عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Romans [Ar-Room] - Ashanti Translation

Surah The Romans [Ar-Room] Ayah 60 Location Maccah Number 30

Alif – Laam – Miim.

Wͻ mfeɛ tiaa bi akyi. Onyankopͻn hͻ na ahyεdeε a edikan ne deε edi akyire no wͻ. Saa da no na agyidiefoͻ no nso ani bεgyeε.

Onyankopͻn mmoa, Ͻde boa obi a Ͻpε, Ͻno na Otumi ade nyinaa yε, Mmͻborͻ-hunufoͻ Hene ne no.

Anaasε wͻnntu kwan wͻ asaase no so nhwε sεdeɛ wɔn a wɔdii wͻn anim kan no awieε si wieε? Na wͻn ho yε den kyεn wͻn (Quraishfoͻ no), wͻfuntam asaase no tuu mu agudeε, dͻre hyεε asaase so mma kyεn sεdeε wͻn ahyε asaase no so mma no; wͻn asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn. Nyankopͻn deε Wanyԑ wͻn bᴐne, na mmom wͻn ara na wͻyԑԑ wͻn ho bᴐne.

Enti bͻ Nyankopͻn abodin wͻ εberε a adeε bεsa mo, ne εberε a adeε bεkye mo;

Ɔno na Ɔyi ateasefoͻ firi awufoͻ mu, εna Ɔyi awufoͻ nso firi ateasefoͻ mu, εna Ɔnyane asaase wͻ ne wuo akyi. Saa ara na mobɛpue (afri asaase mu) aba (wͻ Daakye Atemmuda).

Na obiara a ɔwɔ ɔsoro ne asaase no wɔ Nyame (yɛ Onyankopɔn dea), wɔn nyinaa yɛ osetie ma Onyankopɔn.

Daabi, wͻn a wͻdi bͻne akyi no di wͻn apεdeε hunu akyi a nimdeε biara nni mu. Enti hwan na ͻbεkyerε obi a Nyankopͻn ayera no no kwan? Saa (nkorͻfoͻ no) nni boafoͻ.

Monfa mo ho ma no korakora wͻ adwen sakra mu, na monsuro no, na monfrε Nyame wͻ ne berε mu, na monhwε na moankͻka wͻn a wͻyɛ (Nyame ho) matahoo no ho,

Sε ͻhaw bi to nnipa a, wͻsu frε wͻn Wura Nyankopͻn, brε wͻn ho ase ma no; na sε Ɔma wͻka ahummͻborͻ bi firi Ne hͻ hwε a, wobɛhunu sε wͻn mu bi de biribi abata wͻn Wura Nyankopͻn ho,

Anaasε Yɛasiane tumii anaasε nyinasoͻ (Nwoma) bi ama wͻn a wͻgyina so de kasa fa deε wͻde abata Nyankopͻn ho no ho?

Sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi hwε a, na wͻn ani agye wͻ ho; na sε bͻne bi to wͻn wͻ dwuma a wͻn nsa adi ato wͻ anim no ho nti a, wobɛhunu sε wͻn aba mu abuo.

Enti monfa abusuafoͻ asεdeε ma wͻn, (na monfa) ahiafoͻ ne akwantufoͻ (nso asεdeε ma wͻn). Saa na εyε paa ma wͻn a wͻrepε Nyankopͻn hͻ animuonyam no. Saa nkorᴐfoᴐ no ne nkonimdifoͻ no.

Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo, εna Ɔbͻ mo akͻnhoma, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na afei Wasan anyane mo aba nkwa mu (bio). Enti wͻn a mode wͻn bata (Nyame) ho no betumi ayε woi nom mu bi? Kronkron Hene ne no, Ɔkorͻn kyεn deε wͻde bata Ne ho no.

Bͻne rekᴐso wͻ asaase so ne ͻpo so εnam deε nnipa nsa ayε nti, sεdeε Ɔbεma wͻn aka deε wͻn ayε no mu bi ahwε, sεdeε εbεyε na wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn bͻne no ho).

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Montu kwan wͻ asaase no so na monhwε sεdeε wͻn a wͻdii kan no awieε si wieε”. Na wͻn mu dodoͻ no ara yε (nnipa) a wͻde biribi bata Nyankopͻn ho.

Enti fa w’ani kyerε ͻsom (Islam) a εtenee na edi mmu na esi pi no, ansa na Ɛda a efri Nyankopͻn hͻ no a (obiara) ntumi nsi ho kwan no aba. Saa Da no yεbεkyekyε wͻn mu akuo akuo.

Obi a ͻbɛyi boniayε no, ne boniayε no da ͻno ara so, na obi a ͻbɛdi dwuma pa no, wͻn kraa na wͻresiesie (asetena pa) ama no.

Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε, Ɔsoma mframa sε anigyesεm sεdeε Ɔbεma mo aka N’ahummͻborͻ no mu bi ahwε, ne sεdeε nsuom hyεn bɛtumi anante wͻ N’ahyεdeε mu, ne sεdeε mo bεhwehwε N’adom na mobɛyi ayε.

Sε Yεsoma mframa (a εsεe wͻn mfudeε no), na wͻhunu sε (wͻn mfudeε no) aboto wͻ akyire yi (a nsupa tͻ maa wͻn mfudeε yεε fεfεεfε no a) wͻyi boniayε.

Enti (Nkͻmhyεni), wontumi mma awufoͻ nte asεm, na wontumi nso mma asosifoͻ nte frε no wͻ abrε a wͻadane wͻn akyi ama rekͻ.

Wontumi nkyerε anifirafoͻ nso kwan mfri wͻn yera no mu. Nea wobɛtumi ama no ate ne obi a ͻgye Yεn nsεm no die na wͻyε Muslim (brε wͻn ho ase ma Nyankopͻn).

Nyankopͻn na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a na moyε mmrε (tesε nkͻdaa a na monni ahoͻden), εna mo mmrε yε akyiri no Ͻmaa mo ahoͻden, εna ahoͻden no akyiri no (Ɔma mo san) yε mmrε fu dwono (bͻ nkͻkora posoposo). Ɔbͻ deε Ɔpε. Ɔne Onimdefoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no.

Ɛda a Dͻnhwere no bɛsie no, abͻneεfoͻ no bɛdi nse sε: Wͻtenaa (wiase) bεyε sε dͻnhwere baako pε bi. Saa ara na na wͻdane wͻn ho firi kwan pa no so, di atorͻ, yε nneεma a εmfata.

Enti saa Da no deε, wͻn a wͻdi bͻne no kyεwpa no ho mma mfasoͻ, na yεmma wͻn kwan (sε wͻbεpa kyεw) anaasε wͻbεsrε bͻnefakyε.

Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε. Nokorε sε Nyankopͻn bͻhyε no yε nokorε; na εmma wͻn a wͻn adwen nnsi wͻn pie no mmͻ wo ngu anaasε wͻmmu w’aba mu.