عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Believers [Al-Mumenoon] - Ashanti Translation

Surah The Believers [Al-Mumenoon] Ayah 118 Location Maccah Number 23

(Agyidiefoͻ) no a wͻnya suro anaa wͻberε wͻn ho ase wͻ wͻn Nyamefrε mu no,

Ne wͻn a wͻtwe wͻn ho fri ahuhusεm (tesε nkontompo, atεm didie, kasa fii, ahohwi bra anaa adeε biara a egu onipa ho fii) ho,

Ne wͻn a wͻhwε wͻn mmarima so yie, (anaasε wͻtwe wͻn ho fri adwamammͻ) ho.

Gyesε wͻn ayerenom (nko ara) hͻ, anaasε wͻn (mfenaa) a wͻyε wͻn dea no hͻ.. Nokorε sε woi nom na soboͻ biara nna wͻn soͻ.

Ne wͻn a wͻn nhwεsodeε a yεde ahyε wͻn nsa, ne wͻn bͻhyε nso wͻhwε so yie di mu nokorε,

Wͻn na wͻbɛdi adeε wͻ Aheman Firdaws no mu, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ.

Afei Yε’yεε no nkwaboa de no hyεε bea bi a εhͻ dwoͻ mu,

Ɛna (ayεmmoa no bi nso motena wͻn) so, nsuo mu hyεn mu nso motena (mu).

Nokorε sε, Yεsomaa Noa maa no kͻͻ ne nkorͻfoͻ hͻ. Ɔka kyerεε wͻn sε: “Me nkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade biara ka ne ho. Enti monsuro Nyame anaa?

(Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, boa me fa ͻtorofo a wͻbu me no ho”.

Enti Yɛyi kyerεε no sε: “Yε nsuom hyεn a Y’ani tua, sεdeε Yɛayi akyerε woͻ no. Sε Y’ahyεdeε no ba na sε nsuo pie fri asaase anaa fononoo no mu a, deε εyε onini ne bedeε biara no fa mmienu, ne w’abusuafoͻ kͻ nsuom hyεn no mu; gyesε wͻn mu wͻn a asεm no adikan atia wͻn no, na hwε yie na wankasa Me ho (sε worepa kyεw) ama abͻneεfoͻ no, nokorε sε nsuo bεfa wͻn.

Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Nokorε nso sε Yεn na Yεsͻ (onipa) hwε.

Deε yεrehyε mo ho bͻ no (ne nokorε) ntεm kwan ware, εkwan ware paa.

Ɛno ara ne yεn wiase asetena yi. Yerewu na Yεte ase (anaasε ebi rewu na ebi nso te ase, anaa yεrewu na yεrewo ebi nom nso). Na ԑmma sԑ yεbɛnyane yεn.

Ɔkaa sε. “Me Wura Nyankopͻn, boa me fa nkontompo a wͻbu me no ho.“

Ɔman biara ntumi ntwe wͻn berε (a yɛahyε ama wͻn sε wͻbɛfri wiaseε no) mma animu, na wͻntumi nso ntwe nkͻ akyire.

Afei Yεsomaa Y’asomafoͻ no toatoaa so, na εberε biara a amanfoͻ bi somafoͻ bεba wͻn hͻ no wͻbu no ͻtorofoᴐ, enti Yεmaa wͻdidii wͻn-ho-wͻn-ho akyi, na Yεde wͻn yεε asεmnahͻͻ. Enti amanfoͻ a wͻnnye nnie no frii hͻ.

Kͻͻ Farao ne ne n'ahemfo hͻ, nanso wͻyεε akεsesεm, na wͻyε nnipa bi a wͻyε ahomasoͻ papaapa.

Wͻkaa sε: “Enti yεnye nnipa mmienu a wͻ tesε yεn ara nni, aberε a wͻn nkorͻfoͻ som yεn anaasε wͻyε yεn nkoa?”

Wͻbuu wͻn mmmienu atorofoᴐ, enti wͻbεkaa wͻn a yεsεee wͻn no ho.

Nanso (nnipa) atwa wͻn Nyamesom dwumadie (koroyε no) mu ama wͻgu akuo-akuo; fekuo biara anigye deε ͻwͻ no ho.

Enti gyae wͻn wͻ wͻn agyimisεm a wɔnnim deε wͻreyε no mu, kͻpem εberε (a yɛahyε ama wͻn) no.

Saa nkorͻfoͻ no na wͻkeka wͻn ho wͻ papa biara mu, na wͻne (papa yε) ho akansifoͻ no.

(Wͻbεkͻ so saa ara) akɔsi εberε a Yεde asotwee bεsͻ wͻn mu adefoͻ no mu, na wobɛhunu sε wͻresu tea mu pa kyεw.

