عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Those who set the ranks [As-Saaffat] - Ashanti Translation

Surah Those who set the ranks [As-Saaffat] Ayah 182 Location Maccah Number 37

Mede (Soro abͻfoͻ) a wato santen (resom Nyame),

Ne wͻn a wͻde anibereε bͻ kͻkͻ. (Anaasε) Soro abͻfoͻ a wͻka mununkum so wͻ kwan pa soͻ,

Ne wͻn a wͻkenkan Afutusεm no, di nse sε:

Nokorε, mo Wura Nyankopͻn, Ɔyε baako.

Wͻnte (ͻsoro abͻfoͻ) badwa a εkorͻn no mu nsεm, efrisε, yεto (nsoromma) fri bea biara de bͻ wͻn,

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), εyε wo nwanwa (sε saa nkorͻfoͻ no ani tua Nyankopͻn tumi nanso wͻnnye nnie) na wͻredi (wo ne Qur’aan ho) fεw.

Sε yɛtu wͻn fo a wͻntere fo, (anaa wͻnfa afutuo no nyε adwuma).

Sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi (firi Nyankopͻn hͻ a) wͻde di fεw.

Deε wͻka ara ne sε: “Woi deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm pefee.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Aane! Na yεbεbrε mo ase agu mo anim ase.

(Yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): “Momoaboa wͻn a wͻyεε bͻne no ne wͻn ahokafoɔ (a wɔwɔ abonsamfoɔ no mu) ne deε wͻsomeε--

– Wͻ Nyankopͻn akyi no ano, na monkyerε wͻn kwan nkͻ Amanehunu gya no ho.

Moma wͻn nyina hͻ, nokorε sε wͻn wͻ nsεmmisa.

Ɛdeεn na εha mo a (afei deε) mommoa mo ho mo ho (sεdeε na moyε no wͻ wiaseε no?)

Wͻbεka sε: ”Mo na na mofiri nifaso (anaasε na mo ne mpanimfoͻ a) moba yεn hͻ (bɛtu yεn fo bͻne).

(Wͻn mu mpanimfoͻ no nso) bɛbua wͻn sε: “Daabi, moara nso na monyε agyidiefoͻ,

Enti yɛ Wura Nyankopͻn asεm no ayε nokorε atia yεn; nokorε sε yεbεka (asotwee no) ahwε.

Nokorε sε saa Da no, wͻbεkyε asotwee no, (anaasε obiara bɛnya ne kyεfa sɛdeɛ ne dwuma bɔne a odiiɛ teɛ).

Nokorε sε, na yεka kyerε wͻn sε Awurade foforͻ biara nni hͻ ka Nyankopͻn ho a, na wɔreyε ahomasoͻ.

Daabi, (Muhammad) de Nokorε no aba a ͻde bεhyε asomafoͻ no (nsεm) no mma.

Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya akͻnhoma a yɛahyehyε ato hͻ no—

(Ebi ne) Nnuaba; na yεbεhyε wͻn animuonyam –

Wͻbεtena Ahennwa a (ebi) hwε (ebi) anim so.

Ɛmma wͻn ͻhaw (tesε tipaeε anaa yafun keka anaa adwen sεeε biara) na wͻmmoro nso.

Mmaa nso a wͻbͻ wͻn nhwε anaa wͻn ani ho ban, a wͻn ani akεse-akεse fεfεεfε bεka wͻn ho.

Wobεka sε (saa mmaa no yε) kosua a yɛahwε so yie paa.

Wͻn mu nea ͻbεkasa no bεka sε: “Nokorε sε na mewͻ adamfoͻ bi -

Na ͻka sε: “Enti nokorε sε woka wͻn a wͻgye (Wusͻreε no) die no ho?

Sε yɛwu na yεyε mfuturu ne nnompe a yεbɛtua yεn (dwumadi papa ne yεn dwumadi bͻne no so) ka?”

(Obi) bεka sε: ”Monnhwε (aseε hͻ)?”

Na ͻhwεε (aseε hͻ) no, ohunuu no wͻ Amane-hunu gya no mfimfii.

Ɔbεka sε: ”Medͻ Nyame sε, εkaa kakraabi sε anka wode me kͻͻ ͻsεeε mu.

Sε εnyε me Wura Nyankopͻn adom nti a, anka meka wͻn a yεde wͻn baa (Amane-hunu gya no) mu no ho.

(Soro aheman no mu foͻ no bεka sε): “Enti yɛnwu (bio)?

Woi sεso nti, wͻn a wͻredi dwuma (pa) no nni dwuma (pa) mfa ma.

Na akyire yi nokorε sε, yεbεma wͻn nsuohyeε a adi afra (anom) agu so.

Ampa nso sε Yεsomaa kͻkͻbͻfoͻ firi wͻn mu (baa wͻn hͻ bεbͻͻ wͻn kͻkͻ.)

Enti hwε sεdeε wͻn a yεbͻͻ wͻn kͻkͻ (na wͻantie kͻkͻbͻ no ) awieε si wieε.

Na mmom Nyankopͻn nkoa a wͻdi nokorε no deε, (wͻbɛnya ͻgyeε).

Ampa nso sε Noa su frεε Yεn; na nnyeso pa paa na Yεde gyee (no) soͻ.

