عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The heights [Al-Araf] - Ashanti Translation

Surah The heights [Al-Araf] Ayah 206 Location Maccah Number 7

Alif - Laam - Miim - Soaad.

(Nkͻmhyεni, wei yε) Nwoma a yɛasane ama woͻ, enti εmma w’akoma nha wo wͻ ho; sεdeε wode bεbͻ kͻkͻ, na ayε afutusεm anaa nkaekaeε ama agyidiefoͻ no.

Monni deε yɛasiane afiri mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo no akyi, na monhwε na moamfiri N’akyi ankodi akyitaafoͻ biara akyi, (nanso nnipa, anaa asεm no mu) kakraa bi na mokaeε.

Nkuro dodoɔ sɛn na (εnam bͻne nti) Yɛasεe no? Yɛn asotwee baa so anadwo, anaasε awigyina berε a na wͻadeda regye wɔn ahome.

Nokorε sε, Yɛbɛbisa wͻn a Yεsomaa (asomafoͻ) kͻͻ wͻn hͻ no asεm, na Yɛbɛbisa asomafoͻ no nso asεm.

Yεde nimdeε bεkenkan (wͻn ho nsεm) akyerε wͻn na Yɛnfirii (wͻn ho) da.

Saa Da no nsania no bεyε nokorε (nsania); enti obi a ne kari boɔ mu bɛyɛ du (wͻ papa yε mu wɔ) nsania no soɔ no, saa nkorͻfoͻ no ne nkonimdifoͻ no.

Na wͻn a wͻn kariboɔ mu bεyε hare (wͻ papa yε mu wɔ nsania no soɔ) no, wei nom na wͻn kraa aberε aguo, efrisε wͻyεε Yεn Nsεm no ho bͻne.

Ampa sε, Yεbͻͻ mo, εna Yεde mo too mfonini mu, εna Yεka kyerεε Soro abͻfoͻ no sε: “Monyε (Sujud) monfa moanim mmutu fͻm mma Adam. Wͻn (nyinaa) yεε Sujud no, gyesε lblis (anaasε ͻbonsam), wanka wͻn a wͻde wͻn anim butuu fͻm no ho.

Nyankopͻn kaa sε: “Ɛdeεn na asi wo kwan a wamfa w’anim ammutu fͻm wͻ aberε a Mahyε woͻ?” Ɔkaa sε: “Mekyεn no; Wo bͻͻ me firii gyem, εna Wo bͻͻ ͻno nso firii nεteε mu”.

Nyankopͻn kaa sε: “Ɛneε sane firi ha kͻ, εnyε mma wo sε wobεyε ahomasoͻ wͻ ha; enti firi ha kͻ, nokorε sε woka wͻn a yɛabrε wͻn ase agu wͻn anim aseε no ho”.

(Iblis anaasε ͻbonsam) kaa sε: “Mame berε kͻpem Da a wͻn bɛwu asͻreε”.

Nyankopͻn kaa sε: ”Woka wͻn a yɛama wͻn berε no ho “.

Iblis kaa sε: “Sεdeε Wabu me ͻyerafoͻ (anaa ͻbͻneεfoͻ) nti no, mεtena ase (atwεn) wͻn wͻ Wo kwan tenenee no mu “.

Nyankopͻn kaa sε: “Firi hͻ kͻ wͻ animguaseε mu, yɛayi wo adi. Nokorε sε, wͻn mu biara a ͻbɛdi w’akyi no, Mede mo nyinaa bεhyε Ogya no mu ma.

Nanso ͻbonsam daadaa wͻn sεdeε ͻbɛyi wͻn adagya a yεde asuma wͻn no adi akyerε wͻn, na ͻkaa sε: “Ɛnyε biribiara ho nti na mo Wura Nyankopͻn abra mo saa dua yi, na mmom sε anyε a na moakͻyε Soro abͻfoͻ anaa moakͻyε wͻn a wͻte nkwa mu afe bͻͻ no mu bi”.

