عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The wind-curved sandhills [Al-Ahqaf] - Ashanti Translation

Surah The wind-curved sandhills [Al-Ahqaf] Ayah 35 Location Maccah Number 46

Haa – Miim.

Nwoma yi mu Adiyisεm no sane firi Onyankopͻn Tumfoͻ Nyansafoͻ no hͻ.

Yεde nokorε no na abͻ ͻsoro ne asaase ne deε εwͻ mfinfii no, εna yɛahyehyε εberε ato ho. Wͻn a wͻnnye (Nokorε no) nnie no dane wͻn ho firi deε yεrebͻ wͻn kͻkͻ wͻ ho no ho.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Moahunu deε mofiri Onyankopͻn akyi sufrε wͻn no? Monkyerε me (nneεma a εwͻ) asaase so emu deε wͻn abͻ? Anaasε wͻwͻ kyεfa bi wͻ ͻsoro? Monfa nwoma a edi wei anim kan mmrε me, anaa nimdeε nsohyεdeε bi (a εkyerε saa), sε moyε nokwafoͻ ampa a “.

Hwan na ayera kyεn obi a ɔfiri Nyankopͻn akyi sufrε (biribi foforͻ) na (saa adeε no ntumi) mma no mmuaeε kͻsi Atemmuda, na (saa adeε a wͻresu frε wͻn no mpo) nnim wͻn sufrε no ho hwee?”

Sε yεkenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, deε wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerε Nokorε no wͻ εberε a aba wͻn hͻ no nesε: “Wei deε εyε ntafowa anaa naadaasεm pefee“.

Anaasε (Nkͻmhyεni) wͻka sε wabͻ wotrim (na watwerε Qur’aan yi)? Ka sε: ‘’Sε m’abͻ metrim koraa a monni tumii biara a mode bεbͻ me ho ban afiri Onyankopͻn (abufuo). Ɔnim deε morekeka fa (Qur’aan) ho nyinaa. Ɔne Ɔdanseni a Ɔsom bo wͻ me ne mo ntam. Ɔne Bͻnefakyε Hene no, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene no.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Ɛnyε me ne (onipa a) ɔdikan wͻ Asomafoͻ no mu, na mennim deε yεde bεyε me anaa deε yεde bεyε mo. Medeε menni (biribiara) akyi, gyesε deε yɛayi akyerɛ me no, na m’adwuma ara nesε meyε kͻkͻbͻni pefee.

Ka sε: ‘’Sε moahunu sε, (Qur’aan yi) firi Oyankopͻn hͻ εna moapo a, ͻdanseni bi firi Israel mma no mu adi nesεso ho adanseε sε (εyε nokorε Nwoma a ɛfiri Onyankopͻn hͻ) tesε (deε Tora no nso firi Onyankopͻn hͻ no), enti wagye adi εna modeε moreyε ahomasoͻ. Nokorε sε Onyankopͻn nkyerε abͻneyεfoͻ no kwan.

Wͻn a wͻnnye nnie no ka kyerε wͻn a wͻagye adie no sε: “Sε nka (Qur’aan ne Islam som yi) yε ade papa bi a, nka monsan yεn ho nnya”. Ԑnam sε wͻnnyaa (Qur’aan yi) ho kwan kyerε nti no, deε wͻka ne sε: “Wei yε nkontompo dadaa”.

Mose Nwoma no na edii (Qur’aan) anim kan, (na εyε) kwankyerε Nwoma ne ahummͻborͻ. Saa Nwoma yi rehyε (Mose deε) no mma; (εyε) Arab kasa, sεdeε εbεbͻ wͻn a wͻyε bͻne no kͻkͻ, na abͻ apapafoͻ no nso anohoba.

Nokorε sε wͻn a wͻ’ka sε: “YɛWura ne Nyankopͻn na afei wͻgyina (pintinn) no, ehu biara nni wͻn so (wͻ Wusͻreε da no) na wͻn werε nso nho.

Saa nkorͻfoͻ no ne Soro aheman no mu foͻ no, na emu na wͻbεtena afe bͻͻ. Dwuma (pa) a wɔdiiε no ho akatua ne no.

Yɛahyɛ onipa sε ͻnyε ayamyε mma na’wofoͻ. Ɔmaame nyinsεn no wͻ ͻberε ne ahometeε so, εna ͻwoo no wͻ ͻberε ne ahometeε mu. Ne nyinsɛn ne ne nufu ma yε abosome aduasa; kͻpem sε ɔbɛnyin na ɔbɛduru mfeɛ aduanan no ͻka sε: “Me wura Nyankopͻn, boa me na menfa W’adom a Wode adom me ne m’awofoͻ ho aseda mma Wo, na (boa me) ma menyε papa a εbεyε W’anisͻ, na yε m’asefoͻ yie ma me. Nokorε sε me sakra m’adwen dema Wo; na nokorε sε meka Muslimifoͻ (anaasε) wͻn a wͻbrε wͻn ho ase no ho”.

