عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Event, The Inevitable [Al-Waqia] - Ashanti Translation

Surah The Event, The Inevitable [Al-Waqia] Ayah 96 Location Maccah Number 56

Sε Asεm (kεseε a εrebesie) no nya si a,

(Saa Da no), yεbεbrε (nnipa no) bi ase, ama (ebinom nso) so.

(Saa Da no) mobεyε akuo ahodoͻ mmiεnsa.

Wͻn a wͻyε Nifa so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻyε Nifa so foͻ no ?

Ɛne wͻn a wͻyε Benkum so foͻ no; hwan nom ne wͻn a wͻyε benkum so foͻ no?

Ɛne (gyidie ho nwuma mu) adikanfoͻ no; wͻn ne (daakye no mu) adikanfoͻ.

Ԑna kakraabi nso bɛfiri nkyirimma no mu.

Wͻbεtena ahennwa a yεde sika kͻkͻͻ ne dwetε na anwene so.

Mmeranteε a wͻte nkwa mu daa na wͻnnwu da bɛdi wͻn hͻ akͻneaba (asom wͻn),

Wͻde nkoraa ne sanya nkuruwaa ne kyansee a nsa korͻgyee wͻ mu.

Ne nnuaba biara a wͻn ara bεhwε mu ayi deε wͻpε.

Ne (mmaa) akronkron ahoͻfεfoͻ a wͻn ani akεse-akεse,

(Wͻn ho fε) tesε nhwene pa bi a yɛahyε da de asie abͻ ho ban.

Gyesε ‘Salaaman Salaaman’ Asomdweε! Asomdweε!

(Wͻn wͻ) nnua bi a εho yε trͻmtrͻm a nkasεε nni ho bi mu,

Ne nsuo a εtene ba (abrε biara),

(Nnuaba no berε) to ntwa, na yɛnsi wͻn ho kwan nso.

(Wͻn) wͻ aban soroͻ a εwͻ soro so.

Ɔdͻ ne ahomeka (wͻ wͻn mu); na wͻn (nyinaa) bͻ atipεn.

(Wͻn) wͻ mframa hyew ne nsuo hyeε mu,

(Saa wisie no) nyε nwunu na (wͻnnya emu) anigyeε anaa papa biara.

(Nkͻmhyεni), ka sε: “Tetefoͻ no ne nkyirimma no (nyinaa),

Nokorε sε yεbεboa wͻn ano akͻ εberε a yɛahyε no wͻ saa Da no mu no“.

Na (mo) bεnom no sεdeε yoma a sukͻm de no renom nsuo.

Woi na εbεyε wͻn brεsuo a yεde bεma wͻn akwaaba wͻ (daakye) akatua Da no.

Moahunu (ahobaeε) a mohwie gu (ͻbaa awodeε mu) no?

Mo na moma no fifiri na enyin, anaasε Yεn na Yεma no fifiri na enyin?

(Ama moasu sε): “Nokorε yɛabͻ ka.”

Sε Yεpε a anka Yεbεma no ayε nkyene-nkyene. Adεn na afei monna (Nyankopͻn) aseε?

Yɛayε egya no nkaeε (a mode bεkae Amanehunu gya no), εsan nso wͻ mfasoͻ de ma onipa biara a ohia gya, ne εserε so akwantufoͻ no.

Nokorε sε, εyε Qur’aan animuonyam (Nwoma) noa,

Ɛwͻ Nwoma a yεabͻ ho ban no mu.

(Qur’aan) yε Adiyisεm a efri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.

Ɛna moayε po a mopo (Qur’aan no sε εnam so) na monya mo akͻnhoma?

Afei adεn na sε (obi a ͻrewuo nkwa no) duru ne mene mu a (monsi nkwa no kwan)?

Adεn na momma (nkwa) no nsan n’akyi (nkͻ onipa no mu bio) sε moyε nokwafoͻ ampa a?

Enti sε (saa nipa no) ka wͻn a wͻbεn (Nyankopͻn) no ho a,

(Ɔbɛnya) ahomegyeε, ne akͻnhoma ne Anigyeε Aheman no.

Ɛneε nsuo-hyeε na yεde bεma no brεsuo,

Na yɛakͻhye no wͻ Amanehunu gya no mu.

Enti bͻ wo Wura Nyankopͻn Kεseε no abodin tontom no.