عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Troops [Az-Zumar] - Ashanti Translation

Surah The Troops [Az-Zumar] Ayah 75 Location Maccah Number 39

Nwoma yi mu Adiyisεm no fri Nyankopͻn, Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no hͻ.

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yεn na Yεde nokorε no asiane Nwoma no ama woͻ, enti som Nyankopͻn wͻ nokorεdie mu, (na) Ɔno na ͻsom wͻ no.

Nokorε sε, Nyankopͻn na ͻsom kronkron wͻ no. Deε wͻn a wͻfiri N’akyi fa akyitaafoͻ no (ka ne sε): “Deε nti yεresom wͻn ne sε, sεdeε wͻde yεn bεbεn Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn bɛbu wͻn ntεm atεn wͻ deε wͻnte wͻn ho ase wͻ ho no ho. Nokorε sε, Nyankopͻn nkyerε obia ͻyε nkontompo, yε boniayεni no kwan.

Ɔde nokorε na εbͻͻ ͻsoro ne asaase; Ɔde adesaeε kata adekyeε so, εna Ɔde adekyeε nso kata adesaeε soͻ, εna Wama awia ne bosome abrε wͻn ho ase. Wͻn mu biara nam (ne kwan so) kͻsi εberε a yɛahyehyε. Ɛnyε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no?

Ɔbͻͻ mo firi honam baako pε mu, εna Ɔyεε ͻhokafoͻ firii ne mu, εna Wasiane ayεmmoa nwͻtwe no (yoma, nantwie odwan ne abrekyie, onini ne ͻbedeε) mmienu mmienu ama mo. Ɔbͻͻ mo wͻ mo maame nom yafunu mu, mmͻeε akyi mmͻeε akyi wͻ esum (ahodoͻ} mmiεnsa mu. Nyankopͻn ne no, (Ɔne) mo Wura no. Ahennie yε Ne dea. Awurade biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara. Na afei adεn nti na moredane mo ho?

Enti obia ͻbrε ne ho ase (ma Nyankopͻn) anadwo berε, de n’anim butu fͻm, na ogyina hͻ (som Nyame), yε ahwεyie wͻ Daakye no ho, na ͻhwehwε ne Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no, (ͻtesε obi a ͻnye nnie)? (Nkͻmhyεni), kasε: “Enti wͻn a wͻnim ne wͻn a wͻnnim yε pε?“ Wͻn a wͻde (saa Afutusεm yi) bεto wͻn adwene mu no ne nnipa mu mmadwemmafoͻ no.

Ka sε: “Medeε yɛahyε me sε menfa nokorε nsom Nyankopͻn, na menfa ͻsom ho anidie ne ahobraseε ma no;

Yɛahyε me nso sε, menyε obi a odikan a wabrε ne ho ase wͻ Muslimifoͻ no mu“.

Ka sε: “Medeε mesuro sε mεte me Wura Nyankopͻn (asɛm ho) atua, εnam Da Kεseε no asotwee no nti “.

Ka sε: Medeε Nyankopͻn na mede nokorε som no, de m’anidie ne ahobraseε ma no.

(Nkͻmhyεni), obi a asotwee no asεm no nokorε atia no no, wobetumi agye nea ͻwͻ Ogya no mu no nkwa?

Enti obia Nyankopͻn abue n’akoma ama Islam, na enti ͻwͻ nhyerεnee a efiri ne Wura Nyankopͻn hͻ no mu no, (saa nipa no tesε obi a ͻnam esum mu)? Enti due nka wͻn a wͻyε akoma den wͻ Nyankopͻn Afutusεm no ho no. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee mu no.

Nyankopͻn asiane Nsεmpa paa (Qur’aan), Nwoma (a, emu nsεm no bi) sesε, (na) εfoa (emu nsεm no) soͻ; wͻn a wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn no wedeε woso (anaasε awͻse gu wͻn so) wͻ ho, ma wͻn honam ne wͻn akoma yε mmrε wͻ Nyankopͻn nkaekaeε no ho. Woi ne Nyankopͻn kwankyerε, Ɔde kyerε obi a Ɔpε kwan, na obi a Ɔbεyera no no, ɔnnya ͻkwan kyerεfoͻ.

Enti obia ͻde n’anim na εbehyia asotwe bͻne no wͻ Wusͻreε da no (saa nipa no tesε obia ͻbͻͻ ne ho ban frii egya no ho?) Yεbεka akyerε abͻneεfoͻ no sε: “Monka deε monyaeε no nhwε!”

Wͻn a wͻdii wͻn anim kan no faa no atorᴐsԑm, enti asotwee no baa wͻn so wͻ εberε a na wͻnnim deε efire.

Nokorε sε Yɛayε mfatoho ahodoͻ pii wͻ saa Qur’aan yi mu ama adasamma, sεdeε wͻbεfa adwen anaa wͻde bɛtu wͻn ho foͻ.

Nokorε sε (Nkͻmhyεni) wobɛwu, na nokorε nso sε wͻnso bɛwu.

Enti hwan paa na ͻyε onipa bͻneni kyεn obia otwa nkontompo to Nyankopͻn soͻ na ͻfa Nokorε no atorͻsεm wͻ εberε a (Nokorε no) aba ne hͻ? Enti Amanehunu gya nnyε fie mma boniayεfoͻ no?

Obi a ͻde Nokorε aba na wagye (Nokorε no) adie (anaasε ͻfoa soͻ) no, saa nkorͻfoͻ no ne Nyame-surofoͻ no.

Enti Nyankopͻn nnsom bo mma n’akoa anaa? Wͻde wͻn a wͻde abata Ne ho (na entumi nyε huu) no hunahuna wo. Obia Nyankopͻn bεyera no no, (saa nipa no) nni ͻkwankyerεfoͻ.

Obia Nyankopͻn atene no no, obiara ntumi nyera no. Enti εnyε Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Bͻne so awerεtͻ Wura no?

Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na ͻbͻͻ soro ne asasae a?“ Deε wͻbεka ne sε: “Onyankopͻn“. Ka sε: “Moahunu deε mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no, sε Nyankopͻn pε me bͻne a, wͻbɛtumi ayi Ne bͻne no (afri me so)? Anaa nso sε Ɔpε me ahummͻborͻ bi a wͻbɛtumi asi N’ahummͻborͻ no ho kwan anaa? Kasε: “Nyankopͻn som bo ma me. Nyankopͻn na wͻn a wͻrepε obi de wͻn ho atwere no no mfa wͻn ho ntwere no.

Ka sε: ”Me nkorͻfoͻ, modeε monyε mo adwuma sεdeε mo kwan kyerε (mo), nokorε sε me nso mereyε adwuma, na εnkyε biara mobɛhunu,

(Nkͻmhyεni) Yԑde nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ ama adasamma (yie die). Enti obi a ͻbεfa tenenee (kwan) no, εwͻ ͻno ara ne kraa, na obi a ͻbεfa ͻyera (kwan no nso) etia ͻno ara ne kraa; na wonyε wͻn so hwεfoͻ.

Nyankopͻn yi (onipa) nkwa wͻ berε a wͻn awuo, ԑna wͻn a wͻnya nnwuiε no nso εberε a wͻn ada. Afei na Wayi wͻn a yɛahyehyε owuo ama wͻn no (nkwa ama wͻn awu), na wͻn a aka no (a wͻn berε nsoeε a wͻn ada no) Ɔma wͻsan (ba nkwa mu bio) kͻpem εberε a yɛahyehyε (ama wͻn sε wͻbεwuo). Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi mu ma wͻn a wͻdwen.

Anaasε wͻn afri Nyankopͻn akyi afa ntwitwagyefoͻ bi? (Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε (wͻn ntwitwagyefoͻ no) nni hwee ho tumi, na wͻnni adwene mpo a?”

