عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Saba [Saba] - Ashanti Translation

Surah Saba [Saba] Ayah 54 Location Maccah Number 34

Aseda wͻ Nyankopͻn no a deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa yε Ne dea no; aseda no san wͻ no wͻ Daakye no nso. Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne biribiara ho Amanebͻ Wura no.

Boniayεfoͻ no ka sε: “Dͻnhwere no mma yεn so biara”. Kasε: ‘’Aane, Mede me Wura, Ahuntasεm mu Nimdefoͻ no di nse sε, εbεba mo so. Deε emu duro ketekete tesε aboboaa a (onipa) ani ntumi nhunu wͻ soro anaasε asaase so anaasε deε esua kyεn saa anaasε deε εso kyεn saa mpa ne ho, na mmom (nenyinaa) wͻ Nwoma pefee no mu.

Nokorε sε Yεde adom a ɛfiri Yεn hͻ maa Dawud, kaa sε: ”Mmepͻ ne nnomaa monka ne ho ne no mmͻ (Nyankopͻn) abodin; na Yεmaa dadeε yεε mmrε maa no.

(Yεka kyerεε no sε): “Yε dadeε akotaadeε a εsoo, na susu nkaa a egu akotaadeԑ no ano no pεpεεpε. Dawud nkorͻfoͻ, monni dwuma pa. Nokorε sε Menim dwuma a modie (nyinaa) “.

Solomon nso (Yεbrεε) mframa (ase) maa no. Mframa no twa bosome kwan wᴐ anᴐpa, ԑna etwa bosome kwan nso anwummerԑ. Yεmaa nsuo aniwa a εyε kͻͻbere a yɛaguo pue maa no. Jinnfoͻ no nso bi wͻ hͻ a wͻyεԑ adwuma wͻ nehͻ wͻ ne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Wͻn mu biara a ͻtwee ne ho firii Yɛn ahyεdeε ho no Yεbεma no aka ogya asotwee no ahwε.

Wͻyεε adwuma maa no sεdeε ͻpε (sii) Nyamedan, (yԑԑ) ahonin ne nwinneε a n’akεseε tesε nhina ne nkukuo akεseε a esisi hᴐ. “Dawud nkorͻfoͻ monfa ayɛyie nyε adwuma”. Nanso Menkoa no mu kakraa bi na wͻyi (Me) ayε.

Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ Sabafoͻ (Sheba) asetena mu. (Na wͻn wͻ) turo mmienu, (baako) wͻ nifa so, εna (baako nso wͻ) benkum so. (Yεka kyerεε wͻn sε): “Monnidi mfiri mo Wura Nyankopͻn akͻnhoma no mu, na monfa ayɛyie mma no; kuro pa mufoͻ, (mo) Wura Nyankopͻn ne bͻnefakyε Hene.

Nanso wͻtwee wͻn ho (firii Nyankopͻn ahyεdeε ho), enti Yεsomaa nsutͻ a ano yε den bi baa wͻn so. Yεsesaa wͻn mfuo mmienu no de mfuo mmienu a εso nnuaba bͻne a εyε nwono ‘Atli’ ne ‘Sidir’ nnua kakraabi hyεε anan mu.

Wei na Yεde tuaa wͻn ka εfa wͻn boniayε no ho nti, na Yεntwe obi aso, gyesε boniayεfoͻ no.

Na wͻn ntam ne nkuro a Yɛahyira wͻn no (ntam nso) Yεmaa nkuro a εda adi pefee bεdaa hͻ, na Yεhyehyεε akwantuo gyinaberε wͻ mu (maa wͻn, εna Yεka kyerεε wͻn sε): “Montu kwan wͻ mu anadwo ne adekyeε wͻ abodwoɔ mu“.

Nanso wͻkaa sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, ma yɛn akwantuo gyinaberε no nware“, na wͻdii wͻn kraa amim na Yεde wͻn yεε asεm-nahͻͻ na Yεtetee wͻn ntam korakora. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema obi a ɔsi aboterε na ɔyi ayε.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Monsu mfrε wͻn a moadwen yε mo sε wͻka Nyankopͻn ho no; wͻnni tumi a emu duro ketekete tesε aboboaa a ani ntumi nhu mpo wͻ soro anaa asaase so, na wͻnni ne mmienu mu kyεfa bi, na (Nyankopͻn) nni ͻboafoͻ bi a ͻfiri wͻn mu.

Dwaatoa nso ho mma mfasoͻ wͻ Nehͻ, gyesε obi a (Nyankopͻn) bεma no kwan. Kɔsi sε ehuu bɛfiri wͻn (Soro abͻfoͻ no) akoma mu, (abͻfoͻ no) bεka sε: ”Asεm bεn na Mo Wura Nyankopͻn kaeε?” Wͻbɛbua sε: ”Nokorε’’. Ɔne Okokroko no, Ɔno ara nso ne Ɔkεseε no”.