Odii nse kyerεε wͻn sε: “Nokorε sε, meyε ofutufo pa paa ma mo mmienu.”

Wͻkaa sε: “Yɛn wura Nyankopͻn, Yɛayε bͻne atia yεn kraa, na sε Wamfa yεn bͻne ankyε yεn na Wanhu yεn mmͻbͻ a, nokorε sε yεbεka brεguofoͻ no ho “.

Nyankopͻn kaa sε: “Monsiane (nkͻ asaase so), moyε moho moho atamfo. Mowͻ asetena ne akͻnhoma wͻ asaase no so kͻpem εberε bi (a yεde ama mo no) awieeɛ “

Nyankopͻn kaa sε: “Emu na mobεtena (wͻ monkwa nna mu) na emu na mobɛwuo na emu na mobɛpue afire (wͻ Wusͻreε Da no).

Ka sε: “Deε me Wura Nyankopͻn hyε (onipa) wͻ ho ne sε ɔbɛdi nokorε, εna afei mode moanim bεkyerε Ɔno (nko ara) wͻ Nyamefrε berε biara, na afei mobɛsu afrε no wͻ nokorεdie mu, de ͻsom ama no. Sεdeε Osi hyεε mo ase (kane no, saa ara na) mobεsan aba (nkwa mu bio).

Nnipa kuo biara wͻ εberε (a yɛahyehyε ama wͻn sε wͻde firi wiase); enti sε wͻn berε no so a, wͻnka akyi dͻnhwere baako koraa, na wͻnkͻ animu nso (dͻnhwere baako).

Enti hwan na ͻyε (nipa) bͻneni kyεn obi a ͻbͻ ne tirim twa nkontompo to Nyankopͻn soͻ, anaa ɔfa N’asεm no nkontompo sɛm? Saa nkorͻfoͻ no nsa bεka wͻn kyεfa a εwͻ Nwoma no mu; kͻpem sε Y’abͻfoͻ no bεba wͻn hͻ abɛyi wͻn nkwa; (Abͻfoͻ no) bεka sε: “Deε na mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no wͻ hen?” Wͻbεka sε: “Yɛahwere wͻn”. Wͻbɛdi adanseε atia wͻn ho sε nokorε, wͻyε (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ.

Nyankopͻn bεka sε: “Monkͻka Jinni ne nnipa kuo no a wͻadi moanim kan atwa mu no ho, na mo ne wͻn nkͻ egya no mu. Ɛberε biara a nnipa kuo bi bɛwura mu no, ͻbͻ ne nua no dua kosi sε wͻn nyinaa bɛdidi so akͻ mu. Wͻn mu wͻn a wͻtwa toͻ no bεka afa akandifoͻ no ho sε: “Yɛn Wura Nyankopͻn, wei nom na wͻyeraa yεn, enti ma wͻn ogya asotwee no mmͻhoo. Yεbεka akyerε wͻn sε: “Obiara wͻ (asotwee no) mmͻhoo nanso monnim”.

Wͻn wͻ ogya mpa (a wͻbεda soͻ) ne (Ogya) akatasoͻ (a wͻde bεkata) wͻn ho soͻ. Saa na Yɛtua abͻneεfoͻ no so ka.

Yεbɛyi yawdie a εwͻ wͻn akoma mu biara afiri hͻ; nsubͻnten nenam wͻn ase. Wͻbεka sε: “Ayeyie ne aseda wͻ Nyankopͻn a Wakyerε yεn kwan akͻ wei mu. Sε Wankyerε yεn kwan a, anka yɛnnya kwan kyerε. Ampa sε, yɛ’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de Nokorε no baeɛ”. (Soro abͻfoͻ) bεfrε sε: “Wei ne Aheman no a morebɛdi adeε wᴐ mu no, εnam dwuma (pa) a modiiε no ho nti”.

