عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Table Spread [Al-Maeda] - Ashanti Translation

Surah The Table Spread [Al-Maeda] Ayah 120 Location Madanah Number 5

Mo a moagye adie, moni bͻhyε anaa ahyεdeε no (nyinaa) so. Mo wͻ ho kwan sε modi ntͻte-boaa no (nyinaa bie), gyesε deε yakenkan akyerε mo no; monni ahayͻ nso ho kwan wͻ εberε a mowͻ Harami (ntoma fufuo no) mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔhyε mmara sεdeε Ɔpε.

Mo a moagye adie, monhwε na moanto Nyankopͻn (kronkron bea hͻ) nsεnkyerεnee no ho mmra, anaa abosome kronkron no ho mmra, anaa okum afͻdeε no ho mmara, anaa (mmoa no) kͻn-mu-ade no ho mmara anaa wͻn a wͻ’ba Nyamedan kronkron no ho bεhwehwε Nyankopͻn adom ne ne nyetomu no ho mmra. Sε mowie Haji asεdeε no a, motumi yε ha. Na monhwε na moamma nnipa bi ho tan, sε wͻ’sii (mo) Nyamedan kronkron no ho kwan no nti mma monnkͻyε bͻne. Na momoa moho wͻ papayε ne Nyamesuro ho, na monhwε na moammoa moho wͻ bͻne ne ͻtan ho. Na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn awerԑtᴐ ano yε den paa.

(Ɛnam a) y’abra mo ne aboa funu, εna mogya, εna prako-nam, εna deε edin foforͻ bi a εnyε Nyankopͻn din na y’abͻ (aku no), εna deε yakyikyim ne kͻn (aku no), εna deε yabo no aku no, εna deε wate ahwe awuo, εna deε (aboa bi de) na’bεbεn awͻ no (aku no), εna (aboa a) akyere boa bi awe (agya bie), gyesε (mokͻtoo no) twaa ne mene; εna deε yakum agu bosom soͻ, εna (εnam a) mode agyan kyekyε. Ɛno yε fii. Ɛnnε da yi wͻn a wͻ’yi boniayε no anya abamu buo wͻ mosom no (nkͻsoͻ) ho. Enti monhwε na moansuro wͻn, na monsuro Me. Ɛnnε da yi Mama mosom no awie pεyε ama mo, εna Mede M’adom no awie mo soͻ, εna M’agye Islam atum ama mo sε εnyε ɔsom (ma mo). Na mmom obi a εkͻm ahokyerε nti (obedi deε yabra yi bie), na εnyε bͻne bi na ͻrepε ayε nti, nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔno ara nso ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Ɛnnε da yi, yama mo adepa a εho teε biara ho kwan. Mowͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom Nwoma (Yudafoͻ ne Kristofoͻ) no aduane ho kwan, na wͻn nso wͻ mo aduane ho kwan. Mowͻ agyidiefoͻ mmaa a wͻ’da hͻ kwa na wͻ’kuta wͻn ho yie no ho kwan (sε motumi ware wͻn), εna mosan wͻ wͻn a yama wͻn Nyamesom ho Nwoma no a wͻ’dii moanim kan no mmaa a wͻ’da hͻ kwa, na wͻ’kuta wͻn ho yie no ho nso ho kwan (sε motumi ware wͻn), sε mode wͻn tiri aseda ma wͻn a, (na mmom) εnyε adwammammͻ mu anaa mpena twee mu. Na obi a ͻbεpo gyidie no, ampa sε ne dwuma die ayε kwa, na ᴐbεka berεguofoͻ no ho Daakye.

Mo a moagye adie, sε mosͻre (anaasε moyε moadwen) sε morekͻfrε Nyame a, monhohoro moanim ne monsa mεpem (mo) abatwε, na (monfa nsuo) nsra motri so na (monhohoro) monan ase mεpem (mo) nanpͻso. Sε mowͻ ahosen fii mu a, εno deε (monfa nsuo ndware) nte moho. Sε moyare anaa mowͻ akwantuo mu anaa momu bi firi baabi so aba, anaa mode moho aka mmaa εna monnya nsuo a, monfa nεteε a εho teε (mmͻ Tayammam) nsra moanim ne monsa ho. Nyankopͻn mpε sε Ɔde adesoa bεsoa mo, na mmom Ɔpεsε Ɔte moho na Ɔde N’adom no wie moso sεdeε mobeyi (no) ayε.

