عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Ya Seen [Ya Seen] - Ashanti Translation

Surah Ya Seen [Ya Seen] Ayah 83 Location Maccah Number 36

Yaa siin.

Nyankopͻn de Qur’aan a Nyansa ne adwen ahyε mu mma no di nse sε:

(Nkͻmhyεni), nokorε sε woka Asomafoͻ no ho;

(Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Otumfoͻ, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ,

Sεdeε wode bεbͻ amanfoͻ a yɛammͻ wͻn agyanom kͻkͻ no a, enti wͻn werε afri (wͻn ho) no kͻkͻ.

Nokorε sε, Yεde dadewεmfoͻ agu wͻn kͻn mu abεpem wͻn abͻdwe, enti wͻn ti apagya hwε soro (a wͻntumi nsi wͻn tri aseε).

Nea εsεsε wobͻ no kͻkͻ ne obi a odi Afutusεm (Qur’aan) no akyi, na osuro Ahummͻborͻ Hene no wͻ kokoa mu. (Nkͻmhyεni), Fa bͻnefakyε ne Animuonyam akatua kεseε no ho bͻhyԑ ma (saa nipa) no.

Nokorε sε, Yεn na Yɛnyane awufoͻ no, na Yεtwerε deε (adasamma ayε) de ato (wͻn) anim ne (faako a) wͻn anamͻn (anante akͻduru biara), na Yɛasese biribiara wͻ Nwoma pefee no mu.

Ɛberε a Yεsomaa (Asomafoͻ) mmienu kᴐᴐ wͻn hͻ no, wͻannye wͻn anni, enti Yεde deε ͻtͻso mmiεnsa bεfoaa wͻn so; na wͻka kyerεε (kuro no mu foͻ no) sε: “Nokorε sε, yεyε mo asomafoͻ’’.

(Asomafoͻ no) kaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn Nim yie sε, nokorε, yεyε Asomafoͻ ma mo,

Y’adwuma ara ne sε, yεbεbͻ (Asεm no ho) dawuro akyerεkyerε mu.

(Antiokfoͻ no) kaa sε: ‘’Yɛhunu sε mo yε mmusuo ma yεn, enti sε moanyae (mo nsεm no ka) a, yεbɛsi mo aboͻ, na yεde asotwee a εyε ya paa a efiri yεn hͻ atwe mo aso.

(Asomafoͻ no) kaa sε: “Mo mmusuo no firi mo ara mo hͻ, sε anka moredwen a. Daabi, mo yε nnipa nsεmmͻnedifoͻ.

Ɔbarima bi (Habiib Najaar) de ahoͻherε fri kuro no akyirikyiri baabi bae bεkaa sε: “Menkorͻfoͻ, moni Asomafoͻ no akyi.

Moni wͻn a wͻmmisa mo (nsεmpa a wͻreka kyerε mo) no ho akatua no akyi, efrisε wͻyε ateneneefoͻ.

Ԑdeεn nti na εnsεsε mesom (Nyankopͻn) no a Ɔbͻͻ me, na Ne hͻ na mobεsan akͻ?

Menfri N’akyi mfa anyame (foforͻ nsom wͻn wͻ aberε a) sε Ahummͻborͻ Hene Nyankopͻn pε me bͻne anaa ͻhaw bi a, (anyame no) ntwitwagyeε ho mma me mfasoͻ biara, na wͻntumi nnye me nso?

(Sε meyε saa a), εneε na nokorε sε, mewͻ ͻyera pefee paa mu.

Nokorε sε magye mo Wura Nyankopͻn no adi enti montie me”.

Yεka kyerεε no sε: ”Wura Soro Aheman no mu. (Habiib) kaa sε: “Sε anka me nkorͻfoͻ no nim-

Sεdeε me Wura Nyankopͻn de me bͻne akyε me, na Ɔde me aka animuonyamfoͻ no ho a”.

Na mmom εyε nteamu fua pε (na Nyankopͻn maa Ɔbͻfoͻ Gabriel bεteaa mu guu wͻn soͻ), na hwε, wͻn (nyinaa) tεm dinn (a wͻn awuwuo).

Nokorε nso sε wͻn mu biara, (wͻn) nyinaa Y’anim na wͻbεsan aba.

Sεdeε wͻbɛdi ne nnuaba no; (woi nom nyinaa) εnyε wͻn nsa na wͻde yͻeε. Enti wͻn (nhwε ho) nna (Nyankopͻn) ase?

