عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The Pen [Al-Qalam] - Ashanti Translation

Surah The Pen [Al-Qalam] Ayah 52 Location Maccah Number 68

Nuun; Mede Twerεdua ne Adeε a wͻde (Twerεdua no) twerε no di nse sε:

(Nkͻmhyεni), wommͻͻ dam wͻwo Wura Nyankopͻn adom no ho.

Nokorε nso sε, wowͻ suban pa a εkorͻn paa so.

Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn na Ɔnim obi a wayera afri Ne kwan no soͻ, Ɔno ara nso na Ɔnim ateneneefoͻ no.

Enti entie wͻn a wͻfa nokorԑ no atorᴐsԑm no.

Wͻpɛεsε, anka wogo wo ho (ma wͻn), na wͻnso ayε bͻkͻͻ (ama wo).

(Obi a) ͻka nkyisεm, nsekubͻni a ͻde (nkorͻfoͻ ho) nsεm nenam,

(Obi a) osi papayε ho kwan, mmratofoͻ, bͻneyεfoͻ no.

Otrimuͻdenfoͻ a bͻne nkͻmra nyinaa ͻwͻ mu bie, εno akyi nso ͻbͻ ntεtε-busua.

Nokorε sε, Yɛasͻ (Makafoͻ no) ahwε sεdeε Yεsͻͻ Afuo wurafoͻ no hwεeε no, εberε a wͻkaa ntam sε, wͻbεte afuo no mu nnͻbae no anͻpa tutuutu no.

Wanka sε, (In Shaa’a-Laah) sε Nyankopͻn pε a,

Enti mmusuo bi fri wo Wura Nyankopͻn hͻ bɛtwaa (afuo no) ho hyiae (hyee no pasaa) wͻ εberε a, na wͻn adeda.

Adeε kyeeε no na (afuo no ahye) ayε tumm a hwee nni (asaase no) soͻ.

Adeε kyee anͻpa tutuutu no wͻfrεfrεε wͻn ho (kaa sε):

“Sε mobεte mo mfudeε no a, εneε monkͻ moafuo no mu anͻpa tutuutu”.

Enti wͻsii mu kͻe; na wͻberεε wͻn nne ase (kaa sε):

Anͻpa no, wͻde wͻn adwen (bͻne) no sii mu kͻͻ (afuo no mu) wͻ tumi so.

Ɛberε a wͻhunuu (afuo) no, wͻkaa sε: “Nokorε sε, yɛayera (kwan no)“.

Daabi, (εnyε kwan na ya yɛayera, na mmom y'adwen bͻne nti) ahwere yεn.

Wͻn mu nnipa papa no (anaasε wͻn mu adantamu no) kaa sε: “Manka ankyerε mo sε, adεn na mo mmͻ (Nyankopͻn) abodin?”

Wͻkaa sε: “Kronkron Hene ne yɛ Wura Nyankopͻn. Nokorε sε, yɛayε bͻne”.

Afei wͻdanee wͻn ho hwεε wͻn ho wͻn ho anim bᴐᴐ wͻn ho soboᴐ.

Ebia yɛ Wura Nyankopͻn de deε εyε kyεn no bεhyε yεn anan mu. Nokorε sε, yɛ Wura Nyankopͻn na yɛde y'ani to no soɔ“.

Nokorε sε, Nyamesurofoͻ no bɛnya Anigyeε Aheman no wͻ wͻn Wura Nyankopͻn hͻ.

Ɛdeεn na εha mo? Sεn na mosi bu atεn yi?

(Nkͻmhyεni), bisa wͻn sε, wͻn mu hwan na odi (saa asεm no) ho agyinamu, anaa adanseε?

Anaasε wͻn wͻ (anyame) ahokafoͻ? Ɛneε ma wͻnfa wͻn (anyame) ahokafoͻ no mmra, sε wɔyε nokwafoͻ ampa a.

Wͻn ani bɛwu, na animguaseε bɛmene wͻn. Ampa sε, εberε a na wͻn ho tͻ wͻn (wͻ wiaseε) no, na yεfrε wͻn sε wͻmfa wͻn anim mutu fͻm (nanso wͻanyε).

Mato me bo ase na ama wͻn; nokorε sε, Me trim pͻ deε emu yε den yie.

Anaasε (Nkͻmhyεni, Nsεmpa a woka kyerε wͻn no), wobisa wͻn εho akatua εna enti ayε εka asoa wͻn?

Anaasε Asumade (Lawhul Mah’fuuz) no wͻ wͻn hͻ a, enti wͻtwerε?

Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε ma wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na hwε na wannkͻyε sε adwene adamfo (Yuunus) a osu frεε ne Wura Nyankopͻn wͻ εberε a ne ho kyeree no a na ͻredi awerεhoͻ no.

Sε ne nsa anka ne Wura Nyankopͻn adom no a, anka (ͻkaa bonsu no yεm, nanso N’adom no nti) yεtoo no twenee asaase petee bi so wͻ εberε a na ͻfata soboͻ.

Sε wͻn a wͻnnye nnie no te (Qur’aan mu) Afutusεm no a, na εkaa wͻn ko a anka wͻde wͻn ani (abu wo anikyeε) atwa wo afri hͻ; na deε wͻka ne sε: “Nokorԑ wabͻ dam.”

(Qur’aan adwuma ara ne sε) εyε Afutusεm de ma amansan nyinaa.