Wͻn a wͻ’po nokorε no na wͻ’fa Yεn nsεm no atorᴐsԑm no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no.

Ԑnam sε wͻ’buu wͻn apam no soͻ no nti, Yε’domee wͻn, na Yε’maa wͻn akoma yεε den (efrisε) na wͻ’sesa Nyankopͻn nsεm no firi netobea, na (nsεm) no a yesiane berεε wͻn no nso wͻn werε fri emu fa (kεseε no). (Nkͻmhyεni), wobεkͻso ahu nnaadaa wͻ wͻn mu, gyesε wͻn mu (nnipa) kakraabi. Enti fafiri wͻn, na bu w’ani gu (wͻn mfomsoͻ) no bi so. Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’yε ayεmyε anaa papa no asεm.

Yudafoͻ no ne Kristofoͻ no ka sε: “Yεn deε yεyε Nyankopͻn mma, na N’adɔfo paa ne yεn”. (Nkͻmhyεni), ka sε: “Afei adεn nti na Ɔde mo bɔne twe moaso?” Daabi, monso moyε nnipa ka deε W’abͻ no ho. Ɔde obi a Ɔpε bɔne kyε no, εna Ɔtwe obi a Ɔpε nso aso. Onyankopɔn na ͻsoro ne asaase so ahennie ne deε εwͻ mfinfii nyinaa yε Nedea na Nehͻ ne (obiara) nnkyi.

Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, ampa sε Yεn Somafoͻ no aba monkyεn a ͻrekyerεkyerε (Mensεm no) mu kyerε mo, wͻ εberε a asomafoͻ no a wɔ’didisoͻ no to twaeε, sεdeε (Daakye no) moankͻka sε: “(Ɔsomafoͻ a) ͻde anigyesεm ho amaneε ne kͻkͻbͻ ho amaneε (nam) biara amma yεn hɔ. Enti (Ɔsomafoͻ a) ͻde anigyesεm ho amaneε ne kͻkͻbͻ ho amaneε aba mohͻ. Onyankopɔn na ͻwͻ biribiara so tumi.

Mmarima mmienu bi a wͻ’ka wͻn a wͻ’suro Nyankopͻn ho, na Nyankopͻn de adom adom wͻn no kaa sε: “Monfa ͻpono no mu na monkͻto nhyε wͻn so, nasε mo Wura mu a, nokorε sε mobedi nkonim. Nasε moyε agyidiefoͻ a εneε Nyankopͻn na monfa moho nto no soͻ.

Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, deε metumii kͻduro ara ne mene me nua (Aaron) so, enti (mesrε Wo sε), paepae yεn ne nnipa bͻnefoͻ no ntεm “.

(Nyankopͻn) kaa sε: “Nokorɛ sɛ yεbesi wͻn (asaase no) ho kwan mfie aduanan na wͻn adi akͻneaba wͻ asaase no so. Enti hwε na w’anni awerεhoͻ amma nnipa bͻnefoͻ no.

(Nkͻmhyεni), ka Adam mma mmienu no ho (asεm no mu) nokorε kyerε (Yudafoͻ) no; εberε a wͻ’bͻͻ ͻhyeε afͻdeε na yε’gyee baako deε, na baako deε no deε yannyeε. (Nea yannye nedeε no) ka kyerεε (nea yεgyee ne deε no) sε: “Sε εteε biara no meku wo. (Deε yεgyee n’afͻrebͻ no) ka kyerεε (ne nua no) sε: “Wͻn a wͻ’suro Nyame no deε na Nyankopͻn gyeε”

Enti Nyankopͻn somaa kwaakwaadabi maa no bεhwetee fͻm, sεdeε ͻbεkyerε no sεdeε ͻbεfa so asie ne nua no funu no. Ɔkaa sε: ”Menue, enti mantumi anyε sε saa kwaakwaadabi yi ansie menua funu?” Na onuu neho (sε ͻyε onipa na wantumi annya adwen na anomaa mmom na abεkyerε no deε εsεsε ͻyε).