Kronkron Hene ne Nea Ɔbͻͻ adeε a εwͻ asaase so nyinaa mmienu-mmienu (onini ne bedeε), ne wͻn ara mu nso (saa ara na yɛabͻ wͻn onini ne ͻbedeε), ne adeε a wͻnnim nso mu.

Bosome nso Yɛahyehyε soε berε ama no kͻpem sε εbεsan ayε sε akyiresua papa dadaa a awoͻ na akoa.

Sε Yεpε a, anka Yεbεma wͻn amem na wͻnya obi a wͻbɛsu afrε no anaa obia ɔbεgye wͻn.

Mmom εyε ahummͻborͻ a efiri Yεn nkyεn, ne anigyedeε de kͻpem εberε ( a yɛahyε).

Sε yεka kyerε wͻn sε: “Monyi deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ma a, wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: ”Yεmͻ wͻn a sε Nyankopͻn pε a Ɔbɛtumi abͻ wͻn akͻnhoma no akͻnhoma? (Kaafirfoͻ no ka kyerε agyidiefoͻ no sε): “Nokorε sε mowͻ ͻyera pefee paa mu “.

Wͻka nso (kyerε agyidiefoͻ no) sε: “Sε mo yε nokwafoͻ ampa a, dabεn na saa bͻhyε no (bεba)?”

Enti deε (boniayεfoͻ no) retwεn ara ne Nteamu fua pε no?. Ɛbεsͻ wͻn mu wͻ εberε a wͻregye akyinnyeε!

Sε yεbͻ totorobεnto no mu (deε etwa toͻ no) a, wobɛhunu sε wͻde ahoͻhare firi adaka-mena mu rekͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ.

(Saa Da no boniayεfoͻ no) bεka sε: ”Adi ayε yεn! Hwan na wanyane yεn afiri faako a yεda yi? (Soro abͻfoͻ anaasε agyidiefoͻ no bɛyi wͻn ano sε): “Woi na Ahummͻborͻ Hene no hyεε ho bͻ no. Asomafoͻ no asεm no ayε nokorε”.

Nokorε sε saa Da no, Soro Aheman no mu foͻ no bεgye wͻn ani papaapa (anaasε anigyeε bεgye wͻn adaagyeε).

Nnuaba (ahodoͻ nyinaa bi) wͻ hͻ ma wͻn, na wͻnsa bεka deε wͻbɛbisa biara.

‘Salaam!’ Asomdwoeε ne kasa a efiri Mmͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ.

Sε Yεpε nso a anka Yεbεsesa wͻn wͻ wͻn tebea mu (ama wͻn adane tesε mmoa anaasε biribi) a wͻntumi nkeka wͻn ho na (wͻn nkͻ nso) wͻmma.

Obia Yεma no nkwa tenten no Yεsan no ba akyire wͻ mmͻeε no mu (ma n’ahoͻden akyi no ͻbεyε mmrε). Enti wͻnni nteasε?

Sεdeε ͻde bεbͻ obi a ͻte aseε kͻkͻ, na asεm no ayε nyinasoᴐ atia boniayεfoͻ no.

Ɛna Yɛabrε wͻn ase ama wͻn a, emu bi wͻforo tena wͻn so, εna emu bi nso wͻwe (wͻn nam).

Ɛna wͻnya mfasoͻ (pii) wͻ wͻn ho, ne anomdeε (tesε nufusuo). Enti wͻn (nhwε ho) nyi (Nyankopͻn) ayε?

Wͻntumi mmoa wͻn, na mmom yεde wͻn bεba sε εdͻm (ama wako atia wͻn a wͻsom wͻn no wͻ atemmuda).

Enti (Nkͻmhyεni), εmma wͻn nsεmkeka no nnyε wo awerεho, nokorε sε Yɛnim deε wͻde suma ne deε wͻda no adie (nyinaa).

Ɔde Yεn yε mfatoho ma ne werε firi ne mmͻeε (ahyԑase). Ɔka sε: “Hwan na ɔbɛnyane nnompe a ahunu?’’.

(Nkͻmhyεni) Ka sε: “Nea Ɔbͻͻ no wͻ εberε a edi kan no, (saa Tumfoͻ no) ara na Ɔbɛnyane no, na Ɔne abͻdeε biara ho Nimdefoͻ.