عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Pilgrimage [Al-Hajj] - Ashanti Translation

Surah The Pilgrimage [Al-Hajj] Ayah 78 Location Maccah Number 22

Ɛda a mobehunu no, ͻbaa nufumafoͻ biara werε befri nea ͻrema no nufoͻ no, na ͻpenfoͻ biara bεwo deε ͻyem no awo (mono); na wobehunu nnipa tesε deε wͻn aborͻ, nanso εnyε borͻ na wͻn aborͻ, na mmom Nyankopͻn asotwee no na ano bεyε den paa.

Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻgye Nyankopͻn ho akyinnyeε a nimdeε (biara) nni mu, na wͻ’di ͻbonsam otuateɛni biara akyi.

Yahyehyε no wͻ (ͻbonsam) ho sε, obia ͻde ne ho bεto ne soͻ no, nokorԑ sε ͻbεyera no, na wakyerε no kwan akͻ Amanehunu gyem.

Adasamma, sε moadwen nnsi mo pi wͻ Owusͻreε no ho a, εneε nokorε sε Yεbͻͻ mo (Nana Adam) fri nεteε mu, ԑna afei (yε’bᴐͻ mo) fri ahobaeε mu, εna afei mogyatoa mu, εna afei namkum a adi mmu ne deε ennii mmu mu, sεdeε Yεbεkyerε (Ye’tumi) akyerε mo. Deε Yεpε no na Yama no agyina wͻ awodeε no mu akͻpem εberε a yahyε, ansa na Yama mo apue (afri yafunu mu) sε nkͻdaa, ansa na mo (anyin) aduru mo mpanin berε mu. Momu bi wͻ hͻ a yεma no wu (wͻ nkͻdaa berε mu anaasε ne mmrante berε anaa ne mmabaa berε mu), mo mu bi nso wͻ hͻ a yεsan no kͻ nkwa (nna) a enni mfasoͻ no mu a enti (ne) nimdeε akyiri no na onnim hwee bio. Wohunu asaase a awoͻ, sε Yɛsiane nsuo gu so a, εkeka ne ho na ahono-hono, na nuaba ahodoͻ fεfεεfε apuepue mu.

Nokorε nso sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε (biara) nni ho; nokorε nso sε Nyankopͻn benyane wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no.

Ɔdane neho (fri nokorε no ho) wͻ ahomasoͻ mu sεdeε ͻbεyera (amanfoͻ) afri Nyame kwan no soͻ, (saa nipa no) wͻ animguaseε wͻ wiase yi mu, na Yεbεma no aka ͻhyeε asotwee no ahwε.

Nnipa no bi nso wͻ hͻ a wͻ’gyina εhyeε so na wͻ’som Nyame (anaasε wͻ’som Nyame nanso wͻn adwen nnsi pi), enti sε papa to no a na n’akoma atͻ ne yεm wͻ ho, sε nsͻhwε bi nso to no a na w’adane n’akyi ama. W’ahwere wiase ne Daakye no. Ԑno ne berεguo pefee no.

Ofri Nyankopͻn akyi su frε adeε a entumi mfa ͻhaw biara mma no na entumi mma no mfasoͻ biara nso. Ɛno ne ͻyera a εkͻ akyirikyiri paa no.

Woi nom (Agyidiefoͻ ne Kaafirfoͻ no yε) mansotwefoͻ mmienu a wͻretwe wͻn Wura Nyankopͻn ho manso. Enti wͻn a wͻ’yi boniayε no, y’atwa egyem atadeε ama wͻn. Ye’behwie nsuohyeε a ahuru paa agu wͻn tri so.

Wͻn wͻ dadeε aporibaa (a yεde bεtwe wͻn aso).

Ԑberε biara a wͻ’pε sε wͻ’fri emu ahoͻyaa (anaa emu haw) no mu no, na yasan aka wͻn kͻ mu, na (yaka akyerε wͻn sε): ”Monka ͻhyeε asotwee no nhwε.

Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ asεm papa no mu (wͻ wiase ha), na yεkyerεε wͻn kwan kͻͻ (Otumfoͻ no a) Ayeyie fata no no kwan no so.

Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorԑ, na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyame kwan no soͻ, ne Nyamedan Kronkron a Ya’yεhͻ (nhyehyεε) pεpεεpε ama nnipa (nyinaa) ͻmani ne ͻhͻhoͻ; obi a n’adwen ne sε ͻbεyε bͻne wͻ hͻ no deԑ, Yε’bεma no aka asotwee yaaya no ahwε.

Kae εberε a Yεkyerεε Abraham (Ka’aba) Fie no si berε no, (Yεka kyerεε no) sε: “Ɛmfa biribiara mmata Meho, na te Me Fie no ho ma wͻn a wͻtwa ho hyia, na wͻgyina hͻ bͻ mpaeε, na wͻbͻ wͻn mu aseε de wͻn anim butu fͻm “.

