عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Ornaments of Gold [Az-Zukhruf] - Ashanti Translation

Surah Ornaments of Gold [Az-Zukhruf] Ayah 89 Location Maccah Number 43

Haa – Miim.

Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε:

Efiri Nwoma (nyinaa) Maame (Lawhul- Mah’fuuz) a εwͻ Yεnkyεn no mu, (Nwoma a) yɛamaso paa, adwen ne nyansa ahyε mma.

Yɛasεe wͻn a wͻyε den sen wͻn wͻ ahoͻden mu; na tetefoͻ no mfatoho adi wͻn anim kan atwam kͻ.

Nokorε sε yɛ’Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ.

Anaasε Onyankopͻn Ayi mmaa (ama Neho) wͻ deε Wabͻ no mu, εna Wayi mmarima ama mo?

Nanso sε yεbͻ wͻn mu bi amaneε wͻ adeε a ͻdema Nyankopͻn no sεso (sε neyere awo ͻbaa) a na n’anim ayε kusuu (wamuna tumm), na nebo afu.

Anaasε deε yεde afεεfεdeε asiesie no a sε akyinnyeε ba a, ɔntumi nkasa nkyerεkyerε mu no (na mode no toto Onyankopͻn ho)?

(Abosomsomfoͻ no) ayε Ahummͻborͻ Hene asomfoͻ Soro abͻfoͻ no nso mmaa. Wͻahunu (Soro abͻfoͻ no) bͻsuo (pεn a enti εma wͻkyerε sε soro abͻfoͻ yε mmaa)? Yεbεtwerε wͻn adanse-kunumu no, na yɛbɛbisa wͻn.

(Kͻkͻbͻni no) kaa sε: “Na sε mede deε εtene kyεn deε mobεtoo no mo agyanom hͻ no brε mo mpo a?“ Wͻbuaa sε: “Yεdeε yεnnye deε yεde asoma mo no nni “.

Enti Yɛtuaa wͻn so ka; na hwε sεdeε wͻn a wͻannye (Nokorε no) annie no awieeε si wieeε.

Aane, Memaa saa nkorͻfoͻ no ne wͻn agyanom gyee wͻn ani kͻpem sε Nokorε no ne Ɔsomafoͻ a ͻda (nsεm no) adi pefee no baa wͻn hͻ.

Ɛberε a Nokorε no baeε no wͻkaa sε : “Wei deε εyε nkonyaa anaa naadaasεm, na yεn deε yεnye nni“.

Deε wͻka ne sε: “Adεn nti na yɛansane saa Qur’aan yi amma onipa a odi mu wͻ nkuro mmienu no mu (Maka ne Taif)?

Wͻn na wͻkyekyε wo Wura Nyankopͻn Ahummͻborͻ no? Yεn na Yεkyekyε wͻn wiase asetena mu akͻnhoma no mu ma wͻn, εna Yεpagya ebinom kyεn ebinom wͻ gyinaberε mu sεdeε ebinom bεfa ebinom ama wᴐn ayε adwuma ama wᴐn. Na wo Wura Nyankopͻn ahummͻborͻ no yε kyεn (wiase ahonyadeε a) wͻreboaboa ano no.

Sε εnyε sε anhwε a nnipa nyinaa abεyε nnipa korͻ (anaasε wͻn nyinaa adwen bεtwe akosi wiase afεεfεdeε so) a, anka Yεbεma wͻn a wͻyi Ahummͻborͻ Hene no boniayε no afie nkurusoͻ ayε dwetε, na n’atwedeε a yεde forͻ no nso (ayε dwetε saa ara),

(Ɔbεkͻso saa ara) akosi sε ͻbεba Yεn hͻ, (saa berε no na) ͻbεka sε: ”Mɛnya a anka me ne wo (nipa bͻneni no) ntam kwan aware sεdeε apueε ne atͻeε (ntam tenten siteε); enti ͻyͻnko bͻne paa ne no.

(Nkͻmhyεni), wobɛtumi ama ͻsosifoͻ ate asεm, anaa watene onifrani a ͻwͻ yera mu kͻ akyirikyi paa no?

Enti sε Yɛyi wo firi hͻ mpo a, nokorε sε Yεbɛtua wͻn bͻne no so ka.

Anaa nso sε Yεbεma wo (atena ase) ahu deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no; na εyε nokorε sε Yεwͻ wͻn so tumi.

Nokorε sε (Qur’aan yi) yε afutusεm ma wo ne wo nkorͻfoͻ, na yεbɛbisa mo (εho asεm).

Bisa Asomafoᴐ no a Yԑsomaa wᴐn maa wᴐdii w’anim kan no sε: “Yɛfirii Mmͻborͻhunufoͻ Hene no akyi yεε anyame bi maa wͻn sε wͻnsom wͻn anaa?

Nokorε sε Yεde Yεn nsεnkyerεnee somaa Mose maa no kͻͻ Farao ne nenhemfo hͻ, na ͻka kyerεε wͻn sε: “Meyε abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no Somafoͻ”.

Nanso εberε a ͻde Yεn nsεnkyerεnee no brεε wͻn no, hwε! wͻseree (Yεn nsεnkyeεnee no).

