عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Prophets [Al-Anbiya] - Ashanti Translation

Surah The Prophets [Al-Anbiya] Ayah 112 Location Maccah Number 21

Afutusεm foforͻ biara a ɛbefri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no, gyesε wͻtie no agodie mu (anaasε wͻfa no fεwdie).

(Nkͻmhyεni) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn Nim asεm biara a εwͻ soro ne asaase so, na Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔno ara ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no.

Daabi, wͻka sε: (Saa Adiyisεm yi tesε) daeε so bi a adi afra. Daabi, wabͻ ne trim (na atwerε), Daabi, ͻyε dwomtoni (Sε εnte saa a) εneε ͻmfa nsεnkyerεnee bi sεdeε yεde somaa tetefoͻ no (asomafoͻ no) bi mmrε yεn“.

Nkuro a Yɛdii wͻn anim kan sεee wͻn no mu biara nnihͻ a wͻgye diiε. Enti wͻn bεgye adi anaa?

(Wᴐn a) Yɛdii w’anim kan somaa wᴐn no na wᴐ‎yԑ nnipa na Yɛyii Adiyisεm no maa wͻn. Enti (Makafoͻ a moregye Muhammad akyinnyeε) sε monnim a, momisa wͻn a wͻkaekae (amanfoͻ) no.

Na Yɛamma Asomafoͻ no honam a enni aduane, na Yɛannyε wͻn (nnipa a) wͻbεtena (wiase) afe bͻͻ (na wͻn nwuo).

(Adasamma), ampa sε Yɛasiane Nwoma a mo ho afutusεm, mo animuonyam ne mo nkͻsoͻ ho asεm wͻ mu. Enti monte (saa adom kεseε yi) ase ?

Nkuro dodoɔ sɛn na na wͻyε abͻneεfoͻ a Yεsεee no? Ɛno akyiri no Yεbͻͻ nnipa foforͻ (dehyεε wͻn anan mu).

Monhwε na moandwane, na mmom monsan nkͻ moahodwoͻ abrabͻ a mowͻ mu no mu, ne moasetena a mowͻ mu no mu sεdeε yεbebisa mo asεm.

Daabi, Yεto Nokorε no bͻ nkontompo no, na (nkontompo no) atu ayera afri hͻ korakora; na hwε na nkontompo asopa. Adi nyε mo wͻ (nkontomposεm a) mode susu (Nyankopͻn) no!

Nea ԑwͻ soro ne asaase soͻ (nyinaa) yε Ne dea. Wͻn a wͻn wͻ Ne hͻ (Soro abͻfoͻ) no nyε Ne som ho ahomasoᴐ, na εnha wͻn anaasε wͻmmrε nso (wͻ Ne som ho).

Wͻbͻ (no) abodin kamfo no anadwo ne adekyeε (mu nyinaa) na wͻmmrε.

Sε anyame bi wͻ soro ne asaase so ka Nyankopͻn ho a anka (ͻsoro ne asaase) mmienu (nyinaa) asεe. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Animuonyam ahennie Wura no, Ɔso kyεn sεdeε wͻde susu no no.

Obiara ntumi mmisa no wͻ deε Ɔyε ho asεm, na wͻn deε yεbebisa wͻn.

Anaasε wͻn afri N’akyi anya anyame foforͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Momfa mo nyinasoͻ mmra. Woi ne afutusεm dema wͻn a wͻka me ho ne wͻn a wͻdii m’anim kan no. Daabi, wͻn mu pii nnim Nokorε no, enti wͻdane wͻn ho fri ho.

(Nkͻmhyεni), ͻsomafoͻ biara a Yɛdii w’anim kan somaa no no, Adiyisεm a Yɛyi maa no ara ne sε, (ͻmͻ amanfoͻ no kͻkͻ) sε: “Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Me nko ara enti monsom Me “.

Wͻkeka sε: “Ahummͻborͻ Hene no awo ba. Kronkron Hene ne no. Daabi, wͻn (a wͻka sε wͻyε Nyankopͻn mma tesε soro abͻfoͻ ne Yesu no nyinaa) yε (Nyankopͻn) nkoa animuonyamfoͻ.

Wͻnni Nyankopͻn anim kan nkasa, na mmom N’ahyεdeε so na (wͻgyina) yε wͻn adwuma.