Na mmom obi a ͻbεka akyerε n’awofoͻ (wͻ εberε a wͻrefrε no akͻ gyidie mu no) sε: “Medeε kyerε! Morehyε me bͻ sε (mewuo akyi no) mεsan apue (aba nkwa mu bio), aberε a awoͻ ntoatoasoͻ (pii) atwam wͻ m’anim (a wͻn mu biara nsͻreeε)? Na wͻn mmienu (agya ne εna no) srε Nyankopͻn mmoa (dema wͻn ba no, ka kyerε no sε): “Due nka wo, Gye di; nokorε sε Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε “Nanso deε ͻka ne sε: “Wei deε εyε tetefoͻ no anansesεm “

Obiara wͻ abasobͻdeε sεdeε wͻn nwuma kyerε, sεdeε (Nyankopͻn) bɛtua wͻn nwuma so ka pεpεεpε, na yɛnni wͻn amim.

Na kae Aadfoͻ nua (Huud), εberε a ͻbͻͻ nenkorͻfoͻ no kͻkͻ wͻ Ahqaaf. Ampa sε na kͻkͻbͻfoͻ (pii) atwam wͻ n’anim ne n’akyi. (Ɔka kyerεε wͻn sε): “Monhwε na moansom biribiara, gyesε Onyankopͻn nko ara. Nokorε sε mesuro Da kεseε no asotwee no ma mo “.

Wͻkaa sε: “Wobaa yεn hͻ sε worebεdane y’ani afiri yɛn abosom no so? Sε woyε nokwafoͻ ampa a, εnneε ma deε wode hyε yεn bͻ (hunahuna yεn) no mmra yεn so”.

Obuaa sε: ”(Dͻnhwere no ho) nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn nko ara hͻ, na deε yεde somaa me no na merebͻ ho dawuro akyerε mo no. Na mmom mahunu sε moyε amanfoͻ bi a motiri awuo.

Ɛberε a wͻhunuu mununkum kεseε bi sε ani kyerε wͻn bonhwa no mu hͻ no, wͻkaa sε: “Wei yε mununkum a εrebrε yεn nsuo”. Daabi! Wei ne (asotwee) no ara na morepε no ntεm no. Mframa a εwͻ mu no yε asotwee a εyε ya paa.

Ampa sε Yɛasεe nkuro a atwa mo ho ahyia no, na Yεkͻͻ so yii nsεnkyerεnee (pii) adi kyerεε wͻn sεdeε ɛbɛyɛ a wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn bͻne mu).

Afei adεn na wͻn a wͻfirii Nyankopͻn akyi faa wͻn sԑ anyame, sεdeε εde wͻn bԑbεn Nyankopͻn no ammoa wͻn? Daabi, (wͻn anyame no) ayi wͻn ama. Wei ne wͻn nkontomposεm a wͻbͻ wͻn tirim keka no.

(Nkͻmhyεni), kae εberε a Yεdanee Jinn kuo bi ani kyerεε wo hͻ, na wͻtiee Qur’aan (akenkan), εberε a wͻbaa hɔ no, wͻka kyerεε (wͻn ho) sε: ”Monyε komm! Ԑberε a (akenkan no) siiε no, wͻdanee wͻn ho kͻͻ wͻn nkorͻfoͻ hͻ kͻbɔɔ (wͻn) kɔkɔ.

Na obia wannye Nyankopͻn frε no soͻ no, ɔnni dwanekͻbea (biara) wͻ asaase yi so, na ɔnni okyitaafoͻ biara wͻ Nyankopͻn akyi. Saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ ͻyera pefee paa mu no’’

Ɛda a Yεde wͻn a wͻannye annie no bεba egya no anim no, (yεbɛbisa wͻn sε): “Wei nyε nokorε anaa?” Wͻbεka sε: “Aane! Yεde yɛn Wura Nyankopͻn di nse”. (Onyankopͻn) bεka sε: ”Monsɔ (asotwee no) nhwε εnam sε mopoo (nokorε) no nti.”

Enti (Nkͻmhyεni), wodeε si aboterε sεdeε Asomafoͻ no mu atitiriw no sii aboterε no, na εmpere (asotwee no) ho mma wͻn. Ɛda a wͻbɛhunu deε Yɛahyε wͻn ho bͻ no, εbεyε wͻn sε, wͻantena (wiase) gyesɛ bεyε adekyeε mu dͻnhwere baako bi pε. (Qur’aan yi yε) amanebͻ. Enti εnyε asoɔdenfoͻ no na (asotwee no ba a) wͻbεsεeε?