عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The winnowing winds [Adh-Dhariyat] - Ashanti Translation

Surah The winnowing winds [Adh-Dhariyat] Ayah 60 Location Maccah Number 51

Mede (mframa den a) etu mfutro hwete,

Ne mununkum a εsoa nsuo a emu yε duro,

Ne nsuom hyεn a εnam po so bͻkͻͻ,

Ne (Soro abͻfoͻ) no a wͻkyekyε ahyεdeε no, di nse sε:

Ampa, deε yahyε mo ho bͻ no yε nokorε paa.

Mede ͻsoro a akwan ahodoͻ wͻ mu no di nse sε:

“Nokorε sε, mowͻ nsεm sononko-sononko (na moka fa Nkͻmhyεni ne Qur’aan ho).

Obi a wayera na ͻdane neho (fri Nokorε no ho no) dane neho fri ho.

Due nka wͻn a wͻbͻ wͻn trim twa, nkontompo no.

Wͻbisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owusͻreε da no?’’

Ɛne Ɛda no a yεbεsͻ wͻn ahwε anaasε yεbεhyε wͻn aniεyaa wͻ Ogya no mu no.

Nokorε sε Nyame-surofoͻ no wͻ Soro aheman no ne nsuo aniwa mu,

Na ahomakye no wͻde srε (Nyankopͻn hͻ) bͻnefakyε.

Nsεnkyerεnee (pii) wͻ asaase so dema wͻn a wͻgye die no.

Enti Mede ͻsoro ne asaase Wura no di nse sε, (deε yahyε mo ho bͻ no) yε nokorε sεdeε morekasa no ara pεpεεpε.

Ɛberε a wͻbaa nehͻ no, wͻkaa sε: “‘Salaam’ Asomdwiε nka wo“.(Abraham nso) kaa sε: “Salaam: Asomdwiε nka mo”; moyε ahͻhoͻ a yenni mo.

Enti ͻdanee neho kͻͻ nefiefoͻ hͻ de nantwie a wadͻre nam a yahoͻ (anaasε yatotoo) bae.

Enti onyaa wͻn ho suro bi. (Abͻfoͻ no) kaa sε: “Ensuro! Wͻ’de abarimaa nimdefoͻ bi (Is’haaq) hyεε no bͻ “.

Wͻkaa sε: “Saa ara na wo Wura Nyankopͻn aka. Nokorε sε Ɔne Onyansafoͻ no, Ɔne Onimdefoͻ no.

Sε yεnkͻto aboͻ a yεde nεteε a yatoo na ayε ngu wͻn so.

(Aboͻ a yεde nεteε a yato na ayε a) yahyε no nso fri wo Wura Nyankopͻn hͻ dema abͻneεfoͻ no (a obiara din wͻ nedeε soͻ)“.

Na Yε nnyaa efie biara gyesε (efie) baako pε na na εyε Muslimifoͻ (fie).

Nanso (Farao) de neho too netumi so kaa sε: “Nkoyaayini anaasε ͻbͻdamfoͻ”.

Enti Yεpari sͻͻ ͻne nedͻm no mu, na Yεde wͻn guu ͻpo mu; na ͻyε obi a ͻfata soboͻ.

Adeε biara nnihͻ a εtoo no na egyaee no, na mmom ebubuu mu yεε no muhumuhu tesε nsoo (anaa kasεε a ahunu).

Samuudfoͻ no hͻ nso; εberε a yεka kyerεε wͻn sε: “Modeε monye moani nkosi εberε bi “.

Nanso wͻtee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua. Enti nteamu asotwee no sͻͻ wͻn mu aberε a na wͻn ani tua.

Yεde Yetumi na esii ͻsoro no, na nokorε sε, Yεn ara na Yεbae (ͻsoro) ntrεmu no mu.

Ɛna Yεde asaase no nso asε hͻ; na sεdeε Yasi atrε mu yie paa.

Enti monwane nkͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε meyε kͻkͻbͻni pefee fri Nehͻ mamo.

Na monhwε na moanyε awurade foforͻ biara anka Nyankopͻn ho. Nokorε sε, meyε kͻkͻbͻni pefee fri Nehͻ mamo.

Saa ara nso na Asomafoͻ a wͻbaa amanfoͻ a wͻdii wͻn anim kan no hͻ no, wͻka kyerεε wͻn sε wͻyε nkoyaayifoͻ anaasε wͻn abobͻ adam.

(Tetefoͻ no) na wͻtuu wͻn fo saa anaa? Daabi, wͻn ara yε nnipa a wͻto mmara.

Ɛnyε hwee ho nti na Mebͻͻ Jinn ne nnipa, na mmom (Mebͻͻ wͻn) sε wͻ’nsom Me.

Mennhwehwε akͻnhoma biara wͻ wͻn hͻ, na mennhwehwε nso sε wͻ’ma Me biribi nni.

Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔkyε adeε Hene; Otumfoͻ Ɔhoͻdenfoͻ paa ne no.

Nokorε sε, wͻn a wͻ’di bͻne no wͻ bͻne so asotwee tesε wͻn a wͻ’dii kan wͻ wͻn anim no ara pεpεεpε; enti εmma wͻn mpre ho sε Memfa (asotwee no) mmra.