عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Luqman [Luqman] - Ashanti Translation

Surah Luqman [Luqman] Ayah 34 Location Maccah Number 31

Alif – Laam – Miim.

Woi yε Nyansa, adwen ne nimdeε Nwoma no mu nsԑm.

Ɛyε kwankyerε ne ahummͻborͻ de ma apapafoͻ no-:

Saa nkorͻfoͻ no na wͻnam kwan tenenee a efiri wͻn Wura Nyankopͻn hͻ no soͻ, na saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

Nnipa no mu bi wͻ hͻ a wͻkͻtͻ ahuhusεm a nimdeε biara nni mu, sεdeε wͻde bεyera (amanfoͻ) afiri Nyankopͻn kwan no soͻ, na wͻfa (Nyankopͻn kwan no sε) agorͻ. Saa nkorͻfoͻ no benya animguaseε asotwee.

Sε yεrekenkan Yεn nsεm no kyerε no a ᴐde ahomasoᴐ dane ne ho kͻ, yε sεdeε ͻntee koraa, tesε deε akraa bi wͻ n’aso mu. Enti (Nkͻmhyεni), fa asotwee yaaya no hyԑ (saa nipa ) no bᴐ.

Emu na wͻbεtena afe bᴐᴐ. Ɛyε Nyankopͻn bͻhyε a εyε nokorε. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.

Ampa sε, Yεmaa Luqmaan adwen ne Nyansa, (na yεka kyerεε no) sε: “Yi Nyankopͻn ayε. Na obi a ɔbɛyi Nyankopͻn ayε no, oyi ayε no de ma ͻno ara ne ho. Obi a ɔbɛyi boniayε no nso, nokorԑ sԑ Onyankopͻn ne Ͻdefo , Ɔne Ayeyie Wura “

Kae εberε a Luq’maan ka kyerεε ne ba wͻ εberε a na ͻretu no foͻ no sε: ”Meba, hwε yie na woamfa biribi ammata Nyankopͻn ho. Nokorε sε, biribi a yεde bata Nyankopͻn ho no yε bͻne kεseε paa

Yɛatu onipa fo sε ͻnyε ayεmyε ma n’awofoͻ. Ne maame nyinsεn no wͻ ahometeε akyiri ahometeε mu, na mfie mmienu mu na yεde maa no nufoͻ. Enti fa aseda ma Mene w’awofoͻ. Me hͻ ne (obiara) nnkyi.

“Meba, (deε wobεyε biara), sε emu duro tesε wisa aba, na sε εwͻ ͻbotan mu anaasε εwͻ soro anaasε asaase mu mpo a, Nyankopͻn de bεba (ama wabu ho akonta). Nokorε sε Nyankopͻn yε Onitefo (wͻ atemmuo mu), na Ɔne biribiara ho amanebͻfoͻ.

Me ba, frε Nyame wͻ ne berε mu, na hyε (amanfoͻ) ma wͻnyε papa, na bra (amanfoͻ) ma wͻn ntwe wͻn ho mfiri amumu yε ho; na si aboterε wͻ deε εbεto woͻ (biara) ho. Nokorε sε, woi ne asεm no deε edi mmu paa.

Hwε na woanyi w’ani amfri amanfoͻ so ammu wͻn animtia, na εmfa ahomasoͻ nnante wͻ asaase no so. Nokorε sε, Nyankopͻn mpε obi a ͻgye ne ho die na otu ne ho no asεm.

Na to wo bo ase anaa ma wonanteε nyε hͻ-ne-hͻ, na brε wo nne nso ase. Nokorε sε, εnne a (amanfoͻ) mpε koraa ne afunumu nne “.

Obia ͻbɛyi boniayε no, εmma ne boniayε no nnyε wo awerεho. Yεn hͻ ne wͻn nnkyi, na Yεbεbͻ wͻn dwuma a wͻdiiε no ho amaneε. Nokorε sε, Nyankopͻn ne deε εwͻ akoma mu no ho Nnimdefoͻ no.

Yεbεma wͻn agye wͻn ani kakra, na afei Yɛaka wͻn so de wͻn akͻ asotwee a emu yԑ duro no mu.

Deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn deԑ Ͻne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Wura no.

Sε nnua a εwͻ asaase so nyinaa yε twerεdua, εna ͻpo akyiri nso yεde ͻpo foforͻ nson aka ho (ayε no twerε nsuo sε yεretwerε Nyankopͻn asεm) a, anka (nnua no ne ͻpo no bεsa) na Nyankopͻn asεm no nsae. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Mo mmͻeε (a edikan yi) anaasε mo sͻreε (wͻ mowuo akyiri no) tesε honam korͻ pεpεεpε. Nokorε sε, Nyankopͻn Ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, Ohunu (biribiara).

Woi kyerε sε ampa, Nyankopͻn ne Nokorε no, na wͻn a wͻfri N’akyi sufrε wͻn no deε εyε atorͻsεm. Nokorε sε Nyankopͻn ne Okokroko no, Ɔne Ɔkεseε no.

Sε asorͻkye bi tesε nwunu bᴐ kata wͻn so (wͻ ͻpo no mu hͻ) a, wͻsu frε Nyankopͻn wͻ anidie ne ahobraseε mu. Nanso εberε a Yεbεgye wͻn de wͻn aba asaase soͻ no, wͻn mu bi yε bͻne ne papa de fra. Obi a ͻko tia Yε nsεnkyerεnee no ne obia ᴐyԑ nipa bᴐneni, obia onni nkaeԑ.

Nokorε sε, Nyankopͻn hͻ na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ, Ɔno na Ɔma nsuo tͻ, na Onim deε εwͻ (ͻbaa) awodeε mu. Ͻkra biara nnim deε ͻbɛnya no ͻkyena, na ͻkra biara nso nnim asaase korͻ a ͻbɛwu atͻ soͻ. Nokorε sε Nyankopͻn na Onim, Ɔne biribiara ho amanebᴐ Wura.