Wͻn mu nea ͻbefri N’akyi aka sε; “Me yε Nyame” no saa (nipa no) Yεde Amanehunu gya na ɛbɛtua ne so ka. Na saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.

Ɛna Yɛayε mmepͻ de asisi asaase no so pintinn sεdeε εmma (asaase no) nnwoso wͻn, εna Yɛatwitwa akwan a εterε wͻ soͻ sεdeε wͻbεnante kwan tenenee soͻ.

(Ɔkͻmhyεni), Yεnyεε onipa biara nnii w’anim kan sԑ ᴐbԑtena (wiase) afe bͻͻ. Enti sε wowu a wͻn deε wͻbεtena (wiase) afe bͻͻ anaa?

Yεbͻͻ onipa wͻ ntԑmpԑ suban mu. Mεkyerε mo Me nsεnkyerεnee, enti εmma mommisa Me sε εmmra ntεm

Deԑ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no besie, sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

Kasε: “Hwan na obetumi abͻ mo ho ban afri Ahummͻborͻ Hene no nsam wͻ anadwo ne adekyeε mu? Daabi, (obiara nnihͻ), nanso wͻdane wͻn ho fri wͻn Wura Nyankopͻn abodin ne Ne nkaekaeε ho.

Anaasε wͻn wͻ anyame a wͻbεbͻ wͻn ho ban afri Yεn hͻ? Wͻnni tumi a wͻde boa wͻn ho na kampεsε wͻabͻ wͻn ho ban afri Yεn (asotwee) mu.

Daabi, Yεbͻͻ woi nom ne wͻn agyanom akͻnhoma kͻpem sε nkwa (nna no) yεε (wͻn ani so) tenten maa wͻn. Enti (boniayεfoͻ no) nhunuu sε Yεrete nsaase (a na wͻdi so tumi no) so nkakrankakra firi ahyeε no soͻ? Enti wͻn na wͻbɛdi nkonim?

(Nkͻmhyεni), kasε: “Medeε Adiyisεm no na mede bͻ mo kͻkͻ, na ͻsosifoͻ no deε, sε yεbͻ no kͻkͻ mpo a ͻnnte frε no.“

Abraham kaa sε: “Daabi, Mo Wura Nyankopͻn no, Ɔne ͻsoro ne asaase Wura a Ɔbͻͻ (soro ne asaase) no, na medeε meka wͻn a wͻdi woi ho adanseε no ho.

“Medͻ Nyame sε: “Ansa na mobεkͻ adane mo akyi asan aba no, na mabͻ mo abosom no ho pͻ (asεe no) “.

(Wͻbɛhunuiε no) wͻkaa sε: “Hwan na wayε yεn anyame yi sei? Nokorε sε (saa nipa no), ka abͻneεfoͻ no ho “.

Wͻkekaa sε: “Yεtee sε abranteε bi rekeka wͻn ho asεm (bɔne), yεfrε no Abraham”.

Abraham kaa sε: “Daabi, wͻn mu (bosom) kεseε woi na ayε, enti sε (abosom no) kasa a, εneε momisa wͻn“.

Abraham kaa sε “Enti mofri Nyankopͻn akyi som adeε a entumi mma mo mfasoͻ biara na entumi mfa ͻhaw biara nso mma mo?”

Wͻhwehwεε sε wͻbͻ (Abraham) ho pͻ bͻne enti Yεmaa wͻyεε berεguofoͻ.

Na Yεde Is’haaq kyεε no, εna (Yεyεε) Ya’aquub nso ntosoͻ (maa no), na Yεmaa wͻn mu biara yεε nipa papa.

Enti Yεmaa Solomon nyaa (asεm no) ho nteaseε. Wͻn mu biara, Yεmaa (no) nyansa ne adwen; na Yεbrεε mmepͻ ne nnomaa ase kaa Dawid ho maa wͻbͻͻ Yεn abodin. Yεn na Yεyεε (woi nom nyinaa).

Yεkyerεε Dawid (sεdeε) ͻbεyε dadeε akotadeε ama mo, sεdeε εbεbͻ mo ho ban wͻ ͻkoo mu. Enti mobɛyi (Nyankopͻn) ayε anaa?

Abonsamfoͻ no mu bi wᴐ hᴐ a wͻdͻ sukͻ (koyi nhwene-pa) ma no, san yε nnwuma foforͻ wͻ εno akyi, na Yεn ara na na Yεwεn wͻn.