“Na bͻ Haji no ho dawuro kyerε amanfoͻ; nnipa nam wͻn nnan so, ne wͻn a wͻte yoma a wafͻn so bεba wo hͻ, wͻn bɛfri akyirikyiri baabiara aba “.

Ɛno ne (Haji mu dwumadie no), na obi a ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn amaneε Kronkron no, εyε ma no wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Mowͻ nyεmmoa no nso ho kwan, gyesε deε yakenkan akyerε mo no, enti montwe moho mfri abosom fii ho na montwe moho mfri atorͻsεm (anaasε adanse kurumuu) ho.

Montene moho nni nokorε ma Nyankopͻn; monhwε na moanfa biribiara ammata Neho. Obi a ͻyε Nyankopͻn ho mmataho no, ͻtesε obia ofri soro ate ahweε na nnomaa ahwim no kͻ, anaasε mframa abͻ no akͻto akyirikyiri baabi.

Saa na εteε, obia ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn nsεnkyerεne deε no, nokorε sε efri akoma a εho teε anaa esuro Nyame mu.

Mowͻ mfasoͻ wͻ (nyεmmoa a mode bͻ afͻdeε no) so kosi εberε a yahyε; na n’afͻrebͻ-bea no ne Tete Fie dada no ho.

Yεhyehyεε (Nyamesom ho) amaneε maa ͻman biara, sεdeε wͻbεbͻ Nyankopͻn din wͻ nyεmmoa a Yεde abͻ wͻn akͻnhoma no ho. Mo Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, enti Ɔno na momerε moho ase mfa ma no. Enti fa (Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ no ma ahobraseεfoͻ no.

Wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻn akoma bͻ binim no, ne wͻn a wͻnya aboterε wͻ ͻhaw bi a ato wͻn no ho, ne wͻn a wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na deε Yεde abᴐ wͻn akᴐnhoma no wͻyi mu bi dema.

Nyoma (a yεde wͻn bͻ afͻdeε no) nso Yayε wͻn sε Nyankopͻn nsεnkyerεnee deε ama mo; adepa wͻ wͻn mu ma mo. Enti momͻ Nyankopͻn din ngu wͻn so wͻ εberε a moato wͻn santen (na mode wͻn rebͻ afͻdeε no). Sε wͻtͻ wͻn nkyεn mu a moni bi, na monfa bi mmͻ ohiani a n'ani sͻ deε ͻwͻ na ͻnsrε adeε, ne nea ͻsrε adeε no akͻnhoma. Saa na Yabrε (nyεmmoa no) ase ama mo sεdeε mobeyi ayε.

Wͻn nnam anaasε wͻn mogyaa no nnuru Nyankopͻn hͻ, na mmom Nyame-suro a efri mohͻ na eduru Nehͻ. Saa na W’abrε (mmoa) no ase ama mo sεdeε mode Nyankopͻn Kεseyε bεma no wͻ kwan a Wakyerε mo no so. Fa Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ ma apapafoͻ no.

Nokorε sε Nyankopͻn bͻ wͻn a wͻagye adie no ho ban. Nokorε sε Nyankopͻn mpε (onipa) biara a odi hwammͻ, na wͻ’yε boniayεni no asεm.

(Wͻn ne) wͻn a yatu wͻn afri wͻn afie mu a enni ho kwan sε εba saa, εnam sε wͻn aka sε: “Yε Wura ne Nyankopͻn nti”. Sε Nyankopͻn amfa nnipa no bi ammͻ wͻn ho-wͻn-ho ban a, nokorε sε anka Nyame somfoͻ fekuo fie ne asͻredan ne ahyiadan ne Nyame-dan a yεkae Nyankopͻn din wͻ mu keseε no (nyinaa) abubu agu. Nokorε sε Nyankopͻn bεboa nea Ɔboa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne ͻhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.

(Wͻn a wͻfata Nyankopͻn mmoa no ne): Wͻn a sε Yεma wͻn tumi wͻ asaase no so a, wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻ’yi Zaka, na wͻ’hyε (amanfoͻ) ma wͻdi dwuma pa, na wͻbra (amanfoͻ) amumuyε. Nyankopͻn hͻ na dwumadie biara awieε kowie.

Sε wͻbu wo ͻtorofoͻ a, Noa nkorͻfoͻ ne Aadfoͻ ne Samuudfoͻ dii w’anim kan buu (wͻn Asomafoͻ) no atorofoɔ.

Abraham nkorͻfoͻ ne Lot nkorͻfoͻ no (nso saa ara).

Ne Madiyanfoͻ nso; εna Mose nso yebuu no ͻtorofoͻ. Nanso Memaa boniayεfoͻ no berε, ansa na Meresͻ wͻn mu, na sεdeε M’asotwee (huu) siteε!

