عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

THE ANT [An-Naml] - Ashanti Translation

Surah THE ANT [An-Naml] Ayah 93 Location Maccah Number 27

Toaa – Siin . Woi yε Qur’aan mu nsɛm, ԑyԑ Nwoma a ɛda (biribiara) adi pefee.

(Ɛyε) kwankyerε ne anigyesεm ma agyidiefoͻ no.

Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no Yɛama wͻn dwumadi (bͻne no) ayε wͻn (aniso) fε, enti wͻredi akͻneaba sε anifirafoͻ.

(Nkͻmhyεni), nokorε sε wo nsa ka Qur’aan yi fri Onyansafoͻ, Nimdefoͻ no hͻ.

Ɛberε a ͻbaa hoo no, yεfrεε no sε: ”Nhyira ne nea ͻwͻ egya no mu no, ne obiara a ͻwͻ ho. Kronkron Hene ne Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no“

Mose, nokorε sε εyε Me, Onyankopͻn Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.

Na mmom obi a wayε bͻne na εno akyiri no ͻde papa ahyε bͻne no anan mu no, nokorε sε, Mene Bͻnefakyε Hene, Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Ɛberε a Yεn nsεnkyerεnee pefee a wͻtumi hunu baa wͻn hͻ no, deε wͻkaeε ne sε: ”Woi deε εyε nkoyaa pefee”.

Wͻko tiae aberε nso a wͻn akoma gye tom (sε εyε nokorε a efri Nyame hͻ), εnam bͻne ne ahomasoͻ nti. Enti hwε sεdeε nsεmͻnedifoͻ no awieε si wieε.

Na Jinn ne nnipa ne nnomaa, na ԑboa wᴐn ho ano ma Solomon sԑ asraafoᴐ dͻm, na wᴐhyehyε wͻn ho paa (wͻ amia mu) akuo-akuo (deε odi hͻ deε odi hͻ).

Hudhud ankyεre pii (na ͻbaeε), na ͻbεkaa sε: “Mahunu adeε bi a wonhunuiε. Mede amaneε pefee bi fri Saba’a na aberε woͻ.

Onyankopͻn, awurade foforͻ biara nnihͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔne Ahennwa kεseε no Wura no “.

Solomon kaa sε: “Yεbεhwε sε, deε woreka no yε nokorε anaasε woka nkontompofoͻ no ho.

Nokorε sε efri Solomon hͻ, na nokorε sε (mehyɛ ase wɔ) Nyankopͻn din mu, Ahummͻborͻ Hene, Ɔdεεfoͻ Hene. (Bismi Laahir-Rah’maanir-Rahiim):

(Emu nsεm ne sε): “Monhwε na moanyε ahomasoͻ antia me, na mmom momra me hͻ sε Muslimifoͻ wͻ ahobraseε mu.

(Nhemfo no) kaa sε: “Yεn ho yε den paa, na yεwͻ ͻkoo mu nso ahoͻden papaapa; na wohɔ na tumi no wͻ, enti hwε deε wobεhyε sε yεnyε”.

(Ɔhemaa no) kaa sε: “Nokorε sε, (Solomon) nhemfo no, sε wͻwura kuro bi mu a wͻsεe no pasaa, na wͻbrε kuro no mu atitiriwfoͻ ne adehyeε no ase korakora. Na saa na wͻyε”.

Nokorԑ sԑ mede akyεdeε bԑsoma ama yεde akͻma wͻn na yɛahwε (mmuaε) a asomafoͻ no bεsan de aba “.

Ɛberε a (asomafoͻ no) baa Solomon hͻ no, ͻkaa sε: “Ahonya deε na mode rema no abu me soͻ? Deε Nyankopͻn de ama me no kyεn deε Ɔde ama mo. Daabi, mona moanigye mo akyεdeε no ho “.

(Solomon ka kyerεε Ɔhemaa no bͻfo panin no sε): “San w'akyi kͻ wͻn hͻ, na yεde dͻm a wͻntumi nyina ano bεba wͻn so, na yɛbɛtu wͻn mu atitiriwfoͻ no afri kuro no mu, na yɛagu wͻn anim ase “.

