عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Smoke [Ad-Dukhan] - Ashanti Translation

Surah The Smoke [Ad-Dukhan] Ayah 59 Location Maccah Number 44

Haa – Miim.

Mede Nwoma no a εda (biribiara) adi pefee no di nse sε:

Nokorε, Yɛsanee (Qur’aan) no wͻ nhyira anadwo (Lailatul Qadr) no mu. Nokorε sε Yεn na Yεbͻ (nnipa) kͻkͻ.

(Saa anadwo no) mu na yεtoto dwumadie a edi mu biara ho ntotoeε-

Ahyεdeε a ɛfiri Yεn hͻ. Nokorε sε Yεn na Yεsoma Asomafoͻ.

(Ɛyε) ahummͻborͻ firi wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara no, na Ɔne Onimdefoͻ no.

Awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno nko ara, Ɔma nkwa εna Ɔkum; (Ɔne) mo Wura Nyankopͻn ne moagyanom tetefoͻ no nso Wura Nyankopͻn no.

Aane, wͻn adwen nsi wͻn pi, εna wͻredi agorͻ.

Ɛbεkata nnipa so. (Boniayεfoͻ no bεka sε): “Wei yε asotwee a εyε ya paa.

YɛWura, yi asotwee no firi yεn so, Nokorε sε (afei deε) yεyε agyediefoͻ.

Afutuo bεn bio, wͻ ԑberε a Ɔsomafoͻ aba wͻn hͻ rekyerεkyerε biribiara mu pefee,

Nanso wͻdane wͻn ho firi ne ho, na wͻka sε: obi na ɛkyerε no, ͻyε bͻdamfoͻ?

Nokorε sε, Yɛbɛyi asotwee no (kakra). Nokorε sε mobεsan akͻ (mo bͻne no) mu.

Ɛda a Yεbεpari asͻ (wͻn) mu nsͻdene no, nokorε sε Yεbɛtua wͻn bͻne no so ka

Nokorε sε Yεsͻͻ Faro nkorͻfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hwεɛe; na Ɔsomafoͻ Onimuonyamfoͻ no baa wͻn hͻ-

(Bεka kyerεε wͻn) sε: ”Fa Onyankopͻn nkoa no ma me“. Nokorε meyε Ɔsomafoͻ nokwafoͻ ma mo.

Na monhwε na moamma mo ho so wͻ Nyankopͻn so. Nokorε sε mede tumi anaa nyinasoͻ pefee paa abrε mo.

Mehwehwε ntwitwagyeε firi me Wura ne mo Wura Nyankopͻn no hͻ sε monsi me aboͻ nku me.

Enti (Mose) su frεε ne Wura Nyankopͻn sε: “Saa nkorͻfoͻ yi yε nnipa bͻnefoͻ”.

(Onyankopͻn ka kyerεε Mose sε}: “Fa Menkoa no nante anadwo, nokorε sε (Farao ne ne dͻm no) be ti mo.

(Sε wo ne wo nkorͻfoͻ twa nsuo no wie a) gyae ͻpo a ayε dinn na emu akyekyε no, Nokorε sε, (Farao ne nenkorͻfoͻ) yε εdͻm a nsuo bεfa wͻn.

(Yεgyee wͻn) firi Farao nsam. Nokorε sε na ͻyε ahomasoͻ, na ͻka nsεmmͻnedifoͻ no ho.

Ampa sε Yεde nimdeε yii (Israel mma) no maa wͻkyεn amansan no nyinaa (wͻ Mose berε so)

Nokorε sε saa nkorͻfoͻ (Quraishfoͻ) yi ka sε:

Sε moyε nokwafoͻ ampa (sε yεbεsan anyane yεn afiri owuo mu bio a) εneε momfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra”.

Saa nkorͻfoͻ yi na εyε, anaasε Tubbafoͻ no, ne wͻn a wͻdii wͻn anim kan noa? Yεsεee wͻn (nyinaa) efirisε nokorε, na wͻyε abͻneεfoͻ.

Gyesε obia Nyankopͻn ahu no mmͻbͻ. Nokorε sε Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

Ɛtesε yaawa a yɛanane; ehuru wͻ (wͻn) yafunu mu,

(Yεbεka akyerε Abͻfoͻ aniεdenfoͻ no sε): “Monyere no ntwe n’ase nkͻto Amanehunu gya no mfinfii;

“Ka hwε, (na w’adwen yε wo sε) wo ne otumfoͻ nimuonyamfoͻ no.

Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ baabi a ahotᴐ wͻ.

Wͻfirafira serekye kyeme ntomapa duuduro bi ma wͻn anim kyerε wͻn ho wͻn ho anim.

Saa (na εbεyε). Na Yεde mmaa ahoͻfεfoͻ a wͻn ani-mma akεse-akεse bεka wͻn ho.

(Wei yε) adom a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ. Ɛno ne nkonimdie kεseε paa no.

Enti wodeε twεn; nokorε sε wͻn (nso) retwεn.