عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Poets [Ash-Shuara] - Ashanti Translation

Surah The Poets [Ash-Shuara] Ayah 227 Location Maccah Number 26

Toaa – Siin -- Miim.

Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Kae εberε a wo Wura Nyankopͻn frεε Mose (ka kyerεε no) sε: “Kͻ amanfoͻ abͻneεfoͻ no hͻ, --

Mose kaa sε: ”Me Wura, mesuro sε wͻbεbu me ͻtorofo “.

Na (Farao ne nenkorͻfoͻ) wͻ (awudisεm ho) bͻne bi tia me, enti mesuro sε wͻbɛku me” .

(Nyankopͻn) kaa sε: ”Ɛmma saa da. Mo mmienu monfa Yε nsεnkyerεnee nkͻ. Nokorε sε, Yε ka mo ho, Yεte“.

Enti mo mmienu monkͻ Farao hͻ na monka sε: “Nokorε, yεyε Abͻdeε nyinaa Wura no asomafoͻ;

Farao kaa sε: “Ɛnyε yεn mu ha ara na yεtetee wo ԑberԑ a woyԑ akͻdaa? Ɛna wode wo mfeɛ pii tenaa yεn mu ha?

(Mose) kaa sε: “Meyεε no wͻ εberε a na meka wͻn a wayera no ho “.

“Enti medwane firii mo hͻ wͻ aberε a na mesuro mo; enti me Wura Nyankopͻn adom ama me adwen, εna Ɔde me aka asomafoͻ no ho “.

Farao ka kyerεε wͻn a wͻatwa ne ho ahyia no sε: “Moante? “

Mose kaa sε: (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn, ne moagyanom tetefoͻ no Wura Nyankopͻn no.

Farao kaa sε: “Nokorε sε mo somafoͻ no a yεsomaa no mo hͻ no abͻ dam paa “.

Mose kaa sε: “Apueε ne atͻeε ne deε εwͻ ne mmienu no ntεm no Wura Nyankopͻn no, sε mowͻ adwen ampa a”.

(Farao) kaa sε: ”(Mose), sε wofa nyame foforͻ bi ka me ho a, ampa sε mede wo bεka wͻn a wͻda afiaseε no ho “.

Mose kaa sε: ”Na sε mede biribi pefee bi berε wo mpo a?”

Farao kaa sε: “Ɛneε fa bra, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a”.

Farao ka kyerεε nhemfo a atwa ne ho ahyia no sε :”Nokorε sε, woi yε nkoyaayini a onim de.

Ɔpε sε ͻde ne konyaa no bɛyi mo fri mo asaase no soͻ, enti deεn na morehyε, (anaasε modwen sεn)?”

Wᴐde nkoyaayifoͻ a wͻn aben paa na wͻnim de nyinaa bԑbrε wo”.

Farao kaa sε: “Aane, εno deε na εyε nokorε sε mobεka wͻn a wͻbεn (me) no ho”.

Enti Mose nso too ne poma no na hwε, εmemeneee wͻn atorͻsεm a wabͻ wͻn trim ayε no (nyinaa).

Enti nkoyaayifoͻ no kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm (maa Nyankopͻn);

Wͻkaa sε: “Yɛagye abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi;

Nkoyaayifoͻ no kaa sε: “Ɛnsεe hwee! Nokorε sε yɛ Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ”.

Nokorε, yεwͻ awerεhyem sε, yɛ Wura Nyankopͻn de yεn mfomsoͻ bεkyε yεn sε yεn ne nnipa a wͻn adikan agye adie “.

Yɛyi kyerεε Mose sε: ”Fa Me nkoa no tu kwan no anadwo, na nokorε sε (Farao ne ne nkorͻfoͻ) bɛtaa mo”.

Nokorε sε yɛyε ɛdͻm a yεdͻͻso na yɛada yεn ho so.

Ne ahonyadeε ne animuonyam gyina berε (biara) mu.

Enti wͻtaa wͻn wͻ εberε a na awia apue.

Ԑberε a εdͻm mmienu no hunuu wͻn ho no, Mose nkorͻfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, (Farao ne ne dͻm yi) bεto yεn “.

Mose kaa sε: “Ɛmma saa da! Nokorε sε, Me Wura Nyankopͻn ka me ho, Ɔbεkyerε me kwan “

Enti Yεde ekuo baako no (Farao nkorͻfoͻ) no bεn saa bea hͻ.

Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn no Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.

Ɛberε a ͻka kyerεε ne papa ne ne nkorͻfoͻ no sε: “Ԑdeεn na moresom yi?”

(Abraham) kaa sε: ”Enti sε mosufrε wͻn a wͻtie mo?”

Anaasε monya wͻn ho mfasoͻ anaasε ͻhaw bi?”

Wͻkaa sε: “Daabi, nanso yεbεtoo y’agyanom sε saa ara na na wͻreyε”.

Nokorε sε, wͻyε m’atamfo, gyesε Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no,

(Abͻdeε nyinaa Wura) no a Ɔbͻͻ me, Ɔno na ͻkyerε me kwan.

Ɔno na Ɔbεma me awuo na afei Wasan anyane me (afri owuo mu).

Me Wura Nyankopͻn, ma me nyansa, adwen ne nteaseε, na fa me ka apapafoͻ no ho.

Na fa me ka wͻn a wͻbɛdi adeε wͻ anigyeε Aheman no mu no ho.

Ɛda no a sika anaa ahonyadeԑ ne mma ho mma mfasoͻ no,

Gyesε obia ͻde akoma pa, anaa akoma a emu teε bεba Nyankopͻn hͻ no,

Na yεbɛyi Amanehunu gya no adi akyerε ayerafoͻ no -;

(Deε na mo) fri Nyankopͻn akyi (som wͻn no)? Wͻbetumi aboa mo, anaasε wͻbetumi aboa wͻn ara wͻn ho?”

Na yεbεto wͻn (abosom) no ne ayerafoͻ no ama wͻde wͻn ti adikan akͻ (Ogya no) mu-

Ɛberε a wͻbεko wͻ (Ogya no) mu no wͻbεka sε:

Ɛberε a yεde mo totoo Abͻdeε nyinaa Wura no ho no.

Ɛnyε obi na ɔyeraa yɛn, na mmom abͻneεfoͻ no ara na wͻmaa yεyeraeε.

Enti seesei yɛnni otwitwagyefoͻ biara,

Sε yεrenya kwan asan akͻ y’akyi (wͻ wiase) bio a, anka yεbεka agyidiefoͻ no ho.

Nokorε sε wo Wura Nyankopᴐn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Ahummͻborͻ Hene no.

Ɛberε a wͻn nua Noa ka kyerεε wͻn sε: “Enti monnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie?

Nokorε sε meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ ma mo.

Memmisa (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na mmom m’akatua deε εwͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.

Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie ma me.”

Wͻkaa sε: “Yεnye wo nni wͻ aberε a (nnipa mu) mpapahwekwa a wͻnni mmu na wͻdi w’akyire?”

Medeε nokorε (m’adwuma) ne sε, meyε kͻkͻbͻni pefee”.

Wͻkaa sε: “Noa, sε woanyae (wofrε no a) nokorε sε wobεka wͻn a yɛsi wͻn aboͻ (ku wͻn) no ho.

(Noa) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, me nkorͻfoͻ no abu me ͻtorofoᴐ.

Enti Yεgyee no ne wͻn a wͻka ne ho no nkwa wͻ nsuom hyεn a ayε mma no mu.

Nokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Ɛberε a wͻn nua Huud ka kyerεε wͻn sε: “Adεn monnsuro Nyame?

Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.

Mosisi adan akεseε wͻ mea mea a εhͻ korͻn wͻ akwan ho de gye mo ani kwa (wͻ aberε a montena mu)?

Mosisi aban soroͻ a εyε fε nso ma mo ho tesε deε mobεtena mu afe bͻͻ.

Sε mosͻ (obi mu anaasε mo nsa ka obi a), mosͻ ne mu anaasε mo ne no di no wͻ atrimuͻden so.

Nokorε sε, medeε mesuro Da kεseε no asotwee no ho asεm ma mo”.

Nokorε ampa sε, wo Wura Nyankopͻn Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Ɛberε a wͻn nua Soalhu ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame?

Nokorε sε, meyε (Nyankopͻn) Somafoͻ nokwafoͻ de ma mo.

Enti (modwen sε) yɛbɛgyae mo wͻ abodwoɔ mu wͻ deε mo wͻ mu wͻ εha yi ho?

