The Noble Qur'an Encyclopedia
Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languagesThe Ascending stairways [Al-Maarij] - Ashanti Translation
Surah The Ascending stairways [Al-Maarij] Ayah 44 Location Maccah Number 70
Obisafoͻ bi abisa fa asotwee a εrebesi –
Ama boniayεfoͻ no a, ɛnni obi a obɛsi ho kwan no ho asεm.
(Saa asotwee no) firi Sorokͻ akwan Wura Nyankopͻn no hͻ.
Soro abͻfoͻ ne Honhom no (Gabriel) de dakoro fro kͻ Nehͻ a nensusueε yε (wiase nsusueε) mfie mpem aduonum.
Enti (Nkͻmhyεni), si aboterε, aboterε pa (a yaw die anaa apenesie biara nni ho).
Nokorε sε wͻhunu (asotwee) no wͻ akyiri kyiri.
Ɛna Yεnso Yεhunu no sε abεn.
Ɛda a ͻsoro bεyε sε yaawa a ananee,
Na mmepͻ nso bεyε sε aboa nwii a εrehu korͻ,
(Saa Da no) adamfoͻ mmisa adamfoͻ (asεm).
Wͻbɛhu wͻn ho deε. Ɔbͻneni no bεpε mpo sε, anka saa Da no asotwee no, ͻde ne ba bεyε mpata,
Ne neyere ne nenua,
Ne n'abusuani a ͻyεε no yie,
Ne deε εwͻ asaase so nyinaa na afei wanya ne ho (afri asotwee no mu).
Daabi, (εnyε yie saa), nokorε sε εyε Amane-hunu gya noa.
Ɛworͻ (onipa) tiri ho nwoma (ne nehonam wedeε no nyinaa ma ԑkͻto ne nnompe).
(Egya no) refrε obi a obrekyi, na ͻdane neho fri (Nokorε no) ho kͻ,
Na ͻboa sika ano na ͻyε ho pεpεε (anaa ͻbͻ hoo ayεmuͻnyono).
Nokorε sε, onipa suban ne sԑ, ᴐyԑ mpepreho. (Ɔpε biribiara ntεm).
Sε bͻne bi to no a, na n’aba mu abu (anaasε na w’apa aba).
Sε papa bi nso to no a, na wabu n’ani agu (n’asεdeε) so.
Gyesε Nyamefrε foͻ no,
Wͻn a wͻkuta wͻn Nyamefrε mu daadaa no.
Ne wͻn a wͻn agyapadeε mu asεdeε bi a yahyehyε (sε wͻyi dema) wͻ mu--
Dema aserεfoͻ ne mmͻborͻwafoͻ no;
Ne wͻn a wͻgye Atemmuda no die,
Ne wͻn a wͻsuro wͻn Wura Nyankopͻn asotwee no.
Efirisε, wͻn Wura Nyankopͻn asotwee no nnyε abodweε asεm koraa
Ne wͻn a wͻhwε wͻn mmarima so yie.
Gyesε wͻn yere nom (nko ara so), anaasε wͻn mfenaa a wͻyε wͻn dea. Saa nkorͻfoͻ no deε nokorԑ sԑ wͻ’nni soboͻ biara.
(Na mmom) obi a obefri (mmaa a yakyerε mu) yi akyi akͻpε foforͻ no, saa nkorͻfoͻ no ne wͻn a w’ato mmara no.
Ne wͻn a wͻdi nokorε wͻ nhwεsodeε a yεde ahyε wͻn nsa, san di wͻn bͻhyε soͻ,
Ne wͻn a wͻgyina pintinn di nokorε wͻ wͻn adansedie mu,
Ne wͻn a wͻhwε wͻn Nyamefrε so yie.
Saa nkorͻfoͻ no na wͻbεtena Aheman no mu wͻ animuonyam mu no.
Ԑdeεn na εha boniayεfoᴐ no a enti wᴐrepere wᴐn ho ba wohͻ, atwetwe wᴐn kᴐn ahahaa wᴐn ani atwa wo ho ahyia-
Akuo-akuo wᴐ nifa so ne benkum soᴐ yi?
Enti wͻn mu nnipa biara pε sε ͻkͻ Anigyeε Aheman no mu (wͻ aberε a ͻnnyε ho adwuma)?
Daabi da, nokorε sε wͻnim adeε a Yεbͻͻ wͻn frii mu.
Enti Mede Apueε ahodoᴐ no ne Atͻeε ahodoᴐ no Wura Nyankopͻn di nse sε: Nokorε, Yεwͻ tumi
Sε Yεsesa wͻn de wͻn a wͻyε kyεn wͻn bεhyε wͻn anan mu, na εno ntumi mmu mfa yεn so, (anaasε εnnyε den mma Yεn).
Enti (Nkͻmhyεni), wodeε gyae wͻn ma wͻn keka wͻn nsεm hunu no, na wͻn ni agorͻ nkosi sε wͻ behyia wͻn Da a yahyε wͻn ho bͻ no.
Ɛda no a wͻde ahoͻherε bepue afri adakamena mu, na wᴐbԑyԑ tesε deε wͻrekͻ faako a wͻn anidaasoͻ bi wͻ no.
Wͻn ani bewu, na animguaseε bεmene wͻn. Saa Da no na yahyε wͻn ho bᴐ no.