The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Beneficient [Al-Rahman] - Ashanti Translation
Surah The Beneficient [Al-Rahman] Ayah 78 Location Maccah Number 55
Ahummͻborͻ Hene (Nyankopͻn).
Ɔno na Wakyerε (Nkͻmhyεni) Qur’aan no.
Ɔno na Ɔbͻͻ onipa,
Kyerεε no kasa nkyerεkyerεmu.
Awia ne bosome nnam wͻ nhyehyεε so.
Wira mu nhoma (anaasε nsoromma) ne nnua nso (nyinaa) berε wͻn ho ase (ma Nyankopͻn).
Ɛna Wapagya ͻsoro, εna Ɔde nsania ato ho,
Sεdeε monyε mfomsoͻ wͻ ade susuo ho,
Na moma nsania no nyina pεpεεpε, na monnte adeε a mobɛsusuo no so.
Ɛna Ɔde asaase no ato hͻ ama abͻdeε (a wͻtumi tena asaase soͻ).
Emu na nnuaba, ne akyiresua a εbͻ esa-esa wͻ,
Ne nnuaba (ahodoͻ tesε aburoo, ayuo, atokoͻ ne deε εkeka ho) a εwͻ nhahamma a nyεmmoa weε, εne nnuaba a etu hwa pa.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Ɔno na Ɔde dɔteε a awoͻ bͻͻ onipa tesε ayowa anaa kukuo a yɛanwene atotoo.
Ɛna Ɔbͻͻ Jinnfoͻ no nso fri ogya frama (anaa) ogya kεterεma mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Apueε mmienu no Wura, ne Atͻeε mmienu no Wura.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Ɔno na Wama ͻpo mmienu no (nsupa ne nkyene nsuo) bɛhyia mu,
Ɛhyeε da ne mmienu ntεm a emu biara ntumi mmu mfa baako soͻ.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Yɛyi nhwenepa ne aboͻ a εhyerεn wͻ (ͻpo no) mmienu mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Ɔno na nsuom hyεn a εnenam po so tesε mmepͻ atenten no yε Ne dea.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Adeε a εwͻ (asaase) soͻ biara bɛfiri hͻ,
Na εbεka wo Wura Nyankopͻn Kεseε Onimuonyamfoͻ no animuonyam nko ara.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Wͻn a wͻwͻ soro ne wͻn a wͻwͻ asaase so nyinaa bisa no. Da biara N’animuonyam da adi .
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Mo akuo mmienu no (Jinn ne nnipa) Yεbεtoto (montotoeε anaasε yεbɛbu mo atεn no) ama mo.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Jinn ne nnipa fekuo, sε mobɛtumi akͻ soro ne asaase ntweaso babiara a motumi kͻ. Nanso montumi nkͻ gyesε monya tumi anaa nyinasoͻ bi (fri Nyankopͻn hͻ ansa).
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Ɔbεsoma ogya tanaa ne yaawa (a yananee) aba mo so, na montumi mmͻ mo ho ban.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Sε ͻsoro mu dwidwa a afei εbεyε kͻͻ tesε aboa nwoma (a yɛahyε no) kͻͻ.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Saa Da no yɛmmisa onipa anaa Jinn biara bͻne ho asεm.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Yεde abͻneεfoͻ no nsohyεdeε na εbɛhu wͻn, enti yεbεsͻ wͻn mu wͻ wͻn apampamu nwii ne wͻn nnan mu (na atwe wͻn aseε).
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Woi ne Amanehunu gya no a abͻneεfoͻ no faa no atorͻsεm no,
Wͻbɛtwa ahyia wͻ (Ogya) a ayε hyehyeehye ne nsuo a ayε hye atrasoͻ no ntεm.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Obi a osuro sε ɔbɛgyina ne Wura Nyankopͻn anim no ͻwͻ Turo mmienu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Nnua mman a atrεtrε sononko-sononko ayε mu mma.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Asutire mmienu bi wͻ mu a εtenee,
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Na nnuaba biara a egu mmienu mmienu wͻ ne mmienu nyinaa mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Wagyegye ada mu wͻ mpa anaa ahennwa a emu kuntu no yε kyeme ntoma a yɛadi mu adwini a ԑyԑ fԑ so. Aheman no mmienu no mu nnuaba no bεn (wͻn).
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Mmaa a wͻhwε wͻn ani so yie (anaasε wͻfεre adeε) a onipa (biara) anaasε Jinn mfaa wͻn ho nkaa wͻn da wͻ ne mmienu mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Wͻn (ho fε) tesε dwetε ne sika aboͻ a εhyerεn.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Enti εnyε papa akatua ne papa?
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
(Turo) mmienu no akyiri nso, Turo mmienu (foforͻ) bi nso wͻ hͻ.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
(Turo mmienu no mu) nhahan yԑ mono, εyε bunu paa.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Nsuo aniwa mmienu bi wͻ ne mmienu mu a epue ba aberε biara.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Nnuaba ne akyiresua ne ‘Rumaan’ (nyinaa) bi wͻ ne mmienu mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Mmaa papa ahoͻfεfoͻ wͻ mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Mmaa ahoteefoͻ a wͻn ani akεseε fεfεεfε hyehyε ntoma dan mu.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Onipa biara anaasε Jinn nnii kan mfaa ne ho nkaa wͻn da.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Wagyegye ada mu wᴐ atε anaa mpikyi anaa sumuε a εyε ahahamono ne ‘Kapεt’ fεfεεfε so.
Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ?
Nhyira ne wo Wura Nyankopͻn din, Ɔno na Kεseyε ne Animuonyam yε Ne dea.