Ɛnam saa nti, Yε’hyehyε maa Israel mma no sε: “Obi a ͻbekum onipa bi na εnyε sε (saa nipa no akum) onipa bi ho nti no, anaa obedi nsεmͻnee wͻ asaase no soͻ no, εtesε deε wa’kum nnipa nyinaa, saa ara nso na obi a ͻbεgye obi nkwa no tesε deε w’agye nnipa nyinaa nkwa. Ampa sε Y’asomafoͻ no de nyinasoͻ pefee no baa wͻn hͻ, nanso nokorε sε, εno akyiri no wͻn mu dodoͻ no ara na wͻ’kͻͻ so dii nsεmͻne wͻ asaase no soͻ.

Akatua a εwͻ hͻ ma wɔn a wɔ’tu Nyankopɔn ne Nesomafoͻ no so sa, na wͻ’bͻ mmɔden sε basabasa yε bεkɔso wͻ asaase soͻ no ne sε: “Mobeku wɔn anaa mobεbͻ wɔn asεnnua mu, anaasε mobetwitwa wɔ’nsa ne wɔn nnan abͻ no abira, anaa mobetwa wɔn asuo afiri asaase no so. Ɛno yε animguaseε a yεdegu wɔn wɔ wiase. Daakye no nso wɔn wͻ asotwee kεseε paa.

Gyesԑ wᴐn a wɔ’sakra wɔn adwen ansa na moretumi adi wɔn soͻ (anaa monsa reka wɔn) no; εneε monhu sε Onyankopɔn ne Bɔnefakyε Hene, na Ɔne Mmɔborɔhunufoɔ Hene

Nokorε sε, wɔn a wɔ’yi (Nyankopɔn) boniayε no, sε wɔn wͻ deε εwͻ asaase so nyinaa ne nesεso mpo kaho sε wɔ’de bεyε mpata anya wɔn ho afiri Wusɔreε da no asotwee no mu a, yentie wɔn anaasε yεnnye. Wɔn wͻ asotwee a εyε ya paa.

Ɔkrͻmfoͻ barima ne ͻkrͻmfoͻ baa, montwa wɔn nsa; εyε dwuma a wɔ’diiε no so akatua, na asotwee no nyε adesua a efiri Onyankopɔn hɔ (mma amanfoͻ). Onyankopᴐn ne Otumfoᴐ, Onyansafoᴐ.

Obi a nebͻne no akyi ͻbεsakra n’adwen na w’ayε ntotoeε pa no, Nyankopͻn betie n’adwen sakra no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Ɔsomafoͻ (Muhammad), εmma wͻn a wͻ’pε ntεm kͻ boniayε mu no a wͻn wͻ wͻn a wͻ’de wͻn ano na εka sε wͻn agye adie, na wͻn akoma nnye nniiε no asεm nnyε wo awerεho. Yudafoͻ no mu bi wͻhͻ a wͻ’tie nkontompo biara, (san) tie dema afoforͻ a wͻn maa deε wo wͻ hͻ mpo, na akyire yi wͻ’sesa asεm no firi netobea. Deε wͻ’ka ne sε: “Sε yεde woi ma mo a monsͻ mu nasε yammfa amma mo nso a εneε monyε ho ahwεyie”. Obi a Nyankopͻn pεsε mmusuo bi ba nesoͻ no, wontumi nyε hwee mma no ntia Nyankopͻn. Woi nom na Nyankopͻn mpε sε Ɔte wͻn akoma ho no. Wͻn wͻ animguaseε wͻ wiase, na Daakye no nso wͻn wͻ asotwee kεseε paa.

(Wͻn a) nkontompo na wͻ’tie, (anaasε wͻ’betwa nkontompo ato Nkͻmhyεni so nti na wͻ’tie), wͻn a wͻ’di akyiwadeε a yabra. Sε wͻ’ba wohͻ (sε bu wͻn ntεm atεn a), bu wͻn ntεm atεn, anaasε dane woho firi wͻn ho. Sε wodane woho firi wͻn ho a, wͻ'ntumi nnyε wo hwee. Sε worebu wͻn ntεm atεm a, bu no wͻ nokorε mu. Nokorε sε Nyankopͻn pε wͻn a wͻ’di nokorε no asεm.

Ԑdeεn nti koraa na εsεsε wͻ’ba wo hͻ bεhwehwε atemmuo wͻ aberε a Tora no wͻ wͻn hͻ na Nyankopͻn atemmuo wͻ mu, na εno mpo akyiri no wͻ’dane wͻn akyi dema? Efirisε, saa nkorͻfoͻ no nnyε agyidiefoͻ.