Soro Aheman no mu foͻ no bεfrε Ogya no mufoͻ no sε: “Nokorε sε, yεn nsa aka deε yɛ’Wura Nyankopͻn hyεε yεn ho bͻ no ampa; enti monso monsa aka deε mo Wura hyεε mo ho bͻ no ampa?” Wͻbεka sε: “Aane!” Ɔfrεfrεni bi bεfrε afiri wͻn mu hͻ sε: “Onyankopͻn nnomee wͻ abͻneεfoͻ no so;

Ntwaremu bi bɛtware wͻn mmienu no (aheman mu foͻ no ne Ogya no mu foͻ) no ntam. Mmarima bi wͻ fasuo no sorosoro a wᴐde (abᴐnefoᴐ no mu) biara nsohyε deε na ɛbɛhu wͻn; na wͻbεfrε Aheman no mufoͻ no sε: “Asomdwoeε nka mo.” Wͻnnya nwuraa (Aheman no) mu deε, nanso wͻwͻ ho anidaasoͻ.

(Saa agyidiefoͻ) wei nom ho na mokaa ntam sε: “Nyankopͻn mfa N’ahummͻborͻ ngu wͻn soͻ no?” (Yεbεka akyerε agyidiefoͻ no sε): “Monwura ͻsoro Aheman no mu; suro biara nni mo so na mowerε nso nho”.

Amanehunu gya no mu foͻ no bεfrε ͻsoro Aheman no mu foͻ no sε: “Monhwie nsuo anaa deε Nyankopͻn de ama mo no mu bi ngu yεn so!” Wͻbεka sε: “Nokorɛ sɛ, Nyankopͻn ayε (deε wͻrebisa) no mmienu (nyinaa) akyiwadeε ama (kaafirfoͻ) boniayεfoͻ no:-

Ampa sε, Yεde Nwoma a Yεde nimdeε akyerεkyerε mu aberε wͻn; εyε kwankyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻgye die.

Enti deε wͻretwεn ara nesε εberε no bεsoo? Ɛda a saa berε no bεsoo no, wͻn a kane no wͻn werε firiiε no bεka sε: “Ampa yɛ’Wura Nyankopͻn asomafoͻ no de nokorε no bae. Enti yεbɛnya ntwitwagyefoͻ bi a wͻbɛtwitwa agye yεn? Anaasε yεmma yεn nsan nkͻ (wiase) na yεnkͻdi dwuma a εnnyε deε yεdii no (kanee no)?” Ampa sε, wͻn ahwere wͻn kraa, na deε wͻbͻͻ wͻn tirim yͻeε no nso adi wͻn hwammͻ.

Nokorε sε, mo Wura no ne Nyankopͻn a Ɔde nna nsia bͻͻ soro ne asaase, εna Ɔde Neho sii Animonyam Ahennwa no soͻ. Ɔno na Ɔma adesaeε kata adekyeε soͻ (εna adekyeε nso kata adesaeε nso soͻ) na εde ntεm pε tͻkͻ so (di wͻn ho wͻn ho akyi). Awia ne bosome ne nsoromma nso berε wͻn ho ase ma N’ahyεdeε. Nokorε sɛ, Ɔno na abͻdeε ne ahyεdeε wͻ no. Nhyira Wura ne Nyankopͻn Abͻdeε nyinaa Wura no.

Na monhwε na akyire yi a yɛasiesie asaase soͻ no moanni nsεmͻnee wͻ so, na momfa suro ne anidaasoͻ nsu mfrε no. Nokorε sε, Nyankopͻn ahummͻborͻ no bεn apapafoͻ no.

Asaase pa no nso, εso nnuaba no fifiri wͻ ne Wura Nyankopͻn akwamma mu. Na (asaase a) εnyε no ɛmfifiri hwee, gyesε kakraa bi. Saa ara na Yεkyerεkyerε nsεm no mu de ma amanfoͻ a wͻyi (Nyame) ayε.

Nhemfo a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Yɛhu wo sε wowͻ ͻyera pefee paa mu “.

Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε yera na mayera, na mmom meyε Ɔsomafoͻ firi Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ.

Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na merema mo afutupa, na menim adeε a monnim wͻ Nyankopͻn hͻ.

