عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Prostration [As-Sajda] - Ashanti Translation

Surah The Prostration [As-Sajda] Ayah 30 Location Maccah Number 32

Alif – Laam – Miim.

Nwoma yi mu Adiyisεm no, akyinnyeε biara nni ho, efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.

Anaasε wͻka sε, wabͻ ne trim? Daabi, εno ne nokorε no a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ no, sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ no a kͻkͻbͻni biara nnii w’anim kan mmaa wͻn hͻ da no kͻkͻ sεdeε wͻbɛnya kwan kyerε.

Ɔno ne Kokoa mu ne Badwa mu Nimdefoͻ no, Otumfoᴐ no a otumi ade nyinaa yε no, Ahumumᴐborᴐ Hene no -

Afei Ɔyεε no pεpεεpε, εna Ɔhomee Ne honhom guu ne mu; εna Ɔmaa mo (aso a mo de) te asεm, ne (ani a mo de) hunuu adeε ne akoma. (Woi nyinaa mu no) aseda kakraabi na mo de da (no) aseε.

Deԑ wͻka ne sε: “(Enti sε yɛwu) na yεyera wͻ asaase mu a yεbεsan ayε abͻdeε foforͻ bio?” Aane, nanso wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn nhyiamu (da no) nni.

Sε anka worehunu sεdeε abͻneεfoͻ no asisi wͻn tri ase wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim (reka sε): “Yɛ Wura afei deε yɛahunu na yɛate nso, enti ma yεnsan y’akyi nkͻ (wiase) nkɔdi dwuma pa no, nokorε sε (afei deε) yɛagye adi paa.”

Sε Yεpε a anka Yεde onipa biara kwankyerε bεma no (anaasε anka yεbεkyerε onipa biara kwan), nanso asεm a efri Me hͻ no yε nokorε sε: “Mεka Jinn ne nnipa abom de wͻn ahyε Amanehunu gya no mma.

Enti monka (asotwee no) nhwε, εnam sε mo werε firii mo nnε da nhyiamu yi nti. Enti Yεn nso Yε werε bɛfiri mo. Monka daadaa asotwee no nhwε, εnam dwuma a na modie no ho nti.”

Wͻn a wͻgye Yε nsεm no die no ne wͻn a sε yεde Yε nsεm no tu wͻn fo a, wͻde wͻn ho kͻ fͻm de wͻn anim butu fͻm, na wͻbͻ wͻn Wura Nyankopͻn abodin kamfo no, na wͻnyε ahomasoͻ.

(Nyankopͻn ho dͻ nti wͻsͻre anadwo) gya wͻn kεtε, wͻsufrε wͻn Wura Nyankopͻn wͻ ehuu mu ne ani daasoͻ mu, na deε Yεde ama wͻn no nso wͻyi mu bi de ma.

Enti obi a ͻyε gyidini ne obi a ͻyε kohwini (anaa ͻbͻneεni no) yε pε? (Daabi) wͻnyε pε.

Nokorε sε Yεbεma wͻn aka asotwee a εbεn no bi ahwε (wͻ wiase ha), ansa na asotwee kεseε no (aba) sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afri wͻn bͻne mu).

Yεyεε wͻn mu bi nso akandifoͻ a na wͻde Y’ahyεdeε no kyerε (amanfoͻ) kwan εnam aboterε a wͻnyaeε ho nti, na wͻgye Yε nsεm no di.

Enti awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ a wͻdii wͻn anim kan a Yɛasεe wͻn a wͻnenam wͻn atenaeε no, εnyε kwankyerε (anaasε adesua anaasε afutuo) mma wͻn? Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu. Enti wͻnte anaa?

Deε wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa nkonimdie no bεba sε moyε nokwafoͻ ampa a?”