عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

She that disputes [Al-Mujadila] - Ashanti Translation

Surah She that disputes [Al-Mujadila] Ayah 22 Location Madanah Number 58

(Nkͻmhyεni), ampa sε Nyankopͻn ate (ͻbaa) no a ͻne wo rekasa fa ne kunu ho na ͻde n’asεm ato Nyankopͻn anim no asεm no, na Nyankopͻn te mo mmienu nkͻmmͻ no. Nokorε sε Onyankopͻn ne Otiefoͻ a Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohu biribiara.

Wͻn a wͻgyae wͻn yerenom sε wͻafrε wͻn sε wͻn maame nti, na afei wͻresan wͻn akyi wͻ asεm a wͻkaeε no ho no, εsεsε wͻma ͻdͻnkͻ faahodie ansa na wͻde wͻn ho aka wͻn ho. Woi ho na Nyankopͻn retu mo foͻ. Nyankopͻn ne dwuma a modie ho amanebᴐfoᴐ.

Na obia ɔnnya (dͻnkͻ no), ͻbεkyene kͻm bosome mmienu atoatoa so ansa na wͻde wͻn ho aka wͻn ho, na obi a ɔntumi (akͻm kyene no) bεma ahiafoͻ aduosia aduane. Woi na εkyerε sε moagye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no adi. Na woinom ne Nyankopͻn mmra. Na wͻn a wͻnnye nnie no wͻ asotwee a εyε ya paa.

Nokorε sε wͻn a wͻko tia Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, yεbɛgu wͻn anim ase sεdeε yɛguu wͻn a wͻdii wͻn anim kan no anim aseε no; na ampa sε Yɛasiane nsεnkyerεnee pefee. Na boniayεfoͻ no deε wͻn wͻ animguaseε asotwee.

Ɛda a Nyankopͻn bɛnyane wͻn nyinaa no, Ɔbɛbisa wͻn dwuma a wͻdiiε no ho asεm. Nyankopͻn atwerε ato hͻ, aberε a wͻn deε wͻn werε afire. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε.

Wonhunuu wͻn a wͻfa wͻn a Nyankopͻn abufuo wͻ wͻn soͻ no ayͻnkoͻ no? Wͻnka mo (agyidiefoͻ no) ho, εna wͻnka wͻn (Yudafoͻ no) ho nso, na wͻdi nse wͻ nkontompo so aberε nso a wͻnim (sε asεm a wͻredi ho nseε no nyε nokorε).

Wͻde wͻn nsedie no ayε kyεm, enti wͻsi (amanfoͻ) kwan firi Nyankopͻn kwan no so. Enti wͻbɛnya animguaseε asotwee.

Nyankopͻn ahyehyε sε: “Ampa sε Me ne M’asomafoͻ no bɛdi nkonim”. Nokorε sε Nyankopͻn Ne Ɔhoͻdenfoͻ, na Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε.