عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

Exile [Al-Hashr] - Ashanti Translation

Surah Exile [Al-Hashr] Ayah 24 Location Madanah Number 59

Adeε a εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin; Ɔne Otumfoͻ a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Nyansafoͻ no.

Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ Ansoaarfoͻ) no a wͻdii (amantufoͻ no) anim kan tenaa kuro no mu a wͻasͻ gyidie no mu no; wͻdͻ wͻn a wͻatu amantuo abεsoε wͻn no, na ahoͻyaa biara nni wͻn (Ansoaarfoͻ no) akoma mu fa deε yεde ama (amantufoͻ) no ho, na sε (Ansoaarfoͻ no) ho kyere wͻn mpo a wͻpε ma (amantufoͻ no) mpo kyεn wͻn ara wͻn ho. Obia yεbεbͻ ne ho ban afiri adefodepε ho no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

Ɛna (asadeε no mu kyεfa bi nso wͻ) wͻn a wͻbaa wͻn akyi na wͻkaa sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, fa yεn bͻne kyε yεn, ne yɛ nuanom a wͻde gyidie dii y’anim kan no; na εmma yɛnya wͻn a wͻagye adie no ho tan biara wͻ y’akoma mu. Yɛ Wura Nyankopͻn, nokorε sε Wo ne Ayεmyε Wura, na Wo ne Mmͻborͻhunufoͻ Hene“.

Wonhunuu wͻn a wͻdii nkͻnkͻnsa no? Wͻka kyerεε wͻn nuanom boniayεfoͻ no a wͻn wͻ wͻn a yɛama wͻn Nyamesom ho Nwoma no mu no sε: ”Sε εba sε yεretu mo a, nokorε sε yεn nso yεbɛtu ne mo akͻ, na yɛntie obiara da ka mo ho; na sε wͻko tia mo nso a, yεbεboa mo”. Nyankopͻn di ho adanseε sε nokorε, wͻyε atorofoͻ.

Wͻn mfatoho te sε wͻn a wͻdii wͻn anim kan (Banuu Qainuuqa) a wͻnni akyiri no. Wͻkaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwe a εyε ya paa.

(Wͻn aboafoͻ no) mfatoho te sε ͻbonsam, εberε a ͻbεka akyerε onipa sε, po (Nyame); εberε a (onipa no) bεpo (Nyame) no, (deε bonsam) ka ne sε: ”Medeε matwe me ho afri wo ho; nokorε sε mesuro Nyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no “.

Mo a moagye adie, monsuro Nyankopͻn, na ͻkra biara (ntwa n’ani) nhwε dwuma a (wadi) de ato hͻ ama (ne ho) ͻkyena; na monsuro Nyankopͻn. Nokorε sε Nyankopͻn ne dwuma a modie nyinaa ho amane bͻ Wura.

Na monhwε na moankͻyε sε wͻn a wͻn werε afri Nyankopͻn na enti Ɔmaa wͻn werε frii wͻn ara wͻn ho no. Saa nkorͻfoͻ no ne abͻnefoͻ no.

Ɔno ne Nyankopͻn no a awurade foforͻ biara nni hͻ ka Ne ho no; Ɔhene no a tumi nyinaa hyε ne nsa, Kronkron Hene no, Asomdwoeε Hene no, Abodweԑ Hene no, Ahoban bͻ Hene no, Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔkasa prεko a obiara ntumi ne no nni asie, Otumfoͻ no a Akεsesεm fata no. Ahoteeɛ Hene ne Nyankopͻn, Ɔso kyεn sε wͻde biribi toto Ne ho.

Ɔne Nyankopͻn; Ɔbͻͻ Adeε no, Ɔyεfo no, Ɔnyomfo no: Ɔno na abodin papa nyinaa wͻ no. Deε εwͻ soro ne asaase so nyinaa bͻ no abodin; na Ɔne Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no.