عربيEnglish

The Noble Qur'an Encyclopedia

Towards providing reliable exegeses and translations of the meanings of the Noble Qur'an in the world languages

The cloaked one [Al-Muddathir] - Ashanti Translation

Surah The cloaked one [Al-Muddathir] Ayah 56 Location Maccah Number 74

Sͻre na bͻ (amanfoͻ) kͻkͻ.

Na kamfo wo Wura (Nyankopͻn) kεseyε, (anaa da wo Wura Nyame kɛseyɛ adi).

Na twe wo ho fri (abosomsom) fii ho.

Na εnyε adͻeε bi na nhwehwε (wiase) mfasoͻ.

Na si aboterε ma wo Wura Nyankopͻn.

(Saa da no) εnyε mmrε mma boniayεfoͻ no (koraa).

Ɛne mma mmarima a wͻtete ne ho,

Ɛna Mayε asetena mu nso bͻkͻͻ ama no,

Afei ͻsan rehwehwε mpo sε Menfa bi nka ne ho.

Nokorε sε, wadwen, εna wabͻ pͻ (bͻne).

Due nka no, sεdeε osi bͻͻ pͻ bͻne no,

Due nka no bio, sεdeε osi bͻͻ pͻ bͻne no,

Afei ͻhwεε (ne ho hyiae).

Afei omunae, εna ͻkaa n’ani ntͻn sii soͻ.

Afei ͻkaa sε: “ Woi nyε hwee, na mmom tetefoͻ no ntafowa.

Mede no bɛwura Amanehunu gya Saqara no mu.

Na εdeεn na εbεkyerε wo sεdeε Amane-hunu gya Saqara no si teε?

Enyae obi (wͻ aberε a εnsεe no), na εnfa obi nso ho nkyε no.

Ɛhye onipa honam sesa no bͻ no biri tumm.

(Soro abͻfoͻ) du nkron na wͻhwε soͻ.

Soro abͻfoͻ na Yɛayε wͻn Amanhunu gya no so hwεfoͻ; na Yɛayε wͻn dodoͻ (du nkron no,) sεdeε εbεyε suntidua ama wͻn a wͻnnye nnie no; na εbεma wͻn a yɛama wͻn Nyame-som ho Nwoma no gyidie asi pi, na gyidie foforͻ bεsan abεka wͻn a wͻagye adie no gyidie ho, na wͻn a yεmaa wͻn Nyamesom ho Nwoma no ne agyidiefoͻ no akoma nhinhim, na afei wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne wͻn a wͻnnye nnie no bεka sε: ‘’Ɛdeεn na Nyankopͻn de saa mfatoho yi repε akyerε?’’ Saa ara na Nyankopͻn yera obi a Ɔpε, εna Ɔkyerε obi a Ɔpε nso kwan. Obiara nnim wo Wura Nyankopͻn Asraafoͻ no, (anaa wͻn dodoͻ), gyesε Ɔno ara. Woi yε Afutusεm dema adasamma.

Ne anadwo, εberε a εbεdane ne ho (akͻ).

Ne Anͻpa, εberε a animu bεteteε no di nse sε:

Nokorε, (Amanehunu gya no) yε (mmusuo) akεseε no mu baako.

Ɛyε kͻkͻbͻ de ma adasamma,

(Ɛyε kͻkͻbͻ) de ma mo mu obi a ͻpεsε ɔnya nkͻsoͻ anaasε ͻka akyire.

Yεde onipa biara kraa asi awowa ama (ͻno ara) n’adwuma a odiiε,

“Ɛdeεn na εde mo kͻͻ Amane hunu gya no mu?”

Wͻbεka sε: ”Na yεnka wͻn a wͻfrε Nyame no ho.

Afei na yεnka wͻn a, wͻma ahiafoͻ biribi die no ho.

Kͻpem sε, (owuo a) εda biribiara adi pefee no bεtoo yεn.’’

Enti (saa nkorͻfoͻ no), otwitwagyeni biara ntwitwagyeε ho mma mfasoͻ mma wͻn.

Na deεn na εha wͻn a, enti wͻretwe wͻn ho afiri Afutusεm no ho a,

Daabi, wͻn mu nipa biara pε sε yεto nkrataa (a, obiara din wͻ ne deε soͻ) nhwete ma no.

Hwε, Daabi da, (saa nkorͻfoͻ no) nsuro Daakye (Atemmuda) no.

Enti obi a ͻpε no ͻnfa ntu ne ho fo.

Nanso wͻmfa ntu wͻn ho fo, gyesε Nyankopͻn pε; Ɔno ne Obi a εsεsε yɛsuro no, na yεyε Ne ho ahwεyie, na Ɔno ne Obi a Ɔde bͻne kyε.