عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Spider [Al-Ankaboot] - Ashanti Translation

Surah The Spider [Al-Ankaboot] Ayah 69 Location Maccah Number 29

Alif – Laam – Miim.

Anaasε, wͻn a wͻdi dwuma bͻne no adwen yε wͻn sε wͻbɛtumi adwane Yεn anaa? Atemmuo bͻne paa na wͻrebuo no.

Obi a ͻwͻ Nyankopͻn Nhyiamu no ho anidaasoͻ no, nokorε sε Nyankopͻn berε a Wahyε no reba. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no.

Obi a ͻbεbͻ mmͻden no, ͻbͻ mmͻden no dema neho. Nokorε sε Nyankopͻn deε Wanya Neho wͻ abͻdeε nyinaa so, (Ɔnhia obiara mmoa anaa obi hwee).

Nnipa no mu bi wͻhͻ a wͻ’ka sε: Y’agye Nyankopͻn adi, nanso sε ͻhaw bi to wͻn wͻ Nyankopͻn ho nti a, wͻ’fa onipa haw no sε (ano yε den) tesε Nyankopͻn asotwee no, na sε mmoa anaa nkonimdie bi nso fri mo Wura Nyankopͻn hͻ ba a, deε wͻ’ka ne sε: “Nokorε sε na yε’ka moho“. Enti εnyε Nyankopͻn na Onim deε εwͻ nnipa nyinaa akoma mu?

Nokorε sε, wͻ’bεsoa wͻn ara adesoa, asan asoa adesoa foforͻ aka wͻn adesoa no ho; na nokorε sε Yε’bebisa wͻn fa wͻn nkontompo a wͻ’twaeε no ho asεm wͻ Wusͻreε da no.

Enti Yε’gyee no ne nsuom hyεn no mu foͻ no (frii nsu yire no mu), na Yε’yεε no nsεnkyerεnee demaa amansan.

Sε mofa no atorᴐsԑm a, ampa sԑ (saa ara na) aman a wͻ’dii moanim kan no nso faa no atorᴐsԑm. Ͻsomafoͻ deε n’asεdeε ne sε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee.

Anaasε wͻ’nhunuu sεdeε Nyankopͻn hyεε abͻdeε aseε na Ɔsan de (foforͻ) ba bio? Nokorε sε, εno deε εyε (adeε a εyε) mmrε ma Nyankopͻn.

Wͻn a wͻ’po Nyankopͻn nsεm ne Nenhyiamu (da) no, wͻ’ne nkorͻfoͻ no a wͻn aba mu abu wͻ M’ahummͻborͻ no ho no; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ asotwee yaaya no.

Enti Lut gyee no dii. Abraham kaa sε: ”Medeε meretu amantuo akͻ me Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no “.

Nokorε sε mokͻ (mo yͻnko) mmarima ho, εna mosi akwan ka akwan mu (wia akwantufoͻ nneεma), san yε amumuyε wͻ monhyiamu ase?” Mmuaeε a nenkorͻfoͻ no demaeε ara ne sε wͻ’kaa sε: “Fa Nyankopͻn asotwee no brε yεn, sε woka nokorεfoͻ no ho ampa a“.

Lut kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, boa me ma meni nsεmmͻnedifoͻ yi so nkonim. “

Ɛberε a Y’abͻfoͻ no de (Is’haaq awoͻ) anigyesεm ho bͻhyε baa Abraham hͻ no, wͻ’kaa sε: “Nokorε sε yεrekͻ sεe saa kuro yi so foͻ no; nokorε sε emu foͻ no yε abͻneεfoͻ paa.

Abraham kaa sε, Lut nso wͻhͻ bi. Abͻfoͻ no kaa sε Ye’nim nnipa a wͻn wͻ (kuro no) mu (nyinaa); na yε’bεgye ͻno ne na’busuafoͻ no, na mmom neyere no deε ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho.

Ɛberε a Ya’bͻfoͻ no baa Lut hͻ no, newerε ho maa wͻn, na neho kyeree no sε onni tumi a (ͻde bεbͻ wͻn ho ban). (Abͻfoͻ no) kaa sε: ”Ensuro na εmma wo werε nso nnho; nokorε sε yε’bεgye wo ne w’abusuafoͻ, gyesε wo yere, ͻbεka wͻn a wͻ’bεka akyire no ho.

Madiyanfoͻ hͻ no nso (Yε’somaa) wͻn nua Shuaib. Ͻkaa sε: ”Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na moma moani na Ɛda a edi akyire no so, na monhwε na moamma nsεmͻnee ankͻso wͻ asaase no so.

Nanso wͻ’buu no ͻtorofo. Enti asaase wosoͻ denden bi sͻͻ wͻn mu, afei wͻ’dedaa hͻ wͻ wͻn adan mu (wuwui).

Kora, ne Farao ne Haamaan nso, ampa sε Mose de nyinasoͻ anaa nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso wͻ’yεε ahomasoͻ wͻ asaase no so, na εnyε adeε a wͻ’bεtumi adwane anaa wͻn asan (Yεn) ho.

