عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Crouching [Al-Jathiya] - Ashanti Translation

Surah Crouching [Al-Jathiya] Ayah 37 Location Maccah Number 45

Haa – Miim.

Nwoma yi mu Adiyisεm no siane fri Onyankopͻn, Otumfoͻ Nyansafoͻ no hͻ.

Nsεnkyerεnee san wͻ sεdeε yɛsi bͻͻ mo, ne mmoadoma a Wama wͻn ahwete (wͻ asaase soͻ no) mu ma amanfoͻ a wͻgye die.

(Nkͻmhyεni), woi nom yε Onyankopͻn nsεm a yεrekenkan kyerε wo wͻ nokorε mu. Enti Onyankopͻn ne Ne nsεnkyerεnee akyi no asεm bεn bio na wͻbεgye adie?

(Qur’aan) woi yε kwankyerε (Nwoma); na wͻn a wͻnnye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no, wͻn wͻ asotwee bͻne a εyε ya papaapa.

(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: “Wͻnfa wͻn a wͻn ani nna Nyankopͻn Nna no soͻ no bͻne nkyε wͻn, sεdeε Ɔbɛtua amanfoͻ bi dwuma a wͻdiiε no so ka.

Obia ͻbɛdi dwuma pa no εwͻ ͻno ara kraa, na obi nso a ͻbɛdi dwuma bͻne no nso etia ͻno ara kraa; na εno akyiri no, mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ.

(Qur’aan) woi yε anibue (Nwoma) de ma adasamma, na εsan yε kwan kyerε ne ahummͻborͻ de ma amanfoͻ a wͻgye die.

Deε wͻka ne sε: ”Hwee nni hͻ bio ka yεn wiase asetena yi ho. Yεrewu na yεsan te nkwa mu, na hwee nsεe yεn sε εberε“. (Nkͻmhyεni, saa nkorͻfoͻ yi) nni εno ho nimdeε; deε wͻn adwen yε wͻn (na wͻrekeka no).

(Saa Da no) wobɛhu ͻman biara sε wabu nkotodwe. Yεbεfrε ͻman biara akͻ ne (dwumadie) Nwoma no mu. Saa Da no dwuma a modiiε no so na (yɛbɛgyina) atua mo ka.

Sε yεka kyerε mo sε: ‘’Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε ampa, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho a“, deε na moka ne sε: ”Yεdeε yɛnnim deε yεfrε no Dͻnhwere no. Yεdwen sε εyε adwen kyerε bi kwa, na yεdeε y’adwen nsi yεn pi wͻ ho.“

Yεbεka akyerε wͻn sε: “Ɛnnε da yi Yεwerε bɛfri mo sεdeε mo werε firii sε mobɛhyia mu wͻ moda woi mu no. Mo fie ne Amanehunu gya no mu, na monni ͻboafoͻ,

Efirisε mofaa Nyankopͻn asεm no fεw die, na wiase asetena no daadaa mo. Enti saa Da no wͻnnya kwan mfiri wͻ (Amanehunu gya no) mu, na wͻnnya kwan nso sε yεbεma wͻn kwan aba wiase bio (abεsakra wͻn adwen anya kwan asrε bͻnefakyε).