Sε ͻhaw bi to onipa a, osu frε Yεn (wͻ ahobraseε mu), na sε Yεsesa (ͻhaw no) de ahummͻborͻ bi firi Yεn hͻ dom no a, deε ͻka ne sε: “Ɛnam me nimdeε so nti na yεde maa me“. Daabi, εyε nsͻhwε, nanso wͻn mu pii nnim.

Enti deε wͻnyaeε no ho bͻne too wͻn. Abͻneεfoͻ a εwͻ saa nkorͻfoͻ yi (a yɛasoma wo wͻ wͻn hͻ no) mu no, bͻne bεto wͻn εnam deε wͻ nsa aka no ho nti, na wͻntumi nsi ano kwan.

Sεdeε ͻkra bi nkͻka sε: “O, maberε magu sε manyε m’asεdeε a efiri Nyankopͻn hͻ; na ampa sε na me ka asereserefoͻ no ho”.

Anaasε woankͻka sε: “Sε Nyankopͻn kyerεε me kwan a, anka mεka Nyamesurofoͻ no ho.

Anaasε εberε a wobεhunu asotwee no wannka sε: “Sε menya kwan (kᴐ wiase) bio a, anka mεka apapafoͻ no ho”.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Abagyimifoͻ, morehyε me sε menfri Nyankopͻn akyi nsom ade foforͻ?”

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), yɛayi akyerε wo ne wͻn a wͻdii w’anim kan no sε: ”Nokorε sε, sε wode biribi bata (Nyankopͻn) ho a, wo dwumadie bεyε kwa na wakͻka berεguofoͻ no ho.

Aane, Onyankopͻn (nko ara) na som no, na ka wͻn a wͻyi (no) ayε no ho.

Yεbεbͻ Totorobεnto no mu, na wͻn a wͻn wͻ soro ne wͻn a wͻn wͻ asaase so nyinaa bɛtwitwa ahwe awu, gyesε nea Nyankopͻn pε. Afei yεbͻ mu bio a, wobɛhunu sε, wͻgyina hͻ rehwε (Wusͻreε da no).

Yεbεka wͻn a wͻyii boniayε no so akuo-akuo akͻ Amanehunu gya no mu, akͻpem sε wͻbεba (egya no) ho (wͻ εberε) a yɛabuebue n’apono no. (Egya no) so awεnfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Enti Asomafoͻ anfiri mo mu amma mo hͻ a wͻbεkenkan mo Wura Nyankopͻn nsεm no kyerεε mo, εna wͻbͻͻ mo kͻkͻ fa mo nnεda yi nhyiamu ho?” Wͻbεka sε: “Aane! Nanso asotwee no asεm no ayε nokorε atia boniayεfoͻ no “.

Yεbεka akyerε wͻn sε: ”Monwura Amane-hunu gya no apono no mu nkͻtena hͻ afe bͻͻ. Nokorε sε, εhͻ yε efie bͻne paa ma ahomasoͻfoͻ no.

Yεde wͻn a wͻsuroo wͻn Wura Nyankopͻn no nso bεkͻ Soro Aheman no mu akuo-akuo. Kͻpem sε wͻbεduru hͻ na yεbɛbue n’apono no; εhͻ awεmfoͻ no bεka akyerε wͻn sε: “Asomdwoeε wͻ mo so, moadi mo ho nni anaasε mommo ne yͻ; monwura (Aheman no) mu na monkͻtena hͻ afe bͻͻ.

(Agyidiefoͻ no) bεka sε: “Aseda wͻ Nyankopͻn a Wadi Ne bͻhyε so ama yεn, na Wama yɛadi adeε wͻ asaase no soͻ, ama yɛtumi tena Aheman no mu babiara a yεpε”. Sεdeε adwumayεfoͻ no akatuapa siteε!

Wobɛhunu Soro abͻfoͻ no sε wͻatwa Ahennwa no ho ahyia de wͻn Wura Nyankopͻn ayeyie abodin no rebͻ no mmranee. Yεde nokorε no abu wͻn ntεm atεn, na yεbεka sε: “Aseda wͻ Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no”.