Nokorε sε Yesianee Tora no a na kwan kyerε ne nhyerεnee wͻ mu, na εno na na Nkͻmhyεfoͻ no a wͻ’brε wͻn ho aseε no debu Yudafoͻ no atεn. Na (εno ara nso na Nkͻmhyεfoͻ no akyi no) Rabbifoͻ no ne asͻfoͻ no (debu atεn), εnam sε yεde Nyankopͻn Nwoma no hyεε wͻ’nsa sε wͻnhwε so, na na wͻ’di ho adanseε. Enti monhwε na moansuro nnipa, na mmom mo nsuro Me; na monhwε na moantͻn Me’nsεm (no anni) εnam sika kakra bi (a mobenya ho) nti. Obi a w’ammfa deε Nyankopͻn asiane aba no ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no.

Yε’hyehyεε no (wͻ Tora) no mu maa wͻn sε: “Ɔkra nsi ͻkra anan mu, ani nsi ani anan mu, εhwene nsi εhwene anan mu, asoo nsi asoo anan mu, na εsee nso nsi εsee anan mu, na pira nso so akatua nyε saa ara pεpεεpε. Na mmom obi a ͻde bεkyε no, εbεyε bͻnefakyε ama no. Obi a wannfa deε Nyankopͻn asiane aba ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneɛfoͻ no.

Enti ma wͻn a Injeel yε wͻn dea no mfa deε Nyankopͻn asiane wͻ mu no mmu atεn. Na obi a wannfa deε Nyankopͻn asiane aba no ammu atεn no, saa nkorͻfoͻ no ne abͻneεfoͻ no.

Yε’de Nokorε no na asiane Nwoma no ama woͻ, sεdeε εbεhyε Nwoma a edii n’anim kan no mma, na adi ho adanseε na abͻ ho ban. Enti gyina deε Nyankopͻn asiane aba no so na bu wͻn ntεm atεn. Na enni wͻn apεdeε hunu no akyi wͻ akyire yi a wonsa aka Nokorε no. Y’εyεε mmra maa momu (ͻman biara) ne kwan (a mobεfa so de asom Nyame asan de abu mo man). Sε εyε Nyankopͻn pε a, anka Ɔyεε mo nyinaa ͻman baako, na mmom sεdeε Ɔde deε Ɔde ama mo no bεsͻ mo ahwε nti. Enti moni akansie wͻ papa yε ho. Nyankopͻn hͻ na mo nyinaa bεsan akͻ na deε monte moho aseε wͻ ho no W’abͻ mo ho amaneε.

Enti fa deε Nyankopͻn asiane aba no bu wͻn ntεm atεn, na hwε yie na w’anni wͻn apεdeε akyi, na yε ahwεyie wͻ wͻn ho na w’anntwe wo anfri deε Nyankopͻn asiane ama woͻ no bi ho. Nasε wͻ’dane wͻn ho (fri Nokorε no ho) a, εneε hunu sε, Nyankopͻn na Ɔpεsε Ɔde wͻn bͻne no mu bi twe wͻn aso. Na nokorε sε, nnipa no mu pii yε abͻneεfoͻ paa.

Anaasε abagyimifoͻ no atemmuo no bi na wͻ’rehwehwε? Hwan na onim atemmuo pa kyεn Nyankopͻn dema amanfoͻ a wͻn gyidie si pie no?

Wobehunu wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no sε wͻ‘de ntεmpε kͻ wͻn hͻ, na deε wͻ’ka nesε: “Yesuro sε anhwε a na nsakraeε bi de mmusuo bi aberε yεn”. (Nkͻmhyεni), ebia Nyankopͻn de nkonimdie bi anaa asεm bi befri Nenkyεn aba ama wͻn anu wͻn ho wͻ deε wͻ’de asie wͻ wͻn (akoma) mu no ho.

Mo a moagye adie, momu biara a ͻbεdane n’akyi ama nesom (Islam) no, Nyankopͻn de amanfoͻ bi bεba a Ɔbεdͻ wͻn paa na wͻnso adͻ Nyankopͻn paa, na wͻ’bεbrε wͻn ho ase ama agyidiefoͻ no na wͻ’ayε dendeenden atia boniayεfoͻ no. Wͻ’bεbɔ mmɔden paa wͻ Nyankopͻn kwan so, na wͻ’nsuro sε obi a onunu (nnipa) benunu wͻn. Saa na Nyankopͻn adom no teε, Ɔdema obi a Ɔpε. Onyankopͻn na N’adom trε (duru biribiara soͻ), Ɔne Onimdefoͻ.

