The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesMutual Disillusion [At-Taghabun] - Ashanti Translation
Surah Mutual Disillusion [At-Taghabun] Ayah 18 Location Madanah Number 64
Deε εwͻ soro ne deε a εwͻ asaase so nyinaa bͻ Nyankopͻn abodin. Ɔno na Ahennie no wͻ no, na Ɔno na aseda ne nkamfoͻ wͻ no; Ɔno na ͻwͻ biribiara so tumi.
Ɔno na Ɔbͻͻ mo, εna mo mu bi yε agyidiefoͻ, εna mo mu bi nso yε (Kaafirfoͻ) boniayεfoͻ. Onyankopͻn deε Ohu deε moyε nyinaa.
Nokorε na Ɔde bͻͻ soro ne asaase; εna Ɔnwenee mo, na Ɔnwenee mo yie. Ne hͻ ne monkyi.
Ɔnim deε εwͻ soro ne asaase so (nyinaa), εna Ɔnim deε mode suma ne deε moda no adie. Nyankopͻn na Ɔnim deε εwͻ akoma mu (nyinaa).
Wͻn a wͻdii kan no a wͻfaa nokorԑ no atorᴐsԑm no ho asεm no mmaa mo hͻ? Wͻkaa wͻn dwumadie so aba hwεe, na wͻn wͻ asotwee a εyε ya paa.
Deε ԑnam so maa no baa saa ne sԑ, wͻn Asomafoͻ no de nyinasoͻ ne nkyerεkyerεmu pefee no brεε wͻn, nanso asεm a wͻkaeε ne sε: “Nnipa na wͻrebεkyerε yεn kwan?” Enti wͻpooe, na wͻdanee wͻn ho (firi nokorε no ho), Onyankopͻn deε Ɔnhia (wͻn). Nyankopͻn ne Ͻdefoᴐ, Ɔne Ayeyie Hene no.
Wͻn a wͻpo nokorԑ no adwen yε wͻn sε yɛnnyane wͻn (wͻ wͻn wuo no akyi). Ka sε: Aane, mede Me Wura Nyankopͻn di nse sε, nokorε sε yεbɛnyane mo, na afei yɛabͻ mo dwuma a modiiε no ho amaneε. Ԑno yε adeε a εyε mmrε koraa ma Nyankopͻn.
Enti monye Nyankopͻn ne Ne somafoͻ no, ne Nhyerεnee a Yɛasiane aba no ni. Onyankopͻn ne dwuma a modie no nyinaa ho amane bͻ Wura.
Ɛda a Ɔbεboa moano ama Nhyiamu Da no, saa Da no ne Adehwerε ne mfasoͻ da no. Obi a ͻbεgye Nyankopͻn adie na ͻbɛdi dwuma pa no, yεbεpepa ne bͻne afri ne so, na yεde no akͻ Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu, wͻbεtena mu afe bͻͻ. Woi ne nkonimdie kεseε no.
Wɔn a wɔnnye nnie na wͻfa Yε nsεm no atorͻsεm no nso, saa nkorͻfoͻ no ne egya no mu foͻ no, emu na wͻbεtena; nkyi bͻne paa ne hͻ.
Mmusuo biara a εbesie no na Nyankopͻn ama ho kwan. Obiara a ͻbεgye Nyankopͻn adie no Ɔtene n’akoma. Onyankopͻn ne biribiara ho Nimdefoͻ.
Monyε sotie ma Nyankopͻn, na monyε sotie nso ma Ɔsomafoͻ no; na mmom sε modane mo ho (firi nokorε no ho a), Y’asomafoͻ no asεdeε ara ne sε wͻbεbͻ asεm no ho dawuro akyerεkyerε mu.
Nyankopͻn, awurade foforͻ biara nni hͻ gyesε Ɔno. Onyankopͻn na agyidiefoͻ no mfa wͻn ho nto Ne soͻ.
Mo a moagye adie, nokorε sε mo yerenom ne mo mmanom no mu bi yε moatamfoͻ, enti monyε wͻn ho ahwεyie. Sε mode mfomsoͻ fri, na moyi moani fri so, na mode bͻne kyε a, nokorε sε Nyankopͻn ne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.
Mo agyapadeε ne mo mma yε nsͻhwε ma mo, na Nyankopͻn hͻ na akatua kεseε paa wͻ.
Enti monsuro Nyankopͻn sεdeε mobɛtumi, na montie, na moni so, na monyε tema, na εbεyε ama mo kraa. Obia yεbεgye no afri ne kraa adefodepε mu no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.
Sε mobͻ Nyankopͻn bosea papa a Ɔde bεbͻ ho ama mo, na Ɔde mo bͻne akyε mo. Onyankopͻn ne Aseda Wura, Ɔne Ntooboaseε Hene.
Kokoam ne Badwam Nimdefoͻ no, Otumfoͻ no a Ɔtumi ade nyinaa yε, Onyansafoͻ no.