The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Star [An-Najm] - Ashanti Translation
Surah The Star [An-Najm] Ayah 62 Location Maccah Number 53
Mede εberε a nsoromma rekͻtͻ no di nse sε:
Mo yͻnko (Muhammad) nyerae, na ͻmmane (mfirii ͻkwan tenenee no so) nso.
Na ͻmfa ͻno ara ne pε nkasa.
Na mmom εyε Adiyisεm a yεreyi (ma no).
(Ɔbͻfoͻ) hoͻdenfoͻ paa (Gabriel) na ͻkyerεε no.
Ɔyε obia ͻwͻ ahoͻden wͻ adwen mu, na afei osi pi wͻ gyinaberε mu.
Ԑberε a (Gabriel) wͻ sorosoro paa no,
Afei ͻbεnee, na opinkyεε (Nkͻmhyεni) paa;
Na ͻwͻ bεyε sε tadua mmienu ntεm anaasε εbεn kyεn saa.
Enti Nyankopͻn yii deε Ɔbɛyie de!maa N’akoa (Muhammad).
(Nkͻmhyεni) akoma nni atorͻ wͻ deε ohunuiε no ho.
Anaasε moregye no akyinnye wͻ deε ohunuiε no ho?
Ampa sε, (Nkͻmhyεni) hunuu (Gabriel) sε ͻresiane deε εtͻso mmienu –
Wͻ dua Sidratul-Muntahaa no ho –
Ɛho hͻ na Daa asetena Soro aheman no wͻ, --
Ɛberε a deε εkataa Sidratu dua no soͻ no kataa soͻ no.
(Nkͻmhyεni) ani annane (ankͻ benkum anaa nifa), na ankͻ nso antra so.
Na ampa sε, ohunuu ne Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee akεseε no mu bi.
Moahunu (Arabfoͻ no abosom) Laata ne Uzza –
Ne Manaat, baako no a ͻtͻso mmiεnsa no?
Mmarima no wͻ mo εna mmaa no nso wͻ Ɔno (Nyankopͻn)?
Ɛno yε adekyε a εmfa kwan soͻ.
Woi nom nyinaa yε din a mone moagya nom na atotoͻ a Nyankopͻn Nsianee ho tumi anaa nyinasoͻ biara. Sεdeε wͻn adwen yε wͻn, ne wͻn kraa apεdeε na wͻdi akyire; ampa nso sε (yε de) kwankyerε no firi wͻn Wura Nyankopͻn hͻ abrε wͻn.
Anaasε onipa nsa ka deε ͻpε?
Nyankopͻn na Daakye (asetena) no ne seesei deε yi nyinaa wͻ no.
Soro abͻfoͻ no pii na εwͻ soro a wͻn ntwitwagyeε nsi hwee, gyesε akyire yi a Nyankopͻn ama obi a Ɔpε na Ɔgye no tumu no kwan.
Nokorε sε wͻn a wͻnnye Daakye no nnie no na wͻde mmaa din to soro abͻfoͻ no.
Wɔnni ho nimdeε. Deε wᴐn adwen kyerε wᴐn na wͻdi akyire, na deԑ wᴐn adwen kyerε wᴐn no ntumi ne nokorε nyina wͻ hwe ho.
Enti twe wo ho firi obi a ͻdane ne ho fri Y’afutusεm no ho no ho, na ͻno deε wiase asetena yi na ͻpε no,
(Wͻn a wiase ho) na wͻn nimdeε kͻpem no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn Nim nea wayera afri Ne kwan no soͻ, εna Ɔnim nea ͻnam kwan tenenee no nso soͻ.
Deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa wͻ Nyankopͻn; sεdeε Ɔbɛtua dwuma a wͻn a wͻdi bͻne no diiε no so ka, na Ɔde papa nso atua wͻn a wͻyε ayεmyε no nso ka.
Wͻn a wͻtwe wͻn ho fri bͻne akεseε ne akohwi bra ho, gyesε mfomsoͻ nketenkete no, nokorε sε Nyankopͻn bͻnefakyε no so paa. Ɔnim mo wͻ εberε a Ɔbͻͻ mo firii asaase mu, ne εberε a na moyε mogya toa da mo maame nom awodeε mu. Enti εmma mo ara monnhoahoa mo ho sε moyε kronkron. Nyankopͻn na Ɔnim obi a osuro Nyankopͻn.
Wahunu obi a ͻdane ne ho fri (Islam) ho no?
Na ͻde ketewaabi maeε na ogyaee fama?
Enti ͻwͻ kokoa mu nimdeε a enti ohunu (deε εbεba)?
Anaasε yɛabͻ no deε na εwͻ Mose Nwoma no mu no ho amaneε?
Ne Abraham a odii (ahyεdeε) soͻ no?
Obia ͻso adesoa nsoa obi foforͻ adesoa.
Nokorε sε onipa nni (akatua) bi, na mmom gyesε mmͻden a ͻbͻeε ho (akatua na ɔbwnya).
Na εnkyε biara yεbɛhunu ne mmͻdemmͻ
Afei yεbɛtua no akatua a εyε pεpεεpε.
Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn hͻ na awieε no wͻ.
Nokorε sε Ɔno na Ɔma (onipa) sereε εna Ɔma (onipa) suu.
Ɔno na Ɔma (obi) wuo εna Ɔma (obi) nkwa.
Ɔno na Ɔbͻͻ adeε mmienu mmienu, ͻbarima ne ͻbaa-,
Fri ahobaeε mu wͻ εberε a εbεpue aba.
Ɔno na Daakye Wusͻreε no (ho asεm) da Ne soͻ.
Ɔno na Ɔma ahonya εna Ɔma ohia.
Ɔne (nsoromma Shi’ira) Kyεkyε (a Arabfoͻ abosomsomfoͻ no som no no) Wura.
Ɔno na Ɔsεee Aad, tetefoͻ no,
Samuudfoͻ no nso Wamma wͻn mu biara anka.
Ɛna Noa nkorͻfoͻ no a wͻdii (Aadfoͻ ne Samuudfoͻ no) anim kan no, na wͻyε nnebͻneεfoͻ, atuatefoͻ.
Ne nkuro a abͻ no (Sodom ne Gomora), Ɔno ara na Ɔsεee no.
Deε eyiri faa wͻn no yiri faa wͻn.
Enti (ͻdasani), wo Wura Nyankopͻn adom no mu deε εwͻ hen na w’adwen nsi wo pi wͻ ho?
(Nkͻmhyεni) woi yε kͻkͻbͻni tesε tetefoͻ no kͻkͻbͻfoͻ no ara pεpεεpε.
Ɛberε no bεn ara na (eguso) rebεn.
Obiara nni hͻ a ɔbɛtumi afrii Nyankopͻn akyi asi ho kwan.
Enti saa asεm woi na εyε mo nwanwa?
Ɛna moresereε, εna monnsuu,
Ɛna mode agorͻ resεe mo berε kwa, εna monnwene ho?
Enti monfa mo anim mutu fͻm ma Nyankopͻn na monsom (no).