Nokorε sε, mo Kyitaafoͻ deɛ Ɔne Nyankopͻn, ne Ne Somafoͻ, ne wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’frε Nyame wͻ neberε mu, na wͻ’yi Zaka, na wͻ’bͻ wͻn mu ase (ma Nyankopͻn).

Obi a ͻbεfa Nyankopͻn ne Ne Somafoͻ ne wͻn a wͻ’agye adie no sε wͻn Kyitaafoͻ no, nokorε sε Nyankopͻn kuo no ne nkonimdifoͻ no ampa.

Sε morebͻ Nyamefrε ho dawuro afrε (nnipa ama wͻn abεsom Nyame a) wͻ’fa no fεw ne agodie; saa na εteε efrisε wͻ’yε nnipa a wͻ’nnwen.

Kasε: “Mo a yama mo Nyamesom ho Nwoma, enti bͻne ho akatua a mode tua yεn ka (nyinaa) ne sε y’agye Nyankopͻn, ne deε yasiane ama yεn, ne deε yedii kan sianeε no adie nti? Nokorε sε momu dodoͻ no ara yε abͻneεfoͻ.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Menkyerε mo nea n’akatua yε ade bͻne kyԑn saa wͻ Nyankopͻn hͻ?” (Saa nipa no ne) obi a Nyankopͻn adome no, na N’abufuo wͻ nesoͻ, na Ɔmaa wͻn mu bi danee nnoe ne mprako, na wͻ’som ͻbonsam; saa nkorͻfoͻ no na wͻn wͻ gyinaberε bͻnee paa mu, asan ayera afri ͻkwan tenenee no soͻ.

Sε wͻ’ba mohͻ a deε wͻ’ka nesε: ‘’Yεgye di’’, aberε nso a wͻ’de boniayε (Kaafir adwen) na εbewura (mo hͻ), na saa (adwen korͻ) no ara na wͻ’de pue korͻ. Nyankopͻn deε Onim deε wͻ’de sie no nyinaa.

Wobehunu wͻn mu (Yudafoͻ no) pii sε wͻ’pε ntεm kͻ bͻne ne ͻtan mu, na wͻ’di akyiwadeε (tesε nsihoo ne kεtε ase hyε anaa adan mu deε). Nokorε sε bͻne paa na wͻ’die no.

Deε Yudafoͻ no ka ne sε: ‘’Yakyekyere Nyankopͻn nsa (anaasε Nyankopͻn nyε tema)’’. Wͻ’nsa nkyekyere, na yadome wͻn wͻ asεm a wͻ’kaeε no ho. Daabi, Nensa mmienu no nyinaa mu trε, (anaasε Nyankopͻn yε tema) na Oyi dema sεdeε Ɔpε. (Nkͻmhyεni), Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wo hͻ no ama wͻn mu dodoͻ no kͻso te atua, san yi boniayε. Na yεde ͻtan ne ahii ato wͻn ntεm dekosi Atemmuda. Ɛberε biara a wͻ’bεsͻ ͻkoo ho gya ano no na Nyankopͻn adum no; wͻ’bͻ nsεmmͻnee ho mmͻden paa wͻ asaase so. Na Nyankopͻn deε Ɔmpε nsεmmͻnedifoͻ no asεm.

(Nkͻmhyεni) ka sε: “Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, monni nyinasoͻ biara (wͻ Nyamesom mu), gyesε mode Tora no ne Injeel no ne deε yasiane afri mo Wura Nyankopͻn hͻ abrε mo no yε adwuma. Nanso Adiyisεm a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ aba wͻn hͻ no ma wͻn mu dodoͻ no ara kͻso te atua, san yi boniayε. Enti hwε na woanni amanfoͻ boniayεfoͻ no ho awerεhoͻ.

