عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Standard [Al-Furqan] - Ashanti Translation

Surah The Standard [Al-Furqan] Ayah 77 Location Maccah Number 25

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Nea Onim ͻsoro ne asaase so ahuntasεm no na Osiane baeε. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Sε (Amane-hunu gya) no hu wͻn wͻ akyirikyiri baabi a, wͻbεte sε εde abufu-hyeε rebobͻ mu na εrepͻ soͻ.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Saa (Amane-hunu gya no) na εyε, anaasε Soro aheman no a yԑde ahyε Nyamesurofoͻ no bͻ no a? (Ɛhͻ) bεyε akatua ama wͻn, na (εhͻ) bεyε wͻn nnkyi.

Deε wͻpε biara bi wͻ hͻ ma wͻn, (εhͻ na) wͻbεtena afe bͻͻ. Woi yε bͻhyε a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ a ɛsɛsɛ yɛbɔ ho mpaeε srε.

Ɛda no a Ɔbεboaboa wͻn nyinaa ano, ne wͻn a wͻfirii Nyankopͻn akyi som wͻn (tesε soro abͻfoͻ, akronkronfoͻ, Yesu ne deε ekeka ho no), Nyankopͻn bεka sε: “Mo na moyeraa Me nkoa woinom, anaasε wͻn ara na wͻyera firii ͻkwan (tenenee) no soͻ?”

Enti (Nyankopͻn bεka sε): “Ampa sε, (wͻn a na mosom wͻn no akyerε sε) nkontomposεm na na mokeka no; na montumi nyi (asotwee no) mfri (mo ho so, na monnya) ͻboafoͻ nso. Momu biara a ͻbεyε bͻne no Yεbεma no aka asotwee a εsoo paa ahwε.

Ɛda a wͻbɛhunu Soro abͻfoͻ no, saa da no εnyε asεmpa mma abͻneεfoͻ no. (Soro abͻfoͻ no) bεka sε: “Moma εhyeε kεseԑ nna (wͻn ne Soro Aheman mu foͻ no ntεm)“

Ɔsomafoͻ no nso bεka sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε, me nkorͻfoͻ no yii wͻn ani frii Qur’aan yi so”

Deε wͻn a wͻnnye nnie no ka ne sε: “Adεn nti na yensiane Qur’aan no mmͻ mu mma no prεko?” (Yesiane no saa) sεdeε εbεma w’akoma agyina pintinn, na Yεkenkan (Qur’aan no ma wo) nkakra nkakra, hyehyɛ no pɛpɛɛpɛ.

(Nkͻmhyεni), mfatoho biara a wͻde bεba (abεko atia) woͻ (anaa wͻde bɛsum wo fidie) no, Yεde nokorε no a (wode bɛyi wͻn ano) ne nkyerεkyerεmu pa paa bεberε wo.

Wͻn a yεbεboa wͻn ano (wͻ Atemmuda ama wͻn anante) wͻ wͻn anim akͻ Amane-hunu gya no mu no, wͻn na wͻn wͻ gyina berε bͻne mu paa, na wͻn na wͻn ayera afri kwan (tenenee) no soͻ.

Noa nkorͻfoͻ no nso, εberε a wͻbuu asomafoͻ no atorᴐfoᴐ no, Yεmaa nsuo faa wͻn. Yεde wͻn yεε nsεnkyerεnee anaasε adesua maa adasamma. Abͻneεfoͻ no deε Yɛasiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ.

Ɔno na Wayε anadwo akatasoͻ ama mo, εna (Wayε) nna nso ahomegyeε, εna Wayε adekyeε nso a (mode) sͻreε (tesε deε obi asͻre afiri owuo mu).

Ampa sԑ Yɛakᴐ so akyerԑkyerԑ (Nsԑm no) mu yie akyerԑ wᴐn sԑdeԑ wᴐbԑkaekaeԑ anaa wᴐde bɛtu wᴐn ho foᴐ, nanso nnipa pii mpԑ (Nokorԑ no) na mmom wᴐkᴐ so yi boniayԑ.