Anaasε εyε mo nwanwa sε Afutusεm firi mo Wura Nyankopͻn hͻ nam momu nipa bi so aba mo hͻ sεdeε ͻde bεbͻ mo kͻkͻ na mobεyε ahwεyie ama yɛahu mo mmͻbͻ?

Nanso wͻbuu no nkontomponi, enti Yεgyee no, ne wͻn a wͻka ne ho no wͻ εhyεn no mu no nkwa, na Yεmaa nsuo faa wͻn a wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm no. Nokorε sε, na wͻyε nnipa a wͻn ani afira.

Aadfoͻ nso wͻn nua Huud kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, (efirisε) monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Enti monnnsuro Nyankopͻn na monnyε ahwεyie?”

Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} boniayεfoͻ a εwͻ nenkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε, yɛhu wo sε wo wͻ agyimisεm mu na yεdwen sε woka nkontompofoͻ no ho.

Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, εnyε gyimii na magyimi, na mmom meyε Ɔsomafoͻ firi Abͻdeε nyinaa Wura no hͻ “.

Me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro na merebɔ akyerε mo, na meyε ofutufo pa nokwafoͻ ma mo.

Enti Yεde ahummͻborͻ a ɛfiri Yεn hͻ no gyee no ne wͻn a wͻka ne ho no nkwa. Na Yεhyee wͻn a wͻfaa Yεn Nsεm no atorͻsεm no ase. Na (saa nkorͻfoͻ no) nyε agyidiefoͻ.

Samuudfoͻ no nso (Yεsomaa) wͻn nua Soalih maa no kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, na monni awurade foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa sε (Nokorε) pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; wei yε Nyankopͻn yoma bedeε a ͻyε nsεnkyerεnee ma mo; enti monnyae no ma no nnidi wͻ Nyankopͻn asaase no so, na monhwε na moanyε no bͻne, anyε saa a asotwee a εyε ya paa bεsͻ mo mu.

Enti wͻkum yoma bedeε no, na wͻtee wͻn Wura Nyankopͻn ahyεdeε no so atua, kaa sε: “Soalh, fa deε wahyε yεn ho bͻ no bra, sε woka (Nyame) asomafoͻ no ho ampa a”.

Ɛna Mad’yan nso wͻn nua Shua’ib kͻͻ wͻn hͻ. Ɔkaa sε: “Menkorͻfoͻ, monsom Nyankopͻn, monni nyame foforͻ biara wͻ N’akyi. Ampa, nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aba mo hͻ; enti (sε morehyε adeε ama obi a) monhyε ma εnyε ma, na monsusu (biribiara nso pεpεεpε) na monhwε na moamfa nyansa kwan ante amanfoͻ nneεma so, afei εmma monni nsεmͻne wͻ asaase no so wͻ akyire yi a yatoto biribiara wͻ so pεpεεpε. Saa na εyε papa ma mo sε moyε gyidiefoͻ ampa a.

Nhemfo (anaa mpanimfoͻ) ahomasoͻ foͻ a εwͻ ne nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Sε εteε biara yɛbɛtu wo Shu’aibu ne wͻn a wɔagye adi aka wo ho no afiri ye’kuro yi mu, gyesε mosan ba yε’som yi mu bio. Shu’aib kaa sε: “Sε yεmpε mpo a?”

“Nokorε sε, sε yεsan ba mosom no mu wͻ akyire yi a Nyankopͻn agye yεn nkwa afiri mu yi a, εnneε na anka yɛabͻ yɛtirim atwa nkontompo ato Nyankopͻn so. Ɛnyε mma yεn sε yεbεsan akͻ mu bio, gyesε εyε yɛn Wura Nyankopͻn pε. Yɛn Wura Nyankopͻn nimdeε trε duru biribiara so. Onyankopͻn so na yεde yεn ho toͻ. Yɛn Wura Nyankopͻn, fa nokorε bu yεne yεn nkorͻfoͻ yi ntam atεn, na Wone Otemmufoɔ mu Otemmufoɔ pa no”.

