عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Light [An-Noor] - Ashanti Translation

Surah The Light [An-Noor] Ayah 64 Location Maccah Number 24

(Woi yε) Suura a Yɛasiane, ayε (emu nsԑm) no nhyε, εna Yɛasiane nsɛm pefee wͻ mu sεdeε mobεkaekaeɛ anaa mode bɛtu mo ho foᴐ.

Adwamammͻni barima nni ho kwan sԑ ᴐwareԑ, gyesԑ adwamammͻni baa, anaasε ͻbosomsomni baa; adwamammͻni baa nso nni ho kwan sԑ yԑware no, gyesԑ adwamammͻni barima anaasε ͻbosomsomni barima; yɛabra agyidiefoͻ saa (awadeε no).

Gyesε wͻn a εno akyiri no wͻsakra wͻn adwen na wͻdi dwuma pa, εneε nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

(Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Nyankopͻn nnomee nka no, sε ͻka nkontompofoͻ no ho a”.

(Nsedie a) εtͻso nnum no (na waka) sε: “Sε ͻbarima no ka nokorεfoͻ no ho a, Nyankopͻn abufuo mmra ͻno (ͻbaa) no so.

Sε anka εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a; nokorε sε Nyankopͻn na Otie adwen sakra na Ɔne Onyansafoͻ.

Adεn na εberε a agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa motee (nkontomposεm yi) moanwen papa amma wͻn ara wͻn nkorͻfoͻ no anka sε: “Saa (asεm) yi deε εyε nkontompo pefee”.

Adεn nti na εberε a moteeε no moanka sε: “Woi deε εnsεsε yεde y’ano bͻ so koraa. Kronkron Hene ne Wo (Awurade)! Woi deε εyε ntwatosoͻ a εsoo paa“.

Nyankopͻn kyerεkyerε Ne nsεm no mu kyerε mo. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ.

Sε εnyε Nyankopͻn adom ne N’ahummͻborͻ na εwͻ mo so a; nokorε sε Nyankopͻn yε Ntimmͻborͻ Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Wͻn a wͻn wͻ adom na wͻn nsa mu yε wͻ mo mu no nhwε na wͻn anni nse sε, (wͻmmoa) obusuani anaa ohiani, ne wͻn a wͻatu amantuo wͻ Nyame kwan soͻ no. Enti wͻn mfa mfri, na wͻnyi wͻn ani mfri so. Mompε sε Nyankopͻn de mo bͻne bεkyε mo anaa? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Nokorε sε, wͻn a wͻde asεm to agyidiefoͻ mmaa a wͻdi wͻn ho nni no so de gu wͻn ho fi wͻ aberε a saa mmaa no nnim ho hwee no, yɛadome wͻn wͻ wiase ne Daakye; wͻn wͻ asotwee a εso paa-,

Mmaa a wͻn ho nteε no wͻ mmarima a wͻn ho nteε, εna mmarima no a wͻn ho nteε no nso wͻ mmaa a wͻn ho nteε; εna mmaa papa no wͻ mmarima papa no, εna mmarima papa no nso wͻ mmaa papa no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻnnim (ntwatosoͻ) a wͻrekeka no ho hwee. Wͻbɛnya bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu.

Sε moanya (anaasε moanto) obiara wͻ efie hͻ a monhwε na moanwura hͻ, kͻpem sε yεbεma mo kwan (ansa). Sε yεka kyerε mo sε: “Monsan mo akyi a, monsan mo akyi”. Ɛno mmom na εyε kronkron ma mo. Nyankopͻn deε Onim dwuma a modie nyinaa.

Ka kyerε agyidiefoͻ mmarima no sε: “Wͻmerε wͻn ani ase (mfiri nhwε bͻne ho), na wͻnhwε wͻn mmarima so yie (wͻ adwamammͻ ho), na εno na εyε kronkron ma wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn ne dwuma a wᴐdie no ho Amanebᴐfoᴐ.

