عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Story [Al-Qasas] - Ashanti Translation

Surah The Story [Al-Qasas] Ayah 88 Location Maccah Number 28

Toaa – Siin – Miim.

Yεde nokorε no rekenkan Mose ne Farao ho nsεm no akyerε wo (Muhammad afa wo so) de ama amanfoͻ a wͻgye die.

Farao yere kaa sε: ”(Saa akͻdaa yi yε) me ne wo awerεkyekyerε, enti enku no, na ebia yεbenya ne ho mfasoͻ (daakye), anaasε yεde no bεyε ba. Na wͻnnim (deε Mose so hwε no de bԑbrԑ wͻn).

Na hwee nni Mose maame akoma mu (ka ne ba no ho adwendwen nko ara). Ɛkaa kakraabi sε anka ͻrema (asεm no) ho ada hͻ, sε Yɛamma n’akoma anyina pintinn a. Sεdeε ͻbεka agyidiefoͻ no ho.

Mose maame ka kyerεε Mose nua baa (Mar’yam) sε: “Di n'akyi”. Enti ͻkͻtεε baabi akyirikyiri hwεe, abrε a na wͻnnim (deε εrekͻsoͻ).

(Da koro bi, Mose) kͻͻ kuro no mu wͻ ɛberε a na emu foͻ no ani nni wͻn ho soͻ; emu na ͻkͻhunuu mmarima mmienu bi a wͻreko, ͻbaako wͻ ne fekuo no mu (Israelni) εna ͻbaako no nso fri n’atamfoͻ no mu (Misrimni). Deε ͻfri ne fekuo no mu no hwehwεε ne hͻ mmoa de tiaa deε ͻyε ne tamfoͻ no. Mose pomaa twεdeε de bͻͻ no, na ͻkum no. Ͻkaa sε: “Woi ka ͻbonsam adwuma ho. Nokorε sε, ͻyε ͻtamfo ne obia ͻyera (nnipa) pefee “.

Mose kaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mayε bͻne atia me kraa enti fa kyε me“. Enti Nyankopͻn de kyεε no. Nokorε sε, Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Ahummͻborͻ Hene no.

Afei ͻbͻͻ hu wͻ kuro no mu a na ͻretetε (retwεn deε εbεba), na hwε, obi a ͻhwehwεε ne mmoa nnora no retea mu frε no ahwehwε ne mmoa (bio). Mose ka kyerεε no sε: “Nokorε sε, woyε obia woyera (onipa) pefee“.

Ɔbarima bi de mmirika fri kuro no mu akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Mose, ahemfo no rebͻ wo ho pͻ sε wͻbɛku wo, enti (yε ntεm) fri (kuro yi mu) kͻ. Nokorε sε, meka wͻn a wͻpε wo yie die no ho “.

Ɛberε a ͻde n’ani kyerεε Mad’yan (asaase soͻ) no, ͻkaa sε: “Ebia me Wura Nyankopͻn bεkyerε me kwan akͻ ͻkwan pa no so “.

Ɛberε a ͻduruu Mad’yan nsuo mu no, ohunuu nnipa kuo bi a wͻrema (wͻn ayεmmoa) nsuo, na ͻhunuu mmaa mmienu bi nso a wͻate wͻn ho (de wͻn ayεmmoa) gyina nkyεn baabi. Mose kaa sε: “Mo amaneε ne sεn?” Wͻka kyerεε no sε: “Yɛntumi mma (y'ayεmmoa no) nsuo gyesε nwanhwεfoͻ no yi (wͻn mmoa no fri hͻ kͻ ansa), na yεn agya nso yε akͻkora posoposo “.

Enti Mose maa wͻn (nnwan no) nsuo, afei ͻdanee ne ho kͻͻ nwunu bi mu na ͻkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, mehia ade pa biara a Wobɛsiane ama me “.

Mmaa no mu baako kaa sε: “Agya, bͻ no paa. Nokorε sε, obia εyε paa sε wobͻ no paa ne ͻhoͻdenfoͻ nokwafoͻ (tesε saa abranteε yi)”.

(Mose) kaa sε: ”Woi ne (nhyehyεe) a εda me ne wo ntεm, εberε no mu biara a mɛtumi adi soͻ no εnyε bͻne ma me; na Onyankopͻn ne deε yεreka yi ho Kyitaafoɔ”.

