عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The victory [Al-Fath] - Ashanti Translation

Surah The victory [Al-Fath] Ayah 29 Location Madanah Number 48

Nkͻmhyεni, nokorε sε Yɛama wo nkonimdie a εda adi pefee.

Ɔsoro ne asaase so asraafoͻ (nyinaa) wͻ Nyankopͻn. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Nokorε sε (Nkͻmhyεni), Yɛasoma wo sε ͻdanseni, ne anigyesɛm, ne kͻkͻbͻ ho bɔfoɔ,

Sεdeε mobεgye Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ no adie, na moaboa (Ɔsomafoͻ) no, na moadi no nni, na mobεbͻ (Onyankopͻn) abodin atontom no anͻpa ne anwummerε.

(Nkͻmhyεni), nokorε sε wͻn a wͻsuae kyerεε woͻ no, Nyankopͻn na wͻsuae kyerεε no; Nyankopͻn nsa wͻ wͻ nsa so. Enti obi a ͻbεbu (ne nsedie no) soͻ no, ɔbu so tia ͻno ara ne kraa, na obia ɔbɛdi bͻhyε a ͻne Nyankopͻn ahyε no soͻ no, Ɔbεma no akatua a εsoo paa.

Onyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɔde obi a Ɔpε bͻne kyε no, εna Ɔtwe obia Ɔpε nso aso. Onyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Kakyerε εserε so Arabfoͻ a wͻkaa akyire no sε: “Yεbεfrε mo ama moako atia amanfoͻ bi a wͻn ho yε den yie wͻ akoo-die mu, akosi sε wͻbεbrε wͻn ho aseε. Afei sε moyε sotie a Onyankopͻn bεma mo akatua pa paa; na sε modane mo akyi de ma, sεdeε modii kan danee mo akyi maeε no a, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe mo aso “.

Bᴐne nni Onifirani so, bᴐne nni obubuaani nso so, na bͻne nni ͻyarefoͻ nso so, (sε wͻntumi nkͻ ͻkoo no bie). Obi a ͻbεyε sotie ama Onyankopͻn ne ne Somafoͻ no, Ɔde no bɛwura Soro aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, na obia ͻbεdane ne ho no, Ɔde asotwee a εyε ya paa bεtwe n’aso.

Ne asadeε bebrebe a wͻbɛnya no. Onyankopͻn ne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ.

Saa ara na Onyankopͻn kwan a Ɔtwa too hͻ de maa wͻn a wͻatwa mu kͻ no teε, na wonhunu sε Onyankopͻn kwan no asesa.

Wͻn ne wͻn a wᴐpo nokorԑ, na wͻsii mo Nyamedan kronkron no ho kwan, na afͻrebͻ no annuru n’agyinaeε hͻ. Sε na εnyε agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa a monni wͻn, na anhwε a na moatiatia wͻn so (aku wͻn) wͻ aberε a monnim ho hwee ama asεm bͻne bi ato mo a, (anka Ɔmaa mo wuraa Maka). Sεdeε Onyankopͻn de obi a Ɔpε bɛwura N’ahummͻborͻ no mu. Sε anka (agyidiefoͻ a εwͻ Maka a wͻde wͻn gyidie asuma no ne Kaafirfoͻ no) ho da nso a, anka Yεde asotwee a emu yε den paa twee wͻn mu boniayεfoͻ no aso.

Ɛberε a wͻn a wͻnnye nnie no de akεsesεm ne ahomasoͻ, abagyimi berε ahomasoͻ hyεε wͻn akoma mu no, Nyankopͻn sianee N’awerεkyekyerε maa Ne Somafoͻ ne agyidiefoͻ no, na Ɔmaa wͻsͻͻ Nyame suro kasa (Laa ilaaha illal-Laah) no mu pintinn, na na (agyidiefoͻ no) wͻ ho kwan, na εfata wͻn nso. Na Nyankopͻn deε Ɔne biribiara ho Nimdefoͻ.

Muhammad yε Onyankopͻn Somafoͻ, wͻn a wͻka ne ho no yε den wͻ boniayεfoͻ no so papaapa, na wͻhu wͻn ho wͻn ho mmͻbͻ. Wobɛhu wͻn sε wͻrebͻ wͻn mu ase de wͻn anim butu fͻm hwehwε Onyankopͻn adom ne Ne nyetomu. Wͻn nsohyεdeε wͻ wͻn anim, εnam (wͻn) anim a wͻde butu fam no nti. Woi ne wͻn mfatoho wͻ Tora mu; na wͻn mfatoho wͻ Injiil mu no nso, wͻtesε: Aduaba a (yɛadua na) afifire na ayε den na asipi na agyina pintinn wͻ ne dua no soͻ, na okuafoͻ no ani agye ho; sεdeε Ɔbεhyε boniayεfoͻ no abufuo. Onyankopͻn de bͻnefakyε ne akatua a εsoo paa ho bͻ ahyε wͻn a wͻagye adie na wͻdi dwuma pa wͻ wͻn mu no.