Ne mfudeε ne akyiresua a εso aba a agu nhyerεnee na abͻ esa-sa.

Wͻn a wͻdi nsεmmͻne wͻ asaase no soͻ na wͻntoto ntotoeε pa no “.

(Soalhu) kaa sε: “Yoma bedeε bi nie, ͻwͻ ho kwan sε ͻnom (nsuo), ɛna monso mo wɔ ho kwan sε monom (nsuo) wͻ εda a yɛahyε (ama mo ne yoma no).

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Ɛberε a wͻn nua Lut ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame?

Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.

Wͻkaa sε: “Lut, sε wanyae (wonsεm no ka a) wobεka wͻn a yɛapamo wͻn anaa yɛatu wͻn (afiri y’asaase soͻ) no ho.

Me Wura Nyankopͻn, gye me ne m’abusuafoͻ fri deε wͻreyε no mu “.

Gyesε (ne yere) aberewa no, ͻkaa wͻn a wͻkaa akyire no ho.

Yεtͻͻ nsuo (a ԑyԑ asotwee) paa de guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa ma wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ no.

Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Ɛberε a Shu’aib ka kyerεε wͻn sε: “Adεn, monsuro Nyame?

Nokorε sε, meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.

Monhyε (biribiara) ma no nyε mma, na monhwε yie na moammͻ (amanfoͻ) nyansa korͻno.

Monhwε na moanfa nyansa (korͻno kwan so) ante amanfoͻ nneεma so (ansisi wͻn) amma nsεmmͻnee annkͻso wͻ asaase no so.

Ɔkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn nim dwuma a modie no (nyinaa) “.

Wͻbuu no ᴐtorofoᴐ, enti asotwee sͻͻ wͻn mu wͻ nwunu da anaa esum da bi mu. Nokorε sε na εyε asotwee kεseε Da.

Wo Wura Nyankopͻn, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Nokorε sε (Qur’aan yi) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.

Nokorε sε, (Qur’aan yi, ne Nkͻmhyεni Muhammad ho asεm) wͻ Nyamesεm Nwoma a edii kan (Tawra ne Injeel) no mu.

Enti εnyε nsεnkyerεnee mma Quraishfoᴐ no sε Israel mu nwomanimfoͻ no nim yie (sε Qur’aan ho nkͻmhyε wͻ Tawra ne Injeel no mu)?

Saa ara na Yεma (gye a wͻnnye Qur’aan nnie) no wura abͻneεfoͻ no akoma mu.

Ԑhͻ na wͻbεka sε: ”Enti yεmma yεn ahomegye berε?”

(Nkͻmhyεni), enti wahunu? Sε Yεma wͻn mfeɛ tenten mpo a,

(Mfe tenten a wͻdiiε) de gyee wͻn ani no ho mma mfasoͻ biara mma wͻn.

De afutusεm (brԑ wᴐn); na Yεn nyεε bͻne da.

Nokorε sε yɛatwe wͻn afri (Qur’aan yi) ho kͻ akyirikyiri sε wͻbεtie mpo.

Enti hwε na wansu amfrε nyame foforͻ biara anka Nyankopͻn ho na wo ankͻka wͻn a yεbεtwe wͻn aso no ho.

Na bͻ w’abusuafoͻ no a wͻbεn (woͻ) no nso kͻkͻ.

Na sε wͻantie wo a, ka sε: “Medeε matwe me ho afri dwuma a modie no ho “.

Na fa wo ho to Otumfoͻ no a otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻhunufoͻ Hene no so;

(Otumfoͻ) no a Ohu wo wͻ εberε a wasͻre agyina hͻ (rebͻ mpaeε anadwo),

Ne w’ahokeka wͻ wͻn a wͻde wͻn anim abutu fͻm (frε Nyame) no mu.

Nokorε sε, Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no.

Wͻsiane ba onipa biara a ͻyε nkontomponi, bͻnefoͻ no so.

(Nipa bͻneni no a) ͻyε aso de ma (ͻbonsam), na wͻn mu dodoͻ no ara yε nkontompofoͻ.

Na wᴐn a wᴐka anwensԑm no deε ayerafoͻ no na wͻdi wͻn akyi.

Wonhunuu sε wͻdi akͻneaba wͻ bonhwa biara mu, (ka biribiara ho asεm, kamfo deε εyε ne deε εnyε nyinaa wͻ anwensԑm mu?)