عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Sad [Sad] - Ashanti Translation

Surah Sad [Sad] Ayah 88 Location Maccah Number 38

Soaad. Mede Qur’aan a afutusεm ahyε mma no di nse.

Awoͻ ntoatoasoͻ dodoͻ sεn na edii wͻn anim kan a Yɛsεe wͻn? Wͻsui wͻ εberε a na dwane-kͻbea biara nnihͻ no.

Ɛyε (abosomsomfoͻ no) nwanwa sε kͻkͻbͻni fri wͻn mu aba wͻn hͻ. Deε boniayεfoͻ no ka nesε: “Woi yε nkonyaayini, nkontomponi paa”.

Wͻn mu mpanimfoͻ no nenam ke ka sε: “Monkͻ na monyina pintinn wͻ mo abosomsom no so. Nokorε sε, woi ne adeε a ͻrepε (ayε de atia mo).

Enti yεn mu ͻno (nko ara na ᴐfata sε) yɛsiane Afutusεm no ma no? “Daabi, (boniayεfoͻ no) adwen nnsi pi wͻ M’afutusεm no ho. Daabi, wͻnya nkaa asotwee no nhwεe nti.

Anaasε wo Wura Tumfoͻ, Ɔkyε adeε Hene no ahummͻborͻ akoradeε wͻ wͻn hͻ anaa?

Anaasε ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no ahennie no wͻ wͻn? (Sε εwͻ wͻn deε a,) εneε wͻnfa kwan bi so mforo (nkͻ soro hͻ).

Wͻyε εdͻm a wͻbɛdi nkoguo sεdeε Akuo-akuo dͻm a wͻdii kan no (dii nkoguo no).

Noa nkorͻfoͻ ne Aadfoͻ ne Farao, owura a na ͻbͻ (nnipa) pa mu no, dii wͻn anim kan faa (Asomafoͻ no) atorofoᴐ.

Wͻn mu biara (nnihͻ a wͻgye diiε), na mmom wͻbuu Asomafoͻ no atorofoͻ, enti M’asotwee no yεε nokorε.

Deε (Kaafirfoͻ) woi nom rentwεn ne (Totorobεnto) nteamu baako pε a ntwentwεnsoͻ biara nni ho no.

Wͻka (de di fεw sε): ”Yɛ Wura Nyankopͻn fa yεn kyεfa (wͻ asotwee no mu) ma yεn ntεm ansa na Nkontabuo da no (aba)“

(Nkͻmhyεni), si aboterε wͻ deε wͻrekeka no ho, na kae Y’akoa Dawud a na ͻwͻ tumi no. Nokorε sε ͻdanee ne ho (nyinaa) de maa (Me).

Nnomaa nso boa wͻn ho ano (ne no tontom Me). Obiara yεε sotie maa no.

(Nkͻmhyεni), wate mansotwefoͻ no asεm no? Ɛberε a wͻforo fasuo no baa (Dawud) pie mu hͻ no.

Nokorε sε me nua woi, ͻwͻ nnwan bedeε aduͻkron-nkoron, εna menso me wͻ odwan bedeε baako. Ͻse menfa (medeε baako no nso) mma no, na n’ano yε den wͻ kasa mu kyεn me”.

(Dawud) kaa sε: “Wayε wo bͻne sε obisaa wo dwan bedeε sε wonfa (nka) ne nnwan bedeε ho. Nokorε sε wͻn a wͻka wͻn ho bom (yε adwuma no mu) pii taa sisi wͻn ho-wͻn ho, gyesε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no, na (saa nnipa no mpo) wͻyε kakraabi. Dawud hunuu sε Yɛasͻ no ahwε, enti ͻsrεε ne Wura Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε, na ͻde ne ho kͻͻ fͻm de n’anim butuu fͻm, na ͻdanee ne ho maa (Nyankopͻn).

Yεde Solomon kyεε Dawud. Akoa pa paa ne no. Nokorε sε, ͻdanee ne ho nyinaa maa (Nyankopͻn).

Ɛberε a yεde apͻnkͻ a yɛayεn wͻn yie na wͻn ho yε hare brεε no (dabi) anwummerε no,

Ɔkaa sε: “Nokorε sε madͻ nnepa ama abroso akyεn me Wura Nyankopͻn ho adwendwen akosi sε (awia) akͻ wura (anadwo} ntware mu akyi {anaasε awia akͻtͻ).

Monfa wͻn nsan merε me; na ͻhyεε aseε de ne nsa fefaa wͻn nnan ho ne wͻn kͻn ho.

Nokorε sε Yεsͻͻ Solomon hwεe na Yεde honam (hunu) tenaa n’akonnwa so, enti ͻdanee ne ho maa Nyankopͻn.

Ɔkaa sε: ”Me Wura Nyankopͻn, fa me bͻne kyε me, na ma me ahennie a εmfata mma obiara wͻ m’akyi; nokorε sε Wo ne Ɔkyε adeε Hene no.

Enti Yεbrεε mframa ase maa no; εbͻͻ bͻkͻͻ wͻ ne nhyε mu wͻ faako a ͻpε (sε mframa no mͻ nkͻ) biara,

(Yεsan) nso (brεε) abonsamfoͻ no ne adansifoͻ ne asukͻdͻfoͻ nyinaa-,

Ne (abonsamfoͻ) a aka a na yɛagu wͻn mpokyerε no (nyinaa ase maa no).

(Onyankopͻn ka kyerεε Solomon sε): “Woi yε Y’akyεdeε, fakyε anaasε mfankyε, (wo) mmu ho akonta (biara).

(Nyankopͻn kakyerεε no sε): ”Fa wonan pem fͻm, Woi yε nsuo nyunyuuyunu a yεde dwareε na yεnom.

Na Yεde n’abusuafoͻ no maa no, san de ne sεso kaa wͻn ho, (woi yε) ahummͻborͻ a efiri Yεn hͻ, na εsan nso yε afutusεm de ma mmadwemmafoᴐ no .

(Yεka kyerεε Ayuub sε): “Fa berε (anaa εserε wira) wo nsa mma na fa bͻ (wo yere no) na hwε na wanyε bͻne anaa wammu bͻhyε so; na Yɛhunuu (Ayuub) sε (ͻyε onipa a) ͻwͻ aboterε. Nokorε sε akoa pa paa ne no. Nokorε sε ͻde ne ho nyinaa maa Onyankopͻn.

Na kae Yε nkoa Abraham ne Is’haaq ne Ya’aquub. Nokorε sε na wͻyε nnipa a wͻn wͻ ahoͻden (wͻ Nyamesom mu) na wͻn wͻ anisoade-hunu nso.

Nokorε sε Yɛyii wͻn yεε wͻn sononko maa wͻde Daakye asetena no ho adwen sii wͻn ani so.

Wͻbεdwodwo wͻn ho wͻ hͻ, na wͻbεfrε ama yεde nnuaba ahodoͻ pii ne anomdeε (abrε wͻn) wͻ hͻ.

(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Woi na yεhyεε mo ho bͻ wͻ Akontabuo da no”.

Woi (wͻ agyidiefoͻ no). Nokorε sε asoͻdenfoͻ no wͻ nnkyi bͻne.

Amanehunu gya no na wͻbεkͻ mu, na ahomegyebea bͻne paa ne hͻ.

Saa ara na εteε! Enti mo ma wͻnka nsuohyeε ne akuro mu nsuo kankankan no nhwε.

Ne (asotwee) a εtete saa no ahodoͻ (na εbεto abͻneεfoͻ no).

(Wͻn a wͻdii mpanimfoͻ no akyi no bεka akyerε mpanimfoͻ no) sε: “Daabi, mo nso yɛamma mo akwaaba! Mona mode woi too animu maa yεn”. Asetena bͻne paa ne hͻ.

Wͻbεka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, deε ͻde woi too y’anim maa yεn no, fa asotwe no bi ka ne ho mmͻhoo wͻ Amanehunu gya no mu “.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Medeε meyε kͻkͻbͻni, na Awurade (foforͻ) biara nni hͻ, gyesε Onyankopͻn Baako no, Opumpuni no a Ɔkorͻn boro biribiara soͻ no.

Ka sε: “(Qur’aan yi mu nsεm no) yε amanebͻ kεseε paa --

(Sε εnyε Adiyisεm a Nyankopͻn ayi akyerε me a, anka) me nni ͻsoro nhemfo (abͻfoͻ) no ho nimdeε wͻ εberε a na wͻregye (Adam ho) nkyingyeε no.

Ɛberε a wo Wura Nyankopͻn ka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Mede nεteε rebεbͻ onipa.

(Nyankopͻn) kaa sε: “Iblis, εdeεn na asi wo kwan a woamfa w’anim ammͻ fͻm amma deε Mede me nsa abͻ? Woayε akεsesεm anaasε woka wͻn a wͻma wͻn ho soͻ no ho?

(Iblis) kaa sε: “Meyԑ kyεn no: Wobͻͻ me firi egya mu, εna Wobͻͻ ͻno nso firi nεteε mu “.

(Nyankopͻn) kaa sε: “Ɛneε fri ha kͻ! Nokorε sε woka wͻn a yɛato wͻn atwene no ho.

(Iblis) kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, εneε ma me berε kͻpem da a yεbenyane awufoͻ“.

(Onyankopͻn) kaa sε: “Woka wͻn a yɛama wͻn berε no ho,

(Onyankopͻn) kaa sε: “Nokorε, na nokorε na Maka no –

Sε: “Mede wo ne wͻn a wͻbɛdi w’akyi wͻ wͻn mu no nyinnaa bεhyε Amanehunu gya no mma “.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Me mmisa mo (nsεmpa a mereka kyerε mo no) ho akatua, na menka wͻn a wͻpatu de adesoa a enni hͻ soa no ho.

(Qur’aan adwuma ara ne sε) εyε Afutusεm de ma amansan nyinaa.