عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The moon [Al-Qamar] - Ashanti Translation

Surah The moon [Al-Qamar] Ayah 55 Location Maccah Number 54

Na sε wͻhunu nsεnkyerεnee bi a wͻtwe wͻn ho (fri ho), na wͻka sε: ”Woi yε nkonyaa anaa naadaasεm a εbɛtwa mu“.

Ampa sε (Qur’aan) de amanebͻ a afutuo ne adesua (ahodoͻ pii) wͻ mu abrε wͻn, -

Adwen ne nimdeε a εkͻ aso mu (wͻ mu), nanso afutuo no ho amma wͻn mfasoͻ.

Enti twe wo ho fri wͻn ho. Ɛda a Ɔfrεfoͻ (Israafiil) bεfrε (wͻn) akͻ asεm kεseε mu no,

Wͻde mmirika tεntε na εbεkͻ Ɔfrεfoͻ no hͻ. (Saa Da no) boniayεfoͻ no bεka sε: ”Saa Da yi yε Ɛda a emu yε den! “

Noa nkorͻfoͻ dii wͻn anim kan buu Y’akoa no ᴐtorofo. Wͻkaa sε: “Bͻdamfoͻ.“ Wͻkasa tiaa no, hunahunaa no, poo no.

Enti osu frεε ne Wura Nyankopͻn sε: (Awurade) “Wͻabu afa me so, enti boa (me)“.

Yεmaa nsuwa-nsuwa nso puee wͻ asaase no so, na (ͻsoro ne asaase so) nsuo no hyia bͻͻ mu sεdeε yɛahyehyε ato hͻ no.

Enti Yεsoaa no wͻ (nsuom hyεn a) yεde nnua ne nnadewa na ayε so.

Na (nsuom hyεn no) nam (nsuo no so) a Y’ani hwε. (Saa nsuyire yi yε) akatua ma obia wannye annie.

Ampa sε, Yɛagya de ayε nsεnkyerεnee. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.

Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde betu ne ho foͻ?

Aad (Nkorͻfoͻ no) faa no atorᴐsԑm. Na sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε?

Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.

Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

Samuudfoͻ no faa kͻkͻbͻ no atorᴐsԑm.

Deε wͻkaeε ne sε: “Onipa baako pε a ͻwͻ yεn mu na yɛnni n’akyi? Nokorε sε, εneε na yεwͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu.

Enti yεn (dodoͻ yi) mu no, ͻno nko ara na εsεsε yεde Afutusεm no ma no? Daabi, ͻyε nkontomponi, asoͻden (nipa)”.

Na ka kyerε wͻn sε, yɛakyε nsuo no mu ama (wͻn ne yoma no), obiara bεkͻ nsuo no mu wͻ ne berε (a yɛahyε ama no) mu.

Nanso wͻfrεε wͻn yͻnko no na ͻfaa (sekan) de wͻͻ (yoma) no kum no.

Sεdeε M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ (huu) siteε.

Nokorε sε, Yεsomaa nteamu baako pε na εbaa wͻn soͻ, na wͻbεyεε gͻsͻͻ tesε mmabaa a awoͻ na abubu asin-asin a εwͻ mmoa adidieε.

Ampa sε Yɛama Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no ayε mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

Nokorε sε Yεsomaa aboͻ nsuo tͻ guu wͻn so, gyesε Lut abusuafoͻ nko ara (na asotwee no bi anka wͻn), Yεgyee wͻn wͻ anadwo a etwa toᴐ no mu.

(Ɛyε) adom a ɛfiri Yεn hͻ. Saa ara na Yɛtua wͻn a wͻyi (Nyankopͻn) ayε no ka.

Ampa sε (Lut) bͻͻ wͻn kͻkͻ wͻ Y’asotwee no ho, nanso wͻn adwen ansi wͻn pi wͻ kͻkͻ bͻ no ho.

Ampa sε wͻpεε sε wͻhwim n’ahͻhoͻ firi ne nsam. Na Yɛfiraa wͻn ani (kaa sε): “Ɛneε monka M’asotwee ne Me kͻkͻbͻ no nhwε “.

Enti monka M’asotwee ne Mekͻkͻbͻ no nhwε.

Ampa sε Yɛayε Qur’aan yi nkaekaeε ne emu afutusεm no mmrε. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

Wͻfaa Yε nsεnkyerεnee no nyinaa atorᴐsԑm. Enti Yεde Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε no Tumi no pari sͻͻ wͻn mu dendeenden.

Enti mo (mu) boniayεfoͻ no kyεn woi nom (a yɛaseε wͻn no)? Anaasε modeε moanya (bͻhyε) wͻ Twerεsεm no mu sε yɛayi mu afiri (asotwee no) mu?

Anaasε deε wͻka ne sε: ”Yεdeε yεyε dͻm (kεseε) enti yεbɛdi nkonim?

Aane, Dͻnhwere no ne εberε a yεde ahyε wͻn bͻ; na Dͻnhwere no ano yε den na (εyε berε nso) a emu (nsɛm) yε nyono.

Nokorε sε, abͻneεfoͻ no wͻ ͻyera ne abͻdamsεm paa mu.

Ɛda a yεbεtwe wͻn ase wͻ fͻm wͻ wͻn anim so akͻ egya no mu no, (yεbεka akyerε wͻn sε): ”Monka Ogya no atenka no nhwε “.

Ampa sε Yɛasεe (amanfoͻ bi) a na wͻte sε mo. Enti obi wͻ hͻ a ͻde bɛtu ne ho foͻ?

Dwuma a wͻdie biara no nso yɛatwerε no wͻ Nwoma no mu.

Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no wͻ Aheman mu ne nsubͻnten ho,

Wͻ Nokorε Ahennwa no ho wͻ Ɔhene Tumfoͻ no a, Ɔtumi adeε nyinaa yε no hͻ.