Enti Shuaib danee ne ho firii wͻn ho kaa sε: “Menkorͻfoͻ, ampa sε mebͻͻ me Wura Nyankopͻn Asεm no ho dawuro kyerεε mo, san tuu mo afutu pa. Na εbεyε dεn na madi amanfoͻ a wͻpo (Nyankopͻn asεm no) ho awerεhoͻ ?

Anaasε nkuro no so foͻ no ho atͻ wͻn wͻ Y’asotwee a εbεba wͻn so anͻpa aberε a wͻredi agorͻ no ho?

Enti wͻn ho atͻ wͻn wͻ Nyankopͻn trimu pͻ ho? Obi nnya abotͻyεmu wͻ Nyankopͻn tirimu pͻ ho, gyesε amanfoͻ a wɔabrε aguo no.

Mose kaa sε: “Farao, nokorε sε meyε Ɔsomafoͻ a mefiri Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no hͻ “.

Nokorε, asεdeε a εda me soͻ ne sε me nka biribi nto Nyankopͻn so gyesε Nokorε no nko ara. Ampa sε, mede nyinasoͻ pefee firi mo Wura Nyankopͻn hͻ aberε mo, enti ma Israel mma no kwan na wͻne me nkͻ.

Farao kaa sε: “Sε wode nsεnkyerεnee bi aba a εneε fabra (ma yεnhwε) sε woka nokwafoͻ no ho ampa a.

Nhemfo {anaa mpanimfoͻ} a wͻwͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kaa sε: “Nokorε sε, wi yε nkonyaayini a onim de (anaasε waben).

Wͻkaa sε: “Ma no ne onua no nwͻ hͻ, (anaa wͻntwεn) na soma dawubͻfoͻ wͻ nkuro no so (ma wͻnkͻ boaboa nkonyaayifoͻ ano),

Wͻde nkonyaayifoͻ a wͻnim de (anaasε waben) biara bεberε wo”.

Farao kaa sε: “Aane! (Sε modi nkonim a) mobεka wͻn a wͻbεn (me) no ho “.

Yɛyi kyerεε Mose sε: “Fa wo poma no to hᴐ.” Na hwε, εmemenee wͻn nkontompo deε (a wͻyi kyerεeε no no nyinaa).

(Farao nkorͻfoͻ no) dii nkoguo wͻ hͻ, na wͻde animguaseε san wͻn akyi (kͻe).

Nkonyaayifoͻ no de wͻn ho kͻͻ fͻm de wͻn anim butuu fͻm-:

WɔKaa sε: “Yɛagye Abͻdeε nyinaa Wura Nyankopͻn no adi,

(Farao nkonyaayifoͻ a wͻagye Mose adie no) kaa sε: “Nokorε sε, yɛ Wura Nyankopͻn hͻ na yεbεsan akͻ.

Deε enti a wode bɔne retua yɛn ka ara ne sε, εberε a yɛ Wura Nyankopͻn nsεnkyerεnee baa yεn hͻ no yɛagye adi nti. “Yɛ Wura Nyankopͻn (yεsrε Wo sε), hwie aboterε gu yεn so na ma yεn nwu sε Muslimifoͻ”.

Nhemfo a wͻn wͻ Farao nkorͻfoͻ no mu no kakyerεε Farao sε: “Wobɛgyae Mose ne ne nkorͻfoͻ ama wͻn ayε basabasa wͻ asaase yi so na wͻapa wo ne w’anyame akyi? (Farao) kaa sε: “Yεbɛkunkum wͻn mma mmarima na yɛama wͻn mmaa no atena ase; na nokorε sε yεn na yεwͻ wͻn so tumi“.

Mose ka kyerεε ne nkorͻfoͻ no sε: “Monsrε Nyankopͻn hͻ mmoa, na monsi aboterε, efirisε, asaase no yε Nyankopͻn dea, na Nenkoa mu nea Ɔpε na Ɔde no di so adeε; na awieeε pa no deε εwͻ Nyame-surofoͻ no “.