Nsεnkyerεnee a Yɛyi kyerεε wͻn (akyire yi) biara no, na εso kyεn ne nua (nsεnkyerεnee dada a edii kan no); na Yεde asotwee sͻͻ wͻn mu sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri kwan bͻne so aba kwan pa no soͻ).

Asεm a wͻka kyerεε (Mose) ne sε: “Nkonyaayini, frε wo Wura Nyankopͻn ma yεn sεdeε Ɔne wo bͻhyε kyerε no. Nokorε sε yεbεfa tenenee (kwan no) so.

Nanso εberε a Yɛyii asotwee no firii wͻn soͻ no, hwε! wͻbuu bͻhyε no so.

(Farao) yε maa ne nkorͻfoͻ no faa (asεm kεseε) no agodisεm, enti wͻyεε sotie maa no. Nokorε sε na wͻyε nkorͻfoͻ a wͻyε nsεmͻnedifoͻ paa.

Ɛberε a yεbͻͻ Mar’yam ba (Yesu) din yεε mfatoho no, hwε sε na wo nkorͻfoͻ no de anigyeε reyε dede.

Wͻkaa sε: “Y’abosom no mmom na εyε anaa sε ͻno (Yesu)? Ɛnyε hwee ho nti na wͻyԑԑ saa mfatoho yi kyerԑԑ woᴐ, na mmom akyinnyeε nti. Aane, wͻyε nkorͻfoͻ bi a wͻyε akyinnyegyefoͻ paa.

(Yesu) gyinaberε ara ne sε ͻyε (Onyankopͻn) akoa a Yεde Y’adom dom no na Yεde no yεε mfatoho maa Israel mma.

Nokorԑ sԑ ͻno anaa ԑno ne dɔnhwere no nimdeε ho nsεnkyerεnee, enti monhwε na moamma moadwen annyε mo ntanta wͻ ho na monni m’akyi. Wei ne ͻkwan tenenee no.

Ԑberε a Yesu de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee baeε no ͻkaa sε: “Nokorε mede adwen (anaasε nyansa) abrε mo, na merebεkyerε mo nneεma bi a monte moho ase wͻ ho no ho. Enti monsuro Nyankopͻn na monyε sotie mma me “.

Nokorε sε Onyankopͻn na Ɔyε me Wura εna Ɔyε monso mo Wura, enti monsom no. Wei ne ͻkwan tenenee no.

(Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Menkoa, suro biara nnihͻ dema mo Ɛnnε da yi, na mowerε nso nho.

(Menkoa no a) na wͻgye Yεn Nsεm no die a na wͻyε Muslimifoͻ, brε wɔn ho aseε no.

Yεngo (asotwee no) mu mma wͻn koraa, na emu na wͻbɛnya abamu buo.

Wͻbɛsu (afrε ͻbͻfoͻ a ͻhwε Egya no soͻ no sε): “Maalik, Mawo Wura Nyankopͻn nku yεn prεko.” (Maalik) bεka akyerε wͻn sε: “Mobεtena mu afe bͻͻ.

Anaasε (Qurashfoͻ), moabͻ (Me Nkͻmhyεni no ho) pͻ bͻne bi anaa? Ɛneε Yεn nso Yɛafa adwen.

Anaasε (abͻneεfoͻ no) dwen sε Yεnte wͻn nsumaeε mu ne wͻn kokoa mu agyinatuo no mu nsεm anaa? Daabi, Y’asomafoͻ wͻ wͻn hͻ a wͻretwerε (biribiara).

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Sε Ahummͻborͻ Hene no wͻ ba a, εneε me ne asomfoͻ no nea odi kan”.

Kronkron Hene ne ͻsoro ne asaase Wura Nyankopͻn, Tumi Ahennwa Wura no Ɔkorͻn, so kyεn deε wͻde susu no no.

Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn ma wͻnkeka nsεm hunu na wͻnni agorɔ nkosi sε wͻbɛhyia wͻn Da no a yɛahyε wͻn ho bͻ no.

Ɔno ne Nyankopͻn wͻ soro, na Ɔno ara nso ne Nyankopͻn wͻ asaase so, na Ɔne Onyansafoͻ no, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Ɔnim biribiara no.

Wͻn a wͻfiri N’akyi su frε wͻn no nni ntwitwagyeε ho tumi, na mmom gyesε wͻn a wͻdi Nokorε no ho adanseε no, na wͻnim (sɛ Nyankopɔn yɛ baako ampa).

Sε wobisa wͻn sε: “Hwan na Ɔbͻͻ wͻn a, wͻbεka sε: “Nyankopͻn”. Adεn na afei wͻretwe wͻn ho (firi Nokorε no ho)?

(Nkͻmhyεni) suu nesε: “Me Wura Nyankopͻn, weinom yε nkorͻfoͻ a wͻnnye nnie;

(Nkͻmhyεni), Dane woho firi wͻn ho na ka sε: “Asomdwoeɛ.” Na εnkyε wͻbɛhu (nokorɛ a ɛwɔ mu biara).