(Nkͻmhyεni), wͻrepre ho sε ma asotwee no mmra ntεm. Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε so. Nokorε sε dakoro a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no tesε mfie apem sεdeε mobu moakontaa no.

Na wͻn a wͻbͻ mmͻden ko tia Yεn Nsεm sεdeε wͻbεma no ayε kwa no, saa nkorͻfoͻ no ne Amane hunu gya no mu foͻ no.

Ɔsomafoͻ anaasε nkͻmhyεni biara a Yεsomaa no dii w’anim kan no, sε ᴐka asεm no a, gyesε ͻbonsam de (nkontompo) hyε n’asεm a waka no mu, nanso Nyankopͻn pepa deε ͻbonsam de ahyε mu no, na Nyankopͻn ama N’asεm no agyina. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔno ara nso ne Onyansafoͻ.

Sεdeε wͻn a yama wͻn nimdeε no nso behunu sε (Qur’aan) ne Nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ, na wͻbεgye adie na wͻ’bεbrε wͻn akoma ase de ama. Nokorε sε Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no Kwankyerεfoͻ (a Ͻkyerε wͻn kwan) kͻ ͻkwan tenenee no soͻ.

Na wͻn a wͻyi boniayε na wͻbu Yεn Nsεm no atorͻsεm no, saa nkorͻfoͻ no na animguaseε asotwee no bεyε wͻn dea.

Wͻn a wͻtuu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, na yekum wͻn anaasε wͻwuiε no, ampa sε Nyankopͻn bεkyε wͻn akyεdeε pa. Nokorε sε Nyankopͻn na N’adekyεε yε kyεn wͻn a wͻ’kyε adeε (nyinaa).

Nokorε sε Ɔbεma wͻn awura bea a wͻn ani bεgye ho paa, na nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔne Ntoboaseε Hene.

Saa na εteε. Obia ͻde aniεyaade a yεde ahyε no no sεso betua obi so ka, na afei yεbedi no amim no, nokorε sε Nyankopͻn bεboa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne bͻne fafiri Hene, na Ɔne Bͻnefakyε Hene.

Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, na nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara.

Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ne Nokorε no, na deε wͻfri N’akyi su frε wͻn no (nyinaa) yε nkontompo, nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Okokuroko no, na Ɔno ara nso ne Ɔkεseε no.

Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so (nyinaa) yε Nedea. Nokorε sε Nyankopͻn ne (Otumfoͻ a) Wanya Neho a Onhia obiara biribiara, na Ɔno ne Ayeyie Wura no.

Wonhunuu sε, Nyankopͻn abrε deε εwͻ asaase so nyinaa ase ama mo, εne nsuom hyεn a εnam ͻpo so wͻ Na’hyεdeε mu? Ɛna Wasͻ ͻsoro mu sεdeε εnte mmεhwe asaase no soͻ, gyesε N’akwamma mu. Nokorε sε Nyankopͻn yε Mmͻborͻhunufoͻ dema adasamma, na Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene.

Yε maa ͻman biara Nyamesom ho amaneε a na خططnam so (som), enti (abosomsomfoͻ no) nhwε na wͻ’annye wo akyinnye wͻ dwumadie no ho. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε wowͻ ͻkwan tenenee paa so.

Sε wͻgye wo akyinnye (wͻ mmoa kum no ho) a, ka sε: ”Nyankopͻn Nim dwuma a modie (nyinaa) “.

Adasamma, yεreyε mfatoho bi enti montie: “Nokorε sε, wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no ntumi mmͻ nwansena, sε wͻn nyinaa boa wͻn ho ano mpo (sε wͻbεbͻ nwansena) a. Na sε nwansena hwim wͻn hͻ biribi nso a, wͻntumi nye mfri ne hͻ. Nea ᴐrehwehwԑ, ne nea yԑrehwehwԑ afri nehᴐ no nyinaa nni ahoͻden.

Wͻ nfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εfata sε wͻde obuo ma no no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.

Nyankopͻn yi asomafoͻ fri Soro abͻfoͻ mu, εna nnipa mu nso (saa ara). Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ohunu biribiara.

Na momͻ Nyankopͻn ho mmͻden biara a εfata sε mobͻ fa Neho. Ɔno na Wayi mo asihͻ, Ɔnfaa adesoa biara (a ԑyԑ den) nsoaa mo wͻ Nyamesom no mu. Moagya Abraham som no ara ne no. Ɛyε Ɔno (Nyankopͻn) na Ɔtoo mo din sε Muslimifoͻ dadaada (wͻ Nwoma edii kan no mu) εna (Qur’aan) woi mu nso, sεdeε Ɔsomafoͻ no bedi mo ho adanseε, na monso moadi nnipa no ho adanseε. Enti monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na monsᴐ Nyankopͻn mu dendeenden. Ɔno ne mo Kyitaafoͻ, Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no.