Jinn no mu ͻhodenfoͻ (Ifriit) kaa sε: “Mede bεbrε wo ansa na wasͻre afri faako a woteε yi. Nokorε sε mewͻ ahoͻden afei medi nokorε wͻ adwuma a εte saa no ho.

Nea ͻwͻ Nyamesεm Nwoma no ho nimdeε no kaa sε: “Mede bεbrε wo ntεmso (tesε obi abͻ n’ani ateε). Ԑberε a Solomon hunuu sε (Ɔhemaa no ahennwa) no si n’anim no, ͻkaa sε: “Woi yε adom a efri me Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε Ɔde bεsͻ me ahwε sε mɛyi (No ayε) anaa mɛyi (no) boniayε. Obi a ɔbɛyi (Nyankopͻn) ayε no, oyi ayε dema ͻno ara ne ho, na obia ɔbɛyi boniayε no nso nokorε sε, me Wura Nyankopͻn deε Wanya Ne ho, Ɔne Adom ne Animuonyam Hene.

(Solomon) kaa sε: “Monyε nsakraeε wͻ n’ahennwa no ho ma no na yεnhwε sε wanya kwankyerε, anaasε ͻka wͻn a wͻnyaa kwan kyerε no ho.“

Ɛberε a ͻbaeε no yεkakyerεε no sε: “Enti w’ahennwa no sei na εteε?” Ɔkaa sε: “Ɛbεka sε εyε noa “.(Solomon kaa sε): Yɛadi kan anya ɛho nimdeε ansa na ͻreba. Na yεdeε yεyε Muslimifoͻ dada”.

Deε na (Ɔhemaa Bilqiis) fri Nyankopͻn akyi somoeε no sii no (Nyamesom ho) kwan efrisε na ͻka amanfoͻ boniyεfoͻ no ho.

Yεka kyerεε (Ɔhemaa) no sε: “Wura ahemfie kεseε no mu”. Ɛberε a ohunuuiε no n’adwen yεε no sε εyε asu tadeε bi, enti (ͻpagya n’ataadeε) yii ne nan ho. Solomon kaa sε: “Ɛyε ahemfie a yεde nhwehwε na ayε no kokwakokwa“. Ɔhemmaa Bilqiis kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, nokorε sε mayε bͻne atia me ho, na maka Solomon ho abrε me ho ase (sε Muslim) de ama Abͻdeε nyinaa Wura no.

Nokorε nso sε Yεsomaa Samuudfoͻ nua Soalhu maa no kͻͻ wͻn hͻ sε (ͻnkͻka nkyerε wͻn) sε: “Monsom mo Wura Nyankopͻn“. Na hwε, wͻbεyεε akuo mmienu a wͻreko tia wͻn ho.

(Soalhu) kaa sε: ”Me nkorͻfoͻ, adεn nti na morepere mo ho de bͻne adi papa anim kan? Adεn nti na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε sεdeε ebia yεbɛhu mo mmͻbͻ?”

Wͻkaa sε: “Wo ne wͻn a wͻka wo ho no yε mmusuo ma yεn“. Soalhu kaa sε: ”Mo mmusuo no fri Nyankopͻn hͻ; daabi, moyε nnipa a mowͻ nsͻhwε mu “.

Wͻnkaa sε: “Monfa Nyankopͻn nni nse nkyerε moho-moho sε, yεbεkͻ akͻto ahyε Soalhu ne n’abusuafoͻ so anadwo, na yɛaka akyerε ne nkorͻfoͻ sε: “Yɛnnim ͻne n’abusuafoͻ wuo no ho hwee, na nokorε na yεreka no“.

Sεdeε wͻn afie si yͻeε no-, adane amanfoo, εnam wͻn bͻne nti. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu de ma amanfoͻ a wͻnim.

Lut nso, εberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Adεn, morebɔ bra bͻne wͻ aberε a mo ani tua?

Nanso mmuaeε a ne nkorͻfoͻ no de maeε ara ne sε, wͻkaa sε: “Montu Lut ne ne nkorͻfoͻ no mfri mo kuro no mu. Nokorε sε wͻyε nnipa a wɔdi wͻn ho ni (anaa wͻrepε akyerε sε wͻn na wͻdi wͻn ho ni).