Wͻkaa sε: “(Farao ne ne nkorͻfoͻ) atane y’ani ansa na woreba yεn hͻ, na akyire yi a wobaa yεn hͻ yi nso saa ara. (Mose) kaa sε: “Ebia mo Wura Nyankopͻn bεsεe motamfoͻ no na Wayε mo ananmusifoͻ wͻ asaase no so, na Wahwε sεdeε (monso) mobεyε”.

Nanso εberε (biara) a Yεbɛyi ͻhaw no afiri wͻn so akosi εberε a εsεsε wͻdi (wͻn bͻhyε no) soͻ no pε, na wͻn abu (bɔhyɛ no) so.

(Mose kͻͻ so kaa sε): “Nokorε sε deԑ saa nkorͻfoͻ yi wᴐ mu yi, de wᴐn bԑkᴐ ᴐsԑeԑ mu ama wᴐn dwuma a wᴐredie ayԑ kwa.

Monkae εberε a Yεgyee mo firii Farao ne ne nkorͻfoͻ a na wͻde aniεyaa ne ateeteε kεse ato mo soͻ, (na) wͻkunkum mo mma mmarima ma mo mmaa no tena aseε no nsam.“ Nokorԑ sԑ nsͻhwε kεseε paa a ɛfiri mo Wura Nyankopͻn hͻ wͻ wei mu ma mo”.

Ɛberε a Mose baa εberε, ne bea a Yεhyεε no, na ne Wura Nyankopͻn ne no kasaeε, ͻkaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, yi Woho adi kyerε me na menhwε Wo”. Nyankopͻn kaa sε “(Mose), wontumi nhu Me, na mmom hwε bepͻ no, sε etumi gyina ne baabi a etim no deε a, εneε ebia wobɛhu Me“. Ɛberε a ne Wura Nyankopͻn yii N’animuonyam adi wͻ bepͻ no soͻ no, εmaa no bubuu gͻsͻgͻsͻgͻsͻ, na Mose twa hwee fͻm tͻree mum. Ɛberε a n’ani so teteeε no, ͻkaa sɛ: “Kronkron hene ne Wo Awurade! Masakra m’adwen aba Wo hͻ. Na me ne agyidiefoͻ no mu nea odikan”.

Mose nkorͻfoͻ no faa wͻn agudeε deyεε nantwie sεso a εwͻ nnee bi (som no) wͻ Mose akyi. Enti na wͻnhunu sε (nantwie a wayε no nyame no entumi) ne wͻn nkasa, anaa ͻnkyerε wͻn kwan? Wͻfaa (sika kͻkͻͻ nantwie) no (som no) na wͻyε abͻneεfoͻ.

Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, fa me ne me nua (Aaron) bͻne kyε yεn na fa yεn wura W’ahummͻborͻ no mu, na Wone ahummͻborͻ mu Ahummͻborͻ Hene no.

Mose tuu ne nkorͻfoͻ no mu mmarima aduͻson demaa Yε brε, ne bea a Yɛahyε (sε Yε ne no bɛhyia). Ԑberε a asaase wosoͻ sͻͻ wͻn mu no, Mose kaa sε: “Me Wura Nyankopͻn, sε εyε Wopε a, anka Wosεee wͻn ne me dadaada. Wobεsεe yεn wͻ deε yεn mu nkwaseafoͻ bi ayε ho nti? Wei yε Wo nsͻhwε no bia. Wode yera obi a Wopε, εna Wode kyerε obi a Wopε nso kwan. Wo ne yεn Kyitaafoͻ, enti fa yɛn bͻne kyε yεn na hu yεn mmͻbͻ, na Wo ne bͻnefakyεfoͻ nyinaa mu Bͻnefakyε Wura papa no.

Kae εberε a yεka kyerεε wͻn (Israelfoͻ no) sε: ‘’Montena saa kuro yi mu na monnidi nkͻpem faako a mopε, na monka sε: “Yɛ Wura Nyankopͻn, yi yεn bͻne firi yεn so”. Na monfa ahobraseε nwura ͻpono no mu; Yεde mo mfomsoͻ bεkyε mo na Yεde (papa no bi) aka ho ama apapayεfoͻ no”.

