عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Sovereignty [Al-Mulk] - Ashanti Translation

Surah The Sovereignty [Al-Mulk] Ayah 30 Location Maccah Number 67

Ɔno na Ɔbͻͻ owuo ne nkwa sε Ɔde bεsͻ mo ahwε (de akyerε) mo mu nea odi dwuma pa. Ɔne Otumfoͻ no a Otumi ade nyinaa yε, Bͻnefakyε Hene no.

Nokorε sε, Yεde nkanea (nsoromma) asiesie ͻsoro a, εwͻ wiaseε no, εna Yayε (saa nkanea) no akodeε a yεto bͻ abonsamfoͻ no; Yasiesie Ogya tanaa asotwee ato wͻn hͻ nso.

Wͻn a wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn nnie no (nso wͻ) Amanehunu gya asotwee, na nnkyi bͻne paa ne hͻ.

Abufuo reyε ama (egya) no apae. Ԑberε biara a yεbεto (Kaafirfoͻ no mu) nnipa kuo bi agu mu no, (egya no) so Awεnfoͻ no bebisa wͻn sε: “Enti Kͻkͻbͻni biara amma mohͻ (amεbͻ mo kͻkͻ)?

Wͻbεka sε: ”Aane, nokorε sε Kͻkͻbͻni baa yεn hͻ, nanso yԑfaa (asԑm no) atorosԑm, na yεkaa sε: ”Nyankopͻn nsianee hwee (maa obiara); na nokorε sε modeε mowͻ ͻyera kεseε paa mu.

Wͻ’bεka sε: ”Sε yetiee (Asomafoͻ no asεm no), anaasε yε’dwenee ho a, anka y’ammεka Amane hunu gya no mu foͻ no ho.

Na wͻn bεgge wͻn bͻne atum, nanso Amanehunu gya no mu foͻ no (ne Nyame ahummͻborͻ) ntεm kwan ware.

Enti Nea Ɔbͻͻ adeε no Onnim (N’abͻdeε)? Ɔne Onitefo a Onim biribiara mu yie, Amanebͻ Wura no.

Anaasε moho atͻ mo sε Nea Ɔwͻ soro no mma mframa den bi mmͻ mo (sεdeε εbͻͻ Aadfoͻ no)? (Ԑhͻ na) mobehunu sεdeε Me kͻkͻbͻ (akyiri asεm) siteε.

Ampa sε, wͻn a wͻdii wͻn anim kan no buu (Asomafoͻ no) atorᴐfoᴐ; na sεdeε M’abufuhyeε (a εbaa wͻn so no) siteε.

Anaasε wͻ’nhunuu nnomaa a wͻn wͻ wͻn apampamu a, wͻ’tu bae wͻn ntaban mu san ka to mu no? Obiara nkuta wͻn mu, na mmom Ahummͻborͻ Hene no ara. Nokorε sε, Ɔno na Ohunu biribiara.

Wͻ’ka sε: “Ɛberε bεn na saa Bͻhyε yi besie, sε moyε nokwafoͻ ampa a “.

(Nkͻmhyεni), ka sε: ”Ɛho nimdeε no deε εwͻ Nyankopͻn hͻ, na medeε meyε kͻkͻbͻni pefee “.

Ɛberε a wͻbehunu sε ato (wͻn awie) no, boniayεfoͻ no anim bεyε awerεho (anaasε mͻbͻmͻbͻ), na yεbεka akyerε wͻn sε: “Woi na na morefrε (sε εmmra mosoͻ) no.

Ka sε: “Mo hwε, sε εba sε Nyankopͻn mame ne wͻn a wͻ’ka meho no wu, anaasε Ohu yεn mmͻbͻ a, hwan na ͻbεgye boniayεfoͻ no afri asotwee yaaya no mu?”

Ka sε: “Mo nhwε, sε εba sε monsuo mmem kͻ fͻm a, hwan na (ͻbefri Nyankopͻn akyi) ama mo nsu korͻgyee a εretene?