Enti Yε’de wͻn mu biara bᴐne twee n’aso. Wͻn mu bi, Yε’somaa mframa den a aboͻ wͻ mu (na Yε’de sεee wͻn), ebinom nso nteamu den na Yε’de twee wͻn aso, Wͻn mu bi nso Yε’maa asaase na εmenee wͻn, na wͻn mu bi nso Yε’maa nsuo na ԑfaa wͻn. Ԑnyε Nyankopͻn na Ͻyԑԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻ’yԑԑ wͻn ho bᴐne.

Nokorε sε Nyankopͻn Nim adeε biara a wͻ’fri N’akyi sufrε wͻn no. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.

(Nkͻmhyεni), kenkan deε yayi ama wo wͻ Nwoma no mu no, na frε Nyame wͻ nebrε mu. Nokorε sε, Nyamefrε bra akohwisεm ne amumuyε; na Nyankopͻn ho nkaekaeε yε ade kεseε papaapa (wͻ onipa abrabͻ mu). Onyankopͻn deε Onim deε moyε (nyinaa).

Monhwε na mone wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no annye akyinnye, na mmom (sε εbεba saa koraa a) εnyε kwan pa so; gyesε wͻn mu abͻneεfoͻ no. Monka sε: ”Yε’gye deε yasiane ama yεn no ne deε ya’siane ama mo no di; yεn Nyankopͻn ne mo Nyankopͻn no yε Nyankopͻn baako, na Ɔno na yεyε (Muslim) brε yεn ho ase ma no“.

(Sεdeε Yesianee Nwoma no maa asomafoͻ a edi kan no) saa ara nso na Y’asiane Nwoma no ama woͻ. Enti wͻn a Yε’de Nwoma no maa wͻn (Yudafoͻ ne Kristofoͻ no) mu bi gye di; na (Quraishfoͻ) woi nom mu bi nso wͻ hͻ a wͻ’gye die. Na mmom boniayεfoͻ no na wͻ’ko tia Yεn nsεm no.

(Nkͻmhyεni), na wonii kan nkenkan nwoma bi da, na wonfaa wonsa nifa nso ntwerεε nwoma bi da; (sε na anka wonim akenkan anaasε atwerε dada mpo a), εneε na anka wͻn a atorͻsεm na wͻ’di akyire no wͻ ho nyinasoͻ sε wͻn adwen nnsi wͻn pi (wͻ Qur’aan yi ho) “.

Daabi, (Qur’aan) yε nsεnkyerεnee a εda adi pefee (sε efri Nyame hͻ) a εwͻ (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no a yε’maa wͻn nimdeε no akoma mu. Na mmom abͻneεfoͻ no na wͻ’ko tia Yε’nsεm no.

Deε wͻ’ka ne sε: ”Adεn nti na yensiane nsεnkyerεnee bi mfri ne Wura Nyankopͻn hͻ mma no? (Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nsεnkyerεnee no deε Nyankopͻn hͻ na εwͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee.

(Kaafirfoͻ no) repԑ sԑ wobԑma asotwee no aba ntԑm . Sε εnyε εberε na yahyε a, anka asotwee no bεba wͻn so. Nokorε sε, εbεba wͻn so mpofire mu wͻ εberε a wͻ’nnim koraa.

Wͻn a wͻ’si aboterε na wͻ’de wͻn ho to wͻn Wura Nyankopͻn soͻ no.

Mmoadoma bebree na wͻ’nnsoa wͻn akͻnhoma (anaasε wͻ’nni ahoͻden sε wͻ’tumi hwehwε wͻn akonhoma). Nyankopͻn na Ɔbͻ wͻn ne mo (nyinaa) akͻnhoma. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, Ɔne Onimdefoͻ no.

Sε wobisa wͻn sε : ”Hwan na ͻbͻͻ soro ne asaase, εna w’abrε awia ne bosome ase a (εreyε adwuma a?) “Wͻ’bεka sε: “Nyankopͻn“. Afei adεn na wͻ’dane wͻn ho (fri nokorε no ho?)

Nyankopͻn ma akͻnhoma no bu Nenkoa no mu nea Ɔpε so, εna (Nenkoa a Ɔpε nso) Osusu dema wͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.

Sε wͻ’foro nsuom hyεn a wͻ’sufrε Nyankopͻn wͻ nokorε ne ahobraseε mu. Na sε Ɔgye wͻn nkwa de wͻn beduru asaase no so a, hwε, na wͻ’de biribi rebata (Nyankopͻn) ho,

Sεdeε wͻ’beyi deε Yε’de ama wͻn no ho boniayε, na wͻn agye wͻn ani. Ԑnkyε koraa wͻ’behunu.

Anaasε (Quraishfoͻ no) nhunuu sε Ya’yε (Maka) kronkron bea no ahotᴐ (bea) a (atamfo) rehwim nnipa a atwa wͻn ho ahyia no? Enti nkontompo na wͻ’gye die, na Nyankopͻn adom no deε wͻ’po?

Hwan na ͻyε nnipa bͻneni kyεn obi a otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaasε ͻnnye Nokorε no nnie wͻ aberε a (Nokorε no) aba nehͻ? Enti εnyε bonsam gya no mu na εyε atenaeε ma boniayεfoͻ no?

Wͻn a wͻ’bͻ wͻn ho mmͻden wͻ Yεn ho no, nokorε sε Yε’bεkyerε wͻn Ya’kwan no. Nokorε sε, Nyankopͻn deε ampa sε Ɔka ayεmyεfoͻ anaasε apapafoͻ no ho.