa berε no) na wonyε hwee“

Zakariya kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma me (ho) nsεnkyerεnee. (Onyankopͻn) kaa sε: Wo nsεnkyerεnee ne sε, (εwom sε) wote apͻ deε, nanso wo (nntumi) nkasa nnipa ho nnansa.

Enti opue fri pie no mu baa ne nkorͻfoͻ no hͻ, na ͻde nsεnkyerεnee kasa kyerεε wͻn sε: “Momͻ (Nyankopͻn) abodin anͻpa ne anwummerε “.

San (maa no) nti mmͻborͻ akoma a efri Yεn hͻ, san yԑԑ no (nipa) kronkron; na ͻyε obi a osuro Nyame.

Na ͻyε ayεmyε ma n’awofoͻ, na ͻnyε ahomasoͻ (nipa, anaa) asobrakyeε.

Na kae Mar’yam nso (ho asԑm) wͻ Nwoma no mu. Ɛberε a ͻtwee ne ho frii n’abusuafoͻ ho kͻͻ apueɛ fam hͻ baabi.

Mar’yam kaa sε: “Mehwehwε Ahummͻborͻ Hene no hͻ ntwitwagyeε wͻ wo ho, sε woyε Nyamesuroni a.

(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Medeε meyε wo Wura Nyankopͻn bͻfoͻ; (Wasoma me) sε menfa abarimaa kronkron bi mεkyε wo “.

Mar’yam kaa sε: ”Ɛbεyε dεn na manya abarimaa aberε a ͻbarima mfaa ne ho nkaa me, na menyε odwammanfoͻ nso?

(Ɔbͻfoͻ no) kaa sε: “Saa ara na (εbεyε); wo Wura Nyankopͻn aka sε: “Ɛyε mmrε ma Me. Sεdeε Yεbεyε no nsεnkyerεnee ne ahummͻborͻ a efri Yεn hͻ ama nnipa. Ԑyε asεm a yɛahyehyε awie”.

Enti (Mar’yam) nyinsεn (abͻfra) no; na ͻtwee ne ho de (nyinsεn) no kͻͻ akyirikyiri baabi.

Enti (εnee bi) fri n’ase frεε no sε: “Ɛmma wo werε nho, wo Wura Nyankopͻn ayε asuwa bi wͻ w'ase hͻ.

Enti Mar’yam (de nensa) kyerεε (abͻfra) no so. Wͻkaa sε: “Ɛbεyε dεn na yɛatumi ne akokoaa a ͻda tanaa mu akasa? “

(Yesu) kaa sε:” Nokorε meyε Onyankopͻn akoa. Ɔde Nwoma no ama me, εna Wayε me ɔkͻmhyεni;

Ɛna (Onyankopͻn ahyε me sε menyε) ayεmyε ma me maame, na Wammͻ me (obi a meyε) ahomasoͻ anaa tibͻneni.

Saa na Mar’yam ba Yesu no ho asεm no teε. (Woi ne Yesu ho) nokwasεm no a wͻregye ho akyinnyeε no.

(Yesu kaa sε) : “Nokorε, Onyankopͻn ne me Wura, εna Ɔyε monso mo Wura, enti monsom no. Woi ne kwan tenenee no.

Enti (Ɔkͻmhyεni), bͻ wͻn kͻkͻ wͻ berεguo Da no ho, εberε a yεbɛdi asεm no awie no, nanso (seesei) wɔabu wͻn ani agu so a wͻn nnye nnie.

Nokorε sε, Yεn na Yɛbɛdi adeε wͻ asaase no soͻ na Yεn hͻ na wͻn (nyinaa) bεsan aba.

Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya sε: “M’agya, adεn na wosom adeε a εnte (asεm) na enhunu (adeε) na entumi mma wo mfasoͻ biara?

(Ne papa) kaa sε: ”Abraham, wompε m’abosom no? Sε woanyae (wonsεm keka ne wo nneyεε no) a, mɛsi wo aboͻ. Enti fri me so kͻ akyirikyiri seesei ara”.

Abraham kaa sε: ”Asomdwoeε nka wo; mεsrε me Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε ama wo. Nokorε sε Ne yεm yε ma me”.

Matwe me ho afri mo ho, ne deε mofri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no, na meresu afrε me Wura Nyankopᴐn; na ebia mesufrε me Wura Nyankopᴐn a mesufrε no nnyε kwa.

Kae Mose nso wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε na ͻyε (onipa) a yatu no asihͻ, na ͻyε Ɔsomafoͻ (san nso yε) nkɔmhyεni.

Na ͻhyε n’abusuafoͻ ma wͻ’frε Nyame san yi Zaka. Na (ͻyε nipa a) yagye no atom paa wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ.