Ampa sε Yε’gyee apam fri Israel mma no hͻ, na Yε’somaa asomafoͻ baa wͻn hͻ. Ԑberε biara a ͻsomafoͻ bi de deε εnyε wͻn akoma apεdeε bεbrε wͻn no (asomafoͻ no mu) fekuo bi wͻ hͻ a wͻ’buu wͻn sε atorofoͻ, na fekuo bi nso deε wͻ’kum wͻn.

Wͻn adwen yεε wͻn sε mmusuo biara nnihͻ, enti wͻ’maa wͻn ani firae, sisii wͻn aso nso. Na Nyankopͻn de wͻn bͻne kyεε wͻn; na bio dodoͻ no ara maa wͻn ani firae, sisii wͻn aso nso. Na Nyankopͻn deε Ohunu deε wͻ’yε nyinaa.

Ampa sε wͻn a wͻ’ka sε: Nyankopͻn ne Kristo, Mar’yam ba no yɛ (Kaafir) boniayεfoͻ. Asεm a Kristo kaeɛ ne sε: “Israel mma, monsom Nyankopͻn a Ɔyε me (Yesu) Wura na Ɔyε monso mo Wura no, na nokorε sε, obiara a ͻde biribi bεbata Nyankopͻn ho no deε, ampa sε (Nyame) abra sε (saa nipa no bεkͻ) soro Aheman mu, na nefie ne Amanehunu gyem. Abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni aboafoͻ.

Ampa sε wͻn a wͻ’ka sε: “Nokorε sε Nyankopͻn ka (anyame) baasa no ho no” yε (Kaafir) boniayεfoͻ. Awurade foforͻ biara nnihͻ ka Nyankopͻn Baako pε no ho. Sε wͻn anntwe wͻn ho anfri nsεm a wͻ’keka no ho a, asotwee a εyε ya paa bεto wͻn mu wͻn a wͻ’po nokorε no.

Enti wͻ’nnnsakra wͻn adwen nnkͻ Nyankopͻn hͻ na wͻ’nnsrε Nehͻ bͻnefakyε? Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene Ɔne Ahummͻborͻ Hene.

Mar’yam ba Kristo no gyinaberε ara ne sε ͻyε Somafoͻ. Asomafoͻ pii na adi n’anim kan atwamu kͻ, na ne maame nso yε ͻbaa nokwafoͻ, na wͻn mmienu nyinaa di aduane. Hwε sεdeε Yεrekyerεkyerε nsεm no mu (pefee) kyerε wͻn, na afei hwε sεdeε wͻ’si dane wͻn ho (fri Nokorε no ho).

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Enti mofri Nyankopͻn akyi som adeε a entumi mfa ͻhaw anaasε mfasoͻ biara mma mo?” Nyankopͻn deε Ɔne Otiefoͻ no a Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso ne Onimdefoͻ no a Onim biribiara no.

Kasε: “Nyamesom ho Nwomanimfoͻ, monhwε na moanyε biribi amma no antra so wͻ mo som no mu aberε a εnyε nokorε, na monhwε na moanni amanfoͻ bi a, ampa sε kanee no wͻ’yeraeε na wͻ’yeraa (nnipa) pii na wͻn ayera afri ͻkwan pa no soͻ no apɛdeɛ akyi.

Nokorε sε, wobenya nnipa a wͻ’tan agyidiefoͻ no paa a, (wͻne): Yudafoͻ no, ne wᴐn a wᴐ’de biribi bata Nyame ho no; nokorε nso sε, sε wobenya wͻn nso a wͻn dͻ bεn wͻn a wͻ’agye adie no a, wͻn nso ne wͻn a wͻ’ka sε yεn yεyε Kristofoͻ no. Deε εma no ba saa ne sε, wͻn mu bi yε asͻfoͻ, εna wͻn mu bi nso apa wiase akyi de Nyamesom nko ara na asi wͻn ani soͻ na nokorε sε, wͻ’nnyε ahomasoͻ.

Deεn na esi yԑn kwan sԑ εnsεsε yε’gye Nyankopͻn ne nokorε a aba yεn hͻ no die? Yε’wͻ awerεhyem sε Ye’Wura Nyankopͻn de yεn bεka nnipa papafoͻ no ho”

Na wͻn a wͻ’yii boniayε na wͻ’faa Yε’nsεm no atorͻsεm no, saa nkorͻfoͻ no ne Amanehunu gya no mu foͻ no.