Na ka kyerε agyidiefoͻ mmaa no nso sε: “Wͻmerε wͻn ani ase (mfri nhwε bͻne ho), na wͻnhwε wͻn ananmu so yie; na wͻnhwε na wͻannyi wͻn afεεfεdeε no adi, gyesε deε ada adi wͻ mu (tesε wͻn nsa ne wͻn anim ne wͻn nan ase). Na wͻnfa wͻn tri so akatasoͻ no nkata wͻn ho ma εmeduru wͻn koko; na wͻnhwε na wͻn amfa wͻn ahoͻfε ankyerε (obi); gyesε wͻn kununom, anaasε wͻn agyanom, anaa wͻn kununom agyanom, anaa wͻn mma mmarima, anaa wͻn kunu mma mmarima, anaa wͻn nua mmarima, anaa wͻn nnua mmarima mma mmarima, anaa wͻn nnua mmaa mma mmarima, anaa wͻn (yͻnkonom) mmaa, anaa wͻn mfenaa a wͻyε wͻn dea, anaa mmarima asomfoͻ a wͻnni mmaa ho ahoͻden, anaa nkͻdaa a wͻnnim mmaa adagya mu asεm. Na εmma wͻmfa wͻn nnan mpem hͻ sεdeε wͻbεyi wͻn afεεfεdeε a asuma no adie. Agyidiefoͻ, monyinaa monsakra mo adwen sεdeε mobɛdi nkonim”.

Monware mo mu asugyafoͻ no, na (mo mma) mo nkoa no mu apapafoͻ no (a wͻnni yerε) no, ne mo mfenaanom (nso a wͻnni kunu no nso nware). Sε wͻyε ahiafoͻ mpo a, Nyankopͻn bɛfri N’adom mu ama wͻn anya wͻn ho. Onyankopͻn deε N’adom trε (duru biribiara so), na Ɔne Onimdefoͻ a Onim biribiara.

Wᴐn a wᴐnni awadeε ho ahoᴐden no nso wͻnhwε wͻn ho so yie nkosi sε Nyankopͻn bɛfri N’adom no mu ama wͻn anya wͻn ho. Mo nkoa no nso, wͻn a wͻhwehwε sε monyε krataa nto (wɔn faahodie) so (ma wͻn) no, sε moahunu papa bi wͻ wͻn mu a, montwerε (krataa no ma wͻn), na mo ma wͻn sika anaa agyapadeε a Nyankopͻn de ama no bi. Monhwε na moanhyε mo mfenaanom so amma wͻn ammu bra bͻn, sε (saa mfenaa no) pεsε wͻkuta wͻn ho yie a, (monnyε saa) sε mode hwehwε wiase mu agyapadeε. Obi a wahyε wͻn so (pεn) no, wͻn nhyεsoͻ no akyi no, Nyankopͻn na Ɔde bͻne kyε, Ɔne Mmᴐborᴐhunufoᴐ Hene.

(Saa nhyerεnee no sͻ) wͻ Afie (Masjid) a Nyankopͻn ama kwan sε yεmpagya, nni no nni, na yεmͻ no abodin nkaekae Ne din wͻ hͻ, na yεntontom no wͻ hͻ anͻpa ne anwummerε no mu.

Sεdeε Nyankopͻn bɛtua wͻn dwumadi pa a wͻdiiε no so ka, na Wasan de N’adom no bio aka wͻn ho. Nyankopͻn deε Ɔkyε obi a Ɔpε adeε a enni ano (anaa akontabuo biara nni ho).

Wͻn a wͻnnye nnie no, wͻn nnwuma tesε kumafrͻteε a εwͻ serε soͻ na obi a sukͻm de no adwen yεε no sε εyε nsuo, kͻpem sε ͻbaa ho na wannya hwee, na mmom Nyankopͻn na onyaa no wͻ ne ho; enti (Nyankopͻn) bɛtua no ka pεpεεpε. Nyankopͻn deε Ne ho yε hare wͻ akontabuo mu.

Enti wonhunuu sε Nyankopͻn na wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so, ne nnomaa a wͻbͻ wͻn ntaban mu nyinaa bͻ no abodin? Ampa sε wͻn mu biara nim wͻn Nyamefrε ne wͻn abodin (a, wͻde bͻ Nyankopͻn). Nyankopͻn ne dwuma a wͻdie no ho Nimdefoͻ.

