The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Cow [Al-Baqara] - Akan Translation (Asante)- Harun Ismail - Ayah 255
Surah The Cow [Al-Baqara] Ayah 286 Location Madanah Number 2
ٱللَّهُ لَآ إِلَٰهَ إِلَّا هُوَ ٱلۡحَيُّ ٱلۡقَيُّومُۚ لَا تَأۡخُذُهُۥ سِنَةٞ وَلَا نَوۡمٞۚ لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۗ مَن ذَا ٱلَّذِي يَشۡفَعُ عِندَهُۥٓ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦۚ يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡۖ وَلَا يُحِيطُونَ بِشَيۡءٖ مِّنۡ عِلۡمِهِۦٓ إِلَّا بِمَا شَآءَۚ وَسِعَ كُرۡسِيُّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَۖ وَلَا يَـُٔودُهُۥ حِفۡظُهُمَاۚ وَهُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡعَظِيمُ [٢٥٥]
(Otumfoͻ) Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno (nko ara); (Ɔne) Otumfoͻ a Ɔde Ne ho te Neho ase daa, kuta abͻdeε nyinaa mu, san bͻ wͻn ho ban. Ɔnto nko na kampεsε Wada. Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea. Hwan ne obi a obetwitwa agye obi wͻ Nehͻ? Gyesε Ɔma kwan. Onim deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi. (Adasamma) nnim Ne nimdeε ho hwee gyesε deε Ɔpε (sε wͻ’hunu). N’ahennie so wͻ ͻsoro ne asaase so; (na ͻsoro ne asaase no) mmienu so hwε no nnyε ͻberε (anaasε εnyε den) mma no. Ɔne Okokroko no, na Ɔne Ɔkεseε no.