Monyε sotie ma Nyankopͻn na monyε sotie ma Ɔsomafoͻ no, na monyԑ ahwԑyie, na sε modane moakyi (dema saa afutusεm yi a), εneε monhunu sε, Yε’somafoͻ no asεdeε ara nesε ͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu pefee.

Mo a moagye adie, monhwε na moanyε ha ankum aboa wͻ εberε a moafa ‘Harami’ (ntoma fufuo no afira) rekͻyε Haji, na momu obi a ͻde anidaaho bekum (aboa) bi no, ͻde ayεmmoa a ͻtesε nyεmmoa a yεde wͻn ba Ka’aba ho no sεso a ͻtesε aboa a okum no no, bεyε mpata; sεdeε momu nokwafoͻ mmienu gye to mu, anaasε εho mpata ne sε, ͻbεbͻ ahiafoͻ akͻnhoma, anaasε akyiriwia a εne no bεyε pε, sεdeε ͻbεka nedwuma a odiiε no so asotwee ahwε. Deε atwa mu no deε Nyankopͻn de afri (mo), na mmom obi a ͻbεsan akͻyε bio no deε Nyankopͻn bεtwe n’aso wͻ ho. Na Nyankopͻn ne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, na Ɔno na Otua bͻne so ka.

Yεma mo nsuo mu ahayͻ ne emu nnam ho kwan sε εnyε akɔnhoma ma mo ne akwantufoɔ no. Asaase so ahayͻ no deε, mowͻ ‘Harami’ (ntoma fufuo no mu) nko ara deε, monni ho kwan (sε moyε ha). Enti monsuro Nyankopͻn no a Nehͻ na mobehyia.

Nyankopɔn ayε Ka’aba Efie kronkron no Asoeε ama adasamma; (saa ara nso na W’ayε) abosome kronkron no ne afɔrebɔdeε no ne nyεmmoa a kɔn-muade da wɔn kɔn mu no, sεdeε mobehunu sε, nokorε Nyankopɔn Nim deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa. Nokorε sε Nyankopͻn yε biribiara ho Nnimdefoͻ.

Monhunu sε, nokorε Nyankopͻn asotwee ano yεden paa, nokorε nso sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Ɔsomafoͻ no deε n’asεdeε ara nesε, ͻbεbͻ asεm no ho dawuro; na Nyankopͻn deε Onim deε moda no adi wͻ badwa mu εna Onim deε mode suma nso.

Mo a moagye adie, monhwε na moammisa nneεma bi a, sε yεda no adi kyerε mo a εbεha mo no ho nsεm; sε mo (kͻso) bisa wͻ abrε a Qur’aan (mu nsεm) resiane ba yi a, yεbεda no adi akyerε mo. Nyankopͻn de woi afri mo. Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, na Ɔne Ntoboaseε Hene.

Ampa sε amanfoͻ bi a wͻ’dii moanim kan no bisaa nsεm saa maa εnam so maa wͻ’kͻyεε (Kaafir) boniayεfoͻ.

Nyankopͻn nyεε (amaneε biara a εma) yεpaepae yoma-bedeε aso, anaa yoma a ͻno ara kͻ adidi na onni ho kwan sε ͻsoa nnoͻma, anaa mmoa a yawo wͻn nta na yeku wͻn gu bosom soͻ. Na mmom nkontompo na (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no twa to Nyankopͻn soͻ, na wͻn mu dodoͻ no ara nso nni adwen.

Sε yεka kyerε wͻn sε: “Momra ma yεnkͻ deε Nyankopͻn asiane no mu, na yεnkͻ Ɔsomafoͻ no hͻ a, asεm a wͻ’ka nesε: “Deε yεbεtoo yεn agya nom sε wͻn wͻ soͻ no ara som bo ma yεn”. Enti sε na wͻn agyanom nnim hwee anaa wͻn annya kwankyerε mpo a (wͻ’bedi wͻn akyi saa ara)?