Saa nkorͻfoͻ yi na Nyankopͻn adom wͻn wͻ nkͻmhyεfoͻ no mu wͻ Adam asefoͻ no mu, ne wͻn a Yε’soaa wᴐn kaa Noa ho no mu, ne Abraham asefoͻ no, ne Israel (anaasε Yakobo asefoͻ no), ne wͻn a Yε’kyerɛε wͻn kwan, yii wͻn (wͻ adasamma mu no). Sε yεrekenkan Ahummͻborͻ Hene no Nsεm no kyerε wͻn a, wͻ’de wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm su.

Wͻn akyiri no, anaamusifoͻ bi besii wͻn anan mu a wͻ’buu wͻn ani guu Nyamefrε no soͻ, na wͻ’dii akͻnnͻ deε akyi. (Saa nkorͻfoͻ no) behyia ͻsεeε.

Gyesε wͻn a wͻbεsakra wͻn adwen na wagye adie, na wͻ’adi dwuma pa, saa nkorͻfoͻ no na wͻ’bewura Soro aheman no mu no, na yensisi wͻn wͻ hwee ho.

Aheman a εwͻ hͻ daa a, Ahummͻborͻ Hene no ahyε Nenkoa no ho bͻ a εwͻ kokoa mu no (emu na wͻ’bεtena). Nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε bεyε hͻ.

Yεn (Soro abͻfoͻ no) yensiane (mma asaase so) gyesε (εnam) wo Wura Nyankopͻn ahyεdeε so. Ɔno na deε εwͻ y’anim ne deε εwͻ y’akyi ne deε εwͻ ne mmienu mfinimfii (nyinaa) wͻ no. Wo Wura Nyankopͻn werε mmfi (hwee).

Enti (Nkͻmhyεni), mede wo Wura Nyankopͻn di nse sε: “Yε bεboa wͻn ne abonsamfoͻ no (nyinaa) ano, na Yεde wͻn abetwa Ogya no ho ahyia wͻ (wͻn) nkotodwe so.

Afei Yebeyi wͻn a wͻsuroo Nyame no afri mu, na Yagya abͻneεfoͻ no wͻ mu (wͻ wͻn) nkotodwe so.

Sε yεrekenkan Yεn nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn a wͻ nnye nnie no ka kyerε wͻn a wagye adie no sε: “Akuo mmienu yi (agyidiefoͻ ne kaafirfoͻ no) emu deε εwͻ hen na ekuta gyinabrε pa na (εwͻ) hyia-dan a edi mmu a abadwafoͻ papa paa wͻ?”

Aman dodoͻ sεn na Yɛdii wͻn anim kan sεee wͻn a na wͻn wͻ nneεma pa ne nnipadua a εyε fε?

(Nkͻmhyεni), kasε: “Obi a ͻwͻ ͻyera mu no, Ahummͻborͻ Hene no ma no berε tenten ma no kosi sε wͻ’behu deε yabͻ wͻn ho kͻkͻ no, sε εyε asotwee no, anaasε Dͻnhwere no. (Ԑhͻ na) wͻ’behu deε ne gyinabrε nyε, na n’asraafoͻ (anaa nedͻm) nni ahoͻden.

Nyankopͻn de tenenee bεka wͻn a wͻ’anya kwankyerε no ho. Na dwumadi pa a (εho akatua pa) wͻ hͻ daa no, εno na εyε wͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na (εno nso na εwͻ) akatua (pa) ne awieε pa.

(Saa nnipa no) anya ahuntasԑm no ho nimdeε bi, anaasε wanya Ahummͻborͻ Hene no hͻ bͻhyε bi?

Na (newuo akyiri no) Yεbedi n’adeε a ͻreka ho asεm no, na ͻno nko ara aba Yεn hͻ.

Daabi, (saa Da no wͻn anyame no) bεpo ͻsom a na wͻsom wͻn no, na wͻbεyε atamfo atia wͻn.

Ɛda a Yεbεboa Nyamesurofoͻ no ano akͻ Ahummͻborͻ Hene no hͻ, tesε nnipa kuo bi a wͻrekͻgye animuonyam (anaa abasobͻdeε no),

Yεbεka abͻneεfoͻ no nso akͻ Amane-hunu gyem tesε nyεmmoa bi a sukͻm de wͻn na yεreka wͻn akͻ nsuo mu no,

(Saa Da no) obiara nni ntwitwagyeε ho tumi, gyesε obi a ͻne Ahummͻborͻ Hene no ayε apam (anaasε ͻne no ahyε bͻ).

Sε yabͻ ͻba din (anaasε wͻde awoͻ) asusu Ahummͻborͻ Hene no.

Nokorε sε, Nyankopͻn Nim wͻn dodoͻ, na W’akan wͻn kan paa.

Enti Yayε (Qur’aan) no mmrε ama wo kεterεma, sεdeε wode bεhyԑ Nyame-surofoͻ no bᴐ, na wode bεbͻ wͻn a wͻreko tia dendeenden no nso kͻkͻ.

Awoͻ ntoatoasoͻ sεn na adi wͻn anim kan a Yasεe wͻn? Wohunu wͻn mu baako mpo, anaasε wote wͻ’nka anaasε wͻn ho mpopoeε bi?