عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Explained in detail [Fussilat] - Ashanti Translation

Surah Explained in detail [Fussilat] Ayah 54 Location Maccah Number 41

Haa – Miim

(Wei yε) Adiyisεm a ɛfiri Ahummͻborͻ Hene Ɔdεεfoͻ Hene no hͻ.

(Ɛyε) Nwoma a yɛakyerεkyerε emu nsεm no mu pefee; Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) dema amanfoͻ a wͻnim.

(Ɛyε) anigyesεm ne kͻkͻbͻ (Nwoma). Nanso dodoͻ no ara na atwe wͻn ho (afiri ho) a enti wͻntie.

Deε wͻka ne sε: “Y’akoma wͻ akatasoͻ mu wͻ deε morefrε yεn kͻ no, na akraa nso wͻ y’aso mu, na ntwaremu nso wͻ yε ne wo ntam, enti (kͻso) yε adwuma na nokorε sε yεn nso yεreyε adwuma “.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Meyε onipa tesε moara. Yɛayi akyerε me sε, mo Awurade no Ɔyε Awurade Baako, enti monfa kwan tenenee a εkͻ Nehͻ no so, na monsrε Nehͻ bͻnefakyε. Due nka wͻn a wͻde biribi bata Onyankopͻn ho no.

Afei Ɔdanee Neho kͻͻ soro, na εyε wisie, enti Ɔka kyerεε (ͻsoro) ne asaase sε: Mo mmienu monfa ahobraseε mmra, anaa mommra no amemenemfe mu. Wͻkaa sε: ”Yεreba no wͻ ahobraseε mu“.

Sε wͻtwi fa so a, εnneε ka sε: “Merebͻ mo asotwee no ho kͻkͻ, asotwee a ԑtesε Aad ne Samuudfoͻ deε no “.

Ɛberε a asomafoͻ no firi wͻn anim ne wͻn akyi baa wͻn hͻ (bεkaa sε): “Monhwε na moansom obiara gyesε Nyankopͻn nko ara no“. Asεm a wͻkaeε ne sε: “Sε anka Onyankopͻn pε (sε Ɔsoma obi) a anka Ɔsanee Soro abͻfoͻ. Enti yεn deε, deε yεde asoma mo no yεnnye nni.

Samuudfoͻ nso Yεkyerεε wɔn kwan no, nanso na wͻpε anifira (anaasε ͻyera) kyεn kwankyerε no. Enti ͻsεeε animguaseε asotwee no sͻͻ wͻn mu, εnam deε wͻn nsa kaeε no ho nti.

Ɛda a yεbεboa Nyankopͻn atamfoͻ no ano aka wͻn so akͻ egya no mu no, wͻbεkͻ no akuo akuo.

Wͻbεka akyerε wͻn wedeε no sε: “Adεn nti na moredi adanseε atia yεn? ”Wͻn (wedeε no) bεka sε: “Onyankopͻn no a Ͻma biribiara kasa no na Wama yεn akasa. Ɔno na Ɔbͻͻ mo wͻ εberε a edikan no, na Nehͻ na moasan aba no “.

Enti sε wͻbɛnya aboterε a, εneε egya no mu ne wͻn asetena. Sε wͻpε sε wͻyε biribi ma εsͻ (Nyankopͻn) ani a, wͻnnyε (nnipa) a wͻyε biribi ma εsͻ ani (wͻ saa Da no).

Na Yɛayi (abonsamfoͻ no) ayͻnkofoͻ ama wͻn (wͻ wiase), enti (abonsamfoͻ no) ma deε εwͻ wͻn anim ne deε εwͻ wͻn akyi no yε wͻn fε. Enti asεm no nokorε no atia wͻn firi Jinn ne nnipa aman-aman a wɔn adi wͻn anim kan atwamu kͻ no mu. Nokorε sε wͻn abrε agu.

Deε boniayεfoͻ no kakyerε (wͻn ho) ne sε: “(Sε yεrekenkan) Qur’aan no a monhwε na moantie, (na mmom) monyε dede wͻ mu sεdeε mobεfa (wͻn) soͻ.

Amanehunu gyem ne Nyankopͻn atamfoͻ no akatua. Emu na wͻbɛnya efie a wͻbεtena mu daa. (Wei yε) akatua ma (wͻn) εnam sε na wͻko tia Nyankopͻn nsεnkyerεnee.

Nokorε sε, wͻn a wͻka sε: ”Yɛn Awurade ne Nyankopͻn na afei wͻagyina pintinn no, Soro abͻfoͻ sane ba wͻn so (wͻ εberε a wͻrewuo, bεka kyerε wͻn sε): Ɛmma monsuro, na momma mo werε nso nho, na momma moani nnye wͻ Soro aheman no a yɛahyε mo ho bͻ no ho.

(Wei yε akyεdeε) a ɛfiri Bͻnefakyε Wura, Mͻborͻhunufoͻ Hene no hͻ a yεde som hͻhoͻ,

Hwan na ͻwͻ kasa pa kyεn obia ͻfrε (amanfoͻ) kͻ Nyankopͻn hͻ na (saa nipa) no di dwuma pa, na waka sε: “Nokorε meka Muslimifoͻ no ho? “

Ɛnyε obiara na ɔbɛnya (saa adom yi), gyesε wͻn a wͻsi aboterε, na εnyε obiara na ɔbɛnya, gyesε obia ͻwͻ kyεfa a εsom bo paa.

Sε naadaasԑm bi firi ͻbonsam hͻ bԑdaadaa wo a, hwehwε ntwitwagyeε firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne mpaebͻ Tiefoͻ no, na Ɔne Onimdefoͻ no.

Ne nsεnkyerεnee no nso mu bi ne sε: Wohunu sε asaase awoͻ (anaa ͻpε asi soͻ a mfudeε biara nni soͻ); sε Yɛsane nsuo gu so a, na akanyan no na mfudeε afifi. Nea Ɔnyane (asaase a awuo no) ampa sε Ɔno ara na Ɔbɛnyane awufoͻ no. Nokorε sε Ɔwͻ tumi wͻ biribiara so.

Nokorε sε, wͻn a wͻnnye Afutusεm no nnie wͻ εberε a abɛduru wͻn hͻ no (bɛnya asotwee). Nokorε sε (Qur’aan} yε Nwoma a εsom bo na edi mu paa.

(Nkͻmhyεni), asεm a wͻn aka akyerε woͻ biara no, wͻka kyerεε asomafoͻ no a wͻdii w’anim kan no. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Otumfoͻ a ͻwͻ awerεtͻ a ano yε den paa.

Sε Yεyεε Qur’aan no wͻ potͻ kasa bi (mu) a, anka (Makafoͻ no) bεka sε: “Adεn na yɛannyε emu nsεm no pefee (wͻ yεn kasaa mu)? Ɛdeεn (Nwoma na εwͻ) potͻ-kasa (mu) ne (Ɔsomafoͻ a ͻyε) Arabni?” (Nkͻmhyεni), ka sε: (Saa Nwoma yi) yε kwankyerε ne ayaresa (Nwoma) ma wͻn a wͻgye die no. Wͻn a wͻnnye nnie no deε akraa wͻ wͻn asom na wͻn ani afira (wͻ Qur’aan yi ho). Wͻnom ne amanfoͻ no a yεrefrε wͻn firi akyirikyiri no.

Nehͻ nko ara na Dͻnhwere no ho nimdeε no wͻ; aduaba biara a εbɛfri n’abena mu afire, anaa ͻbaa biara a obɛyinsεn anaasε ͻbεwoͻ no, ne (nyinaa) wͻ ne Nimdeε mu. Ԑda a yεbεfrε wͻn (abisa wͻn sε): “Wͻn a na mode wͻn bata Meho no wͻ hen no?” Wͻbεka sε: “Yɛrebͻ Wo amaneε sε (εnnε da yi) yεn mu biara nni hͻ a ɔbɛtumi adi adanseε (sε Wowͻ obi a ͻka Wo ho).

Onipa (Kaafir’ni) mmrε ho sε ͻsrε papa (firi Nyame hͻ), nanso sε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu, na wapa aba.

Nokorε sε, sε Yεma no ka Yεn hͻ ahummͻborͻ bi hwε wͻ akyire yi a ahokyerε bi too no a, nokorε deε ͻka nesε: “Wei firi me ara, na mennye nni sε Dͻnhwere no bεba, na sε yεsan de me kͻ me Wura Nyankopͻn hͻ mpo a, mewͻ papa wͻ Nehͻ. Enti nokorε sε Yεbεbͻ wͻn a wͻyii boniayε no dwuma (bͻne) a wͻdiiε no ho amaneε, na Yɛama wͻn aka asotwee a emu yε duro ahwε.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Sε moahunu, sε (Qur’aan yi)) firi Nyankopͻn hͻ na monnye nnie a, hwan na ͻwͻ yera mu kyεn obia ͻko tia (nokorε, na saa nipa no ayera kͻ) akyirikyiri? “

Yεbεkyerε wͻn Yεn nsεnkyerεnee wͻ ewiem ne wͻn nnipa dua mu akͻpem sε εbεda adi ama wͻn sε, ampa, (Qur’aan no) ne Nokorε no. Enti εnsom bo sε, nokorε, wo Wura Nyankopͻn di biribiara ho Adanseε?

Ampa sε, wͻn adwen nsi wͻn pi wͻ wͻn Wura Nyankopͻn Nhyiamu (Da) no ho? Nokorε sε (Onyankopͻn) atwa biribiara ho ahyia.