(Akͻnkͻnsafoͻ no) ka sε: “Yεgye Nyankopͻn ne Ɔsomafoͻ no di, na yɛayε sotie; nanso εno akyiri no, wͻn mu fekuo bi dane wͻn ho (fri deε wͻkaeε no ho). Saa nkorͻfoͻ no nyε agyidiefoᴐ.

Sε yεfrε wͻn kͻ Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no hͻ sεdeε (yεde Qur’aan) bebu wͻn ntεm atεn a, wobehunu sε wͻn mu fekuo bi atwi afa soͻ.

Sε wͻdi bem anaasε wͻgyina nokorε so deԑ a, ԑneԑ wͻde ahobraseε na etu mmirika ba ne hᴐ.

Obi a ᴐbεyε sotie ama Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ, na ͻbɛsuro Nyankopͻn, na ͻbεyε Ne ho ahwεyie no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

Wͻde Nyankopͻn di wͻn nse akεseε no sε: “Sε wohyε wͻn (sε wͻn mpue nkͻ ͻkoo a), anka wͻbεpue (akͻ). Ka sε: “Monhwε na moani nse; sotie na εyε paa. “Nokorε sε Nyankopͻn ani tua deε moreyε (nyinaa).

Ka sε: “Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no nso. Na sε modane mo ho fri (Nokorε no ho) a, (Ɔsomafoͻ) no deε n’asεdeε ne deε yεde asoa no no, εna monso modeε ne deε yεde asoa mo. Sε moyε sotie ma no a na mobɛnya kwankyerε. Ɔsomafoͻ no adwuma ne sε, ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.

Ɛmma moadwen nnyε mo sε, wͻn a wͻnnye nnie no (bɛtumi ama Nyame nhyehyεε) ayε kwa wͻ asaase yi so; wͻn asetena mu ne gyam, na nkyi bͻne paa ne hᴐ.

Sε nkͻdaa a wͻn wͻ mo mu no duru mpanin berε mu a, moma wͻn nsrε kwan sεdeε wͻn a wͻdii wͻn anim kan no srεε kwan no. Saa ara na Nyankopͻn kyerε-kyerε Ne nsεm no mu kyerε mo. Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, Ɔne Onyansafoͻ.

Ɛnyε bͻne mma onifirani, na εnyε bͻne nso mma apakye anaa obubuaani, na εnyε bͻne nso mma ͻyarefoͻ, anaa moara mo ho sε mobɛdidi moara mo afie mu, anaa mo agya nom afie mu, anaa mo maamenom afie mu, anaa mo nua mmarima nom afie mu, anaa mo nua mmaa nom afie mu, anaa mo agya nua mmarima afie mu, anaa mo sewaa nom afie mu, anaa mo wͻfa nom afie mu, anaa mo maame nua mmaa nom afie mu, anaa afie a εhᴐ nsafoͻ wͻ mo nsa mu, anaa mo adamfo (fie). Ɛnyε bͻne mma mo sε mobɛdidi abͻ mu anaasε mobɛdidi ankorͻ-ankorͻ. Sε mowura efie bi mu a, monfa nhyira nkyea papa a efri Nyankopͻn nkyεn no (Asalaamu Alaikum) nkyea mo ho. Saa ara na Nyankopͻn kyerεkyerε Ne nsεm no mu kyerε mo sεdeε mobεte aseε.

Monhwε na moannyε frε a mode frε Nyankopͻn Somafoͻ no wͻ mo mu no tesε deε mofrε mo ho-mo ho no. Ampa sε Nyankopͻn Nim mo mu wͻn a wͻde wͻn ho sie dwane kͻ (a wͻnsrε kwan) no. Enti wͻn a wͻne (Nkͻmhyεni) ahyεdeε bᴐ abira no, wͻnhwε yie na mmusuo bi anto wͻn, anaasε asotwee bi a εyε ya paa bi anto wͻn.