Ɛberε a wͻn mu fekuo bi kaa sε: ‘’Adεn na moretu amanfoͻ a Nyankopͻn bεsεe wͻn anaa Ɔde asotwe kεseε bεtwe wͻn aso no foͻ?” Wͻkaa sε: “Sεdeε εbεyε nyinasoͻ wͻ mo Wura Nyankopͻn hͻ nti, na afei ebia wͻbεsuro Nyame na wͻayε ahwεyie”.

Enti εberε a wͻtee atua wͻ deε yɛabra wͻn no ho no, Yεka kyerε wͻn sε: “Monyε nnoe (anaasε nsoroboa) wͻ animguaseε mu”.

Kae εberε nso a wo Wura Nyankopͻn de too dwa sε, Ɔbεsoma wͻn a wͻde asotwe bͻne bεtwe wͻn (Israelfoͻ no) aso akosi Wusͻreε Da no. Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn ho yε hare wͻ awerεtͻ mu; na nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε hene, na Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene.

Wͻn akyi no, awoͻ ntoatoasoͻ (bͻne) a yεde Nwoma no hyεε wͻn nsa bεhyεε wͻn anan mu, wͻfaa wiase yi mu ahuhudeε no, na deε wͻkaeε ne sε: “Yεde yεn bͻne bεkyε yεn.“ Sε ahuhudeε a εte saa sεso mpo baa wͻn hͻ a (anka wͻbεsan) agye (aka ho). Enti yεnnyee apam wͻ wͻn hͻ wͻ Nwoma no mu sε: “Wͻnhwε na wͻn anka biribi anto Nyankopͻn so gyesε nokorε nko ara?” Aberε nso a wͻasua deε εwͻ (Nwoma no) mu no. Daakye asetena no yε ma wͻn a wͻsuro Nyame na wͻyε ahwεyie. Enti monnwen anaa?

Kae εberε a Yεpagyaa bepͻ no wͻ wͻn apampamu tesε deε εyε kyinnieε, na wͻn adwen yεε wͻn sε εrebεte ahwe wͻn soͻ: (Yεka kyerεε wͻn sε): “Monfa ahoͻden nsͻ deε yεde ama mo no mu yie, na monkae deε εwͻ mu no sεdeε mobɛsuro Nyame ayε ahwεyie”.

Anaasε anhwε a na moakͻka sε: “Yɛn agyanom na wͻdii kan yεε (Nyankopͻn ho) mmataho na yεn deε na yεyε (wͻn) asefoͻ wͻ wͻn akyi. Na (Awurade), Wobεsεe yεn wͻ deε nkontompofoͻ no yͻeε no ho nti?”

Saa ara na Yεkyerεkyerε Nsεm no mu sεdeε wͻbεsan wͻn akyi (afiri wͻn agyanom kwan a wͻresua no soͻ).

Sε Yεpε a anka Yεde (Nyame Asεm no) bεma no so (de no agyina gyinabrε a εso paa), nanso ͻde ne ho bataa asaase (anaa ͻde ne ho too wiase so) dii n’apεdeε akyi. Ne mfatoho tesε ͻkraman, sε woka ne so a ͻtwe ne kεtrεma, sε wogyae no nso a ͻtwe ne kεtrεma. Saa na wͻn a wͻbu Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no mfatoho teε. Enti ka abakͻsεm no kyerε wͻn sεdeε wͻbεfa adwen.

Amanfoͻ a Yɛabͻ wͻn no mu bi wͻ hͻ a wͻde nokorε no kyerε (nnipa) kwan, na wͻdi εho nokorε nso.

Wͻn nso a wͻfa Yεn Nsεm no sε atorͻsεm no, Yεbεgyegye wͻn taa-taa nkakrankakra ama asotwee afiri deε wͻnnim abεfro wͻn.