Ɛberε a Mose wiee εberε no, na ͻne n’abusuafoͻ retu kwan akͻ (Misrim) no ͻtee egya bi nka wͻ bepͻ no nkyεn hͻ baabi. Enti ͻka kyerεε n’abusuafoͻ no sε: “Montwεn ha na mahunu egya; ebia mede amaneε bi bɛfri hͻ abrε mo, anaasε (mɛnya) nsramma bi aberε mo sεdeε mode bεka mo ho hyeε.

Fa wopoma no to fͻm“. Ԑberε a ͻhunuu sε εrekeka ne ho tesε ͻwͻ no, ͻdanee ne ho dwanee na wanhwε n’akyi. (Yεfrεε no sε): “Mose, pini ho, na ensuro; nokorε sε woka wͻn a wͻn wͻ akomatͻyεmu no ho.

(Mose) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, makum onipa bi wͻ wͻn mu, enti mesuro sε anhwε a na wͻaku me.

Me nua Aaron, ͻne obia n’ano ate wͻ kasa mu kyεn me, enti soma no ka me ho sε ͻboafoͻ na ͻnfoa me so (nhyε me den). Nokorε mesuro sε wͻbɛbu me ͻtorofo “.

Nyankopͻn kaa sε: ”Yεde wo nua no bεhyε wo abamu den, na Yεbεma mo mmienu tumi, na wͻ nsa nnka mo (anaasε wͻntumi nyε mo bͻne biara), εnam Yεn nsεnkyerεnee no nti, mo mmienu ne wͻn a wͻbɛdi mo akyi no na mobɛdi nkonim.

Enti εberε a Mose de Yε nsεnkyerεnee pefee no baa wͻn hᴐ no, deε wͻkaeε ne sε: “Woi yε nkonyaa a wabͻ ne tri mu (na ayε), woi deε yεntee ne mpaninsεm wᴐ y’agyanom tetefoᴐ no hᴐ “.

Yεmaa nnomee dii wͻn akyi wͻ wiase, na Wusͻreε da no wͻbεka wͻn a yɛagu wͻn anim aseε no ho, (anaa yɛapamo wͻn afri Nyame ahummborͻ mu) no ho.

(Nkͻmhyεni), na wonni Atͻeε fam hͻ wͻ berε a Yɛyii ahyεdeε no maa Mose, na na wonka (ne nkorͻfoͻ a) na wͻn wͻ hͻ no nso ho.

Nanso Yεbͻͻ awoͻ ntoatoasoͻ (foforͻ wͻ Mose akyi), na nkwa nna yεε tenten maa wͻn (wͻ wͻn ani so). (Nkͻmhyεni), na wonyε obia wote Mad’yanfoͻ no mu εna worekenkan Yεn nsεm (a esii hͻ) akyerε wͻn, na mmom Yεn na Yεsoma (Asomafoͻ no).

Na wonni bepͻ Tuur ho hͻ wͻ εberε a Yεfrεε (Mose), na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nii w’anim kan maa wͻn hͻ no kͻkͻ, sεdeε wͻde bɛtu wͻn ho foͻ-,

Nanso εberε a Nokorε no fri Yεn nkyεn baa wͻn hͻ no, deε wͻreka ne sε: “Adεn nti na yεmmaa (Muhammad) deε yεde maa Mose no bie?” Deε kane yεde maa Mose no wͻn ampo anka sε, nkonyaayifoͻ mmienu a wͻreboa wͻn ho wͻn ho? Wͻkaa sε: “Nokorε sε yεnnye emu biara nni”.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monfa Nwoma bi mfri Nyankopͻn hͻ a εtene kyεn (Tora ne Qur’aan) no mmienu mmra na medi akyire, sε moyε nokwafoͻ ampa a.

Sε yεrekenkan kyerε wͻn a, wͻka sε: “Yεgye di; nokorε sε, εyε nokorε a efri Yɛ Wura Nyankopͻn hͻ; na yɛdii kan yεε Muslimifoͻ (brεε yεn ho ase maa Nyame) ansa na (Qur’aan reba).

Deε (abososomfoͻ no) ka ne sε: ”Sε yεka wo ho ne wo fa ͻkwan tenenee no so a, yεbɛyi yεn afri yεn man no mu“. Yεnfaa wͻn ntenaa abodwoɔ Kronkron bea a Yεde nnuaba ahodoͻ biara bi (fri mea mea) ba hͻ? Ɛyε akͻnhoma a efri Yεn hͻ, nanso wͻn mu dodoͻ no ara nnim.

Adeε biara a yεde ama mo no yε wiase yi mu akͻnhoma ne emu afεεfεdeε. Deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no εno mmom na εyε, na εno nso na εwͻ hͻ daa. Adεn, monte asεm ase anaa?