Ayuub (Hiob) nso, εberε a ͻsu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Nokorε ͻhaw ato me, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no.

Enti Yε’gyee ne (sufrε no) so, yii ͻhaw a na ato no no frii ne so, na Yεde n’abusuafoͻ no ne nemmͻhoo bͻͻ hoo maa no εnam Yεn ahummͻborͻ nti; εyε afutusεm dema Nyame-somfoͻ no.

Ɛne Zaa-Nuun (Yona), εberε a ͻde abufuo kͻeε no, na odwen sε Yεmma ne ho nkyere no, na osu frεε (Yεn) wͻ sum no mu sε: “Awuarade biara nni hͻ gyesε Wo. Kronkron Hene ne Wo! Nokorε, makͻka abͻneεfoͻ no ho”.

Enti Yεgyee no so na Yεgyee no fri ͻhaw ne awerεhoͻ no mu, na saa ara na Yεgye agyidiefoͻ no (fri ͻhaw ne mmusuo mu).

Ɛne Zakariya, εberε a osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Me Wura Nyankopͻn, ɛnya me ankonam, na Wo na Woyε adedifoͻ no mu papa.

Ɛne (ͻbaa bunu Mar’yam) no a ͻhwεε ne ho so yie (wͻ nna mu) no, enti Yεhomee Yεhonhom guu ne mu, na Yεde ͻne ne ba (Yesu) yεε nsεnkyerεnee maa amansan.

Kͻpem sε yεbebue Yaajuuj ne Maajuuj (Gog ne Magog afri wͻn ban no mu) ama wabͻ yiridi apue afri simpie bea biara mu.

Nokorε nso sɛ, bͻhyε (Da) no abεn. Na (sε nnipa sͻre fri adakamena mu a) wobɛhunu sε wͻn a wͻnnye nnie no ani ahaahae atͻ sa wͻ ehu mu. Wͻbεka sε: “Adi ayε yεn. Nokorε, na y’ani nna woi so, daabi na yεyε abͻneεfoͻ”.

Sε woi nom yε anyame ampa a, anka wͻmma (Amanehunu gya no mu) hͻ. Na emu na wͻn nyinaa bεtena afe bᴐᴐ.

Wͻnte (Ogya no) dede yε no ketewaa bi mpo, na deε εyε wͻn kraa akͻnnͻ no mu na wͻbεtena afe bͻͻ.

(Kae) Ɛda no a Yεbεbobͻ ͻsoro sεdeε yεbobͻ nwoma a εkyekyere kraataa ho no. Sεdeε Yεhyεε kane abͻdeε no aseε no, saa ara na Yεbεsan (de wͻn aba nkwa mu bio). (εyε) bͻhyε a εda Yεn soͻ. Nokorε nso sε Yεbεyε.

Ampa sε Yεtwerεε no wͻ Dawid Nwom no mu wͻ afutusεm (a yεde maa Mose) no akyi sε: “Me nkoa apapafoͻ no na wͻbɛdi adeε wͻ asaase no soͻ.

Nokorε sε, amanebͻ (ahodoͻ) a εkͻ asomu wͻ (saa Qur’aan) yi mu de ma nnipa a wͻsom (Nyame).

(Nkͻmhyεni), deε enti Yεsomaaa woͻ ne sε, (wogyina hͻ sε) ahummͻborͻ dema amansan nyinaa.

(Ɔkͻmhyεni), kasε: “Medeε yɛayi akyerε me sε: “Mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na enti mobεbrε mo ho ase ayε Muslimifoͻ anaa?”

Sε wͻdane wͻn ho (fri nokorε no ho) a, εneε ka sε: “(Asεm no ho) kͻkͻ pεpεεpε na mede abͻ mo nyinaa no, na mennim sε ebia deε yɛahyε mo ho bͻ no abεn anaasε εwͻ akyiri.

Mennim sε ebia (twεn a Nyankopͻn retwentwεn asotwee no soͻ no) yε nsͻhwε ma mo, anaasε (Ͻde rema mo) agye moani akͻpem εberε bi.

(Ɔkͻmhyεni) ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa Nokorε no bu atεn. Yɛ Wura Nyankopͻn, Ahummͻborͻ Hene no, Ne mmoa na yεhwehwε tia deε mode susu (no) no.