(Nkͻmhyεni), kasε: “Hwan na ͻbͻ mo akͻnhoma firi soro ne asaase soͻ?” Kasε: “Nyankopͻn”. Ɛneε nokorε sε yεn, anaasε mo wͻ kwan tenenee paa so anaasε ͻyera pefee mu.

(Nkͻmhyεni), ka sε: Yɛmmisa mo fa yεn fͻdie ho asεm, na yɛmmisa yεn fa dwuma a modiiε no ho asεm.

Ka sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano abom na afei Ɔde nokorε no abu yεn ntam atεn. Ɔne Otemmufoͻ Nokwafoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no“.

Ka sε: “Monkyerε me wͻn a mode wͻn ka (Nyankopͻn) ho sε ahokafoͻ no. Daabi, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.

Deɛ wͻka ne sε: “Ɛberε bεn na saa bͻhyε no bԑba, sε moyε nokwafoͻ ampa a?”

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Me Wura Nyankopͻn bae n’akyεdeε no mu ma obia Ɔpε wͻ Nenkoa no mu, εna Ɔsusu nso ma no; na biribiara a mobɛyi no (Nyankopͻn nti) no Ɔbεhyε anan mu, na Ɔne ɔkyaadeεfoͻ no mu Nea ͻkyε akyεdeԑ pa paa.

Wͻbεka sε: ”Kronkron hene ne Wo (Awurade)! Wone yεn Kyitaafoͻ na εnyε wͻn ne (yεn kyitaafoͻ). Daabi, na wͻsom Jinnfoͻ no, na wͻn na wͻn mu dodoͻ no ara gyee wͻn diiε”.

Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, deε wͻka nesε:” (Muhammad) wei ᴐnyε hwee na mmom (ͻyε) onipa a ͻpε sε ɔsi mo deε na moagya nom som no ho kwan”. Wͻsan nso ka sε: ”(Qur’aan) wei nyε hwee na mmom nkontompo a yɛabͻ yɛn tirim (atwerε)“. Ɛberε (biara a) nokorε bεba boniayεfoͻ no hͻ no, deε wͻka kyerε (nokorε no) nesε: “Wei deε nkonyaa anaa naadaasεm pefee“.

Wͻn a wͻdii wͻn anim kan no faa no nkontomposεm; (Quraishfoͻ) wei nom nnyaa deε Yεde maa (tetefoͻ) no mu nkyεmu du mu baako mpo; nanso wͻbu Me Somafoͻ no nkontomponi. Sεdeε M’abufuhyeε siteε.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ‘’Adeε fua pε na mede tu mo foͻ, εne sε mobεgyina hͻ mmienu mmienu ne mfuamfua ama Nyankopͻn na afei moadwen (Muhammad ho abakͻsεm a ͻne mo de te kuro yi mu ha ho). Mo yͻnko (Muhammad) no ͻmmͻͻ dam, na mmom ͻyε kͻkͻbͻni ma mo wͻ asotwee denden a εda (onipa ne Jinn) anim no ho.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Nokorε sε me Wura Nyankopͻn sane Nokorε no (anaasε Adiyisεm no). (Ɔne) Nsumaeε mu Nimdefoͻ no“.

Kasε: “Nokorε no aba, na nkontompo nsan nhyε aseε, na εnsan nkͻ so bio“.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε mayera (mpo) a meyera me ara meho, na sε manya kwankyerε nso a εnam deε me Wura Nyankopͻn ayi ama me no so. Nokorε sε, Ɔne Mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔno na Ɔbεn (Na’koa biara).

Sε anka worehunu sεdeε ehu bεsi abͻ wͻn, (na saa berε no) dwane kͻbea (biara) nni hͻ a; yεbεsͻ wͻn mu wͻ bea bi a εbεn paa.

(Saa Da no) wͻbεka sε (afei deε) yɛagye adi; na εbεyε dεn na wͻbɛnya (gyidie) wͻ baabi akyirikyiri (saa)?

Nokorε sε wͻannye (Asεm) no anni wͻ mfitiaseε no, na wͻde (wͻn) adwen ka nsumaeε mu nsεm a ɛfiri baabi akyirikyiri no ho asεm.

Ntwaremu bɛtware wͻn ne deε wͻpε paa no ntam sεdeε yεde yεε wͻn sεso foͻ no a wͻdii kan no. Nokorε sε (εberε a na wͻn wͻ wiaseε no) na wͻn adwen nsipi koraa (wͻ Wusͻreε no ho).