عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The reality [Al-Haaqqa] - Ashanti Translation

Surah The reality [Al-Haaqqa] Ayah 52 Location Maccah Number 69

Ɛdeεn ne Nokorε paa no?

Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Nokorε paa no si teε:

Samuudfoͻ ne Aadfoͻ faa Mobͻmuu, Dede ne Gyegyeegye Da no sԑ atorᴐsԑm.

Enti Samuudfoͻ no, yεde Nteamu denden bi a εborosoͻ na εsεee wͻn.

Aadfoͻ no nso yεde mframa bͻne huhuuhu bi a εpͻ soͻ na εsεee wͻn.

Ɛna Farao ne wͻn a wͻdii n’anim kan no, ne nkuro bi a yεdanee wͻn butuuε no nso de bͻne baae,

Wͻyεε wͻn Wura Nyankopͻn Asomafoͻ no asεm ho asoͻden, enti Ͻde asotwee a emu yε den twee wͻn aso.

Nokorε sε, εberε a nsuo no yiriiε (wͻ Noa pεn soͻ) no, Yεde motenaa nsuo mu hyεn mu,

Ɔsoro mu bɛsunsuan wͻ saa Da no ama no ayε mmrε, (n’ahoͻden no bεsa).

Na Soro abͻfoͻ bɛgyina-gyina ne ntweaso, na (Soro abͻfoͻ) nwͻtwe na wͻbεsoa wo Wura Nyankopͻn Ahennwa no wͻ wͻn apampamu saa da no.

Saa Da no, yεde mobεba (mo Wura Nyankopͻn anim), na momu biara asumasεm nsuma.

Enti obi a, yεde (ne dwumadie ho) Nwoma bεma no wͻ ne nsa nifa mu no, (ͻde anigyeε) bεka sε: “Momra mεgye me Nwoma no nkenkan bi.

(Yεbεka akyerε wͻn sε): “Monfa anigyeε nnidi na monom, εnam deε moyε de too moanim wͻ nna a atwa mu no mu no nti,

Na mmom obi a yεde ne Nwoma bεma no wͻ ne nsa benkum mu no, ͻbεka sε: Ɛkaa menko a, anka yɛanfa me Nwoma no amma me koraa.

(Yεbεka akyerε Soro abͻfoͻ no sε): ”Monsͻ ne mu, na mongu no mpokyerε.

Afei monfa no nwura Amanehunu gya no mu,

Onni aduane nso (a ɔbɛdie), gyesε akuro mu nsuo (ne efii),

Ne adeε a moani nhunu di nse sε:

Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔsomafoͻ Nimuonyamfoͻ (Gebriel) no asεm,

(Qur’aan) yε Adiyisεm a efiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ.

Sε anka (Nkͻmhyεni) abͻ ne trim aka atorͻsεm bi ato Yεn so a,

Na mo mu biara nnihͻ a, anka ɔbɛtumi asi Yεn ne ho kwan.

Nokorε sε (Qur’aan) yε Afutusεm ma Nyame-surofoͻ no.

Na nokorε sε, Yɛnim yie sε, mo mu binom wͻ hͻ a wͻnnye nnie.

Nokorɛ sɛ (Qur’aan) yε akomasεeε ma boniayεfoͻ no.