The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Cow [Al-Baqara] - Ashanti Translation - Ayah 253
Surah The Cow [Al-Baqara] Ayah 286 Location Madanah Number 2
۞ تِلۡكَ ٱلرُّسُلُ فَضَّلۡنَا بَعۡضَهُمۡ عَلَىٰ بَعۡضٖۘ مِّنۡهُم مَّن كَلَّمَ ٱللَّهُۖ وَرَفَعَ بَعۡضَهُمۡ دَرَجَٰتٖۚ وَءَاتَيۡنَا عِيسَى ٱبۡنَ مَرۡيَمَ ٱلۡبَيِّنَٰتِ وَأَيَّدۡنَٰهُ بِرُوحِ ٱلۡقُدُسِۗ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا ٱقۡتَتَلَ ٱلَّذِينَ مِنۢ بَعۡدِهِم مِّنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَتۡهُمُ ٱلۡبَيِّنَٰتُ وَلَٰكِنِ ٱخۡتَلَفُواْ فَمِنۡهُم مَّنۡ ءَامَنَ وَمِنۡهُم مَّن كَفَرَۚ وَلَوۡ شَآءَ ٱللَّهُ مَا ٱقۡتَتَلُواْ وَلَٰكِنَّ ٱللَّهَ يَفۡعَلُ مَا يُرِيدُ [٢٥٣]
Saa Asomafoͻ no Yε’maa ebinom so kyεn bi. Wͻn mu bi wͻ hͻ a Nyankopͻn ne wͻn kasae, na Ɔpagyaa ebinom de wͻn gyinaa gyinaberε a εkorͻn so. Mar’yam ba Yesu nso Yε’maa no nyinasoͻ pefee san de Honhom Kronkron hyεε no den. Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka wͻn a wͻ’baa (asomafoͻ) no akyi no annko wͻ berε a nkyerεkyerεmu pefee baa wͻn hͻ no, nanso wͻ’ante wͻn ho ase, enti ebinom gye dii, na ebinom nso poo (nokorε no). Sε Nyankopͻn pε a, anka wͻn annko, na mmom Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε.