عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Council, Consultation [Ash-Shura] - Ashanti Translation

Surah Council, Consultation [Ash-Shura] Ayah 53 Location Maccah Number 42

Haa – Miim.

Ain - Siin - Qaaf

(Nkͻmhyεni) sεdeε Nyankopͻn Tumfoͻ, Nyansafoͻ no Yi (Adiyisεm no) ma woͻ no, saa ara na Ɔyi maa wͻn a wͻdii W’anim kan no.

Ɔsoro mu reyε apaepae wͻ wͻn apampamu (wͻ N’animuonyam mu), na Soro abͻfoͻ de wͻn Wura Nyankopͻn abodin no bͻ no, wͻsan srε bͻnefakyε nso ma wͻn a wͻn wͻ asaase soͻ no. Nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Wura no, Ɔne Mmͻborͻhunu Hene no.

Saa ara na Yɛayi Qur’aan wͻ Arab (kasa mu) ama woͻ sεdeε wode bεbͻ Ahenkuro (Maka), ne wͻn a atwa ho ahyia no kͻkͻ, na wobεbͻ (amanfoͻ) kͻkͻ wͻ Nhyiamu da a akyinyeε biara nni ho no ho. (Saa Da no nnipa no mu) fekuo bi bεkͻ Soro Aheman no mu, na fekuo bi nso bεkͻ Amanehunu gya no mu.

Sε Nyankopͻn pε a nka Ɔbεyε wͻn (nyinaa) ͻman baako (ama wͻn nyinaa asom ͻsom korͻ), nanso Ɔde obi a Ɔpε wura N’ahummͻborͻ no mu. Na abͻneεfoͻ no deε wͻ’nnya okyitaafoͻ anaa ͻboafoͻ (biara).

Ɔsoro ne asaase Yεfoͻ no, Wayε mo mmienu mmienu (ͻbaa ne ͻbarima) firi mo ara mo mu ama mo, nyεmmoa nso onini ne ͻbedeε, (saa kwan yi) so na Wama mo adͻͻso. Biribiara ntesε Ɔno. Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔno ara nso na Ɔhu biribiara.

(Mfitiaseԑ no) na wͻn mu ampaepae kͻpem akyire yi a nimdeε baa wͻn hͻ, εnam ahoͻyaa a εwͻ wͻn mu no nti. Sε εnyε asεm a adi kan afiri wo Wura Nyankopͻn hͻ de ama Ɛberε a yɛahyε no a, nka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε wͻn a wͻbɛdii Nwoma no akonwa wͻ wͻn (a wͻbaa wͻn a wͻdii Nkͻmhyεfoͻ no) akyiri no adwen nsipi wͻ ho koraa.

Enti (Islam som) so na frε (amanfoͻ kᴐ), na gyina pintinn sεdeε yɛahyε woͻ no, na ɛnni wͻn apεdeε akyi, na kasε: “Megye deε Nyankopͻn asane no wͻ Nwoma no mu no di, na yɛahyε me sε menni nokorε wͻ montεm. Onyankopͻn ne yεn Wura, Ɔne monso mo Wura. Yεn nwuma wͻ yεn, monso monwuma wͻ mo. Akyinyeε biara nna yεn ne mo ntam. Onyankopͻn bεboa yεn nyinaa ano, na Nehͻ ne biribiara nkyi “.

Wͻn a wͻgye Nyankopͻn (anaa Nesom) ho akyinyeε wͻ akyire yi a (amanfoͻ) agye soͻ no, (saa nkorͻfoͻ no) kyεw pa nsi hwee wͻ wͻn Wura Nyankopͻn anim; na abufuo wͻ wͻn so na wͻn wͻ asotwee a ano yε den paa.

Onyankopͻn yε Ayεmyε Hene dema Nenkoa. Ɔbͻ obi a Ɔpε akͻnhoma, na Ɔne Ɔhoͻdenfoͻ no, Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε.

Anaasε wͻn wͻ wͻn a wͻde wͻn bata (Nyankopͻn) ho a wͻn ahyehyε ͻsom mmra bi ama wͻn a Onyankopͻn mmaa ho kwan? Sε εnyε sε asεm no (adikan dada) wͻ atemmuo no ho a, anka yɛabu wͻn ntam atεn. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ asotwee a εyε ya paa.

(Atemmuda no) wobɛhunu sεdeε abͻneεfoͻ no bɛsi abͻ hu wͻ deε wͻnsa aka no ho, na (εho asotwee no) bεba wͻn so. Wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa no nso wͻ Soro aheman frͻmfrͻm anigye bea no mu. Wͻbɛnya deε wͻpε biara wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ. Wei yε adom kεseε paa.