(Moyεε) ho ahomasoͻ (sε mo na moyε Maka kuro no adehyeɛ, na Ka’aba Kronkron hyε mo nsa), sirii pε anadwo too (Me nsεm no) ho.

Enti (saa nnipa yi) mmfa (Nyankopͻn) Asεm no nnkͻ adwendwen mu, anaasε biribi aba wͻn hͻ a ebi amma wͻ wͻn agyanom tetefoͻ no hͻ?

Anaasε wͻka sε, εdam bi na abͻ no? Daabi, nokorε na ͻde aberε wͻn no, nanso wͻn mu dodoͻ no ara kyiri nokorε no.

Anaasε (Ɔkͻmhyεni), wobisa wͻn akatua bi? Wo Wura Nyankopͻn akatua no ne akatua pa, na Ɔno na N’akyɛdeɛ yɛ kyɛn wɔn a wɔkyε adeε no (nyinaa).

Nokorε sε, Yεde asotwee sͻͻ wͻn mu, nanso wɔammrε wͻn ho ase amma wͻn Wura Nyankopͻn, na wͻango wͻn ho ansu amfrε no.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Hwan na asaase ne wͻn a εwͻ soͻ no yε ne dea, sε monim ampa a?

Wͻbεka sε: ”Ɛwͻ Nyankopͻn“. Ka sε: “Ɛna momfa nyε afutuo?”

Wͻbεka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn “. Kasε: “Ɛna enti monsuro?”

Wͻbεka sε: “Ɛwͻ Nyankopͻn“. Ka sε: “Na afei adεn na moredaadaa mo ho?”

Aane, Yεde Nokorε no abrε wͻn, na ampa sε wͻyε atorofo (wͻ nsεm a wͻka fa Nyankopͻn ho no).

Nyankopͻn nwoo ba biara, na awurade biara nso nka Ne ho; (sε εte saa a) anka awurade biara bεfa deε ͻbͻeε akͻ, na anka (awurade no) binom bεma wͻn ho so wͻ ebinom so. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Ɔyε Kεse kyεn deε wͻde susu no no.

(Ɔkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, sε Worema me ahunu (asotwee) a Wahyε wͻn ho bͻ no a,

(Nkͻmhyεni), nokorε sε Yεbɛtumi nso akyerε wo (asotwee) a Yɛahyε wͻn ho bͻ no.

Ka sε: “Me Wura Nyankopͻn, mehwehwε Wo hͻ ntwitwagyeε afri ͻbonsam adwen bͻne a ͻwesa hyε nnipa mu no ho.

Me Wura Nyankopͻn, mesan nso hwehwε Wo hͻ ntwitwagyeε sε anhwε a na wͻn aba me ho.

(Abͻneεfoͻ yi de no saa ara) kͻpem sε, owuo bεba wͻn mu bi soͻ, (εhͻ na) ͻbεka sε: “Me Wura Nyankopͻn, ma mensan nkͻ (wiase bio),

Na wͻn a wͻn nsania mu bεyε hare (wͻ papayε mu) no, saa nkorͻfoͻ no na wͻn ayera wͻn kraa, Amanehunu gya no mu na wɔbεtena.

Egya no bεhye wͻn anim, ayi (wͻn) anofafa (afri hͻ) awene wͻn se wͻ (Ogya no) mu.

Wͻbεka sε: ”Yɛ Wura Nyankopͻn, y'ahokyere anaa ohia broo yεn so, εna yεbεyεε nnipa a wͻn ayera.

Yɛ Wura Nyankopͻn, (yεsrε Wo sε): Yi yεn fri (Amanehunu gya yi ) mu, na sε yεsan kͻ (yε bͻne) bio a, nokorε sε na yεyε abͻneεfoͻ ampa.

Nyankopͻn bεka sε: ”Momfri hͻ nkͻ (Ogya no) mu, na monkasa Me ho “

Nokorε sε na Me nkoa no mu bi ka sε: “Ye Wura Yɛagye adi, enti fa (yε bͻne) kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ na ampa sε, Wone ahummͻborͻfoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene no.

(Nyankopͻn) bεka sε: ”Mfi dodoͻ sεn na mode tenaa asaase no soͻ?”

Wͻbεka sε: ”Yεtenaa dakoro anaasε dakoro mu fa bi”. Ɛneε bisa wͻn a wͻbu (εberε no ho) akonta no.

Okokuroko ne Nyankopͻn, Ɔhene Nokwafoͻ no, Nyankopͻn biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔno ne Animuonyam Ahennwa Wura no.

(Ɔkͻmhyεni), kasε: “Me Wura Nyankopͻn, fakyε (yεn) na hu (yεn) mmͻbͻ, na Wone Mmͻborͻhunufoͻ no mu Mmͻborͻhunu Hene papa no.