Enti obi a Yεde (ͻsoro Aheman no mu) bͻhyε pa no ahyε no bͻ, na ͻbɛhyia (saa bͻhyε no wͻ Onyame hͻ) no, ͻtesε obi a Yεde wiase mu anigye deε ama no na Wusͻreε da no ͻbεka wͻn a yεde wͻn bεba (asotwee mu abεtwe n’aso)?

Saa Da no Nyankopͻn bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻyε M’ahokafoͻ no wͻ hen?”

Yεbεka akyerε wͻn sε: “Monfrε wͻn a mode wͻn bataa Nyankopͻn ho no. Enti wͻbɛsu afrε wͻn, nanso wͻnnye wͻn so; na wͻbɛhunu asotwee no. (Saa Da no wͻbεpε) sε anka wͻfaa kwan tenenee no so.

Kae Ɛda no a (Nyankopͻn) bεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: ”Mmuaeε bεn na mode maa Asomafoͻ no?”

Saa Da no asεm no mu nnahͻ mma wͻn yie (anaasε wͻntumi mma muaeε pa biara), na wͻntumi mmisa wͻn ho wͻn ho nso.

Wo Wura Nyankopͻn bͻ deε Ɔpε, εna Oyi (nea Ɔpε). Ɛnyε wͻn asεdeε sε wͻn na wͻyi (nea wͻpε). Kronkron ne animuonyam Hene ne Nyankopͻn, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.

Ɔne Nyankopᴐn, awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho. Ɔno na ayeyie no wͻ no wͻ wiase yi mu ne Daakye no nso; na Ɔno na atemmuo no yε Ne dea, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.

Kae Ɛda no a Ɔbεfrε wͻn aka akyerε wͻn sε: “Wͻn a na modwen sε wͻyε M’ahokafoͻ no wͻ hen?”

Yɛbɛyi ͻdanseni afri ͻman biara mu, na Yɛaka sε: “Monfa mo nyinasoͻ mmra”. Enti wͻbɛhunu sε nokorε no wͻ Nyankopͻn (nko ara), na deε wͻbͻͻ wͻn trim (yͻeε no nyinaa) bɛtu ayera wͻn.

Nokorε sε, na Kora nso ka Mose nkorͻfoͻ no ho, nanso ͻmaa ne ho so wͻ wͻn so. Yεmaa no sika (ne mpempraneε) kεse maa εkͻ baa sε, nnipa kuo ahodenfoͻ paa mpo, (n’akoradeε) nsafoa no bεyε adesoa kεse ama wͻn. Ɛberε a ne nkorͻfoͻ no ka kyerεε no sε: “Entu wo ho; nokorε sε, Nyankopͻn mpε wͻn a wͻtu wͻn ho no asεm.

Wͻn a εnora na wͻnya Kora gyinaberε no a na anka wͻpε no, frii aseε kekaa sε: “Ei, nokorε sε Nyankopͻn ma N’akyεdeε no bu Ne nkoa no mu obia a Ɔpε so, εna (obi a Ɔpε no nso) Ɔde ma no nkakrakra; sε εnyε Nyankopͻn na Ͻdom yεn a, anka y’amem“. Ei, nokorε sε boniayεfoͻ no nni nkonim.

Nokorε sε Nea Wayε Qur’aan yi nhyε de ato wo soͻ no, bεsan de wo akͻ (wo) nkyi, (Maka anaasε Nyame hͻ). Ka sε: “ Me Wura Nyankopͻn na Onim nea Ɔde tenenee na aba, ne (obi a) ͻwͻ ͻyera pefee paa mu.

Na anka w’ani nna so sε yεbɛsiane Nwoma (bi a yεfrε no Qur’aan) ama wo, na mmom εyε ahummͻborͻ a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Enti hwε na wankͻtaa boniayεfoͻ no akyi.

Hwε nso na wͻn annsi wo kwan wͻ Nyankopͻn Nsεm no ho wͻ akyire yi a yɛasiane ama woͻ. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ, na hwε na wankͻka wͻn a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho no ho.

Hwε nso na wanfrε awurade foforᴐ bi anka Nyankopͻn ho; awurade biara nni hͻ ka Ne ho. Adeε biara bɛwu anaa εbεsεe afri hͻ, gyesε N’animuonyam (nko ara na εbεka). Ɔno na atemmuo no wͻ no, na Ne hͻ na mobεsan akͻ.