Nokorε sε ne nkorͻfoͻ a (wͻdii n’anamͻn soͻ) no bi ne Abraham.

Ɛberε a ͻde akoma pa a emu teε baa ne Wura Nyankopͻn hͻ.

Ɛberε a ͻka kyerεε n’agya ne ne nkorͻfoͻ sε: “Ɛdeεn na moresom yi?

Mo adwen ne sεn wͻ Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no ho? “

(Abraham) danee ne ho kͻͻ wͻn abosom no ho ka kyerεε (abosom no) sε: “Monni di?

Ɛdeεn na εha mo a enti monkasa yi? “

Ɔdane ne ho kͻͻ wͻn so de (ne) nsa nifa bobͻͻ wͻn.

(Abraham) kaa sε: “Mosom adeε a (moara mode monsa) asene?

Aberε a Nyankopͻn na abͻ mo, ne adeε a moyͻ no “.

(Ne nkorͻfoͻ no) kaa sε: “Monsi (fononoo) dan ma no na monhye no wͻ gya tanaa no mu.

Ɔkaa sε: “Medeε merekͻ me Wura Nyankopͻn hͻ na Ɔbεkyerε me kwan”.

Enti Yεde abͻfra a ͻwͻ ntoboaseε hyεε no bͻ.

Ɛberε a (abͻfra no) duruu (sε wanyin a) ͻbεka ne ho (aboa no) adwuma no, (Abraham) kaa sε: “Me ba, mahunu wͻ me daeε mu sε meretwa wo mene (de wo abͻ afͻdeε ama Nyankopͻn) enti kyerε deε wadwen yε woͻ. (Abͻfra no) kaa sε: ”M’agya, yε sεdeε yɛahyε woͻ no, na sε Nyankopͻn pε a wo bɛhunu sε meka aboterεfoͻ no ho “.

Enti εberε a wͻn mmienu brεε wͻn ho ase (maa Nyankopͻn ahyεdeε), na (Abraham) de no too hͻ wͻ (ne) momasoͻ no,

Na Yεde afͻrebᴐ deε kεseε bi (odwan paa a otua dua) sii n’anan,

Na yɛgyaa no de maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ no din pa).

Yεde Is’haaq, nkͻmhyεni a ͻka apapafoͻ no ho no (awoͻ ho) bᴐhyԑ maa no.

Na Yɛgyaa wͻn de maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ wͻn din pa).

Ɛberε a ͻka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: ”Enti monnsuro Nyankopͻn?

“Mosu frε (ͻbosom) Baal, εna motwa Nea Ɔbͻͻ adeε (nyinaa) yie no gya -

Nanso wͻanye (Elia) anni, enti nokorε sε yεde wͻn bεba (asotwee no mu).

Na Yɛgyaa no de maa nkyirimma (maa wͻbͻͻ no din pa).

Gyesε (ne yere) aberewa no; na ͻka wͻn a wͻkaa akyire no ho.

(Ɔpenee so ne wͻn) twee ntonto, na ͻkaa wͻn a wᴐdii nkuguo no ho.

Enti adwene (kεseε) no menee no, na na ͻfata soboͻ.

Nokorε sε, sε na ͻnka wͻn a wͻbͻ (Nyankopͻn) abodin no ho a,

Na Yεtoo no twenee wͻ mpoano petee bi mu a (saa berε no na) ͻyareε.

Na wͻgye dii, enti Yεbͻͻ wͻn akͻnhoma (anaa Yεmaa wͻgyee wͻn ani) kͻpem εberε bi.

Enti bisa wͻn sε: “Wo Wura Nyankopͻn wͻ mma mmaa, εna wͻn nso wͻn wͻ mma mmarima?

“Nyankopͻn awo ba? Nokorε sε wͻyε nkontompofoͻ”

Enti (Nyankopͻn) pε mma mmaa asεm kyεn mma mmarima?

Kronkron Hene ne Nyankopͻn, (Ne ho te) sε wͻde biribi susu no no.

Enti nokorε sε, (abosomsomfoͻ), mone deε mosom no (nyinaa) -

-Montumi nyε suntidua (anaa montumi nyera obiara mma) entia Nyankopͻn,

Gyesε obi a (yɛahyehyε sε) ͻbεhye wͻ gya frama no mu.

Yԑn (soro abͻfoͻ), yԑn mu biara wᴐ bea bi a yɛahyehyԑ ama no.

Nokorε nso sε yεn na yεbͻ (Nyankopͻn) abodin paa.

Anka yεbεyε Nyankopͻn asomfoᴐ nokorεfoͻ no mu bi “.

Nanso (afei a Qur’aan aba wͻn hͻ no nso) wͻnnye nni, enti sεdeε εteε biara no wͻbɛhunu.

Enti (Nkͻmhyεni), twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi.

Sε esiane ba wͻn fie adihͻ a, εbεyε anͻpa bͻne ama wͻn a yɛabͻ wͻn kͻkͻ no.

Enti wodeε twe wo ho firi wͻn ho kͻpem εberε bi,

Na wodeԑ hwε, na εnkyε koraa w’bɛhunu (asotwee no).

Kronkron Hene ne wo Wura Nyankopͻn, Tumi ne Animuonyam Wura ne no (Ne ho te sen) sεdeε wͻsusu no no.