Enti Yεgyee no ne n’abusuafoͻ nkwa, gyesε neyere. Yεhyehyε maa no sε ͻbεka wͻn a wͻbεka akyire no ho.

Yεtͻͻ nsuo bi paa guu wͻn so. Na εyε nsutͻ bͻne paa de ma amanfoͻ a yɛabͻ wͻn kͻkͻ no.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn, na Asomdwoeε nka Ne nkoa no a Wayi wͻn no. Nyankopͻn na Ͻyε, anaasε deε wͻde bata Ne ho no (na εyε)?”

Anaasε hwan na wayε asaase so asetena, εna Ɔde nsuo ahyehyε mfimfii, εna Ɔde mmepͻ asisi so pintinn, εna Ɔde εhyeε ato ͻpo mmienu (nsupa a εyε dε ne nkyenenkyene nsuo) no ntεm. Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Daabi, nanso wͻn mu pii nnim.

Anaasε hwan na Otie ͻwerεhoni sufrε, sε osu frε Nyankopͻn a, na Oyi ͻhaw no (fri ne soͻ), εna Wayε mo adedifoͻ anaasε anaamusifoͻ wͻ asaase no soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nanso kakraabi na mokaeε.

Anaasε hwan na Ɔkyerε mo kwan wͻ asaase so, ne ͻpo so sum mu, na hwan na Ɔsoma mframa sε anigyesεm de di N’ahummͻborͻ no (a εne nsutͻ no) anim kan? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Nyankopͻn yε Kokroko kyεn deε wͻde bata Ne ho no.

Anaasε hwan na Ɔhyεε abͻdeε aseε, na Ɔsan bͻ bio, anaasε hwan na Ɔbͻ mo akͻnhoma fri soro ne asaase soͻ? Enti awurade bi wͻhͻ ka Nyankopͻn ho? Ka sε: ”Monfa mo nyinasoͻ mmra, sε moyε nokwafoͻ ampa a.

Deε wͻn a wͻnnye nnie no keka ne sε: “Enti sε yεn, ne y’agyanom (wu) dane mfuturo a, ampa sε yεbεsan apue (aba nkwa mu bio)?

Deε wͻka ne sε: ”Dabεn na saa bͻhyε yi (bεba), sε moyε nokwafoͻ ampa a “.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn adom a εwͻ adasamma soͻ no so paa. Nanso wͻn mu dodoͻ no ara na wͻnnyi (Onyankopͻn) ayε.

Nokorε nso sε, (Qur’aan) yε kwan kyerε (Nwoma) ne ahummͻborͻ de ma agyidiefoͻ no.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn de N’atemmuo no bebu wͻn ntεm atεn. Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onimdefoͻ no.

Wontumi nso nkyerε anifirafoͻ kwan mfri wͻn yeraa mu. Nea wobetumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn Nsεm no die, na wͻyε Muslimifoͻ, (brε wͻn ho ase de ma Nyame).

Kͻpem sε, wͻbεba (aseni bea hͻ); Nyankopͻn bεka sε: ”Enti moanye Me nsεm no anni wͻ aberε a monni ho nimdeε? Enti dwuma bεn na modii no (wͻ wiase)?”

Enti wͻnhunuu sε Yɛayε anadwo ama wͻn a wͻde gye wͻn ahome, εna adekyeε nso wͻde hunu adeε (de hwehwε akͻnhoma)? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma amanfoͻ a wͻgye die.

Ɛda a yεbεbͻ Totorobεnto no mu no, ehuu kεseε paa bεbͻ wͻn a wͻn wͻ soro ne asaase so nyinaa, gyesε obia Nyankopͻn pε. Na obiara bεba Ne hͻ wͻ ahobraseε mu.

Na mmepͻ no a wohunu na w’adwen yε wo sε esisi hͻ pintinn a εnkeka ne ho no, εbetwa mu sεdeε mununkum si twa mu no. Saa ara na Nyankopͻn a Wabͻ biribiara yie no nsa ano adwuma teε. Nokorε sε Ɔne dwuma a modie no {nyinaa} ho Amane bͻfoͻ.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aseda nyinaa wͻ Nyankopͻn. Ɔbεkyerε mo Ne nsεnkyerεnee ama mo ahunu. Na wo Wura Nyankopͻn mmuu N’ani nguu dwuma a modie no so.