Mo a moagye adie, sε owuo ba mo mu bi so a, moma mo mu nnipa mmienu a wͻ’di nokorε anaasε nnipa foforͻ mmienu bi a wͻnnka moho nni montεm adanseε wͻ εberε a (owufoͻ no) reyε nsamanseε no. Sε moretu kwan wͻ asaase no so na owuo mmusuo no ho asεm siiε a. moma wͻn mmienu ntwεn wͻ Nyamefrε (berε) akyi. Nasε moadwen nnsi mo pi (wͻ wͻn ho) a, moma wͻn mmienu mfa Nyankopͻn nni nse (nka) sε: “Ye’nni nse nhwehwε wiase dwetire biara, sε (onipa no) yε ye’busuani mpo a, na ye’ntumi nso mmfa Nyankopͻn adansedie nnsie, (sε yε’yε saa a,) nokorε sε, na yεka abͻneεfoͻ no ho.

Nasε εda adi sε wͻn mmienu di bͻne bi ho fͻ (wͻ adansedie no mu a), moma nnipa foforͻ mmienu a wͻn wͻ (awugya-deε no) ho kwan kyεn wͻn mmienu (a wͻ’dii kan dii adanseε no) nsi wͻn anan mu na wͻnfa Nyankopͻn nni nse sε: “Adanseε a yεredie yi yε nokorε kyεn wͻn mmienu adansedie no, na yε’nnyε bͻne (wͻ y’adanse die yi mu,) efrisε, sε yε’yε saa a), εneε na yε’ka abͻneεfoͻ no ho.

Ɛda no a Nyankopͻn bεboa Asomafoͻ no nyinaa ano aka akyerε wͻn sε: “Sεn na (amanfoͻ a yε’somaa mo wͻ wͻn hͻ no) si gyee mo soᴐ?” Wͻ’bεka sε: “Yε’deε ye’nni ho nimdeε. Nokorε sε Wone Kokoa mu asεm ho Nimdefoͻ no’’

Kae εberε a Nyankopͻn bεka (no wͻ Atemmuda) sε: “Mar’yam ba Yesu, kae M’adom a εwͻ wo soͻ ne wo maame nso soͻ, εberε a Mede Honhom Kronkron no hyεε wo den, maa wo kasaa wͻ tanaa mu ne wopanin berε mu, na Mekyerεε wo Nwoma no ne Nimdeε ne Tora ne Injeel, ne εberε a na wode nԑteε yε anomaa sε anomaa sεso home gu ne mu ma εdane anomaa wͻ M’akwamma mu, na wote anifirafoͻ ani, sa akwatafoͻ nso yadeε wͻ M’akwamma mu, ne εberε a wonyanee owufoͻ no wͻ M’akwamma mu, ne εberε a Metwee Israel mma no nsa frii wo soͻ wͻ berε a wode nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee brεε wͻn, na wͻn mu boniayεfoͻ no kaa sε: “Nokorε sε, woi deε εyε nkonyaa pefee”.

Kae εberε a Meyi kyerεε Asuafoͻ no sε: “Monye Me ni na monye Me Somafoͻ no nso ni. Wͻ’kaa sε: “Y’agye adi, enti di ho adanseε sε, yε’deε yε’yε Muslimifoͻ”.

Mar’yam ba Yesu kaa sε: “Ye’Wura Tumfoͻ Nyankopͻn, (yεserε Wo sε), siane didi pono a aduane wͻ soͻ fri soro brε yεn, na εnyε anigyeε afahyεε ma yεn a ye’di kan ne wͻn a wͻ’bedi yεn akyi sε nsεnkyerεnee a efri Wo hɔ; Na bͻ yεn akͻnhoma. Nokorε sε, Wo na Wobͻ (abͻdeε nyinaa) akͻnhoma pa.

Na kae εberε a Nyankopͻn bεka no wͻ (Atemmuda) sε: “Mar’yam ba Yesu, wona woka kyerεε adasamma sε: “Monfa me (Yesu) ne me maame nyε anyame mmienu nka Nyankopͻn ho no?” Yesu bεka sε: “Kronkron Hene ne Wo (Awurade). Menni ho kwan sε mεka asεm a menni ho kwan sε meka. Sε mekaae a, anka ampa sε Wonim. Wonim deε εwͻ m’akoma mu (nyinaa), na medeε mennim deε εwͻ W’akoma mu. Nokorε sε Wone (Otumfoͻ) a Wonim Asumade no nyinaa.

Sε Wobεtwe wͻn aso a, nokorε sɛ Wo nkoa ne wͻn, sε Wode wͻn bͻne bεkyε wͻn nso a, εyε nokorε sε, Wone Otumfoͻ a Wotumi ade nyinaa yε, na Wone Onyansafoͻ no.