Anaasε (Nkͻmhyεni), wͻn (a wͻnnye nnie no) ka sε, wabͻ wotirim atwa nkontompo ato Onyankopͻn so? Sε Ɔpε a nka Ͻbɛsi w’akoma ano (ama wo werε afri deε wonim no wͻ Qur’aan yi ho). Onyankopͻn pepa nkontompo na Ɔde Nekasaa ama nokorε agyina. Nokorε Ɔne deε εwͻ akoma mu no ho Nimdefoͻ.

Nensεnkyerεnee no bi ne ͻsoro ne asaase mmͻeε, εna (ͻsoro ne asaase no) mmienu no so Ɔde abͻdeε ahwete wͻ soͻ. Ɔwͻ ho tumi sε, Ɔpε a Ɔbεboa wͻn ano (wͻ wͻn wuo akyi).

Montumi nsi (Nyankopͻn nhyehyεε) ho kwan wͻ asaase so, na Onyankopͻn akyiri no monni okyitaafoͻ anaasε ͻboafoͻ (biara).

Sε Ɔpε a ͻbεma mframa no agyina na wͻn atεm dinn a wͻn nkeka wͻn ho koraa wͻ ɛpo no so. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ wei mu dema obia ɔsi aboterε na ɔyi (Nyame) ayε.

Anaasε (Ɔpε nso a) Ɔbεma wͻn amem εnam dwuma a wͻn nsa adie ho nti; Ɔde pii mpo kyε;

Enti deε yεde ama mo biara no yε wiase asetena mu akͻnhoma, na deε εwͻ Nyankopͻn hͻ no, εno na εyε paa, na εno nso na εwͻ hͻ daa dema wͻn a wͻagye adie, na wͻn Wura Nyankopͻn so na wͻde wͻn ho toͻ-

Ne wͻn a wͻgye wͻn Wura Nyankopͻn frε no soͻ, na wͻfrε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻn dwumadie (biara no wͻtena ase) kyerε wͻn adwen wͻ ho, na akyεdeε a Yεde akyε wͻn no wͻyi mu bi dema.

Ne wͻn a sε obi redi wͻn amim a (wͻngo wͻn ho mma saa nipa no, na mmom) wͻbͻ wͻn ho ban.

Obia ͻbͻ ne ho ban wͻ εberε a obi adi no amim no, saa nkorͻfoͻ no deε εnsεsε yεfa kwan bi so tia wͻn (anaa yɛbɔ wͻn soboɔ).

(Wͻn a) εkwan wͻ hͻ (sε yɛbɔ wͻn soboɔ) ne wͻn a wͻdi amanfoͻ amim na wͻdi bͻne wͻ asaase no so a ɛnni ho kwan sε wͻyε (saa). Saa nkorͻfoͻ no na wͻbɛnya asotwee yaaya no.

Nokorε sε obi a ɔbɛnya aboterε na ͻde bͻne afirie no, nokorε sε εno ne dwumadie a edi mmu (a Onyankopͻn pε).

Obi a Nyankopͻn ayera no no, ɔnni okyitaafoͻ (biara) wͻ N’akyi. Wobεhunu abͻneεfoͻ no wͻ εberε a wͻbɛhunu asotwee no sε, wͻreka sε: ”Enti εkwan biara nni hͻ a yεde bεsan (akͻ wiase bio)?”

Monnye mo Wura Nyankopͻn frε no so ansa na Ɛda bi a ɛfiri Nyankopͻn hͻ a akwansideε biara nni ho no aba. Saa Da no monni dwanekͻbea biara; na monni (tumi bi a modebεka sε) Mompene (asotwee a yεde bεma mo no) so.

Enti (Nkͻmhyεni), sε wͻtwe wͻn ho (firi Nokorε no) ho a, Yɛansoma wo sε bεyε wͻn so wεnfoͻ. W’adwuma ne sε wobεbͻ Asεm no ho dawuro. Nokorε sε, sε Yεma nnipa ka ahummͻborͻ bi firi Yεn hͻ hwε a na n’ani agye ho, sε mmusuo bi nso to wͻn wͻ dwuma a wͻn adi ato wͻn anim no ho nti a, (εhͻ na wobɛhunu sε) nokorε, onipa yε boniayεni.

Anaasε Ɔde mmaa ne mmarima kabom (dekyε obi a Ɔpε); obi a Ɔpε nso Ɔyε no bonini. Nokorε sε Ɔne Onimdefoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Ɔhyehyε biribiara.