عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The enshrouded one [Al-Muzzammil] - Ashanti Translation

Surah The enshrouded one [Al-Muzzammil] Ayah 20 Location Maccah Number 73

Wo a wode bomo anaa ntoma akata wo ho,

Sͻre anadwo (bͻ mpaeε), na fa (εberε) kakraabi (da gye w'ahome).

Fa anadwo no mu fa (bͻ mpaeε), anaasε te (εberε) no so kakra,

Anaasε fa (εberε no) bi ka ho; na fa ntooboaseε kenkan Qur’aan no sεdeε ɛfata ma ԑho nte.

Nokorε sε, anadwo berε mpaebͻ (Tahajud) no emu yε du, etu awͻse, na εma asεm no nso kͻ (onipa no mu) anaasε εma no te asεm no ase yie.

Nokorɛ, adekyeɛ no mu deɛ, mmerɛ tenten wɔ hɔ ma wo a wobɛtumi de adi wo dwuma.

Na gyae Mene wͻn a, wͻfa no atorᴐsԑm no, wͻn a wͻanya wͻn ho no; na wodeε to wobo ase ma wͻn kakra.

Nokorε sε, Yεn hͻ na dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya wͻ,

Ɛne aduane a, ehia anaa etwi (onipa mene mu) ne asotwee a εyε ya paa (no nso wͻ).

Ɛda no a asaase ne mmepͻ bεwoso nwoso kεseε no, mmepͻ no bεyε sε anwea a yaboa ano na εredwirie.

Sε moannye Ɛda a εbεma nkͻdaa afu dwono no anni a, sεn na mobɛsi abͻ mo ho ban (wͻ saa Da no a)-

Nokorε sε, woi yε Afutusεm, enti obi a ͻpε no ͻnfa kwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so.

Wo Wura Nyankopͻn Nim yie sε, εkame ayε sε, wosͻre de anadwo no mu nkyεmu mmiεnsa mu mmienu bͻ mpaeε. Ɛtͻ dabi nso a, wokyε (anadwo no) mu mmienu; (εtͻ dabi nso a) woyi anadwo no nkyεmu mmiεnsa no mu baako (debͻ mpaeε), wͻn a wͻka wo ho no mu bi nso saa ara. Nyankopͻn na Osusu adesaeε ne adekyeε. Onim sε montumi nsese, enti Wahu mo mmͻbͻ. Enti monkenkan Qur’aan no mu deε εyε mmrε (ma mo). Onim yie sε ayarefoͻ wͻ mo mu, ebinom nso tu kwan wͻ asaase no so kͻ hwehwε Nyankopͻn adom, ebinom nso reko wͻ Nyankopͻn kwan so. Enti monkenkan (Qur’aan no) mu deε εyε mmrε; na monfrε Nyame wͻ ne brε mu, na monyi Zaka, na momͻ Nyankopͻn bosea a εyε bosea pa. Adepa biara a mobεyε ato moanim no, monsa bεka no wͻ Nyankopͻn hͻ; εno na εyε paa na εno nso ne akatua a εsom boͻ. Na monsrε Nyankopͻn hͻ bͻnefakyε; nokorε sε Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔne Mmͻborͻhunufoͻ Hene