Mama wͻn berε. Nokorε sε, Metirimu pͻ a Mabͻ no emu yε den paa.

Obia Nyankopͻn bεyera no no, ɔnnya kwankyerεfoͻ; na Ogyae wͻn wͻ wͻn yera (anaa wͻn bͻne) no mu ma wͻkeka kͻ (tesε anifirafoͻ).

Kasε: “Menni tumi a εma me yie die bi, anaasε ͻhaw bi, gyesε deε Nyankopͻn pε. Sε menim Nsumaeε no mu asεm a, anka papa na mεpε no kεse ama meho, na anka bͻne biara nto me. Me deε m’adwuma ara ne sε, meyε kͻkͻbͻni ne anigyesεm no ho amanebͻfoᴐ de ma amanfoͻ a wͻgye die”.

Ɔno na Ɔbͻͻ mo firi honam baako mu, εna Ɔyεε ne yere nso firi (honam baako no ara) mu sεdeε ͻbɛnya nehͻ awerεkyekyerε. Ɛberε a ͻne no hyiaeε no, onyinsεnee adesoa a emu yε hare a ͻde nam. Ԑberε a emu yεε duro no wͻn mmienu su frεε wͻn Wura Nyankopͻn sε: ‘’Sε Woma yεn (akwadaa) papa a yεbεka wͻn a wͻyi (Wo) ayε no ho.

Nanso εberε a Yεmaa wͻn (akwadaa) papa no wͻyεε Nyankopͻn ho mmataho wͻ deε Yεde ama wͻn no ho. Kokuroko ne Nyankopͻn, wɔ deɛ mode rebata Ne ho no.

Nokorε sε, wͻn a mofiri Nyankopͻn akyi sufrε wͻn no nso yε nkoa tesε mo ara, enti modeε monsu mfrε wͻn ma wͻnnye mo so (ma yεnhwε) sε moyε nokwafoͻ ampa a.

(Mo abosom no) wͻwͻ nnan a wͻde nanteε? Anaasε wͻwͻ nsa a wͻde sͻ adeε mu? Anaasε wͻwͻ ani a wͻde hunu adeε? Anaasε wͻwͻ aso a wͻde te asεm? Ka sε: “Modeε monsu mfrε wͻn a mode wͻn abata Nyankopͻn ho no, na mommͻ meho pͻ, na momma me ahomegyeε koraa.

(Nkͻmhyεni), fa bͻnefakyε, na hyε (amanfoͻ ma wͻnyε) papa, na twe wo ho firi abagyimifoͻ no ho.

Sε ͻbonsam tutu nsԑm bi gu w’asom a, hwehwε ntwitwagyeε firi Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε Ɔno ne mpaebͻ Tiefoͻ, na Ɔne Onimdefoͻ.

Wͻn a wͻsuro Nyankopͻn no, sε ͻbosam de adwen bͻne bi ma wͻn a, wͻkae Nyankopͻn, εba saa a, εma wͻn aniso da hͻ kann (kae Nyankopͻn asotwee ne N’adom a εwͻ hͻ Daakye).

Nanso wͻn nuanom (abͻneεfoͻ no, ͻbonsam) de wͻn kͻ bͻne ne ͻyera mu akyirikyiri na wͻntwa (bɔne yε no) so.

Sε woamfa nsεnkyerεnee amma wͻn a, deε wͻka ne sε: ‘’Adεn na woamfa amma. Ka sε: “Medeε deε me Wura Nyankopͻn asane amame no akyi na medie. (Qur’aan) wei yε anibue (Nwoma) anaa nyinasoͻ pefee ne kwankyerε ne ahummͻborͻ a ɛfiri mo Wura Nyankopͻn hͻ dema amanfoͻ a wͻgye die.

Nokorε sε, wͻn a wͻwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ (Soro abͻfoͻ) no, wͻnyε ahomasoͻ wͻ Nesom ho, na mmom wͻbͻ no abodin na Ɔno na wͻde wͻn anim butu fͻm ma no.