Enti (Nkͻmhyεni), entie (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no, na fa (Qur’aan no) kotia wͻn nko dene mu paa.

Ɔno na Ɔbͻͻ onipa fri nsuo mu, εna Wayε mogya-abusua ne awadeε-abusua ama no. Wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.

Wͻn afri Nyankopͻn akyi som deε entumi mma wͻn mfasoͻ anaa ͻhaw biara. Boniayεni no deε ͻtaa (bͻne anaa ͻbonsam) akyi kotia ne Wura Nyankopͻn.

(Nkͻmhyεni), Yεsomaa wo sε, (Ͻsoro aheman no mu) anigyesεm, ne (amane-hunu gya no asotwee no ho) kͻkᴐbᴐ bͻfoͻ.

Ka sε: “Memmisa (afutuo a mede ma mo no) ho akatua, na mmom (deε mehia ne) sε obi a ͻpε bεfa ne Wura Nyankopͻn kwan no soͻ.

Nea Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase ne deε εwͻ ne mmienu mfinfii, na Ɔde Ne ho sii Tumi Ahennwa no soͻ, Ahummͻborͻ Hene no, Ɔne (Otumfoͻ) a N’ani tua biribiara no, enti bisa no (w'ahiasεm biara).

Sε yεka kyerε wͻn sε, monfa mo anim mutu fͻm ma Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a, deε wͻka ne sε: “Hwan ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no a worehyε yεn sε yεnfa y’anim mutu fͻm ma no no? Nkͻsoͻ a wͻnya ara ne sε wͻdwane (nokorε no).

Ɔno na Wama adesaeε ne adekyeε di wͻn ho akyi (sԑ nsԑnkyerԑnee) de ma obia ͻpε sε ͻkaekaeε anaasε ͻpεsε oyi (Nyankopͻn) ayε.

Mmͻborͻhunufoͻ Hene no asomfoͻ no ne wͻn a wͻde ahobraseε nam asaase soͻ; sε abagyimifoͻ no bi (de kasa bͻne bi) kasa wͻn ho a, deε wͻka ne sε: “Asomdweε”,

Ne wͻn a wͻde anadwo no si hͻ de wͻn anim butu fͻm sͻre gyina hͻ ma wͻn Wura Nyankopͻn,

Ne wͻn a (wͻbͻ mpaeε) ka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yi Amane-hunu gya asotwee no fri yεn so. Nokorε sε (Amane-hunu gya no) yε afe bͻͻ asotwee.

Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne ne ahomegye bea bͻne paa;

Gyesε obia ͻbεsakra n’adwen na wagye adie na wadi dwuma pa. Saa nkorͻfoͻ no deε Nyankopͻn bεdane wͻn bͻne no ayε no papa (ama wͻn). Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Obia ͻbεsakra n’adwen na wadi dwuma pa, nokorε sε wasakra nsakraeε pa paa kͻ Nyankopͻn hͻ,

Ne wͻn a wͻnni adanse wia anaa adanse kurumuu, na sε wͻretwa mu wͻ ahuhudeε bi ho a, wͻtwa mu wͻ ahonidie mu,

Ne wͻn a, sε yεrekenkan wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no (Qur’aan) kyerε wͻn a wͻnnyε wͻn ho asosifoͻ ne anifirafoͻ wͻ ho.

Ne wͻn a (wͻbͻ mpaeε) ka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, (yԑsrԑ Wo sԑ,) dom yԑn ma y'ayerenom ne yεn mmanom nyԑ wᴐn a wͻbεkyekyere yεn werε, na ma yεn nyε Nyamesurofoͻ no akandifoͻ.

Saa nkorͻfoͻ no na ԑnam wᴐn abotrԑ nti, yεde adan akԑseԑ bɛtua wᴐn ka. Yεde nkyea ne asomdwoeε na εbehyia wͻn wͻ (Aheman no) mu.

Ka sε: “Sε εnyε mo mpaebͻ (a mobͻ de srε Nyankopͻn a) anka Nyankopͻn mfa mo ho. Na ampa sε moafa (asεm) no nkontompo no deε, sε εteε biara asotwee no deε εbεyε hͻ (anaasε monsa bεka).